Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Kura “Ɔdɔ A Na Wowɔ Kan No” Mu

Kɔ So Kura “Ɔdɔ A Na Wowɔ Kan No” Mu

Kɔ So Kura “Ɔdɔ A Na Wowɔ Kan No” Mu

“Kɔ so kura nea wowɔ no mu denneennen.”—ADI. 3:11.

1, 2. Bere a wubehui sɛ Yehowa ho ade a woresua no yɛ nokware no, wotee nka dɛn?

SO WOKAE bere a edi kan a wusuaa asetra a ɛyɛ anigye a Yehowa aka sɛ ɔbɛma nnipa asoɔmmerɛwfo anya daakye no ho ade no? Sɛ na wowɔ ɔsom foforo mu a, bere a wɔde Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ wo ma wuhuu nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, anaa wɔboaa wo ma wotee nneɛma bi a bere bi na ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte ase no ase no, wotee nka dɛn? Ebia, wuhui sɛ sɛɛ na wɔadaadaa wo. Nanso, seesei a woahu nokware no, hwɛ sɛnea w’ani agye afa! Sɛ w’awofo a wɔtetee wo yɛ Kristofo a, bere a wubehui sɛ Yehowa ho ade a woresua no yɛ nokware na wusii gyinae sɛ wode nea woresua no bɛbɔ wo bra no, wokae sɛnea wotee nka no?—Rom. 12:2.

2 Wo nuanom Kristofo pii bɛka akyerɛ wo sɛ, bere a wɔn nso huu nokware no, wɔn ani gyei paa, na wɔtee nka sɛ wɔabɛn Yehowa, na ɛyɛɛ wɔn dɛ sɛ Yehowa atwe wɔn aba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Anigye a wonyae no kaa wɔn koma ma wɔyɛɛ Kristofo som adwuma no bi. Wɔn ani gyei araa ma na wɔpɛ sɛ wɔka anigyesɛm no kyerɛ obiara. So saa ara na wo nso wotee nka?

3. Bere a Yesu kasa kyerɛɛ Efeso asafo no, na tebea bɛn mu na wɔwɔ?

3 Bere a na Yesu rekasa akyerɛ afeha a edi kan no mu Kristofo asafo a na ɛwɔ Efeso no, ɔkaa ‘ɔdɔ a na wɔwɔ kan’ no ho asɛm. Ná Efesofo no wɔ su pa ahorow pii, nanso na ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa no ano adwo. Enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim wo nnwuma ne wo brɛ ne boasetɔ, na minim nso sɛ wuntumi ne nnipa bɔne ntra, na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafo nanso wɔnyɛ bi no, wosɔɔ wɔn hwɛe, na wuhui sɛ wɔyɛ atorofo. Afei woda boasetɔ adi, na me din nti woagyina mu a wommrɛe. Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ woagyaw ɔdɔ a na wowɔ kan no.”—Adi. 2:2-4.

4. Dɛn nti na asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Efesofo no yɛ nea ɛho hia nnɛ?

4 Esiane sɛnea nneɛma kɔɔ so wɔ Kristofo a wɔasra wɔn no mu fi afe 1914 mu reba no nti, afotu a Yesu de kɔmaa Efesofo no ne asafo afoforo a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no ayɛ nea ɛfata paa. (Adi. 1:10) Nanso, ɛnnɛ mpo, Kristofo binom betumi ama ‘ɔdɔ a na wowɔ kan’ ma Yehowa ne nokware Kristosom ho anigye a na wɔwɔ no ano adwo. Bere a eyi wɔ yɛn adwene mu no, ma yensusuw sɛnea sɛ wokaakae osuahu ahorow a w’ankasa wunyae, na wudwennwen ho a ebetumi aboa wo ma woakɔ so akura ɔdɔ a wudii kan nya maa Onyankopɔn, ne nsi a wode fii wo som adwuma ase no ho. Na sɛ woyɛ saa a, ɛbɛsan ama w’anigye ayɛ foforo.

Dɛn na Ɛma Wugye Dii sɛ Woahu Nokware No?

5, 6. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni biara hu? (b) Dɛn na ɛma wugye dii sɛ Yehowa Adansefo na wɔkyerɛkyerɛ nokware no? (d) Dɛn na ebetumi aboa obi ma wayɛ ɔdɔ a odii kan nyae no foforo?

