Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔsomafo Paulo kae sɛ, “Israel nyinaa benya nkwa.” (Rom. 11:26) So na ɔrekyerɛ sɛ bere bi bɛba a Yudafo nyinaa bɛba abɛyɛ Kristofo?

Dabi, ɛnyɛ saa na na Paulo rekyerɛ. Ɔman a na wɔyɛ Abraham asefo no annye Yesu antom sɛ ɔno ne Mesia no. Na wɔ Yesu wu akyi mfe bi no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ na Yudafo nyinaa remmɛyɛ Kristofo. Nanso, na asɛm a Paulo kae sɛ “Israel nyinaa benya nkwa” no yɛ nokware. Ɔkwan bɛn so na na ɛyɛ nokware?

Yesu ka kyerɛɛ Yudafo nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no sɛ: “Wobegye Nyankopɔn ahenni afi mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛsow aba.” (Mat. 21:43) Esiane sɛ Israel man no nyinaa annye Yesu antom nti, na Yehowa bɛdan n’adwene akɔ ɔman foforo bi so, ɔman a wɔde Onyankopɔn honhom asra wɔn. Paulo frɛɛ saa man no “Nyankopɔn Israel.”—Gal. 6:16.

Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm foforo bi da no adi sɛ, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wɔn dodow si 144,000 no na wɔyɛ “Nyankopɔn Israel no.” (Rom. 8:15-17; Adi. 7:4) Adiyisɛm 5:9, 10 si so dua sɛ, nnipa bi a wɔnyɛ Yudafo bɛka saa kuw yi ho. Wɔada no adi wɔ saa kyerɛwsɛm no mu sɛ, Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no fi “abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu.” Wɔhyɛɛ da paw honhom fam Israelfo no sɛ wɔmmɛyɛ “ahemman ne asɔfo . . . , na wobedi asase so ahene.” Ɛwom sɛ, Yehowa ankɔ so amfa honam fam Israel anyɛ ne man bio de, nanso ankorankoro bi a wɔyɛ honam fam Israelfo betumi ne no anya abusuabɔ pa. Saa na asomafo no ne tete Kristofo foforo pii yɛe. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔde Yesu Kristo mogya tɔ Yudafo a wɔte saa no, sɛnea wɔde tɔɔ nnipa foforo a wɔaka nyinaa no.—1 Tim. 2:5, 6; Heb. 2:9; 1 Pet. 1:17-19.

Ɛmfa ho sɛ honam fam Yudafo dodow no ara ammɛyɛ Yesu yɔnko adedifo no, ɛno ansesa Onyankopɔn atirimpɔw. Yehowa atirimpɔw renyɛ ɔkwa da, efisɛ Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yes. 55:11.

Saa ara na Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma nnipa 144,000 ne ne Ba no adi ade wɔ soro no bɛbam. Bible da no adi pefee sɛ, Onyankopɔn de honhom kronkron bɛsra nnipa a wɔn dodow si 144,000 no nyinaa. Ɛrenka wɔn mu biako mpo!—Adi. 14:1-5.

Ɛno nti, bere a Paulo kyerɛwee sɛ “Israel nyinaa benya nkwa” no, na ɛnyɛ nea ɔrekyerɛ ne sɛ Yudafo nyinaa bɛba abɛyɛ Kristofo. Mmom no, na nea ɔreka ne sɛ, Onyankopɔn bɛma ne tirim a wabɔ sɛ nnipa 144,000 a wɔyɛ honhom fam Israelfo ne Ne Ba Yesu Kristo bedi ade wɔ soro no abam. Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wobegye nnipa dodow a wɔbom yɛ “Israel nyinaa” no, na awiei koraa no, wɔadi ade sɛ ahene ne asɔfo wɔ Mesia Ahenni no mu.—Efe. 2:8.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Wɔn a wɔasra wɔn no ‘fi abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu’