Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Si Gyinae Som Yehowa Wɔ Wo Mmofraase

Si Gyinae Som Yehowa Wɔ Wo Mmofraase

Si Gyinae Som Yehowa Wɔ Wo Mmofraase

“Tra nea woasua na woabegye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu.”—2 TIM. 3:14.

1. Yehowa bu ɔsom a n’Adansefo nkumaa de ma no no dɛn?

YEHOWA bu ɔsom kronn a mmerante ne mmabaa de ma no no sɛ ɛyɛ ade ɛho hia no araa ma ɔma wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm. Odwontofo no too dwom sɛ: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.” (Dw. 110:3) Nokwarem no, Yehowa bu mmerante ne mmabaa a wofi wɔn pɛ mu som no no sɛ wɔsom bo paa.

2. Dɛn na nnipa a wɔnyɛ Yehowa asomfo no hyɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ hɔ nnɛ nkuran sɛ wɔnyɛ daakye?

2 Mo a moyɛ mmerante ne mmabaa a mowɔ Kristofo asafo no mu no, so moahyira mo ho so ama Yehowa? Mmerante ne mmabaa pii wɔ hɔ a ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobesi gyinae sɛ wɔbɛsom nokware Nyankopɔn no. Nnwumawuranom, akyerɛkyerɛfo, ne ɛtɔ mmere bi a abusuafo ne nnamfo nso hyɛ mmerante ne mmabaa nkuran sɛ wɔmfa botae a ɛbɛma wɔanya wɔn ho nsisi wɔn ani so. Sɛ mmerante ne mmabaa de Onyankopɔn som mu botae ahorow sisi wɔn ani so a, nnipa binom kasa tia wɔn. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, nokware Nyankopɔn no a mobɛsom no no ne ade a mfaso wɔ so paa a mubetumi ayɛ wɔ mo asetram. (Dw. 27:4) Eyi nti, susuw nsɛmmisa abiɛsa yi ho: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wosom Onyankopɔn? Ɛmfa ho nea afoforo bɛka anaa wɔbɛyɛ nyinaa akyi no, wobɛyɛ dɛn atumi akɔ so abɔ wo bra sɛ obi a wahyira ne ho so ama Onyankopɔn? Onyankopɔn som adwuma no afã a ɛyɛ anigye bɛn na wubetumi ayɛ bi?

Ɛfata sɛ Yɛsom Yehowa

3. Ɛsɛ sɛ nneɛma a Yehowa abɔ no ka yɛn dɛn?

3 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wosom nokware Nyankopɔn teasefo no? Adiyisɛm 4:11 ma yehu ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ woyɛ saa no. Ɛhɔ ka sɛ: “Wofata, Yehowa, yɛn Nyankopɔn, sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wɔbɔe.” Yehowa ne Ɔbɔadeɛ a ne ho yɛ nwonwa no, na ɔno na ɔyɛɛ nneɛma nyinaa. Wode, hwɛ sɛnea yɛn asase yi yɛ fɛ fa! Yehowa na ɔyɛɛ nnua, nhwiren, mmoa, ɛpo, mmepɔw, ne nsu a esian fi mmepɔw so nyinaa. Dwom 104:24 ka sɛ, ‘Onyankopɔn abɔde ahyɛ asase so ma.’ Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu ama yɛn nipadua ne adwene a ɛma yetumi tra asase so, na yɛde nneɛma pa a ɛwɔ so no gye yɛn ani! So ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa abɔ no ho anisɔ kɛse a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛsom no?

4, 5. Nnwuma a Yehowa yɛe bɛn na ɛmaa Yosua bɛnee no?

4 Asɛm a Israel kannifo Yosua kae no nso ma yehu ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa. Aka bere tiaa bi ma Yosua awu no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ: “Munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.” Dɛn nti na na Yosua betumi aka saa asɛm yi?—Yos. 23:14.