5 Ɛsɛ sɛ obiara a ohyira ne ho so ma Yehowa no di kan ‘sɔ hwɛ’ na ohu ade a “Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu” no. (Rom. 12:1, 2) Nea ɛsɛ sɛ woyɛ no bi ne sɛ wubesua na woahu nea Bible kyerɛkyerɛ. Ebia, ade a ɛma obi gye di sɛ Yehowa Adansefo na wɔkyerɛkyerɛ nokware no, ɛnyɛ ɛno ara na ɛbɛma obi foforo nso agye adi. Nea ɛmaa ebinom gye dii ne Onyankopɔn din a wohui wɔ Bible mu anaa tebea a awufo wom ankasa a wohui no. (Dw. 83:18; Ɔsɛnk. 9:5, 10) Sɛnea Yehowa nkurɔfo dodɔ wɔn ho no na ɛmaa afoforo nso gye dii. (Yoh. 13:34, 35) Saa ara na afoforo nso wɔ hɔ a nea ɛma wogye dii ne sɛ, wɔbɛtee nea enti a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wiase no fã no ase. Wobehui sɛ, ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo de wɔn ano toto amanyɔsɛm mu anaasɛ wɔde wɔn ho hyɛ ɔman bi akodi mu.—Yes. 2:4; Yoh. 6:15; 17:14-16.

6 Nnipa pii wɔ hɔ a nneɛma a yɛaka ho asɛm yi ne afoforo na ɛma wodii kan nyaa ɔdɔ maa Onyankopɔn. Gye bere fa susuw nea ɛma wugye dii sɛ woahu nokware no ho hwɛ. Onipa biara wɔ ne suban ne sɛnea ɔbɔ ne bra, enti ɛbɛyɛ sɛ nneɛma titiriw a ɛma wodɔɔ Yehowa na wugyee ne bɔhyɛ ahorow dii no, ɛnyɛ ɛno ara na ɛmaa afoforo nso bɛdɔɔ no na wogyee ne bɔhyɛ ahorow dii. Ɛda adi paa sɛ, wugye di sɛ nneɛma a wudii kan suae no da so ara yɛ nokware nnɛ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, nokware no nsesae. Enti, sɛ wokaakae nea wusuae ne anigye a wunyae no a, ebetumi ama nokware no ho anigye a wudii kan nyae no ayɛ foforo wɔ ɔkwan bi so.—Monkenkan Dwom 119:151, 152; 143:5.

Hyɛ Ɔdɔ a Wudii Kan Nyae no Mu Den

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nokware no ho anigye a yedii kan nyae no mu den, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

7 Ebia, efi bere a wuhyiraa wo ho so maa Yehowa no, nsakrae pii aba w’asetra mu. Ná nokware no ho anigye a wudii kan nyae no ho hia wo, nanso bere bi akyi no, na ɛsɛ sɛ wunya ɔdɔ a emu yɛ den de gyina nsɛnnennen foforo a ɛsɔɔ wo gyidi hwɛe no ano. Nanso, Yehowa boaa wo wɔ ne nyinaa mu. (1 Kor. 10:13) Enti, osuahu ahorow a woanya abedu saa bere yi nso yɛ nea ɛsom bo ma wo. Aboa wo ma woahyɛ ɔdɔ a wudii kan nyae no mu den, na saa osuahu yi nso yɛ ade foforo a ebetumi aboa wo ma woahu nea Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani no.—Yos. 23:14; Dw. 34:8.

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ne ho adi kyerɛɛ Mose, na ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no behuu Onyankopɔn yiye paa?

8 Sɛ nhwɛso no, susuw tebea a Israelfo no kɔɔ mu bere a Yehowa kae sɛ obegye wɔn afi Misraim nkoasom mu no ho hwɛ. Onyankopɔn daa ne ho adi kyerɛɛ Mose, na ɔkae sɛ: “Mɛyɛ me ho nea mepɛ sɛ meyɛ.” (Ex. 3:7, 8, 13, 14, NW) Nea saa asɛm yi kyerɛ ne sɛ, na Yehowa reka sɛ, ɔbɛyɛ ne ho sɛnea ehia biara de agye ne nkurɔfo no. Wɔ nsɛm a esisii ne tebea ahorow a na ɛho hia nyinaa mu no, Israelfo no huu sɛnea Yehowa daa ne ho adi wɔ akwan pii so no. Yehowa ma wohui sɛ ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ, Ɔtemmufo, Ɔkannifo, Ogyefo, Ɔkofo, ne Ɔdemafo.—Ex. 12:12; 13:21; 14:24-31; 16:4; Neh. 9:9-15.

