Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tie Yehowa Asɛm

Tie Yehowa Asɛm

Tie Yehowa Asɛm

“Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.”—1 YOH. 5:3.

1, 2. (a) Dɛn nti na nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ani nnye ho sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ afoforo ase? (b) So wɔn a wɔkyerɛ sɛ wonnye afoforo akwankyerɛ ntom no nhyɛ obiara ase ankasa? Kyerɛkyerɛ mu.

NNIPA pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ani nnye ho sɛ obi bɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. Nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔnhyɛ afoforo ase no taa ka sɛ: “Ɛnyɛ obi na ɔkyerɛ me nea menyɛ.” Nanso, so ɛyɛ ampa sɛ saa nkurɔfo no nhyɛ obiara ase ankasa? Ɛnte saa koraa! Wɔn mu dodow no ara suasua afoforo pii a wodi “wiase nhyehyɛe yi su” akyi no kɛkɛ a wonnim nea wɔreyɛ ankasa. (Rom. 12:2) Wɔnyɛ nnipa a wɔnhyɛ obiara ase ankasa, na sɛnea ɔsomafo Petro a na ɔyɛ Kristoni no kae no, wɔyɛ “ɔporɔw nkoa.” (2 Pet. 2:19) Wɔbɔ wɔn bra “sɛnea wiase nhyehyɛe yi te, sɛnea mframa a ɛrebɔ no panyin” a ɔno ne Satan Ɔbonsam no “pɛ.”—Efe. 2:2.

2 Nhoma kyerɛwfo bi hoahoaa ne ho sɛ: “Memma m’awofo, ɔsɔfo, ɔsom mu kannifo, anaa Bible nkyerɛ me nea ɛyɛ papa.” Nokwasɛm ne sɛ, nnipa binom betumi de tumi a wɔwɔ no asisi afoforo, na ebia yɛn ani rennye ho sɛ yebetie wɔn. Nanso, so ɛyɛ papa sɛ yɛbɛka sɛ yenhia obiara akwankyerɛ? Sɛ yɛde yɛn ani fa atesɛm krataa bi mu a, yebenya ɛho mmuae a ɛyɛ abofono. Ɛyɛ awerɛhow sɛ bere a ɛho abehia kɛse sɛ nnipa tie akwankyerɛ no, saa bere yi ara na wɔn mu dodow no ara ani nnye ho koraa sɛ wobegye akwankyerɛ atom.

Sɛnea Yebu Tumidi

3. Dɛn na Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no yɛ de kyerɛe sɛ, ɛnyɛ biribiara a nnipa a na wɔwɔ tumi no kae sɛ wɔnyɛ no na wɔyɛe?

3 Ɛsono sɛnea yɛn a yɛyɛ Kristofo no bu tumidi, ɛnna ɛsono sɛnea wiase no nso bu no. Ɛnyɛ nea afoforo ka sɛ yɛnyɛ biara na yɛyɛ bere a yensusuw ho. Ɛtɔ mmere bi na sɛ nnipa bi a wɔwɔ tumi mpo ka sɛ yɛnyɛ nneɛma bi a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. Saa ara na Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no nso yɛe. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔsɔfo panyin no ne mpanyimfo foforo a na wɔwɔ Sanhedrin no mu baraa asomafo no sɛ wonnyae asɛnka adwuma no, wɔannyae. Wɔantie asɛm a nnipa a na wɔwɔ tumi no kae no annyae adwuma pa a na wɔreyɛ no.—Monkenkan Asomfo Nnwuma 5:27-29.

4. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo pii anyɛ nneɛma bi a na nkurɔfo pɛ sɛ wɔyɛ no?

4 Onyankopɔn asomfo pii a wɔtraa ase ansa na Kristo reba no de akokoduru yɛɛ saa. Sɛ nhwɛso no, Mose ‘ampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba, na ɔpawee sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Nyankopɔn nkurɔfo ani mmom.’ Ɛwom mpo sɛ saa a ɔyɛe no maa ‘ɔhene no bo fuwii.’ (Heb. 11:24, 25, 27) Ɛmfa ho sɛ na Yosef nim sɛ sɛ ɔne Potifar yere no anna a na ɔbea no betumi ama wɔayɛ no bɔne no, wanyɛ nea ɔbea no kae no. (Gen. 39:7-9) Ɛwom sɛ na ɛyɛ den sɛ Babilon ahemfie panyin no begye asɛm a na Daniel reka no atom de, nanso Daniel “bɔɔ ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsã a ɔnom no ngu ne ho fĩ.” (Dan. 1:8-14) Nhwɛso ahorow yi ma yehu sɛ efi teteete na Onyankopɔn nkurɔfo agyina pintinn ayɛ nea ɛteɛ ɛmfa ho ɔhaw a na ɛde bɛba wɔn so no. Wɔanyɛ nea na nnipa pɛ sɛ wɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wɔanya wɔn anim anuonyam; na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.

