Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Su Ahorow A Ɛsɛ Sɛ Yedi Akyi

Su Ahorow A Ɛsɛ Sɛ Yedi Akyi

Su Ahorow A Ɛsɛ Sɛ Yedi Akyi

“Di adetrenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, ne odwo honhom akyi.” —1 TIM. 6:11.

1. Ma nhwɛso fa kyerɛkyerɛ nea asɛm a ɛne ‘di akyi’ no kyerɛ mu.

SƐ WOTE asɛm a ɛne ‘di akyi’ a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ebia, nea ɛbɛba w’adwenem ne asɛm bi a esii wɔ Mose bere so bere a Misrifo asraafo “tiw” Israelfo no, anaasɛ wodii wɔn akyi kowuwui wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no. (Ex. 14:23) Anaasɛ, ebia wobɛkae obi a wanhyɛ da na okum obi wɔ tete Israel a ne nkwa da asiane mu no. Ná ɛsɛ sɛ ɔma ne ho yɛ hare na oguan kɔ guankɔbea nkurow asia no biako mu. Anyɛ saa a, “mogya ho werefo no de abufuhyew bedi onipakumfo no akyi akɔto no na wakum no.”—Deut. 19:6, Tanakh.

2. (a) Nkonim bo bɛn na Onyankopɔn ato nsa afrɛ Kristofo binom sɛ wonni akyi? (b) Anidaso bɛn na Yehowa ama Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu dodow no ara anya?

2 Nea ɛne Bible mu nhwɛso a yɛadi kan aka ho asɛm no bɔ abira no, susuw adwempa a na ɔsomafo Paulo wɔ no ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ [medi] botae no [akyi] na manya nkonim bo a ɛne ɔsoro frɛ a efi Nyankopɔn hɔ denam Kristo Yesu so.” (Filip. 3:14) Bible ma yehu sɛ, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔn dodow si 144,000 a Paulo ankasa nso ka ho no benya saa nkonim bo a ɛne ɔsoro asetra no. Wɔne Yesu Kristo bedi asase so ahene wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu. Botae a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn ato nsa afrɛ nnipa a wɔte saa no sɛ wonni akyi bɛn ara ni! Nanso, nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu dodow no ara wɔ anidaso anaa botae a ɛyɛ soronko. Yehowa fi ɔdɔ mu ahyɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛma wɔn nsa aka ade a Adam ne Hawa ma ɛyerae no. Ɛno ne daa nkwa a wobenya de atra paradise asase so bere a wɔwɔ apɔwmuden a edi mu no.—Adi. 7:4, 9; 21:1-4.

3. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ adɔe a Onyankopɔn ayɛ yɛn no?

3 Nnipa abɔnefo ntumi nnyina mmɔden a enni mu a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no so ntumi nnya daa nkwa. (Yes. 64:6) Sɛ yenya nsiesiei a Onyankopɔn fi ɔdɔ mu nam Yesu Kristo so ayɛ ama nkwagye no mu gyidi nkutoo a, ɛnna yebetumi anya daa nkwa. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ adɔe a Onyankopɔn ayɛ yɛn no? Ade biako a yebetumi ayɛ ne sɛ yebetie saa ahyɛde yi. Ɛka sɛ: “Di adetrenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, ne odwo honhom akyi.” (1 Tim. 6:11) Sɛ yesusuw saa su ahorow yi ho a, ebetumi aboa yɛn mu biara ma wasi ne bo denneennen sɛ ɔbɛkɔ so adi saa su ahorow yi akyi “kɛse.”—1 Tes. 4:1.

‘Di Adetrenee Akyi’

4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ ɛho hia sɛ yedi ‘adetrenee’ akyi, na dɛn na ɛsɛ sɛ obi di kan yɛ de di adetrenee akyi?

