Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa a Wɔde Kɔmaa Romafo no Mu Nsɛntitiriw

Krataa a Wɔde Kɔmaa Romafo no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Krataa a Wɔde Kɔmaa Romafo no Mu Nsɛntitiriw

BƐYƐ afe 56 Y.B. mu, bere a na ɔsomafo Paulo wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no mu no, okoduu Korinto kurow no mu. Ná wabehu sɛ Kristofo a wɔwɔ Roma a na wɔyɛ Yudafo ne Amanaman mufo no adwene nhyia wɔ nneɛma bi ho. Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔboa wɔn ma wonya adwenkoro wɔ Kristo mu nti, ɔkyerɛw krataa kɔmaa wɔn.

Wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Romafo no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea wogyina so bu nnipa bem, ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔn mu biara bɔ ne bra no mu kyerɛɛ wɔn. Saa krataa no boa yɛn ma yenya Onyankopɔn ne n’Asɛm ho nimdeɛ pii, esi Onyankopɔn adom so dua, na ɛkamfo dwuma a Kristo di wɔ yɛn nkwagye mu no kyerɛ.—Heb. 4:12.

ƆKWAN BƐN SO NA WOBU YƐN BEM?

(Rom. 1:1–11:36)

Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho, na ɛyɛ akyɛde ara kwa sɛ wɔnam Kristo Yesu agyede no so abu wɔn bem wɔ [Onyankopɔn adom] mu.” Paulo san kae sɛ: “Wɔnam gyidi so na ebu onipa bem, na ɛnyɛ mmara nnwuma so.” (Rom. 3:23, 24, 28) Ɛnam gyidi a wɔde yɛɛ “adetrenee biako” so na wobegyina atumi ‘abu’ Kristofo a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no nyinaa “bem.” Kristofo a wɔasra wɔn no benya nkwa, na wɔne Kristo akodi ade wɔ soro, na nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no nso benya hokwan abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo, na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu.—Rom. 5:18; Adi. 7:9, 14; Yoh. 10:16; Yak. 2:21-24; Mat. 25:46.

Paulo bisae sɛ: “Esiane sɛ yenni mmara ase na mmom yɛwɔ adom ase nti yɛnyɛ bɔne anaa?” Obuae sɛ: “Dabida!” Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Moyɛ ne nkoa, sɛ́ ɛyɛ bɔne a ɛkɔ owu mu anaa osetie a ɛkɔ trenee mu?” (Rom. 6:15, 16) Paulo kae sɛ: “Sɛ mode honhom kum nipadua no nneyɛe a, mobɛtra ase.”—Rom. 8:13.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:24-32—So ɔbrasɛe a wɔkaa ho asɛm wɔ ha no fa Yudafo anaa Amanaman mufo ho? Ɛwom sɛ, na asɛm no betumi afa akuw abien no nyinaa ho de, nanso na ɛyɛ tete Israelfo a na wɔabu Mose Mmara no so ho asɛm ankasa na na Paulo reka. Ɛmfa ho mpo sɛ na tete Israelfo no nim Onyankopɔn mmara a ɛteɛ no, “wɔammu Nyankopɔn wɔ nokware nimdeɛ mu.” Enti, ná asodi da wɔn so.

3:24, 25—Ɛbɛyɛ dɛn na “Kristo Yesu agyede no” betumi apata “bɔne a wɔayɛ atwam” ansa na wɔretua agyede no? Mesia no ho nkɔmhyɛ a edi kan a ɛwɔ Genesis 3:15 no nyaa ne mmamu wɔ afe 33 Y.B. mu, bere a wokum Yesu wɔ asɛndua so no. (Gal. 3:13, 16) Nanso, bere a Yehowa hyɛɛ saa nkɔm no, na ɛte sɛ nea wɔde saa agyede no ama dedaw wɔ n’ani so, efisɛ biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Onyankopɔn kwan a ɛremma ne tirim a wabɔ no mma mu. Enti, na Yehowa nam Yesu Kristo afɔre a na ɔbɛbɔ no akyiri yi no so betumi de Adam asefo a wonyaa saa bɔhyɛ no mu gyidi no bɔne akyɛ wɔn. Agyede no nso betumi ama wɔn a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no anya owusɔre.—Aso. 24:15.