5. Dɛn nti na sɛnea yebu tumidi no yɛ soronko wɔ wiase no de ho?

5 Akokoduru a yɛde di Onyankopɔn asɛm so no nkyerɛ sɛ yɛreyɛ asoɔden; saa ara nso na yɛnte sɛ ebinom a wɔtew atua de kyerɛ sɛ wɔn ani nnye nea nniso bi reyɛ no ho no. Mmom no, yɛasi yɛn bo sɛ yebetie Yehowa asɛm asen onipa biara. Sɛ onipa hyɛ mmara na ɛne Onyankopɔn de nhyia a, ɛnyɛ den mma yɛn sɛ yebehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yɛyɛ yɛn ade te sɛ asomafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no, na yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.

6. Dɛn nti na mfaso wɔ so bere nyinaa sɛ yetie Yehowa ahyɛde?

6 Dɛn na aboa yɛn ma yetie Onyankopɔn? Yegye asɛm a wɔaka wɔ Mmebusɛm 3:5, 6 no tom sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Yegye di sɛ yebenya mfaso wɔ biribiara a Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ no so. (Monkenkan Deuteronomium 10:12, 13.) Nokwarem no, Yehowa kaa n’ankasa ho asɛm kyerɛɛ Israelfo no sɛ, “mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” Afei, ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yes. 48:17, 18) Yegye tom sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Yegye di sɛ mfaso wɔ so bere nyinaa sɛ yetie Onyankopɔn ahyɛde.

7. Sɛ yɛnte ahyɛde bi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ase yiye mpo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

7 Sɛ yɛnte nea enti a Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi a wakyerɛ sɛ yɛnyɛ wɔ n’Asɛm no mu ase yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yetie na yɛde yɛ adwuma. Eyi nyɛ gyidi a enni nnyinaso; ɛkyerɛ sɛ, yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso. Ɛda adi sɛ, yɛwɔ ahotoso paa sɛ Yehowa nim nea eye ma yɛn. Sɛ yetie Onyankopɔn a, ɛkyerɛ nso sɛ yɛdɔ no, efisɛ ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yoh. 5:3) Nanso, biribi foforo nso wɔ hɔ a sɛ yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ osetie, na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so.

Sɛnea Yɛtete Yɛn Adwene

8. Yɛn ‘adwene tumi a yɛbɛtete’ no no fa Yehowa a yetie no no ho dɛn?

8 Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ ‘yɛtete yɛn adwene tumi ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Heb. 5:14) Enti, ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yebedi Onyankopɔn mmara so kɛkɛ a yensusuw ho; mmom no, yɛpɛ sɛ yegyina Yehowa asɛm so tumi hu “papa ne bɔne mu nsonsonoe.” Yɛpɛ sɛ yehu nyansa a Yehowa de yɛ n’ade sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nso yebetumi aka asɛm a odwontofo no kae no bi sɛ: “Wo mmara wɔ me komam.”—Dw. 40:8.

9. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Yehowa mmara atete yɛn ahonim, na dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa?

9 Sɛ yebehu mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn mmara so sɛnea odwontofo no hui no a, ɛnde ɛsɛ sɛ yedwennwen nea yɛkenkan wɔ Bible mu no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ yesua biribi a Yehowa hwehwɛ sɛ yɛyɛ ho ade wie a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Dɛn nti na nyansa wɔ saa ahyɛde anaa mmara yi so? Dɛn nti na sɛ midi so a ɛso bɛba me mfaso paa? Asɛmmɔne bɛn na ato wɔn a wɔabu wɔn ani agu Onyankopɔn afotu yi so no?’ Sɛ yɛde Yehowa mmara tete yɛn ahonim a, ɛda adi sɛ yebesisi gyinae a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Yebetumi ‘akɔ so ahu Yehowa apɛde,’ na afei yɛakɔ so ayɛ osetie ama no. (Efe. 5:17) Eyi a yɛbɛyɛ no renyɛ mmerɛw bere nyinaa.

Satan Mpɛ sɛ Yetie Onyankopɔn Asɛm

10. Dɛn ne ade biako a Satan abɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa so sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo rentie Onyankopɔn asɛm?