9, 10. Tebea bɛn na ebetumi aboa obi ma wahu Onyankopɔn, na dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛbɛkaakae osuahu ahorow a ɛte saa no?

9 Wo tebea no nte sɛ tete Israelfo de no. Nanso, ɛda adi sɛ woanya osuahu ahorow a ɛma wugye dii sɛ Onyankopɔn dwen wo ho ankasa, na ɛno hyɛɛ wo gyidi den. Ebia, Yehowa daa ne ho adi wɔ ɔkwan bi so ma wuhui sɛ ɔyɛ Ɔdemafo, Ɔwerɛkyekyefo, anaasɛ Ɔkyerɛkyerɛfo. (Monkenkan Yesaia 30:20b, 21.) Anaasɛ, ebia wunyaa mpae bi a wobɔe ho mmuae ankasa. Ebia na worehyia ɔhaw bi, na wo yɔnko Kristoni bi boaa wo. Anaasɛ, ebia na w’ankasa woresua ade na wuhuu kyerɛw nsɛm bi a ɛfa ɔhaw a worehyia no ho.

10 Ebia, sɛ woka osuahu ahorow a ɛte saa no kyerɛ afoforo a, ɛrenka wɔn koma te sɛ nea ɛkaa wo koma no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ebia wɔremmu osuahu ahorow a wunyae no sɛ ɛyɛ asɛm bi a ɛyɛ nwonwa. Nanso, wode, wubu no sɛ ɛho hia paa. Nokwarem no, Yehowa yɛɛ ne ho nea na ɛsɛ sɛ ɔyɛ de boaa wo. Wode, susuw mfe a wode atra nokware no mu no ho hwɛ. So wobɛkae mmere dodow bi a wotee nka sɛ Yehowa dwen wo ho ankasa wɔ w’asetra mu? Sɛ saa a, ɛnde, saa nsɛm no a wobɛkaakae ne sɛnea ɛmaa wotee nka no betumi akanyan wo koma ma woanya ɔdɔ a ɛte sɛ nea na wowɔ ma Yehowa bere bi a atwam no. Ma w’ani nsɔ osuahu a ɛtete saa no. Dwennwen ho. Osuahu a ɛtete saa no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dwen wo ho ankasa, na obiara nni hɔ a obetumi ama woagyae saa gyidi no mu.

Hwehwɛ Wo Mu Hwɛ

11, 12. Sɛ nokware no ho anigye a Kristoni bi wɔ so atew a, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ama aba saa, na afotu bɛn na Yesu de mae?

11 Sɛ wote nka sɛ ɔdɔ a na wowɔ ma Onyankopɔn ne nokware no ho anigye a na wowɔ no so atew a, ɛno nkyerɛ sɛ Onyankopɔn asesa. Yehowa nsakra da. (Mal. 3:6; Yak. 1:17) Sɛnea na Yehowa ani gye wo ho bere bi a atwam no, saa ara na n’ani gye wo ho nnɛ nso. Enti, sɛ ebia sɛnea na wo ne Yehowa ntam te bere bi no asesa a, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ama aba saa? So ebetumi aba sɛ wote nka sɛ nneɛma ahyɛ wo so paa anaasɛ asetra mu dadwen reyɛ amene wo? Ebia, bere bi a atwam no, na wufi wo komam bɔ mpae paa, na wode nsi sua ade yiye, na na wotaa dwennwen nneɛma a wusua no ho. So na wode anigye kɛse yɛ asɛnka adwuma no, na na wokɔ asafo nhyiam ahorow daa sen sɛnea wokɔ no seesei no?—2 Kor. 13:5.

12 Bere a woahwehwɛ wo mu awie no, ebia worenhu nsakrae biara, nanso sɛ wuhu bi a, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ama aba saa? So ebetumi aba sɛ nneɛma a ɛho hia te sɛ w’abusua ahiade a wubenya ama wɔn, wo ho yare a woresa, anaa nneɛma a ɛtete saa no ama wo werɛ afi sɛ Yehowa da no abɛn? Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetra mu dadwen anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri. Efisɛ ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so. Enti, monwɛn, na monsrɛ bere nyinaa na moatumi aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa.”—Luka 21:34-36.

13. Yakobo de Onyankopɔn Asɛm totoo dɛn ho?

13 Yakobo a Onyankopɔn honhom ma ɔkyerɛw Bible no bi no ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo sɛ, womfi wɔn komam mfa Onyankopɔn Asɛm nhwehwɛ wɔn mu. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko mfa nsusuwii hunu nnaadaa mo ho. Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo, na ɔnyɛ ne yɛfo a, ɔte sɛ onipa bi a ɔhwɛ n’anim ahwehwɛ mu. Ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara ne werɛ fi nipa ko a ɔyɛ. Na nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ mu na ɔtra mu no, esiane sɛ wabɛyɛ adwuma no yɛfo na ɔnyɛ otiefo werɛfifo nti, n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa.”—Yak. 1:22-25.

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible betumi aboa wo ma wo ne Yehowa ntam ayɛ papa paa? (b) Nsɛmmisa bɛn na wubetumi adwennwen ho?

14 Obi betumi ahwɛ ahwehwɛ mu ahwɛ sɛ n’ahosiesie yɛ nea ɛfata anaa. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔbarima bi hu sɛ tae a ɛbɔ ne kɔn mu akyea a, obetumi asiesie. Sɛ ɔbea bi hu sɛ ne ti ho ayɛ basaa a, obetumi asiesie no kama. Saa ara na Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yɛhwehwɛ yɛn mu ma yehu sɛnea yɛte. Sɛ yɛde yɛn abrabɔ toto sɛnea Bible ka sɛ yɛmmɔ yɛn bra no ho a, ɛnde, na yɛde Bible no ayɛ te sɛ ahwehwɛ a yɛrehwɛ mu. Nanso, sɛ yɛhwɛ ahwehwɛ mu, na yehu biribi a enye wɔ yɛn ho na yɛansiesie a, ɛnde, na yɛhwɛɛ mu yɛɛ dɛn? Sɛ yegyina Onyankopɔn “mmara a ɛyɛ pɛ” no so siesie sintɔ a yehu wɔ yɛn ho na ɛma yɛbɛyɛ asɛm no “yɛfo” a, na yɛyɛ anyansafo. Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wohu sɛ ɔdɔ a kan no na wɔwɔ ma Yehowa ne nokware no ho anigye a wɔwɔ no so atew no susuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: ‘Nneɛma bɛn na ɛrehyɛ me so wɔ m’asetram, na dɛn na mereyɛ wɔ ho? Bere bi a atwam a mihyiaa ɔhaw a ɛte saa no, dɛn na meyɛe wɔ ho? So biribi asesa?’ Sɛ woyɛ nhwehwɛmu a ɛte saa wɔ wo ho na wuhu sintɔ ahorow bi a, mmu w’ani ngu so. Sɛ ɛho hia sɛ woyɛ nsakrae bi a, ntwentwɛn wo nan ase, yɛ no ntɛm ara.—Heb. 12:12, 13.

15 Sɛ wudwennwen nneɛma ho wɔ saa kwan yi so a, ebetumi nso aboa wo ama wode botae a ɛbɛma woanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu asisi w’ani so. Onyankopɔn honhom maa ɔsomfo Paulo tuu ne yɔnko dwumayɛni Timoteo fo sɛ, ɔnyɛ pii wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu. Paulo hyɛɛ aberante no nkuran sɛ: “Dwennwene eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.” Ɛsɛ sɛ yɛn nso yegyina Onyankopɔn Asɛm so dwennwen nkɔso a yebetumi anya no ho.—1 Tim. 4:15.