4 Ɔsomafo Paulo bobɔɔ su ahorow a ɛsɛ sɛ yedi akyi wɔ nkrataa abien a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no mu, na wɔ emu biara mu no, ‘adetrenee’ na odii kan bɔɔ din. (1 Tim. 6:11; 2 Tim. 2:22) Bio nso, Bible no hyɛ yɛn nkuran mpɛn pii sɛ, yenni adetrenee akyi. (Mmeb. 15:9; 21:21; Yes. 51:1) Ade a ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ de di adetrenee akyi ne sɛ ‘yebenya nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea Onyankopɔn somaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.’ (Yoh. 17:3) Sɛ obi di adetrenee akyi a, ɛbɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne a wayɛ ho, na ‘wadan ne ho’ ayɛ Onyankopɔn apɛde.—Aso. 3:19.

5. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛakɔ so anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim?

5 Nnipa ɔpepem pii a wofi wɔn komam redi adetrenee akyi no ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa, na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ ahosohyira a ɛte saa no ho sɛnkyerɛnne. Sɛ woyɛ Kristoni a woabɔ asu a, so woasusuw ho sɛ ɛsɛ sɛ woma w’abrabɔ da no adi sɛ woredi adetrenee akyi? Ɔkwan biako a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wubegyina nea Bible ka so ahu nea ɛyɛ “papa ne bɔne” bere a woresisi gyinae wɔ w’asetram no. (Monkenkan Hebrifo 5:14.) Sɛ nhwɛso no, sɛ woyɛ Kristoni a woaso aware a, so woasi wo bo paa sɛ woremma w’ani nnye obi a ɔnyɛ Kristoni a wabɔ asu ho sɛ wobɛware no? Sɛ woredi adetrenee akyi a, worenyɛ saa da.—1 Kor. 7:39.

6. Dɛn na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛredi adetrenee akyi ankasa?

6 Ɛsono sɛ obi yɛ ɔtreneeni, ɛnna ɛsono sɛ obi bu ne ho ɔtreneeni, anaasɛ ɔyɛ ne ho “ɔtreneeni dodo.” (Ɔsɛnk. 7:16, NW) Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho atreneefo sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ papa sen afoforo. (Mat. 6:1) Adetrenee akyi ankasa a yebedi no gyina yɛn koma so, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛbɛteɛ yɛn nsusuwii, yɛn suban, yɛn adwene, ne akɔnnɔ bɔne a yenya so. Sɛ yɛkɔ so yɛ eyi a, ɛda adi sɛ, yɛrenyɛ bɔne a anibere wom. (Monkenkan Mmebusɛm 4:23; fa toto Yakobo 1:14, 15 ho.) Afei nso, Yehowa ani bɛsɔ yɛn, na waboa yɛn ma yɛadi Kristofo su afoforo a ɛho hia akyi.

‘Di Onyamesom Pa Akyi’

7. Dɛn ne “onyamesom pa”?

7 Nea onyamesom pa anaa ahofama kyerɛ ne sɛ, obi fi ɔpɛ a emu yɛ den mu hyira ne ho so, na odi nokware. Bible asekyerɛ nhoma bi ka sɛ, nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “onyamesom pa” kyerɛ ne sɛ, “obi benya osuro pa ama Onyankopɔn, na wahwɛ yiye sɛ ɔremma biribiara nsɛe no.” Mpɛn pii na Israelfo no anna ahofama a ɛte saa adi. Na nea ɛma yehu eyi ne sɛ, bere mpo a Onyankopɔn gyee wɔn fii Misraim akyi no, wɔyɛɛ no so asoɔden.

8. (a) Asɛmmisa bɛn na Adam bɔne no ma ɛsɔree? (b) Ɔkwan bɛn na wɔfaa so ma yehuu nea saa “ahintasɛm kronkron” yi kyerɛ?

8 Bere a Adam a na ɔyɛ pɛ no yɛɛ bɔne akyi no, mfe mpempem pii twaam a obiara antumi amma saa asɛmmisa yi ho mmuae. Asɛmmisa no ne sɛ, “So onipa bi betumi ada onyamesom pa a ɛyɛ pɛ adi?” Mfehaha pii twaam a nnipa a wɔnyɛ pɛ mu biara antumi anna onyamesom pa a ɛyɛ pɛ adi. Nanso, wɔ Yehowa ankasa bere a ɛsɛ mu no, ɔma yehuu nea saa “ahintasɛm kronkron” yi kyerɛ ankasa. Oyii ne Ba a ɔwoo no koro wɔ soro no nkwa bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu ma wɔwoo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ. Wɔ Yesu asase so asetra nyinaa a n’animguase wu ka ho mu no, ɔma yehuu nea obi pɛ mu a ofi hyira ne ho so na odi nokware koraa ma nokware Nyankopɔn no kyerɛ. Yɛnam mpae a Yesu bɔe no so hu obu kɛse a ɔwɔ ma ne soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no. (Mat. 11:25; Yoh. 12:27, 28) Enti, Yehowa de ne honhom kaa Paulo ma ɔkaa nhwɛso pa a Yesu yɛe wɔ n’abrabɔ mu no ho asɛm sɛ ɛyɛ “onyamesom pa.”—Monkenkan 1 Timoteo 3:16.

9. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi onyamesom pa akyi?

9 Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yɛrentumi nna onyamesom pa a ɛyɛ pɛ adi. Nanso, yebetumi adi akyi. Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa, na yedi nhwɛso a Kristo yɛ maa yɛn no akyi pɛɛ. (1 Pet. 2:21) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛrenyɛ te sɛ nyaatwomfo a ‘wɔde nyamesom pa dura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nni dwuma’ no. (2 Tim. 3:5) Eyi nso nkyerɛ sɛ onyamesom pa ankasa ne yɛn ahosiesie nni hwee yɛ. Ɛfa yɛn ahosiesie ho ankasa. Sɛ nhwɛso no, sɛ́ yɛrepaw atade a yɛbɛhyɛ wɔ yɛn ayeforohyia da, anaasɛ yɛrepaw atade a yɛbɛhyɛ bere a yɛrekɔ gua so no, ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie ne ka a yɛka sɛ ‘yɛsom Onyankopɔn’ no hyia. (1 Tim. 2:9, 10) Nokwarem no, onyamesom pa a yebedi akyi no hwehwɛ sɛ yesusuw Onyankopɔn gyinapɛn a ɛteɛ no ho, na yɛde bɔ yɛn bra da biara da.

‘Di Gyidi Akyi’

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den?

10 Monkenkan Romafo 10:17. Sɛ Kristofo bɛkɔ so anya gyidi a emu yɛ den a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so dwennwen nokware a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ nhoma pii ama yɛn. Nhoma no mu abiɛsa a ɛyɛ soronko ne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No, ne “Come Be My Follower,” (“Bra Bedi M’akyi”) a wɔayɛ sɛ ɛmmoa yɛn mma yenhu Kristo yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asuasua no no. (Mat. 24:45-47) Akoa kuw no san yɛ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam ho nhyehyɛe, na wosi “Kristo ho asɛm” so dua wɔ emu pii ase. So wuhu akwan bi a wubetumi afa so anya saa nhyiam ahorow yi so mfaso kɛse, asuasua Kristo yiye bere a wode ‘w’adwene si’ nea Onyankopɔn de ma yɛn no so ‘kyɛn sɛnea woyɛ daa’ no?—Heb. 2:1.

11. Dwuma bɛn na mpaebɔ ne osetie di wɔ gyidi akyi a yedi no mu?

11 Mpaebɔ yɛ ade foforo a ɛboa ma yɛn gyidi yɛ den. Bere bi, Yesu akyidifo no srɛɛ no sɛ: “Ma yɛn gyidi nnɔɔso.” Yɛn nso yebetumi afi ahobrɛase mu asrɛ Onyankopɔn saa ara. (Luka 17:5) Sɛ yɛn gyidi bɛyɛ den a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa; gyidi yɛ “honhom no aba” no fã. (Gal. 5:22) Bio nso, sɛ yedi Onyankopɔn ahyɛde ahorow so a, yɛn gyidi yɛ den. Sɛ nhwɛso no, yebetumi ayere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no pii. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya anigye kɛse. Na sɛ yesusuw nhyira a yenya bere a ‘yɛhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan’ no ho a, yɛn gyidi bɛyɛ den.—Mat. 6:33.

‘Di Ɔdɔ Akyi’

12, 13. (a) Dɛn ne ahyɛde foforo a Yesu de mae no? (b) Na akwan a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so di ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no akyi?