6:3-5—Asu a wɔbɔ kɔ Kristo Yesu mu ne asu a wɔbɔ kɔ ne wu mu no kyerɛ dɛn? Sɛ Yehowa de ne honhom kronkron no sra Kristo akyidifo no a, wɔbɛyɛ biako wɔ Yesu mu, na wɔbɛyɛ asafo a ɛne Kristo nipadua a ɔno na ɔyɛ Ti no mufo. (1 Kor. 12:12, 13, 27; Kol. 1:18) Eyi ne asu a wɔbɔ wɔn kɔ Kristo Yesu mu no. Wɔbɔ Kristofo a wɔasra wɔn no asu nso ‘kɔ Kristo wu mu,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔde wɔn asetra abɔ afɔre, na woyi wɔn adwene fi daa nkwa a wobenya wɔ asase so ho anidaso biara a na wɔwɔ no so. Ɛwom sɛ wontumi mfa wɔn wu no nnye obiara nkwa de, nanso wɔn wu no yɛ afɔrebɔ te sɛ Yesu de no ara pɛ. Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no wu na wonyan kɔ soro a, na asu a wɔbɔ wɔn kɔ Kristo wu no mu no aba awiei.

7:8-11—Ɔkwan bɛn so na ‘mmara asɛm no nam bɔne so nyaa hokwan’? Mose Mmara no boaa nkurɔfo ma wohuu ade a ɛyɛ bɔne ankasa, na ɛma wobehuu no yiye sɛ wɔyɛ abɔnefo. Ɛno nti, wobehui sɛ wɔyɛ abɔnefo wɔ akwan pii so, na ɛmaa nnipa pii behui sɛ wɔyɛ abɔnefo sen sɛnea na anka wosusuw no. Enti, yebetumi aka sɛ bɔne nam Mose Mmara no so nyaa hokwan.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:14, 15. Yɛwɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ yɛde nsi ka asɛmpa no. Emu biako ne sɛ, yɛde nnipa a wɔde Yesu mogya atɔ wɔn no ka, na ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa.

1:18-20. Nnipa a wɔnsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnteɛ no ‘nni anoyi biara,’ efisɛ Onyankopɔn su ahorow a wonhu no da adi pefee wɔ nneɛma a wabɔ no mu.

2:28; 3:1, 2; 7:6, 7. Bere a Paulo kaa nsɛm bi a na ɛte sɛ nea ɔrekasa tia Yudafo no akyi no, ɔkaa nsɛm bi de dwudwoo wɔn bo. Eyi yɛ nhwɛso ma yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde anifere ne ahokokwaw ka nsɛm bi a sɛ yɛanka no yiye a, ebetumi ahaw afoforo no.

3:4. Sɛ onipa ka asɛm na ɛne nea Onyankopɔn aka wɔ n’Asɛm mu no nhyia a, ‘yɛma Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo,’ na yɛde yɛn ho to nea Bible ka no so yɛ nea Onyankopɔn pɛ. Sɛ yɛde nsi ka Ahenni no ho asɛmpa, na yɛde nsi yɛ asuafoyɛ adwuma no a, yebetumi aboa afoforo ma wɔabehu sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo.

4:9-12. Wobuu gyidi a Abraham nyae no sɛ trenee maa no bere tenteenten ansa na ɔretwa twetia bere a na wadi mfe 99 no. (Gen. 12:4; 15:6; 16:3; 17:1, 9, 10) Onyankopɔn nam saa kwan a ɛka koma yi so ma yehuu ade a ɛma obi tumi nya gyinabea pa wɔ n’anim no.

4:18. Anidaso yɛ gyidi fã titiriw. Yɛn gyidi gyina anidaso a yɛwɔ no so.—Heb. 11:1.

5:18, 19. Paulo de nsɛm kakraa bi kyerɛkyerɛɛ sɛnea Yesu ne Adam di nsɛ no mu tiawa maa emu daa hɔ, na ɔnam saa kwan yi so kyerɛkyerɛɛ sɛnea onipa biako betumi “de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree no” mu fann. (Mat. 20:28) Ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde nsɛm kakraa bi bɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu tiawa ma emu ada hɔ.—1 Kor. 4:17.

7:23. Yɛn nipadua akwaa te sɛ yɛn nsa, yɛn nan, ne yɛn tɛkrɛma betumi ‘afa yɛn dommum ama bɔne mmara,’ enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa anni dwuma wɔ ɔkwammɔne so.

8:26, 27. Sɛ yehyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den na yenhu nea yɛnka wɔ yɛn mpaebɔ mu a, ‘honhom no srɛ ma yɛn.’ Sɛ ɛba saa a, Yehowa a ɔyɛ “mpaebɔ tiefo” no fa mpaebɔ bi a wɔakyerɛw wɔ n’Asɛm mu a ɛne yɛn tebea no hyia no te sɛ nea yɛn na yɛrebɔ saa mpae no.—Dw. 65:2.

