Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛwɔ Mmerɛwyɛ Nanso Yɛn Ho Yɛ Den

Yɛwɔ Mmerɛwyɛ Nanso Yɛn Ho Yɛ Den

Yɛwɔ Mmerɛwyɛ Nanso Yɛn Ho Yɛ Den

WO MMERƐWYƐ betumi ama w’abam abu. Mmerɛwyɛ no fomfam wo ho te sɛ amemem. Ebia, wubesusuw sɛ worentumi nni so, anaasɛ sɛ wode wo ho toto afoforo ho a, wubetumi ate nka sɛ womfata, na ama woanya adwene sɛ afoforo sen wo. Ɔkwan foforo so no, ebia woreko yare bi a emu yɛ den a ama w’ahoɔden so atew, na ɛresɛe w’anigye wɔ w’asetra mu. Sɛnea ɛte biara no, wubetumi ate nka sɛ woadi amia. Ebia, wubetumi ate nka te sɛ Hiob a ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɔkae sɛ: “Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw kosi sɛ w’abufuw bɛsan akɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!”—Hiob 14:13.

Wobɛyɛ dɛn atumi ama abasamtu a ɛte saa afi wo so? Ɛwom sɛ ebetumi ayɛ den de, nanso ɛsɛ sɛ wutumi yi w’adwene fi wo haw no so kakra. Sɛ nhwɛso no, wubetumi asusuw nsɛm a Yehowa ma wobisaa ne somfo nokwafo Hiob no ho. Wobisaa Hiob sɛ: “Ɛhe na wowɔ, bere a mehyɛɛ asase ase no? Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ! Hena na ɔde ne nsusuwii too hɔ, wunim anaa? Anaasɛ hena na ɔsãa so hama?” (Hiob 38:4, 5) Sɛ yesusuw nea saa nsɛmmisa no kyerɛ ho a, ɛda adi sɛ, ɛbɛka yɛn ma yɛagye Yehowa nyansa ne ne tumi a enni ano no atom. Biribi pa bi nti na Yehowa ama kwan ma tebea a ɛwɔ wiase yi mu no rekɔ so.

“Ɔhonam mu Nsɔe”

Yehowa somfo nokwafo foforo srɛɛ no sɛ onyi “ɔhonam mu nsɔe” bi a na ɛrehaw no no mfi no so. Ɔsomafo Paulo bɔɔ Onyankopɔn mpae mprɛnsa srɛɛ no sɛ onyi ɔhaw yi mfi no so. Ɛmfa ho ɔhaw biara a na Paulo rehyia no, na ɛte sɛ nsɔe a ɛwowɔ, na ɛbɛyɛ sɛ ɛsɛee anigye a na ɔde reyɛ Yehowa som adwuma no. Paulo kae sɛ, ɔhonam mu nsɔe no yɛɛ te sɛ nea wɔrebobɔ no akuturuku bere nyinaa. Yehowa ka kyerɛɛ Paulo sɛ: “Me dom no ara dɔɔso ma wo; me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” Yehowa anyi saa ɔhonam mu nsɔe no amfi Paulo so. Ná ɛsɛ sɛ Paulo gyina ano, nanso Paulo kae sɛ: “Meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.” (2 Kor. 12:7-10) Saa asɛm a Paulo kae no kyerɛ dɛn?

Wɔanyi ɔhaw no amfi Paulo so anwonwakwan so. Nanso, ɔhaw no amma wannyae nnwuma pa a na ɔreyɛ wɔ Yehowa som mu no. Paulo de ne ho too Yehowa so, na ɔhwehwɛɛ ne mmoa bere nyinaa. (Filip. 4:6, 7) Aka kakra ma Paulo asetra aba awiei wɔ asase so no, otumi kae sɛ: “Mako ɔko pa no, matu mmirika no awie, maso gyidi no mu.”—2 Tim. 4:7.

