Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nneɛma A Ɛsɛ Sɛ Yeguan Fi Ho

Nneɛma A Ɛsɛ Sɛ Yeguan Fi Ho

Nneɛma A Ɛsɛ Sɛ Yeguan Fi Ho

“Nnanka mma, hena na ɔka kyerɛɛ mo sɛ munguan abufuw a ɛreba no?”—MAT. 3:7.

1. Nnipa a woguanee ho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu no bi ne nea ɛwɔ he?

SƐ WOTE asɛmfua ‘guan’ a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ebia, nea ɛba ebinom adwenem ne aberante ɔhoɔfɛfo Yosef a ɔreguan afi Potifar yere a na ɔpɛ sɛ ɔne no da nsam no. (Gen. 39:7-12) Ebia, afoforo nso bɛkae Kristofo a wotiee Yesu kɔkɔbɔ no, na woguan fii Yerusalem wɔ afe 66 Y.B. mu no. Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: ‘Sɛ muhu sɛ asraafo dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na momma wɔn a wɔwɔ kurow no mu no mfi mu.’—Luka 21:20, 21.

2, 3. (a) Ná asɛm a Yohane Osuboni no ka tiaa nyamesom akannifo no kyerɛ dɛn ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu hyɛɛ kɔkɔbɔ a na Yohane adi kan de ama no mu den?

2 Nhwɛso a yɛadi kan aka ho asɛm no fa mmirika a saa nkurɔfo no tu guanee ankasa ho. Ɛnnɛ, ɛho abehia paa sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ wiase aman dodow no ara so no guan wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Yohane Osuboni no de asɛmfua a ɛne ‘guan’ no dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛte saa so. Ná Yudafo nyamesom akannifo a wobu wɔn ho treneefo a wɔte nka sɛ wonhia adwensakra no ka nkurɔfo a wɔbaa Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ wɔn asu no ho. Ná saa akannifo no bu ahiafo a wɔama wɔrebɔ wɔn asu de ayɛ wɔn adwensakra ho sɛnkyerɛnne no animtiaa. Yohane de akokoduru maa saa nyamesom akannifo no hui sɛ wɔyɛ nyaatwom. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnanka mma, hena na ɔka kyerɛɛ mo sɛ munguan abufuw a ɛreba no? Ɛnde monsow aba a ɛkyerɛ adwensakra.”—Mat. 3:7, 8.

3 Ná ɛnyɛ mmirika a wotu guan ankasa ho asɛm na na Yohane reka. Mmom no, na ɔrebɔ wɔn kɔkɔ wɔ atemmu a ɛreba a ɛno ne abufuw da no ho; na ɔka kyerɛɛ nyamesom akannifo no sɛ, sɛ wobenya nkwa saa da no a, na ɛho behia sɛ wɔyɛ ade a ɛkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene. Akyiri yi, Yesu de akokoduru kasa tiaa nyamesom akannifo no, na nea ogyinaa so kasa tiaa wɔn ne awudisɛm a na ɛwɔ wɔn mu no, na ɛno ma ɛdaa adi sɛ wɔn agya ankasa ne Ɔbonsam. (Yoh. 8:44) Yesu frɛɛ wɔn “nnanka mma” de hyɛɛ kɔkɔbɔ a na Yohane adi kan de ama wɔn no mu den, na obisaa wɔn sɛ: “Mobɛyɛ dɛn aguan Gehenna atemmu?” (Mat. 23:33) Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔbɔɔ “Gehenna” din no?

4. Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkaa “Gehenna” ho asɛm no?

4 Ná Gehenna yɛ obon bi a ɛwɔ Yerusalem ɔfasu no akyi a na wɔhyew wura ne mmoa afunu wɔ hɔ. Yesu de Gehenna yɛɛ owu a sɛ obi wu a ɔrennya owusɔre ho sɛnkyerɛnne. (Hwɛ kratafa 27.) Asɛm a Yesu bisae sɛ wɔbɛyɛ dɛn aguan Gehenna no kyerɛ sɛ, na saa nyamesom akannifo kuw no fata daa ɔsɛe.—Mat. 5:22, 29.

5. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na kɔkɔbɔ a Yohane ne Yesu de mae no baa mu?