8:38, 39. Amanehunu, ahonhommɔne, ne nnipa nniso ntumi mma Yehowa nnyae ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no; saa ara na ɛnsɛ sɛ ɛma yɛn nso yegyae ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no.

9:22-28; 11:1, 5, 17-26. Nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛfa gyinabea pa a na Israel bɛsan anya wɔ Onyankopɔn anim ho no nyaa ne mmamu wɔ Kristofo a wɔasra wɔn no asafo a ‘wɔfrɛɛ emufo fii Yudafo ne amanaman mufo nso mu no’ so.

10:10, 13, 14. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa, ne afei gyidi a emu yɛ den a yɛwɔ wɔ Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow mu no betumi akanyan yɛn ma yɛde nsi ayɛ Kristofo som adwuma no.

11:16-24, 33. Hwɛ sɛnea “Nyankopɔn yam ye na ɔsan yɛ den” nso ma ɛyɛ nwonwa! Yiw, “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee.”—Deut. 32:4.

WƆN A WƆABU WƆN BEM NO MA WƆN ABRABƆ YƐ NEA ƐFATA

(Rom. 12:1–16:27)

Paulo ka sɛ: “Enti anuanom, menam Onyankopɔn mmɔborohunu so srɛ mo sɛ momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Nyankopɔn ani.” (Rom. 12:1) Asɛmfua “enti,” anaa esiane sɛ Kristofo gyidi ama wɔabu wɔn bem nti, ɛsɛ sɛ wɔma asɛm a Paulo ka toaa so no ka sɛnea wɔne wɔn ho wɔn ho, afoforo, ne wiase atumfo di no.

Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Meka kyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nntra nea ɛsɛ.’ Ɔsan tuu fo sɛ: “Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu.” (Rom. 12:3, 9) “Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase.” (Rom. 13:1) Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wobu wɔn ho wɔn ho atɛn’ wɔ nneɛma bi a ɛsɛ sɛ obi de n’ankasa ahonim sisi ho gyinae ho.—Rom. 14:13.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

12:20—Ɔkwan bɛn so na ‘yɛboaboa nnyasramma’ gu obi a ɔtan yɛn atifi? Bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na wɔde abo a wonya nnade fi mu no gu ade mu de hyɛ fononoo mu de nnyasramma gu soro ne ase. Nnyasramma a adɔ kɔɔ a egu soro no ma dade no nan, na woyiyi efĩ no fi dade no mu. Saa ara nso na sɛ yɛyɛ nneɛma pa ma obi a ɔtan yɛn a, yɛde nnyasramma gu n’atifi, na ɛno ma ne koma a ayɛ den no nan ma ɔda su pa ahorow adi.

12:21—Ɔkwan bɛn so na yɛde “papa di bɔne so nkonim”? Ɔkwan biako a yɛfa so yɛ eyi ne akokoduru a yɛde yɛ Onyankopɔn adwuma a ɔde ama yɛn sɛ yɛnka Ahenni no ho asɛmpa nkosi sɛ Yehowa behu sɛ yɛayɛ adwuma no sɛnea ɔpɛ no.—Mar. 13:10.

13:1—Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de atumfo a wɔkorɔn no “asisi wɔn sibea”? “Onyankopɔn na ɔde” atumfo a wɔkorɔn no “asisi wɔn sibea.” Nea saa asɛm no kyerɛ ne sɛ, Onyankopɔn na wama wɔn kwan ma wodi tumi, na wɔ atumfo no bi fam no, Onyankopɔn hyɛɛ wɔn nniso no ho nkɔm. Eyi da adi pefee wɔ atumfo bi a Bible kaa wɔn ho asɛm no ho.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

12:17, 19. Sɛ yɛde bɔne tua bɔne so ka a, na yɛregye adwuma a ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa nkutoo na ɔyɛ no ayɛ. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ ahantan sɛ yɛde ‘bɔne betua bɔne so ka’!

14:14, 15. Ɛnsɛ sɛ aduan anaa anonne a yɛde ma yɛn nua bi ma ne werɛ how, anaasɛ ɛto no hintidua.

14:17. Ɛnyɛ nea yedi anaa nea yɛnom, anaa nea yenni anaa nea yɛnnom titiriw na ɛma yenya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Mmom no, ɛyɛ trenee, asomdwoe, ne anigye na ɛma yenya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim.

15:7. Ɛsɛ sɛ yegye wɔn a wofi komam hwehwɛ nokware no nyinaa fɛw so ba asafo no mu, na yɛka Ahenni no ho asɛm no kyerɛ obiara a yebehyia no a yɛnyɛ nyiyim.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

So wobetumi de agyede no apata ama bɔne a wɔyɛe ansa na wɔretua agyede no?