Ɛmfa ho sɛ nnipa nyɛ pɛ na wɔtɔ sin no, Yehowa de wɔn di dwuma de yɛ n’apɛde, na ɛfata sɛ wɔde dwuma a wodi no ho anuonyam ma no. Yehowa betumi ama wɔn akwankyerɛ ne nyansa ma wɔde agyina wɔn nsɛnnennen ano, na wɔde anigye ayɛ ne som adwuma no. Nokwarem no, mmerɛwyɛ a nnipa a wɔnyɛ pɛ wɔ nyinaa akyi no, Yehowa betumi de wɔn ayɛ nnwuma akɛse.

Paulo kaa nea enti a wɔanyi ɔhonam mu nsɔe no amfi ne so no ho asɛm sɛ: “Na mamma me ho so ammoro so.” (2 Kor. 12:7) Paulo “nsɔe” no kaee no sɛ ɔwɔ sintɔ ahorow, na ɛno boaa no ma ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase. Saa asɛm yi ne nea Yesu kae no hyia sɛ: “Obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.” (Mat. 23:12) Sɔhwɛ ahorow betumi ama Onyankopɔn asomfo asua ahobrɛase, na aboa wɔn ma wɔahu sɛ sɛ wobetumi adi nokware akosi ase a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so. Enti, wobetumi ‘ahoahoa wɔn ho wɔ Yehowa mu’ te sɛ Paulo.—1 Kor. 1:31.

Mmerɛwyɛ a Ahintaw

Ebia, ebinom wɔ mmerɛwyɛ bi a wonnim, anaasɛ wɔmpɛ sɛ wogye tom sɛ wɔwɔ mmerɛwyɛ a ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, ebia na obi gye ne ho di dodo, na ɔde ne ho to ne ho so. (1 Kor. 10:12) Mmerɛwyɛ foforo a ɛwɔ nnipa a wɔnyɛ pɛ nyinaa ho ne edin a wɔpɛ sɛ wogye.

Ná Yoab a ɔbɛyɛɛ Ɔhene Dawid asraafo so ɔsahene no wɔ akokoduru, ɔntwentwɛn ne nan ase wɔ nneɛma ho, na na otumi di nneɛma ho dwuma. Nanso, Yoab yɛɛ bɔne bi a anibere wom a ɛma ɛdaa adi sɛ na ɔyɛ ahantan, na na n’ani bere tumidi nso. Yoab kum asahene baanu yayaayaw. Nea edi kan no, okum Abner de tɔɔ no so werɛ. Akyiri yi, bere a Yoab yɛɛ ne ho sɛ nea ɔrekyia ne nua Amasa no, ɔde ne nsa nifa sɔɔ Amasa abogyesɛ mu yɛe te sɛ nea ɔrefew n’ano no, na afei, ɔde nkrante a na ekura ne nsa benkum mu no wɔɔ ne yam kum no. (2 Sam. 17:25; 20:8-10) Ná wɔde Amasa asi Yoab ananmu sɛ ɔsahene, na Yoab de hokwan yi yii Amasa fii hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne no rensi akan, ebia na Yoab hwɛ kwan sɛ wɔbɛsan de ne dibea no ama no. Wubetumi ahu sɛ Yoab anni pɛsɛmenkominya ne koma bɔne a na ɔwɔ no so. Odii awu a wannu ne ho. Aka kakra ma Ɔhene Dawid awu no, ɔka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ, ɔnhwɛ ntua Yoab ka wɔ bɔne a ɔyɛe no ho.—1 Ahe. 2:5, 6, 29-35.