12 Monkenkan 1 Timoteo 5:1, 2. Paulo de sɛnea Kristofo betumi ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho no ho afotu pa mae. Ɛsɛ sɛ yefi osetie mu di Yesu ahyɛde foforo a ɛne sɛ, ‘yɛnnodɔ yɛn ho’ sɛnea ɔno dɔɔ yɛn no so de ka yɛn nyamesom pa ho. (Yoh. 13:34) Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Obiara a ɔwɔ wiase asetrade na ohu sɛ ahia ne nua na onhu no mmɔbɔ no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn dɔ te ne mu?” (1 Yoh. 3:17) So wubetumi akae mmere bi a wodaa ɔdɔ adi?

13 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so adi ɔdɔ akyi ne sɛ yɛde bɔne befiri, na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn nuanom ho asɛm hyɛ yɛn mu. (Monkenkan 1 Yohane 4:20.) Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn afotu yi yɛ adwuma. Otu yɛn fo sɛ: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Kol. 3:13) So obi wɔ asafo no mu a saa afotu yi bɛboa wo ma woatumi de ne bɔne afiri no? So wode befiri no?

‘Di Boasetɔ Akyi’

14. Dɛn na yebetumi asua afi anuanom a na wɔwɔ Filadelfia asafo no mu no hɔ?

14 Ɛsono sɛ yɛbɛyere yɛn ho adu botae bi a yɛde asi yɛn anim wɔ bere tiaa bi mu ho, ɛnna ɛsono sɛ yɛbɛbɔ mmɔden adu botae bi a ɛyɛ den sɛ yebedu ho anaasɛ egye bere tenten sen sɛnea yɛhwɛ kwan no koraa. Ɛda adi pefee sɛ, daa nkwa ho botae a yedi akyi no hwehwɛ sɛ yenya boasetɔ. Awurade Yesu ka kyerɛɛ asafo a ɛwɔ Filadelfia no sɛ: “Esiane sɛ wudii me boasetɔ ho asɛm so nti, me nso mɛkora wo so wɔ sɔhwɛ bere” mu. (Adi. 3:10) Nokwarem no, Yesu ma yehui sɛ ehia sɛ yenya boasetɔ. Boasetɔ yɛ su a sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, ɛboa yɛn ma yɛkɔ so gyina ano. Ɛbɛyɛ sɛ anuanom a na wɔwɔ Filadelfia asafo no mu wɔ afeha a edi kan no mu no daa boasetɔ soronko adi wɔ wɔn gyidi ho sɔhwɛ pii a wohyiae no mu. Enti, Yesu maa wɔn awerɛhyem sɛ, ɔbɛkɔ so aboa wɔn wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den a na ɛbɛba no mu.—Luka 16:10.

15. Asɛm bɛn na Yesu ka faa boasetɔ ho?

15 Ná Yesu nim sɛ n’akyidifo no abusuafo a wonnye nni ne wiase no mu nnipa dodow no ara bɛtan wɔn, enti anyɛ yiye koraa no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran mprenu sɛ: “Nea obegyina mu akosi awiei no na wobegye no nkwa.” (Mat. 10:22; 24:13) Yesu san ma yehuu ɔkwan a na n’akyidifo no betumi afa so anya ahoɔden de agyina ɔtan no ano. Wɔ mfatoho bi a Yesu mae mu no, ɔde nnipa bi a ‘wɔde anigye gyee Onyankopɔn asɛm,’ nanso bere a wohyiaa wɔn gyidi ho sɔhwɛ no wɔpaa abaw no totoo asase a abo wɔ so ho. Nanso, ɔde n’akyidifo anokwafo no totoo asase pa ho, efisɛ ‘wɔkoraa’ Onyankopɔn asɛm so, na wɔde “boasetɔ sow aba.”—Luka 8:13, 15.