5 Yudafo akannifo no nam Yesu ne n’akyidifo no a wɔtaa wɔn no so maa wɔn bɔne no yɛɛ kɛse. Akyiri yi, Onyankopɔn abufuw da no baa wɔn so, sɛnea na Yohane ne Yesu abɔ wɔn kɔkɔ no. Saa bere no, na “abufuw a ɛreba no” bɛka beae pɔtee a ɛno ne Yerusalem ne Yudea, enti na nkurɔfo betumi aguan ankasa. Abufuw no bae bere a Roma asraafo sɛee Yerusalem ne n’asɔrefie no wɔ afe 70 Y.B. mu no. Ná saa “ahohiahia” no mu yɛ den sen nea na aba Yerusalem so biara. Wokunkum nnipa pii, na wɔde pii nso kɔɔ nkoasom mu. Eyi kae yɛn ɔsɛe kɛse a ɛbɛba nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ne wɔn a wɔwɔ ɔsom afoforo mu so no.—Mat. 24:21.

Abufuw Bi a Ɛreba a Ɛsɛ sɛ Yeguan

6. Dɛn na efii ase wɔ tete Kristofo asafo no mu?

6 Nnipa bi a na wɔwɔ tete Kristofo asafo no mu no bɛyɛɛ awaefo, na wonyaa nkurɔfo dii wɔn akyi. (Aso. 20:29, 30) Bere a na Yesu asomafo no te ase no, ‘wosiw’ ɔwae a ɛte saa no “kwan,” nanso wɔ wɔn wu akyi no, atoro Kristofo akuw pii sɔree. Ɛnnɛ, yɛwɔ ɔsom ɔhaha pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, na ɛsono wɔn mu biara nkyerɛkyerɛ. Bible kaa Kristoman asɔfo a na wɔbɛba ho asɛm siei, na sɛ kuw no, ɛfrɛɛ wɔn “mmaratofo” ne ‘ɔsɛe ba no a Awurade Yesu beyi no afi hɔ, na ɔnam ne mmae a obeyi no adi no so ama wayera koraa no.’—2 Tes. 2:3, 6-8.

7. Dɛn nti na asɛm a ɛne “mmaratofo” no fata Kristoman mu asɔfo?

7 Nea ɛkyerɛ sɛ Kristoman mu asɔfo yɛ mmaratofo ne sɛ, wɔnam atoro nkyerɛkyerɛ, nnapɔnnadi, ne su ahorow a Bible kasa tia a wɔhyɛ ho nkuran so adaadaa nnipa ɔpepem pii. Wɔbɛsɛe nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nnɛ a wɔka “ɔsɛe ba” no ho no, na wɔrennya owusɔre te sɛ nyamesom akannifo a Yesu buu wɔn fɔ no ara pɛ. (2 Tes. 1:6-9) Nanso, dɛn na ɛbɛba nkurɔfo a Kristoman mu asɔfo ne atoro som afoforo mu akannifo adaadaa wɔn no so? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa asɛmmisa yi ho mmuae no, ma yensusuw nsɛm bi a esisii wɔ ɔsɛe bi a ɛbaa Yerusalem so wɔ afe 607 A.Y.B. mu akyi no ho nhwɛ.

‘Munguan Mfi Babilon’

8, 9. (a) Nkɔm bɛn na Yeremia hyɛɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon no? (b) Bere a Mediafo ne Persiafo dii Babilonfo so nkonim no, guan a na wobeguan bɛn na ɛho kwan buei?

8 Odiyifo Yeremia kaa Yerusalem a wɔsɛee no wɔ afe 607 A.Y.B. mu ho asɛm siei. Ɔkae sɛ, wɔde Onyankopɔn nkurɔfo bɛkɔ nkoasom mu, nanso na wɔbɛsan aba wɔn asase so wɔ “mfirihyia aduɔson” akyi. (Yer. 29:4, 10) Ná Yeremia wɔ asɛm bi a ɛho hia a ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon no; ná ɛnsɛ sɛ wɔde nneɛma a na wɔyɛ wɔ atoro som mu wɔ Babilon no gu wɔn ho fĩ. Sɛ na wobetumi asan akɔ Yerusalem de nokware som akosi hɔ wɔ bere a na Yehowa ahyɛ no mu a, na ɛnsɛ sɛ wɔde atoro som gu wɔn ho fĩ. Saa asɛm yi baa mu bere a Mediafo ne Persiafo dii Babilonfo so nkonim wɔ afe 539 A.Y.B. mu no. Ɔhene Kores II a ofi Persia no de ahyɛde mae sɛ Yudafo no nsan nkɔ nkosi Yehowa asɔrefie no wɔ Yerusalem.—Esra 1:1-4.