Ɛnsɛ sɛ yegyae yɛn ho mu ma akɔnnɔ bɔne da; yebetumi adi yɛn mmerɛwyɛ so. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu yɛn mmerɛwyɛ no, na yegye tom. Ɛno ansa na yebetumi ayɛ biribi wɔ ho de adi so. Yebetumi abɔ Yehowa mpae daa asrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn mma yenni saa mmerɛwyɛ no so, na yɛayere yɛn ho asua n’Asɛm no de ahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so adi saa subammɔne no so. (Heb. 4:12) Ebia, ɛho behia sɛ yɛbɔ mmɔden ko tia yɛn mmerɛwyɛ bere nyinaa, na sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa bere tenten mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Sɛ́ yɛda so yɛ abɔnefo yi de, ebia yɛbɛkɔ so ako atia yɛn mmerɛwyɛ no. Paulo gye toom sɛ ɔno nso wɔ ɔhaw a ɛte saa, na ɔkyerɛwee sɛ: “Nea mepɛ no, ɛnyɛ ɛno na meyɛ; na mmom nea mikyi na meyɛ.” Nanso, sɛnea wunim no, Paulo amma ne mmerɛwyɛ no anhyɛ ne so te sɛ nea ontumi nyɛ ho hwee koraa. Mmom no, ɔnam Yesu Kristo so de ne ho too Onyankopɔn so kɔɔ so ko tiaa ne mmerɛwyɛ no. (Rom. 7:15-25) Paulo kaa no baabi foforo sɛ: “Midi me nipadua nya, na mehyɛ no sɛ akoa, na bere a maka asɛm no akyerɛ afoforo no, m’ankasa manyɛ obi a ɔmfata ɔkwan bi so.”—1 Kor. 9:27.

Nnipa taa bu wɔn ho bem. Sɛ yenya Yehowa adwene, na yedi Paulo afotu a ɔde maa Kristofo sɛ: “Munkyi bɔne, mommata adepa ho” no so a, yebetumi adi su a ɛte saa no so. (Rom. 12:9) Wɔ mmɔden a yɛrebɔ sɛ yebedi yɛn mmerɛwyɛ so mu no, ebehia sɛ yedi nokware, yemia yɛn ani, na yɛhyɛ yɛn ho so. Dawid srɛɛ Yehowa sɛ: “Nan m’asaabo ne me koma.” (Dw. 26:2) Ná Dawid nim sɛ Onyankopɔn betumi ahu nea ɛwɔ yɛn komam tɔnn, na sɛ yehia mmoa a, waboa yɛn. Sɛ yɛde akwankyerɛ a Yehowa nam n’Asɛm ne ne honhom kronkron so de ma yɛn no yɛ adwuma a, yebetumi anya nkɔso adi yɛn mmerɛwyɛ so.

Ebia, ɛhaw ebinom sɛ wɔwɔ nsɛnnennen bi a wɔn ankasa ntumi nni ho dwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ, asafo mu mpanyimfo betumi afi ɔdɔ mu de mmoa ne nkuranhyɛ ama wɔn. (Yes. 32:1, 2) Nyansa wom sɛ worenhwɛ kwan sɛ wubetumi adi wo haw ahorow nyinaa so. Ɔhaw no bi wɔ hɔ a, yɛrentumi nnya ano aduru koraa wɔ saa wiase yi mu. Nanso, nnipa pii asua sɛnea wobegyina ɔhaw ahorow a ɛte saa no ano, na saa a wɔayɛ no ama wɔatumi anya abotɔyam wɔ wɔn asetram.

Yehowa Ama Yɛn Awerɛhyem sɛ Ɔbɛboa Yɛn

Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔhaw biara a yɛrehyia wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu no, Yehowa bɛkyerɛ yɛn kwan na wawowaw yɛn. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Nyankopɔn nsa a tumi wom no ase na wɔama mo so bere a ɛsɛ mu; na montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ ɔdwene mo ho.”—1 Pet. 5:6, 7.

Bere a Kathy a wasom mfe pii wɔ Betel hui sɛ yare a ɛka obi adwene ma ne werɛ fi biribiara ayɛ ne kunu no, Kathy tee nka sɛ ɔrentumi nnyina ɔhaw a ɛde bɛba no ano. Ɛho behiae sɛ ɔsrɛ Yehowa hɔ nyansa ne akokoduru da biara da. Bere a ne kunu yare no mu kɔɔ so yɛɛ den no, anuanom fi ɔdɔ mu gyee bere suaa yare no ho ade sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ne no atra, na anuanom mmea a na wodwen Kathy ne ne kunu ho no hyɛɛ wɔn nkuran. Ná saa Kristofo yi yɛ nkuranhyɛ ne mmoa a Yehowa de ma no fã, na ɛboaa Kathy ma otumi hwɛɛ ne kunu no kosii sɛ owui wɔ bɛyɛ mfe 11 akyi. Kathy ka sɛ: “Mede nusu fi koma nyinaa mu daa Yehowa ase wɔ mmoa a ɔde maa me yi nyinaa ho; ɛboaa me yiye. Ná minnim sɛ metumi akɔ so ahwɛ me kunu no bere tenten saa, efisɛ na ɔbrɛ ma meyɛ mmerɛw!”