5 Bere a na Yosua yɛ abofra wɔ Misraim no, ɛbɛyɛ sɛ ɔtee sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde asase bi bɛma Israelfo no. (Gen. 12:7; 50:24, 25; Ex. 3:8) Afei, bere a Yehowa fii ase sɛ ɔbɛma saa bɔhyɛ no abam, na ɔde Ɔhaw Du baa Misrifo so a ɛno na ɛmaa Farao a na wapirim ne koma no maa Israelfo no kɔe no, Yosua hui. Ná Yosua ka wɔn a Yehowa gyee wɔn wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no ho, na afei nso, bere a ɛpo no faa Farao ne n’asraafo no, na Yosua wɔ hɔ. Bere a Israelfo no twaa kwantenten faa “sare kɛse a ɛso yɛ hu” a ɛwɔ Sinai Anhweatam so no, Yosua huu sɛnea Yehowa de nea wohia biara maa wɔn no. Osukɔm anaa ɔkɔm ankum wɔn mu biako mpo. (Deut. 8:3-5, 14-16; Yos. 24:5-7) Ebeduu bere bi no, na ɛsɛ sɛ Israelfo no ne Kaanan aman a wɔyɛ den no kõ na wɔfa Bɔhyɛ Asase no. Saa bere no nso, Yosua huu sɛnea Onyankopɔn a na Israelfo no som no no taa wɔn akyi ma wodii nkonim no.—Yos. 10:14, 42.

6. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woanya ɔpɛ sɛ wobɛsom Onyankopɔn?

6 Ná Yosua nim sɛ Yehowa di Ne bɔhyɛ ahorow so. Enti, Yosua kae sɛ: “Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa, NW].” (Yos. 24:15) Na wo nso ɛ? Sɛ wususuw bɔhyɛ ahorow a nokware Nyankopɔn no ama abam ne nea ɛbɛbam daakye no ho a, so ɛma wunya ɔpɛ sɛ wobɛsom no sɛnea Yosua yɛe no?

7. Dɛn nti na nsu mu asubɔ yɛ ade a ɛho hia sɛ yɛyɛ?

7 Sɛ wususuw nneɛma a Yehowa abɔ, ne ne bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye a wubetumi de wo ho ato so koraa no ho a, ɛsɛ sɛ ɛkanyan wo ma wuhyira wo ho so ma Yehowa, na wode nsu mu asubɔ yɛ saa ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne nso. Asubɔ yɛ ade a ɛho hia a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no yɛ. Yesu a ɔyɛ yɛn Nhwɛsofo no yɛɛ saa. Ansa na ɔrefi n’adwuma ase sɛ Mesia no, ɔkɔɔ Yohane Osuboni no nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu. Dɛn nti na Yesu bɔɔ asu? Ɔkae akyiri yi sɛ: “Mifi soro aba sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, ɛnyɛ m’ankasa m’apɛde.” (Yoh. 6:38) Yesu bɔɔ asu de kyerɛe sɛ ɔde ne ho rema ayɛ n’Agya apɛde.—Mat. 3:13-17.

8. Dɛn nti na Timoteo sii gyinae sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn, na dɛn na ebia ɛho behia sɛ woyɛ?

8 Susuw Kristoni aberantewa Timoteo a bere kɔɔ so no Yehowa maa no adwuma pii wɔ ne som mu no ho hwɛ. Dɛn nti na Timoteo sii gyinae sɛ ɔbɛsom nokware Nyankopɔn no? Bible ma yehu sɛ na Timoteo ‘asua ade abegye adi sɛ nea wasua no yɛ nokware.’ (2 Tim. 3:14) Enti, sɛ woasua Onyankopɔn Asɛm na woabegye adi sɛ emu nsɛm no yɛ nokware a, na woabɛyɛ te sɛ Timoteo. Afei, nea aka ne sɛ wubesi gyinae. Dɛn nti na wonka nea wopɛ sɛ woyɛ no ho asɛm nkyerɛ w’awofo? Wɔne asafo mu mpanyimfo betumi aboa wo ma woahu nea Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ woyɛ na ama woatumi abɔ asu.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 8:12.