10 Efi teteete na Satan ahwehwɛ sɛ ɔremma nkurɔfo ntie Onyankopɔn asɛm. Satan ama nnipa ayɛ nea wɔn ankasa pɛ wɔ akwan pii so. Wode, fa sɛnea nnipa nkyerɛ obu mma aware a Onyankopɔn hyehyɛe no sɛ nhwɛso. Mmarima ne mmea bi tra sɛ awarefo, nanso na wɔnwaree wɔ mmara kwan so, na awarefo binom fa ɔkwammɔne so hwehwɛ sɛ wobegyae aware. Nnipa a wɔte saa no nyinaa ne ɔbea bi a ɔyɛ sini a wagye din no yɛ adwene wɔ asɛm bi a ɔkae no ho. Ɔkae sɛ: “Obi ntumi ntra ɔbarima anaa ɔbea biako ho ne nkwa nna nyinaa.” Na ɔde kaa ho sɛ: “Minnim obiara a watra ɔbarima anaa ɔbea biako ho, anaa ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa.” Bere a ɔbarima bi a ɔno nso yɛ sini a wagye din resusuw mmea dodow a wagyae wɔn ho no, ɔkaa asɛm a ɛte saa ara sɛ: “Minnye nni sɛ wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnware onipa biako yɛn nkwa nna nyinaa.” Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So migye nea Yehowa ka fa aware ho no tom, anaasɛ manya adwene a wiase no wɔ a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtra aware biako ho kyɛ no bi?’

11, 12. (a) Dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama mmerante ne mmabaa sɛ wobetie Yehowa asɛm? (b) Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ nyansa nnim koraa sɛ yebebu Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm so.

11 So woyɛ aberante anaa ababaa a wowɔ Yehowa ahyehyɛde no mu? Sɛ ɛte saa a, ebia Satan de n’ani besi wo so paa sɛ ɔremma wuntie Yehowa asɛm. Ebia “mmerantebere mu akɔnnɔ” ne w’atipɛnfo nhyɛso bɛma woanya adwene sɛ Onyankopɔn mmara so di yɛ den dodo. (2 Tim. 2:22) Nnya adwene a ɛte saa. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn mmara mu. Sɛ nhwɛso no, Bible ka kyerɛ wo sɛ ‘guan aguamammɔ.’ (1 Kor. 6:18) Ɛha nso, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na nyansa wɔ saa ahyɛde yi so? Sɛ mitie ahyɛde yi a, mfaso bɛn na menya wɔ so?’ Ebia, wunim nnipa bi a wobuu wɔn ani guu Onyankopɔn afotu yi so a wɔahu amane kɛse wɔ saa mfomso a wodii no ho. So wɔwɔ anigye ankasa nnɛ? So wɔn asetra yɛ papa nnɛ sen bere a na wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no? So wɔahu nneɛma bi a ɛma wonya anigye ankasa a Onyankopɔn asomfo a wɔaka no nhui?—Monkenkan Yesaia 65:14.

12 Susuw asɛm a Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Sharon kae bere bi no ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Esiane sɛ manni Yehowa mmara so nti, manya yare a ɛyɛ hu a ɛne AIDS no bi. Metaa kaakae anigye a na mewɔ mfe pii bere a na mesom Yehowa no.” Sharon hui sɛ, nyansa nnim sɛ obuu Yehowa mmara so, na sɛ ohui a, anka onyaa obu kɛse maa Yehowa mmara. Yehowa mmara bɔ yɛn ankasa ho ban. Bere a Sharon kaa n’asɛm yi no, adapɛn ason akyi pɛ na owui. Sɛnea Sharon asɛm a ɛyɛ awerɛhow yi da no adi no, Satan nni adepa biara a ɔde bɛma wɔn a wɔkɔ wiase bɔne yi mu no. Esiane sɛ “ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya” nti, ɔhyɛ bɔ ahorow pii nanso emu biara nni hɔ a odi so sɛnea wanni ɛbɔ a ɔhyɛɛ Hawa no so ara pɛ. (Yoh. 8:44) Nokwarem no, mfaso wɔ so sɛ yetie Yehowa asɛm bere nyinaa.

Hwɛ Yiye na Woanyɛ Nea W’ankasa Wopɛ

13. Dɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ?

13 Sɛ yɛpɛ sɛ yetie Yehowa asɛm a, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ. Ahantan betumi ama yɛate nka sɛ yenhia obiara akwankyerɛ. Sɛ nhwɛso no, yebetumi asisi yɛn aso wɔ afotu a wɔn a wodi Onyankopɔn nkurɔfo anim de ma yɛn no ho. Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe bi a ɔnam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so ma yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. (Mat. 24:45-47) Ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu gye tom sɛ eyi ne ɔkwan a Yehowa nam so rehwɛ ne nkurɔfo nnɛ. Yɛ w’ade te sɛ asomafo anokwafo no. Bere a Yesu asuafo binom bo fuwii na wɔanni n’akyi bio no, Yesu bisaa asomafo no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” Petro buae sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”—Yoh. 6:66-68.

14, 15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yefi ahobrɛase mu tie afotu a Bible de ma yɛn no?