16. Dɛn na wɔafi ɔdɔ mu de ama yɛn a aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔanya boasetɔ?

16 So wohyɛɛ ade a ɛma obi nya boasetɔ no nsow? Ɛsɛ sɛ ‘yɛkora’ Onyankopɔn asɛm so, na yɛma ɛkɔ so yɛ adwuma wɔ yɛn koma ne yɛn adwene mu. New World Translation of the Holy Scriptures a ɛyɛ Bible a ne nkyerɛase yɛ pɛpɛɛpɛ, na n’akenkan nyɛ den a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu no ama ayɛ mmerɛw ama nnipa ɔpepem pii ma wɔatumi akora Onyankopɔn Asɛm so wɔ wɔn koma ne wɔn adwene mu. Sɛ yesusuw Onyankopɔn Asɛm no fã bi ho da biara da a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ahoɔden a ɛbɛma yɛakɔ so ‘de boasetɔ asow aba.’—Dw. 1:1, 2.

‘Di Odwo Honhom’ ne Asomdwoe “Akyi”

17. (a) Dɛn nti na “odwo honhom” ho hia saa? (b) Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ odwo?

17 Onipa biara nni hɔ a n’ani gye ho sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ wayɛ biribi a ɔnyɛe, anaasɛ waka asɛm bi a ɔnkae. Nea nnipa dodow no ara taa yɛ ne sɛ, wɔde abufuw bɛka sɛ wɔnyɛɛ nea nkurɔfo reka sɛ wɔayɛ no. Hwɛ sɛnea eye koraa sɛ yɛbɛda “odwo honhom” adi! (Monkenkan Mmebusɛm 15:1.) Sɛ wɔde asɛm to wo so a, ehia sɛ wohyɛ wo ho so paa na ama woatumi ada odwo adi. Obi a ɔyɛɛ eyi ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ ne Yesu Kristo. Petro kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Bere a wɔsopaa no no, wanyɛ bi antua ka. Bere a ɔrehu amane no, wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.” (1 Pet. 2:23) Ɛwom sɛ, yɛrentumi nna odwo adi pɛpɛɛpɛ te sɛ nea Yesu yɛe no de, nanso so yebetumi abɔ mmɔden anya nkɔso wɔ odwo a yɛbɛda no adi mu?

18. (a) Adepa bɛn na odwo honhom tumi ma yɛyɛ? (b) Su foforo bɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenni akyi?

18 Ɛmmra sɛ ‘yɛbɛyɛ krado bere biara sɛ yɛde anoyi bɛma’ obiara a obisa yɛn gyidi ho asɛm, na ɛsɛ sɛ yɛde “odwo ne obu a emu dɔ” na ɛyɛ saa sɛnea Yesu yɛe no. (1 Pet. 3:15) Nokwarem no, sɛ yɛwɔ odwo honhom a, ebetumi aboa yɛn ma sɛ yɛne wɔn a yɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ asɛnka mu ne yɛn mfɛfo gyidifo adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, yɛne wɔn rennye akyinnye denneennen. (2 Tim. 2:24, 25) Odwo boa yɛn ma yenya asomdwoe. Ebia, ɛno nti na wɔ Paulo krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no mu no, ɔde “asomdwoe” kaa su ahorow a ɛsɛ sɛ yedi akyi ho no. (2 Tim. 2:22; fa toto 1 Timoteo 6:11 ho.) Nokwasɛm ne sɛ, “asomdwoe” yɛ su foforo a Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yenni akyi.—Dw. 34:14; Heb. 12:14.

19. Bere a yɛasusuw Kristofo su ahorow ason no ho awie no, dɛn na woasi wo bo sɛ wubedi akyi, na dɛn ntia?

19 Yɛasusuw Kristofo su ahorow ason a wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenni akyi no ho kakra. Saa su ahorow no ne adetrenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo honhom, ne asomdwoe. Sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo biara mu bɔ mmɔden da saa su ahorow a ɛsom bo yi adi kɛse a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye afa! Eyi bɛhyɛ Yehowa anuonyam, na yɛama kwan ma wakyerɛkyerɛ yɛn mu biara ma ɛde ayeyi abrɛ ne din.

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Yedwennwen Ho

• Dɛn na adetrenee ne onyamesom pa akyi a yebedi no kyerɛ?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi gyidi ne boasetɔ akyi?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi wɔ sɛnea yɛne yɛn ho yɛn ho di no mu?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yedi odwo ne asomdwoe akyi?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho atreneefo wɔ nnipa anim

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yebetumi adwennwen nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho de adi gyidi akyi

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yebetumi adi ɔdɔ ne odwo honhom akyi