9. Sɛ wobɔ asu a, ɛbɛka afoforo dɛn?

9 Sɛ wobɔ asu a, ɛbɛyɛ ade a ɛfata paa a wode afi nokware Nyankopɔn a wobɛsom no no ase. Sɛ wobɔ asu a, na woafi mmirika bi a wotu twa kwantenten a ebetumi ama woanya daa nkwa ase. Na wubenya anigye nnɛ sɛ woreyɛ Onyankopɔn apɛde nso. (Heb. 12:2, 3) Wobɛma w’abusuafo ne wo nnamfonom a wɔwɔ Kristofo asafo no mu a wɔretu saa mmirika no bi dedaw no nso ani agye. Na onii a wobɛma ne koma atɔ ne yam paa ne Yehowa. (Monkenkan Mmebusɛm 23:15.) Ɛyɛ nokware sɛ, ebia afoforo rente nea enti a woasi gyinae resom Yehowa no ase, na ebia wɔbɛte nka sɛ woansi gyinae pa. Na wobetumi asɔre atia wo mpo. Nanso, wubetumi agyina saa sɔhwɛ ahorow yi ano.

Bere a Afoforo Bisa Wo Nsɛm Anaa Wɔsɔre Tia Wo

10, 11. (a) Nsɛm bɛn na ebia nkurɔfo bebisa wo afa gyinae a woasi sɛ wobɛsom Onyankopɔn no ho? (b) Dɛn na wubetumi asua afi sɛnea Yesu maa nsɛm a nkurɔfo bisaa no faa nokware som ho no ho mmuae?

10 Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛsom Yehowa a, ebia ɛbɛhaw wo mfɛfo sukuufo, nnipa a wo ne wɔn te, ne w’abusuafo. Ebia, wobebisa wo nea enti a woasi gyinae sɛ wobɛsom Yehowa no, na wɔabisa wo gyidi ho asɛm. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wofa so ma wɔn mmuae? Nokwarem no, ɛho behia sɛ wohwehwɛ wo nsusuwii ne sɛnea wote nka mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akyerɛkyerɛ nea ɛma wusii saa gyinae no mu. Na sɛ worekyerɛkyerɛ nsɛm a wobisa wo fa wo gyidi ho no mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ wusuasua Yesu nhwɛso no.

11 Bere a Yudafo nyamesom akannifo bisabisaa Yesu owusɔre ho nsɛm no, Yesu twee wɔn adwene sii kyerɛwsɛm bi a na wonsusuw ho so. (Ex. 3:6; Mat. 22:23, 31-33) Bere a ɔkyerɛwfo bi bisaa Yesu sɛ, mmara no mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ kɛse no, Yesu de Bible mu nsɛm a ɛfata na ɛmaa no mmuae. Ɔbarima no ani sɔɔ mmuae a Yesu de maa no no. (Lev. 19:18; Deut. 6:5; Mar. 12:28-34) Yesu de Kyerɛwnsɛm no dii dwuma, na ɔkwan a ɔfaa so kasae no maa “nnipakuw no mu kyɛe,” na wɔn a na wɔsɔre tia no no antumi anyɛ no bɔne biara. (Yoh. 7:32-46) Sɛ worema nsɛm a wobisa wo fa wo gyidi ho no ho mmuae a, fa Bible no di dwuma, na fi “odwo ne obu a emu dɔ mu” ma mmuae no. (1 Pet. 3:15) Sɛ wunnim asɛmmisa no ho mmuae a, ka kyerɛ onipa no sɛ wunnim, na kɔyɛ ho nhwehwɛmu. Akyiri yi, sɛ mowɔ Watch Tower Publications Index anaa Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so wɔ mo kasa mu a, fa yɛ asɛm no ho nhwehwɛmu. Sɛ woyɛ nhwehwɛmu yiye a, ‘wubehu sɛnea ɛsɛ sɛ wubua’ asɛm no.—Kol. 4:6.

12. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ woma ɔsɔretia bu w’abam?

12 Ebia, wubehyia nneɛma pii aka nsɛm a wobisa fa nea enti a woasi gyinae sɛ wobɛsom Onyankopɔn ne wo gyidi ahorow ho no ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Onyankopɔn tamfo a ɔne Satan Bonsam na odi wiase yi so. (Monkenkan 1 Yohane 5:19.) Ɛnsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ obiara bɛkamfo wo, anaasɛ obiara ani begye ho sɛ woresom Onyankopɔn, na wubetumi ahyia ɔsɔretia nso. Ebia, ebinom ‘bɛkasa atia wo,’ na wɔbɛkɔ so ayɛ saa bere tenten. (1 Pet. 4:4) Nanso, kae sɛ ɛnyɛ wo nkutoo na wɔreyɛ wo saa. Wɔtaa Yesu Kristo nso. Na saa ara nso na wɔtaa ɔsomafo Petro, na ɔkyerɛwee sɛ: “Anuanom adɔfo, mommma [amanehunu a] ɛredɛw mo mu a ɛresɔ mo ahwɛ no nnyɛ mo nwonwa te sɛ nea ade a ɛyɛ hu bi na ato mo. Mmom no, mpɛn dodow a munya Kristo amanehunu no mu kyɛfa no, monkɔ so mma mo ani nnye.”—1 Pet. 4:12, 13.

