Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So na Yesu Reka Hellgya Ho Asɛm?

So na Yesu Reka Hellgya Ho Asɛm?

So na Yesu Reka Hellgya Ho Asɛm?

NNIPA binom a wogye hellgya nkyerɛkyerɛ tom no twe adwene si Yesu asɛm a ɛwɔ Marko 9:48 (anaa nkyekyɛm 44, 46) no so. Yesu kaa aboaa a wonwu da, ne ogya a wonnum no da ho asɛm. Sɛ obi bisa wo ogya ne aboaa no ho asɛm a, wobɛkyerɛkyerɛ mu dɛn?

Bible nkyerɛase kõ a onipa no de redi dwuma no na ɛbɛma wakenkan Marko 9:44, 46, anaa 48, efisɛ asɛnkoro no ara na ɛwɔ nkyerɛase ahorow bi mu wɔ saa nkyekyɛm ahorow yi. * New World Translation no kenkan sɛ: “Sɛ w’aniwa to wo hintidua a tow kyene; ɛyɛ papa sɛ wode aniwa koro bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔde wo bɛto Gehenna, faako a wɔn mu mmoaa nwu na ogya no nnum no.”—Mar. 9:47, 48.

Sɛnea ɛte biara no, nnipa binom ka sɛ asɛm a Yesu kae no foa adwene a ɛne sɛ sɛ abɔnefo wu a, wɔyɛ wɔn akra ayayade afebɔɔ no so. Sɛ nhwɛso no, asɛm bi a ɛwɔ Navarre Sukuupɔn no Sagrada Biblia a ɛwɔ Spania kasa mu no ka sɛ: “Yɛn Awurade nam [saa asɛm yi] a ɔkae no so kyerɛe sɛ, wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ hell. Wɔtaa kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘mmoaa a wonwu no’ gyina hɔ ma awerɛhow a nkurɔfo di no afebɔɔ wɔ hell; na ‘ogya a wonnum no da’ no nso gyina hɔ ma ayayade a wɔyɛ wɔn wɔ hɔ no.”

Nanso, fa Yesu asɛm no toto Yesaia nkɔmhyɛ no fã a etwa to no ho hwɛ. * So ɛnyɛ nokware sɛ kyerɛwsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 66 no na Yesu fa kaa asɛm? Ɛda adi sɛ, ɛhɔ no, na odiyifo no retwe adwene asi so sɛ wobefi adi “akɔhwɛ Hinom Bon (Gehenna) a ɛwɔ Yerusalem, baabi a na wɔde nnipa bɔ afɔre wɔ hɔ bere bi, (Yer. 7:31) a akyiri yi, wɔde hɔ bɛyɛɛ baabi a kurom hɔfo tow wura gu no.” (The Jerome Biblical Commentary) Ntease wom koraa sɛ, asɛm a wɔka no sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Yesaia 66:24 no nkyerɛ ankasa sɛ wɔyɛ nkurɔfo ayayade; ɛkyerɛ nnipa afunu a na wɔtow gu hɔ. Mmoaa no a wɔka ho asɛm sɛ wonwu no mfa nnipa a wonwui anaa akra a enwu da ho. Ɛnde, na asɛm a Yesu kae no kyerɛ dɛn ankasa?

Hyɛ asɛm bi a Katolekfo nhoma a wɔfrɛ no El evangelio de Marcos. Análisis lingüístico y comentario exegético Po II ka faa Marko 9:48 ho no nsow: “Wɔfaa asɛm [no] fii Yesaia (66,24). Odiyifo no kyerɛ akwan abien a na nnipa afunu no fa so sɛe wɔ hɔ: ná wɔma ebi porɔw, ɛnna wɔhyew ebi nso . . . Saa akwan abien yi a wɔde dii dwuma a ɛno ne mmoaa ne ogya no kyerɛ ɔsɛe. . . . Wɔkyerɛ sɛ, tumi abien a wɔde sɛe ade no wɔ hɔ daa (‘wonnum no, na wonwu’): biribiara nni hɔ a wɔde begu hɔ a ɛrensɛe. Saa nkyerɛkyerɛmu yi kyerɛ sɛ, mmoaa ne ogya no nkutoo na ɛnsɛe, ɛnyɛ onipa. Mmoaa no ne ogya no sɛe biribiara a wɔtow gu hɔ no. Enti, saa nkyerɛkyerɛmu yi nkyerɛ sɛ wɔyɛ obi ayayade afebɔɔ wɔ hɔ, na mmom ɛyɛ ɔsɛe koraa, owu a owusɔre ho anidaso nnim. Enti, [ogya] no yɛ ɔsɛe pasaa ho sɛnkyerɛnne.”

Ɛsɛ sɛ obiara a onim sɛ nokware Nyankopɔn no yɛ ɔdɔ, na obu atɛntrenee no tumi te ase sɛ saa na Yesu asɛm no kyerɛ. Yesu anka sɛ wɔbɛyɛ abɔnefo ayayade afebɔɔ. Mmom no, na Yesu reka sɛ wobetumi asɛe abɔnefo koraa a wɔrennya owusɔre.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Marko 9:44 ne 46 nni Bible nsaano nkyerɛwee a wogye tom paa no mu. Nhomanimfo gye tom sɛ, ɛbɛyɛ sɛ akyiri yi na wɔde saa nkyekyɛm abien yi bɛkaa ho. Ɔbenfo Archibald T. Robertson kyerɛwee sɛ: “Ná saa nkyekyɛm abien no nka nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara, ne nea wogye tom paa no ho. Atɔe fam aman ne Siriafo (Byzantine) akuw bi na wɔde bɛkaa Bible no ho. Ɛyɛ nkyekyɛm 48no ntimu ara kwa. Enti, [yɛayi] nkyekyɛm 44 ne 46 a ɛnyɛ nokware no afi Bible no mu.”

^ nky. 5 “Wobefi adi akɔhwɛ nnipa a wɔatõ me mmara no afunu a wɔn mu mmoaa renwu da, na wɔn gya nso rennum da; na wɔn ho bepurow ɔhonam nyinaa.”—Yes. 66:24.