14 Sɛ yetie afotu a egyina Yehowa Asɛm so a, na ɛkyerɛ sɛ yetie Yehowa asɛm. Sɛ nhwɛso no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ “yɛnwɛn na yɛn ani nna hɔ.” (1 Tes. 5:6) Saa afotu yi fata paa wɔ awiei bere a nnipa pii yɛ ‘ahopɛ ne sikanibere’ yi mu. (2 Tim. 3:1, 2) So saa su a nnipa pii da no adi yi betumi aka yɛn nso? Yiw, ebetumi aka yɛn. Sɛ yɛpɛ sɛ yedi yiye wɔ wiase yi mu a, ebetumi ama yɛada hatee wɔ Onyankopɔn som mu, anaasɛ ebetumi ama yɛadi ahonyade akyi. (Luka 12:16-21) Enti, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebetie Bible afotu, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrennya pɛsɛmenkominya su a abu so kɛse wɔ Satan wiase yi mu no bi!—1 Yoh. 2:16.

15 Asafo mu mpanyimfo no na wɔkyɛ honhom fam aduan a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no yɛ ma asafo no mufo no. Ɛno nti, Bible tu yɛn fo sɛ: “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu akontaa; ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.” (Heb. 13:17) So eyi kyerɛ sɛ asafo no mu mpanyimfo no ntumi nni mfomso? Wobetumi adi mfomso! Onyankopɔn tumi hu mpanyimfo no sintɔ ahorow yiye koraa sen onipa biara, nanso ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama wɔn. Ɛmfa ho sɛ mpanyimfo no nyɛ pɛ no, sɛ yetie wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yetie Yehowa asɛm.

Nea Enti a Ɛho Hia sɛ Yɛbrɛ Yɛn Ho Ase

16. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu Yesu sɛ ɔno ne Kristofo asafo no Ti?

16 Ɛsɛ sɛ yɛkae bere nyinaa sɛ, Yesu na ɔyɛ asafo no Ti ankasa. (Kol. 1:18) Ɛno ne ade biako a enti yɛbrɛ yɛn ho ase tie akwankyerɛ a asafo mu mpanyimfo de ma yɛn, na yɛde ‘nidi soronko ma wɔn’ no. (1 Tes. 5:12, 13) Nokwarem no, sɛ asafo mu mpanyimfo ammɔ wɔn tirim ankyerɛkyerɛ, na mmom wɔde Onyankopɔn asɛm kyerɛkyerɛ pɛpɛɛpɛ a, na wɔn nso reda no adi sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. ‘Wɔnyɛ ade ntra nea wɔakyerɛw’ no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ankasa adwene nkyerɛkyerɛ.—1 Kor. 4:6.

17. Dɛn nti na ɛyɛ hu sɛ yɛbɛma yɛn ani abere ade?

17 Ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa hwɛ yiye na wɔanhwehwɛ wɔn ankasa anuonyam. (Mmeb. 25:27) Ɛda adi pefee sɛ, na saa afiri no ayi osuani bi a ɔsomafo Yohane hyiaa no no. Yohane kyerɛwee sɛ: “Diotrefe a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ wɔn mu no nnye biribiara mfi yɛn hɔ obu so. Ɛno nti na sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne.” (3 Yoh. 9, 10) Yebetumi asua biribi afi saa asɛm no mu nnɛ. Ɛho hia paa sɛ yetu anibere biara a yebehu wɔ yɛn mu no ase koraa. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.” Ɛsɛ sɛ wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm no hwɛ yiye na wɔanyɛ ahantan, anyɛ saa a wɔn anim begu ase.—Mmeb. 11:2; 16:18.

18. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatie Yehowa asɛm?

18 Yiw, fa yɛ wo botae sɛ worensuasua wiase no su a ɛne sɛ wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ no, na mmom ɛsɛ sɛ wutie Yehowa asɛm. Susuw hokwan kɛse a woanya resom Yehowa no ho wɔ bere ne bere mu, na kyerɛ ho anisɔ. Onyankopɔn nkurɔfo a woka wɔn ho no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔde ne honhom kronkron no atwe wo aba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Mmu abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn wɔ no adewa da. Yɛ nea wubetumi biara wɔ w’asetram fa kyerɛ sɛ wonyɛ nea w’ankasa wopɛ, na mmom wutie Yehowa asɛm.

So Wokae?

• Yehowa asɛm a yebetie no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

• Yɛn adwene a yɛbɛtete no no fa Yehowa asɛm a yetie no ho dɛn?

• Nneɛma bɛn mu na Satan bɔ mmɔden sɛ ɔremma yentie Onyankopɔn asɛm?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na ama yɛatumi atie Yehowa asɛm?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

“Ɛsɛ sɛ yetie Nyankopɔn mmom sen nnipa”

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Nyansa wom bere nyinaa sɛ wubedi Onyankopɔn mmara so