9 Yudafo mpempem pii de hokwan yi san kɔɔ wɔn kurom. (Esra 2:64-67) Wɔnam saa a wɔyɛe no so maa Yeremia nkɔmhyɛ a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ wonguan mfi beae bi nkɔ baabi foforo no baa mu wɔ ɔkwan bi so. (Monkenkan Yeremia 51:6, 45, 50.) Yudafo no bi wɔ hɔ a, wɔn tebea amma wɔantumi antwa kwantenten no ankɔ wɔn nkyi wɔ Yerusalem ne Yuda. Sɛ nnipa a wɔkaa Babilon te sɛ odiyifo Daniel a na wabɔ akwakoraa no betumi anya Onyankopɔn nhyira a, na ɛsɛ sɛ wofi wɔn koma nyinaa mu gyina nokware som a na ɛwɔ Yerusalem no akyi, na wɔkɔ so twe wɔn ho fi Babilonfo atoro som ho.

10. “Akyide” bɛn na “Babilon Kɛse no” di ho fɔ?

10 Ɛnnɛ, nnipa ɔpepepem pii na wɔwɔ atoro som ahorow a efii ase wɔ tete Babilon no mu. (Gen. 11:6-9) Wɔfrɛ ɔsom a ɛte saa no nyinaa “Babilon Kɛse, nguaman ne asase so akyide nã.” (Adi. 17:5) Atoro som agyina wiase yi mu atumfo akyi fi teteete. “Akyide” a atoro som di ho fɔ no bi ne ɔko ahorow a “wɔakunkum” nnipa ɔpepehaha pii wom wɔ “asase so” no. (Adi. 18:24) “Akyide” afoforo a asɔfo no di ho fɔ ne mmofra a wɔto wɔn mmonnaa, ne nna mu ɔbrasɛe afoforo a wɔde wɔn ho hyem a asɔre mu mpanyimfo no pene so no. So ɛnyɛ ne kwan so sɛ Yehowa Nyankopɔn beyi atoro som afi asase yi so nnansa yi ara?—Adi. 18:8.

11. Ansa na wɔbɛsɛe Babilon Kɛse no, adwuma bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo yɛ?

11 Nokware Kristofo a wonim saa asɛm yi no wɔ asɛyɛde sɛ wɔbɔ Babilon Kɛse no mufo kɔkɔ. Ɔkwan biako a wɔfa so yɛ eyi ne sɛ, wɔkyekyɛ Bible ne Bible ho nhoma a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yesu apaw no sɛ ɔmfa honhom fam aduan mma wɔ “bere a ɛsɛ mu no” yɛ no ma nkurɔfo. (Mat. 24:45) Sɛ nnipa binom kyerɛ Bible mu asɛm no ho anigye a, yɛyɛ nhyehyɛe ne wɔn sua Bible no de boa wɔn. Nokware Kristofo hwɛ kwan sɛ, nkurɔfo a wɔne wɔn sua Bible no behu sɛ ehia sɛ woguan fi “Babilon Kɛse no” mu ansa na aka akyi dodo.—Adi. 18:4.

Munguan Abosonsom

12. Onyankopɔn bu ahonisom ne abosonsom dɛn?

12 Akyide foforo a abu so wɔ Babilon Kɛse no mu ne ahonisom ne abosonsom. Onyankopɔn frɛ saa nneyɛe no “akyide” ne “abosom fĩ.” (Deut. 29:17, NW) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani no nyinaa kyi abosonsom sɛnea Onyankopɔn asɛm ka no. Ɔkae sɛ: “Mene [Yehowa, NW], me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.”—Yes. 42:8.

