Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyansakwan Bi

Nyansakwan Bi

Nyansakwan Bi

NÁ MMERANTE baasa bi a wɔwɔ Afrika Mfinimfini fam pɛ sɛ wɔkɔ ɔmantam nhyiam bi a na wɔreyɛ wɔ wɔn man mu no bi. Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi akɔ? Ná efi kurow a wɔte mu rekɔ baabi a wɔreyɛ nhyiam no bɛyɛ kilomita 90, na ɔkwan no yɛ mfutukwan, na na kar mfa so. Wosii gyinae sɛ wɔbɛsrɛ sakre abiɛsa, nanso wɔannya sakre a ɛwɔ ahoɔden a ebetumi de wɔn akɔ.

Wɔn asafo mu panyin bi tee wɔn asɛm no, na ɔde n’ankasa sakre dedaw bi a ɛwɔ ahoɔden maa wɔn. Ɔpanyin no kaa sɛnea bere bi a atwam no na ɔne afoforo yɛ nhyehyɛe kɔ ɔmantam nhyiam ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔkae sɛ wɔn baasa mfa ne sakre no nkɔ. Ɔpanyin no kyerɛɛ wɔn nyansakwan tiawa bi, nanso na ehia sɛ wɔyɛ ho nhyehyɛe pa. Ná nnipa baasa no bɛyɛ dɛn de sakre biako atu kwan?

Nea ɛbɛyɛ na mmerante no nka sakre no mfa awia a ano yɛ den so no, wohyiaam anɔpatutuutu hyehyɛɛ nneɛma a wɔde rekɔ nhyiam no wɔ sakre no so. Wɔn mu biako traa sakre no so dii wɔn anim, na baanu a wɔaka no nantewee ntɛmntɛm dii n’akyi. Bere a nea ɔte sakre no so kɔɔ n’anim bɛyɛ mita 500 no, ɔde sakre a nneɛma gu so no twerii dua bi ho. Nanso, na ɔde tweri baabi a wɔn a wɔaka no tumi hu fi baabi a wɔwɔ no, sɛnea ɛbɛyɛ a obi renwia. Nea odii kan traa sakre no so no nantew toaa akwantu no so.

Bere a baanu a wɔaka no duu sakre no ho no, obiako traa so, na nea waka no kɔɔ so nantew mita 500 ansa na ɛredu ne so ma watra so. Enti, nhyehyɛe pa a mmerante baasa no yɛe, ne wɔn bo a wosii no ma wotumi tew nantew a anka wobɛnantew kilomita 90 no so baa kilomita 60. Mfaso baa nea wɔyɛe no so. Wɔne wɔn nuanom Kristofo mmarima ne mmea hyiaam wɔ ɔmantam nhyiam no ase, na wɔde anigye tiee Onyankopɔn asɛm. (Deut. 31:12) Afe yi, so wobɛyɛ nea wubetumi biara akɔ ɔmantam nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ wo man mu no bi?