Mmoa a Yɛde Bedi Mmerɛwyɛ a Ahintaw So

Sɛ nnipa bi te nka sɛ wɔmfata a, wobetumi anya adwene sɛ Yehowa rentie mpae a wɔbɔ de hwehwɛ mmoa wɔ wɔn ahohia bere mu no. Enti, eye paa sɛ yebesusuw asɛm a Dawid kae bere a onuu ne ho wɔ bɔne a anibere wom a ɔne Bat-Seba yɛe no ho. Dawid kae sɛ: “Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” (Dw. 51:17) Ná Dawid anu ne ho nokwarem, na na onim sɛ obetumi akɔ Onyankopɔn anim ma wahu no mmɔbɔ. Yesu ma yehuu sɛnea Yehowa dwen nnipa ho no. Asɛmpa kyerɛwfo Mateo de Yesaia asɛm no dii dwuma de kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Ɔremmu demmire a abukaw biara mu, na ɔrennum ntamaban biara a ayɛ wusiwusi.” (Mat. 12:20; Yes. 42:3) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ohuu ahiafo ne nnipa a wɔhyɛ wɔn so no mmɔbɔ. Sɛnea yɛbɛka no no, Yesu annum nkwa a aka wɔ obi a na ɔte sɛ ntamaban a ɛda kanea a ɛreyɛ adum mu no. Mmom no, ofi ɔdɔ mu boaa nnipa a na wɔrehu amane no ma wonyaa ahoɔden. Saa na ɔyɛe bere a na ɔwɔ asase so no. So wugye di sɛ Yesu da so ara te saa, na obetumi ate wo mmerɛwyɛ ase? Hyɛ no nsow sɛ Hebrifo 4:15 ma yehu sɛ ɔno ne Onii a ‘obetumi ate yɛn mmerɛwyɛ ase.’

Bere a Paulo rekyerɛw ne ‘honam mu nsɔe’ ho asɛm no, ɔkae sɛ, Kristo tumi no kata no so te “sɛ ntamadan.” (2 Kor. 12:7-9) Ohui sɛ na Onyankopɔn nam Kristo so abɔ ne ho ban te sɛ onipa bi a ɔhyɛ ntamadan mu a ɔte nka sɛ osu renhwe no anaa owia renhye no no. Sɛnea Paulo yɛe no, ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn mmerɛwyɛ ne yɛn haw ahorow hyɛ yɛn so. Sɛ yɛne Onyankopɔn ntam bɛkɔ so ayɛ papa a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ nhyehyɛe biara a Yehowa nam n’asafo a ɛwɔ asase so ayɛ ama yɛn no mu. Yebetumi ayɛ nea onipa betumi ayɛ nyinaa, na afei, yɛde nea aka no ahyɛ Yehowa nsa, na yɛanya ahotoso koraa sɛ ɔbɛboa yɛn. Sɛ yehu sɛnea Onyankopɔn tumi boa yɛn ma yetumi gyina yɛn mmerɛwyɛ ano no a, yebetumi aka asɛm a ɔsomafo Paulo kae yi bi sɛ: “Meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.”—2 Kor. 12:10.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Paulo kɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa no mma ontumi nwie ne som adwuma no

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ɔhene Dawid de asraafo no hyɛɛ Yoab nsa

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yoab kum Amasa a wɔde no sii n’ananmu no

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Mpanyimfo fi ɔdɔ mu ma yɛn Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ a ɛboa yɛn ma yegyina yɛn haw ano