13. Nneɛma a ɛyɛ den sɛ yebehu sɛ ɛyɛ abosonsom bɛn na ɛsɛ sɛ yeguan fi ho?

13 Onyankopɔn Asɛm san ma yehu nneɛma foforo a ɛno nso yɛ abosonsom, na ɛno de, ɛyɛ den sɛ yebehu sɛ ɛyɛ abosonsom. Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ anibere yɛ “abosonsom.” (Kol. 3:5) Nea anibere kyerɛ ne sɛ obi bɛma ne kɔn adɔ biribi a onni ho kwan sɛ onya, te sɛ, nneɛma a ɛyɛ obi foforo de. (Ex. 20:17) Ɔbɔfo a ɔbɛyɛɛ Satan Ɔbonsam no maa n’ani beree sɛ ɔbɛyɛ te sɛ Ɔsorosoroni no, sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo bɛsom no. (Luka 4:5-7) Eyi ma ɔtew Yehowa so atua, na ɔdaadaa Hawa maa n’ani beree biribi a na Onyankopɔn abara. Ɔkwan bi so no, Adam nso nam ɔdɔ a na ɔwɔ ma ne yere a ɔma ɛho hiaa no kɛse sen osetie a na ɔbɛyɛ ama ne soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no so bɛyɛɛ ɔbosonsonni. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ woguan Onyankopɔn abufuw da no nyinaa som ɔno nkutoo, na wɔtwe wɔn ho fi anibere biara a ɛte saa ho.

“Munguan Aguamammɔ”

14-16. (a) Dɛn nti na Yosef yɛ abrabɔ pa ho nhwɛso? (b) Sɛ nna ho akɔnnɔ bɔne sɔre wɔ yɛn mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (d) Yɛbɛyɛ dɛn atumi aguan aguamammɔ?

14 Monkenkan 1 Korintofo 6:18. Bere a Potifar yere bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yosef ma ɔne no ada no, Yosef tuu mmirika guan fii n’anim. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nhwɛso pa a Yosef yɛ maa Kristofo a wɔaware ne wɔn a wɔnwaree nyinaa! Ɛda adi pefee sɛ, nsɛm bi a na adi kan asisi na ɛmaa Yosef huu adwene a na Onyankopɔn wɔ wɔ ɔbrasɛe ho, na ɔde ɛno tetee n’ahonim. Sɛ yɛpɛ sɛ yedi Onyankopɔn ahyɛde a ɛne “munguan aguamammɔ” no so a, yɛrenyɛ nneɛma bi a ebetumi ama yɛanya nna ho akɔnnɔ ama obi a ɔnyɛ yɛn yere anaa yɛn kunu. Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Munkum mo nipadua akwaa . . . wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom ho. Saa nneɛma yi nti na Onyankopɔn abufuw reba.”—Kol. 3:5, 6.

15 Hyɛ no nsow sɛ, “Onyankopɔn abufuw reba.” Nnipa a wɔwɔ wiase no mu pii nya nna ho akɔnnɔ bɔne, na wɔyɛ saa nneɛma no. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn mmoa ne ne honhom kronkron no sɛnea ɛbɛyɛ a nna ho akɔnnɔ bɔne renhyɛ yɛn so mma yɛnyɛ bɔne. Bio nso, sɛ yesua Bible, kɔ Kristofo nhyiam, na yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa a yɛne wɔn te a, ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛakɔ so anantew wɔ honhom mu.’ Sɛ yɛyɛ saa a, “ɔhonam akɔnnɔ remma [yɛn] akwan mu koraa.”—Gal. 5:16.

16 Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ yɛhwɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a, ‘yɛrennantew honhom mu.’ Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristoni biara hwɛ yiye sɛ ɔrenkenkan, ɔrenhwɛ, anaa ɔrentie biribiara a ebetumi akanyan nna ho akɔnnɔ wɔ ne mu. Ɛyɛ mfomso nso sɛ Onyankopɔn “nnipa kronkron” bɛma wɔn ani agye nguamansɛm ho, anaasɛ wɔbɛbɔ ho nkɔmmɔ de ayi aseresɛm. (Efe. 5:3, 4) Sɛ yɛanyɛ saa nneɛma no bi a, yɛbɛma yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ahu sɛ, yɛpɛ sɛ yeguan n’abufuw a ɛreba no ankasa, na yɛpɛ sɛ yɛtra wiase foforo a trenee bɛtra mu no mu.

Munguan “Sikanibere”

17, 18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yeguan “sikanibere”?

