Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woayɛ Krado Sɛ Wobɛkyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu?

So Woayɛ Krado Sɛ Wobɛkyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu?

So Woayɛ Krado Sɛ Wobɛkyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu?

SO WOAKƆ tebea bi mu ma ahyɛ wo sɛ kyerɛkyerɛ wo gyidi mu pɛn? Susuw nea ɛtoo onuawa bi a wɔfrɛ no Susana a wadi mfe 16 a ofi Paraguay no ho hwɛ. Bere a na wɔresua ɔsom ne abrabɔ ho ade wɔ sukuu mu no, sukuufo no bi kae sɛ, Yehowa Adansefo nnye “Apam Foforo” no nni, na saa ara nso na wonnye Yesu Kristo ne Maria nni. Afoforo nso kae sɛ, Adansefo no yɛ katee, na sɛ wɔyare a, wɔbɛpɛ sɛ wowu mmom sen sɛ wɔbɛhwehwɛ ayaresa. Sɛ ɛyɛ wo a, anka wobɛyɛ dɛn?

Susana bɔɔ Yehowa mpae, na afei ɔmaa ne nsa so. Ná adesua no reba n’awiei ara ne sa, enti ɔsrɛɛ ne kyerɛkyerɛfo no sɛ ɔmma no kwan mma ɔmmɛka nea Yehowa Adansefo gye di ho asɛm nkyerɛ sukuufo no. Ɔkyerɛkyerɛfo no ampopo ne ti koraa, ogye toom. Wɔ adapɛn abien a na edi hɔ no mu no, Susana de Yehowa AdansefoWɔne Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? nhomawa no siesiee ɔkasa a na ɔbɛma no.

Afei, bere dui sɛ Susana ma ɔkasa no kyerɛ sukuufo no. Ɔkyerɛkyerɛɛ nea ɛyɛe a wonyaa edin Yehowa Adansefo no mu. Ɔsan nso kyerɛkyerɛɛ anidaso a yɛwɔ, ne nea enti a yennye mogya no mu kyerɛɛ wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ sukuufo no sɛ sɛ wɔwɔ nsɛm bi a, wobetumi abisa. Sukuufo no mu dodow no ara maa wɔn nsa so. Ɔkyerɛkyerɛfo no ani gyee sɛnea ababaa no de Kyerɛwnsɛm no yii wɔn nsɛmmisa no ano no ho.

Sukuufo no mu biako kae sɛ, “Makɔ wɔn Ahenni Asa so pɛn, na manhu ohoni biako mpo wɔ hɔ.” Ná ɔkyerɛkyerɛfo no pɛ sɛ ohu nea enti a ɛte saa. Enti, Susana kenkan Dwom 115:4-8 ne Exodus 20:4 kyerɛɛ no. Ɔkyerɛkyerɛfo a na ne ho adwiriw no no bisae sɛ, “Adɛn nti na yɛn asɔredan ahorow no mu de, wɔde ahoni pii ahyɛ hɔ ma wɔ bere a Bible kasa tia?”

Nsɛm a sukuufo no bisabisae ne mmuae a Susana de maa wɔn no dii simma 40. Bere a Susana bisaa sukuufo no sɛ wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛhwɛ No Blood—Medicine Meets the Challenge video no, wɔn nyinaa penee so. Enti, ɛda a edi hɔ no, ɔkyerɛkyerɛfo no yɛɛ nhyehyɛe foforo ma wɔtoaa nkɔmmɔbɔ no so. Bere a wɔhwɛɛ video no wiei no, Susana kyerɛkyerɛɛ ayaresa bi a wɔmfa mogya nni dwuma wom a Yehowa Adansefo binom gye tom no mu kyerɛɛ wɔn. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ: “Ná minnim da sɛ yɛwɔ ayaresa ahorow pii a wɔmfa mogya nni dwuma wom; saa ara nso na na minnim mfaso a ɛwɔ ayaresa a wɔmfa mogya nni dwuma wom no so. So Yehowa Adansefo nkutoo na wɔfa ɔkwan a ɛte saa so sa wɔn yare?” Bere a Susana ka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo, na mmom obiara betumi anya ayaresa a ɛte saa no, ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ, “Ɛda a Yehowa Adansefo bɛba me fie no, me ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ.”

Simma 20 kasa a na Susana asiesie no dii nnɔnhwerew abiɛsa. Dapɛn a edi hɔ no, sukuufo foforo nso maa ɔkasa faa nea wɔn asɔre gye di ho. Bere a wowiee wɔn kasa no, sukuufo no bisaa wɔn nsɛm pii, nanso wɔantumi ankyerɛkyerɛ nea enti a wogye nea wɔkae no di no mu. Enti, ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa wɔn sɛ, “Dɛn nti na mode, muntumi nkyerɛkyerɛ nea mugye di no mu te sɛ nea mo yɔnko Yehowa Dansefo no yɛe no?”

Nea sukuufo no kae ne sɛ: “Yehowa Adansefo de, wosua Bible no ankasa. Na yɛn de, yensua.”

Ɔkyerɛkyerɛfo no kɔhwɛɛ Susana anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Musua Bible no ankasa, na mobɔ mmɔden de nea musua no bɔ mo bra. Moayɛ ade paa.”

Ná anka Susana betumi aka n’ano atom. Nanso, bere a ɔkasae de teɛɛ adwene a na ɛnyɛ nokware a sukuufo foforo kura no, odii nhwɛso a Israelni abeawa kumaa bi a wɔfaa no kɔɔ Siria kɔyɛɛ abaawa a wɔammɔ ne din yɛe no akyi. Wɔde saa abeawa no kɔtraa Siria sahene Naaman a na ɔyare kwata no fie. Israelni abeawa no ka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: “A, sɛ anka me wura wɔ odiyifo a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnde anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.” Abeawa no hui sɛ, ɛho hia sɛ odi nokware Nyankopɔn no ho adanse. Saa a ɔyɛe no maa ne wura Naaman bɛyɛɛ Yehowa somfo.—2 Ahe. 5:3, 17.

Saa ara na Susana nso hui sɛ ɛho hia sɛ odi Yehowa ne ne nkurɔfo ho adanse. Bere a afoforo kasa tiaa Susana gyidi, na ɔsɔre kyerɛkyerɛɛ mu no, na ɔredi Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde yi so. Ɛka sɛ: “Montew Kristo ho sɛ Awurade wɔ mo komam a moayɛ krado bere biara sɛ mode anoyi bɛma obiara a obisa anidaso a ɛwɔ mo mu no ho asɛm, nanso monyɛ no odwo ne obu a emu dɔ mu.” (1 Pet. 3:15) So woayɛ krado sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo gyidi mu, na sɛ hokwan bue a, so wubefi wo pɛ mu ayɛ saa?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Nhomawa ne video yi betumi aboa wo ma woakyerɛkyerɛ wo gyidi mu