13. Dɛn nti na Kristofo ani betumi agye bere a wɔtaa wɔn no?

13 Ɛsɛ sɛ ɔtaa anaa ɔsɔretia ano a wugyina esiane sɛ woyɛ Kristoni nti no ma w’ani gye. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛ wiase no gye wo tom a, na nea ɛkyerɛ ne sɛ, woreyɛ nea Satan hwehwɛ, na ɛnyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munnue, sɛ nnipa nyinaa ka mo ho asɛmpa a, efisɛ saa ara na wɔn agyanom yɛɛ atoro adiyifo no.” (Luka 6:26) Sɛ wɔtaa wo a, ɛkyerɛ sɛ, Yehowa a wosom no nti na Satan ne ne wiase no mpɛ w’asɛm no. (Monkenkan Mateo 5:11, 12.) Na “sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a,” ɛsɛ sɛ moma mo ani gye.—1 Pet. 4:14.

14. Sɛ obi hyia ɔtaa na ɔkɔ so di nokware ma Yehowa a, nneɛma pa bɛn na ebetumi afi mu aba?

14 Sɛ wuhyia ɔsɔretia na wokɔ so di Yehowa nokware a, anyɛ yiye koraa no, nneɛma pa anan na efi mu ba. Wudi Onyankopɔn ne ne Ba no ho adanse. Nokwaredi a wode gyina sɔhwɛ ano no hyɛ wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea nkuran. Ebetumi ama nnipa bi a wonnim Yehowa no afi ase ahwehwɛ no. (Monkenkan Filipifo 1:12-14.) Na sɛ wuhu sɛnea Yehowa hyɛ wo den ma wugyina sɔhwɛ ahorow ano no a, ɔdɔ a wowɔ ma no no mu yɛ den.

Wɔabue ‘Ɔpon Kɛse’ Ama Wo

15. ‘Ɔpon kɛse’ bɛn na wobue maa ɔsomafo Paulo?

15 Ɔsomafo Paulo kyerɛw asɛnka adwuma a ɔyɛe wɔ Efeso no ho asɛm sɛ: “Wɔabue dwumadi kɛse bi pon ama me.” (1 Kor. 16:8, 9) Ná ɛyɛ ɔpon a ɛbɛma wayɛ asɛmpaka adwuma no kɛse na wanya asuafo pii wɔ saa kurow no mu. Paulo nam saa ɔpon no a ɔfaa mu no so boaa nnipa pii ma wosuaa Yehowa ho ade ma wɔbɛsom No.

16. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn nkaefo no faa ‘ɔpon bi a wɔabue’ mu wɔ afe 1919 mu?

16 Wɔ afe 1919 mu no, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no buee “ɔpon” bi maa wɔn a wɔasra wɔn nkaefo no. (Adi. 3:8) Wɔfaa saa pon no mu, na wofii ase de nsi kɛse kaa asɛmpa no, na wɔkyerɛkyerɛɛ Bible mu nokware no sen bere biara. Dɛn na afi wɔn asɛnka adwuma no mu aba? Ɛnnɛ, asɛmpa no adu wiase baabiara, na nnipa bɛyɛ ɔpepem ason na wɔanya anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.