17 Wɔ Paulo krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Timoteo mu no, osii nnyinasosɛm a na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ nkoa a esiane sɛ wɔn wuranom yɛ Kristofo nti na wɔn mu binom pɛ sɛ wɔfa ho nya wɔn ho no so dua. Ebia, na afoforo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa akronkronne ho apɛ mfaso. Paulo bɔɔ wɔn a “wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ ade a wɔde pɛ mfaso” no kɔkɔ. Ɛbɛyɛ sɛ “sikanibere” a ebetumi ama obiara, ɔdefo anaa ohiani, ayɛ bɔne no na ɛde ɔhaw yi bae.—1 Tim. 6:1, 2, 5, 9, 10.

18 So wubetumi akae nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a “sikanibere” anaa ahonyade bi a ɛso nni mfaso a wɔmaa wɔn ani beree nti, wɔne Onyankopɔn ntam sɛee no? (Yos. 7:11, 21; 2 Ahe. 5:20, 25-27) Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ: “Onyankopɔn nipa de, guan fi eyinom ho. Mmom no, di adetrenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, ne odwo honhom akyi.” (1 Tim. 6:11) Ɛho hia paa sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nkwa wɔ abufuw da a ɛreba no mu no tie saa afotu yi.

“Guan Mmerantebere mu Akɔnnɔ”

19. Dɛn na mmofra nyinaa hia?

19 Monkenkan Mmebusɛm 22:15. Ɛnyɛ den koraa sɛ agyimisɛm a ɛkyekyere abofra bi koma ho no betumi ama wafom kwan. Ade a ebetumi aboa no ma wagyina eyi ano ne nteɛso a wobefi Bible mu de ama no no. Mmofra pii a wɔyɛ Kristofo a wɔn awofo nyɛ Yehowa asomfo no hwehwɛ afotu a egyina Bible so de bɔ wɔn bra. Mmofra foforo nso nya afotu a asafo no mufo a wɔn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu de ma no so mfaso. Ɛmfa ho onipa a ɔde afotu a egyina Bible so ma no, sɛ yetie a, ebetumi ama yɛanya anigye nnɛ ne daakye.—Heb. 12:8-11.

20. Mmofra bɛyɛ dɛn atumi anya mmoa de aguan akɔnnɔ bɔne?

20 Monkenkan 2 Timoteo 2:20-22. Mmofra pii a wonnya nteɛso a mfaso wɔ so no de wɔn ho ahyɛ nneyɛe a nyansa nnim te sɛ akansi, anibere, aguamammɔ, sikanibere, ne anigyede akyidi mu. “Mmerantebere mu akɔnnɔ” a Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yenguan mfi ho no na ɛma obi da saa su ahorow yi adi. Sɛ abofra bi a ɔyɛ Kristoni betumi aguan afi nkɛntɛnso bɔne ho ɛmfa ho baabi a efi ba a, ehia sɛ ɔhwɛ ne ho so yiye. Ade a etumi boa titiriw ne Onyankopɔn afotu a ɛka sɛ yenni suban pa akyi, na ‘yɛne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade no’ mmɔ no.

21. Bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn na Yesu Kristo de maa n’akyidifo a wɔte sɛ nguan no?

21 Sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, sɛ yɛantie nkurɔfo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa yɛn no a, na yɛreda no adi sɛ yɛpɛ sɛ yɛka wɔn a wɔyɛ Yesu akyidifo a wɔte sɛ nguan a ‘woguan fi ahɔho a wonnim wɔn nne’ ho no ho. (Yoh. 10:5) Nanso, sɛ yebetumi anya nkwa wɔ Onyankopɔn abufuw da no mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen guan a yebeguan afi nneɛma bɔne ho kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yenya su pa nso. Yebesusuw su pa ahorow yi mu ason ho wɔ adesua a edi hɔ no mu. Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so susuw eyi ho, efisɛ Yesu de bɔhyɛ a ɛyɛ anigye yi mae sɛ: “Mema [me nguan] daa nkwa, na wɔrensɛe da, na obiara renhwim wɔn mfi me nsam.”—Yoh. 10:28.

Wubebua Dɛn?

• Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa nyamesom akannifo no?

• Tebea a ɛyɛ hu bɛn na ɛreba nnipa ɔpepem pii so nnɛ?

• Nneɛma a ɛyɛ den sɛ yebehu sɛ ɛyɛ abosonsom bɛn na ɛsɛ sɛ yeguan fi ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Sɛ wote asɛmfua ‘guan’ a, dɛn na ɛba w’adwenem?