16. Sɛ wode Kyerɛwnsɛm no rehwehwɛ wo mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye wɔ ho?

16 Sɛ wode nokwaredi hwehwɛ wo mu a, sɛnea ɛte biara, wubehu sɛ wowɔ mmerɛwyɛ bi. Ɛno betumi abu w’abam, nanso mma w’abam mmu. Nea enti a yɛyɛ yɛn mu nhwehwɛmu ne sɛ yebehu mmerɛwyɛ bi na yɛasiesie. Nokwarem no, nea Satan pɛ ara ne sɛ Kristoni bi bɛte nka sɛ ne so nni mfaso esiane ne sintɔ ahorow bi nti. Nokwasɛm ne sɛ, ebinom aka sɛ Onyankopɔn ani nsɔ mmɔden biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛsom no no. (Hiob 15:15, 16; 22:3) Yesu bɔɔ saa asɛm no gui sɛ ɛnyɛ nokware; Onyankopɔn bu yɛn mu biara sɛ ɔsom bo. (Monkenkan Mateo 10:29-31.) Mmom no, ɛsɛ sɛ wo sintɔ ahorow a wubehu no ma wode ahobrɛase hwehwɛ Yehowa mmoa, na woyere wo ho siesie. (2 Kor. 12:7-10) Sɛ yare, anaa nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ na ama wuntumi nyɛ pii no a, ɛnde fa botae ahorow a wubetumi adu ho sisi w’ani so, nanso mpa abaw, anaasɛ mma wo dɔ ano nnwo.

Yɛwɔ Nneɛma Pii a Ɛsɛ sɛ Yɛkyerɛ Ho Anisɔ

17, 18. Sɛ wohyɛ ɔdɔ a wunyaa no kan no mu den a, mfaso ahorow bɛn na wubenya?

17 Sɛ wokɔ so ma ɔdɔ a na wowɔ kan no mu yɛ den a, wubenya so mfaso kɛse. Wubetumi anya Onyankopɔn ho nimdeɛ pii, na akwankyerɛ a ofi ɔdɔ mu de ma no ho anisɔ a wowɔ no nso mu bɛyɛ den. (Monkenkan Mmebusɛm 2:1-9; 3:5, 6.) Odwontofo no kae sɛ: ‘Yehowa adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. Yehowa atemmusɛm sodi mu wɔ akatua pii.’ Ɔsan kae sɛ: “Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam [Yehowa, NW] mmara so.”—Dw. 19:7, 11; 119:1.

18 Wubegye atom paa sɛ wowɔ nneɛma pa pii a ɛsɛ sɛ wokyerɛ ho anisɔ. Wunim nea nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no kyerɛ. Wunya nea Onyankopɔn reyɛ ama ne nkurɔfo nnɛ no nyinaa so mfaso bi. Akyinnye biara nni ho sɛ, w’ani sɔ nso sɛ Yehowa atwe wo aba n’asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no mu, na wama woanya hokwan abɛyɛ n’Adansefo no mu biako. Ma w’ani nsɔ nneɛma pa a woanya no! Sɛ woka sɛ wobɛbobɔ nneɛma pa a woanya no din mmiako mmiako a, ɛda adi sɛ worentumi nkan. Sɛ wotaa dwennwen nhyira a woanya no ho a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛboa wo ma woatie afotu a edi so yi. Ɛka sɛ: “Kɔ so kura nea wowɔ no mu denneennen.”—Adi. 3:11.

19. Wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a wubedwennwen ho akyi no, nneɛma titiriw bɛn bio na ebetumi ama woakɔ so ne Onyankopɔn ntam ayɛ papa?

19 Sɛnea wo gyidi akɔ so ayɛ den abedu saa bere yi ho a wubedwennwen no yɛ nneɛma a sɛ woyɛ a ebetumi aboa wo ma woakɔ so akura ɔdɔ a wudii kan nyae no mu biako pɛ. Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma yi atwe adwene asi nneɛma titiriw foforo nso a ebetumi aboa yɛn ma yɛne Onyankopɔn ntam ayɛ papa no so mpɛn pii. Emu bi ne mpaebɔ, Kristofo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ daa na yɛama mmuae, ne nsi a yɛde bɛyɛ asɛnka adwuma no. Saa nneɛma yi betumi aboa wo ma woakɔ so ahyɛ ɔdɔ a wudii kan nyae no mu den, na ama ayɛ foforo bere nyinaa.—Efe. 5:10; 1 Pet. 3:15; Yuda 20, 21.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na nea ɛma wobɛdɔɔ Yehowa no betumi ahyɛ wo nkuran nnɛ?

• Sɛ wususuw osuahu ahorow a w’ankasa woanya abedu saa bere yi ho a, dɛn na ebetumi ama woagye atom?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn na ɛmaa w’ani gyee nokware no ho ma wugye dii?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

So wuhu nneɛma bi wɔ wo ho a ɛsɛ sɛ wusiesie?