17. Wobɛyɛ dɛn atumi afa “dwumadi kɛse bi pon” no mu?

17 Wɔda so ara abue “dwumadi kɛse bi pon” ato hɔ ama Yehowa asomfo nyinaa. Wɔn a wɔrefa ɔpon no mu no nya anigye ne abotɔyam bere a wɔyɛ asɛmpaka adwuma no kɛse no. Yehowa asomfo a moyɛ mmerante ne mmabaa, ɔkwan bɛn so na mubu hokwan a ɛso bi nni a ɛne sɛ mobɛboa afoforo ma ‘wɔagye asɛmpa no adi’ no? (Mar. 1:14, 15) So woasusuw ho sɛ wobɛyɛ daa kwampaefo anaa akwampaefo boafo? Mo mu pii betumi akɔboa ma wɔasisi Ahenni Asa, asom wɔ Betel, na moayɛ asɛmpatrɛw adwuma no bi. Esiane sɛ Satan wiase bɔne yi bere a aka yɛ tiaa nti, ɛho hia kɛse da biara sɛ mode mo ho hyɛ Ahenni adwuma yi bi mu. Bere a ɛbere da so wɔ hɔ yi, so wobɛfa ‘ɔpon kɛse’ no mu?

‘Monka Nhwɛ na Munhu sɛ Yehowa Ye’

18, 19. (a) Dɛn na ɛboaa Dawid ma onyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛsom Yehowa? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Dawid annu ne ho da sɛ ɔsom Onyankopɔn?

18 Onyankopɔn honhom maa odwontofo no ka kyerɛɛ afoforo sɛ, ‘Wɔnka nhwɛ na wonhu sɛ Yehowa ye.’ (Dw. 34:8) Bere a Ɔhene Dawid a na ɔyɛ tete Israel hene no yɛ abarimaa a ɔhwɛ nguan no, Yehowa gyee no fii nkekaboa nsam. Onyankopɔn boaa no ma odii Goliat so nkonim, na ogyee no fii ɔhaw ahorow pii mu. (1 Sam. 17:32-51; Dw. 18, atifi asɛm) Adɔe kɛse a Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ Dawid no kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW], me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.”—Dw. 40:5.

19 Dawid bɛdɔɔ Yehowa kɛse, na na ɔpɛ sɛ ofi ne koma ne n’adwene nyinaa mu yi No ayɛ. (Monkenkan Dwom 40:8-10.) Dawid annu ne ho da sɛ ɔde mfe pii som nokware Nyankopɔn no. Onyankopɔn a na ɔbɛsom no no ne ade a na ɛsom bo paa ma no—ɛno ne ade a na ɛma n’ani gye sen biara. Dawid kae wɔ ne nkwakoraabere mu sɛ: “Wo [Yehowa, NW], ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so. Onyankopɔn, nkwakoraabere ne dwen mu nso nnyaw me.” (Dw. 71:5, 18) Ɛwom sɛ, na Dawid ahoɔden so atew de, nanso Yehowa mu ahotoso ne abusuabɔ a na ɔne No wɔ no mu bɛyɛɛ den kɛse.

20. Dɛn nti na Onyankopɔn a wobɛsom no no ne ade a eye sen biara a wubetumi ayɛ wɔ w’asetram?

20 Sɛnea Yosua, Dawid, ne Timoteo bɔɔ wɔn bra no si so dua bio sɛ, ade a mfaso wɔ so a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛsom Yehowa. Worentumi mfa mfaso a honam fam adwuma bɛma woanya no bere tiaa mu no ntoto mfaso a Yehowa a ‘wobɛsom no wo koma ne wo kra nyinaa mu’ no bɛma woanya no daa no ho. (Yos. 22:5) Sɛ wommɔɔ Yehowa mpae mfa nhyiraa wo ho so mmaa no a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na mintumi mmɛyɛɛ Yehowa Dansefo?’ Sɛ woyɛ Yehowa somfo a woabɔ asu dedaw a, so wopɛ sɛ wunya anigye kɛse wɔ w’asetram? Ɛnde, yere wo ho yɛ Onyankopɔn som adwuma no, na kɔ so nya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Adesua a edi hɔ no bɛma woahu sɛnea wubetumi adi ɔsomafo Paulo nhwɛso akyi, na woatumi anya nkɔso wɔ nokware som mu.

Wubebua Dɛn?

• Nneɛma abien bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn.

• Dɛn na ɛboaa Timoteo ma osii gyinae sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn?

• Sɛ wuhyia ɔtaa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wugyina pintinn?

• Ɔsom adwuma no afã bɛn na wubetumi ayɛ bi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa a wobɛsom no no ne ade a mfaso wɔ so paa a wubetumi ayɛ wɔ w’asetram

[Mfonini wɔ kratafa 19]

So wubetumi abua nsɛm a wobisa fa wo gyidi ho no?