Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?

Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?

Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?

“Wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe kaa Kristo Yesu ho asɛmpa wɔ asɔrefie ne afie mu daa a wɔannyae.”—ASO. 5:42.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn na wonim no yiye sɛ Yehowa Adansefo fa so ka asɛmpa no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

ƐKAME ayɛ sɛ, ɛyɛ ade a wohu sɛ wɔyɛ wɔ ɔman biara mu wɔ asase yi so. Nnipa baanu a wɔasiesie wɔn ho kama kɔ ofie bi mu, na wɔbɔ mmɔden sɛ wobefi Bible mu aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kakra akyerɛ ofiewura no. Sɛ ofiewura no kyerɛ asɛmpa no ho anigye a, ebia asɛmpakafo no bɛma no nhoma a wɔde sua Bible, na wɔne no ayɛ nhyehyɛe asua Bible wɔ ne fie a ontua hwee. Afei, asɛmpakafo no kɔ ofie a edi hɔ no mu. Sɛ woyɛ saa adwuma yi bi a, mpɛn pii na bere mpo a wunnya nkasae no nkurɔfo hu sɛ woyɛ Yehowa Dansefo. Nokwarem no, wonim Yehowa Adansefo sɛ wɔka asɛmpa no wɔ afie afie mu.

2 Yɛfa akwan horow so na ɛyɛ adwuma a Yesu de maa yɛn sɛ yɛnka asɛmpa no na yɛnyɛ nkurɔfo asuafo no. (Mat. 28:19, 20) Yɛka asɛmpa no wɔ gua so, mmɔnten so, ne baguam. (Aso. 17:17) Yɛnam telefon ne nkrataakyerɛw so di nnipa pii adanse. Yɛka Bible mu nokware no kyerɛ nnipa a yehyia wɔn wɔ baabi a yɛyɛ yɛn nnwuma daa no. Yɛwɔ Intanɛt so dwumadibea mpo a yɛde Bible mu nsɛm a ɛwɔ kasa bɛboro 300 mu agu hɔ. * Saa akwan yi a yɛfa so di adanse no nyinaa asow aba pa. Nanso, wɔ mmeae pii no, afie afie asɛnka adwuma no ne ɔkwan titiriw a yɛfa so ka asɛmpa no. Dɛn na yegyina so ka asɛmpa no wɔ afie afie mu? Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ afie afie asɛnka adwuma no kɛse saa? Na dɛn nti na afie afie asɛnka adwuma no ho hia nnɛ?

Ɔkwan a Asomafo no Faa so Kaa Asɛmpa No

3. Akwankyerɛ bɛn na Yesu de maa asomafo no wɔ asɛmpaka adwuma no ho, na ɔkwan bɛn so na na ɛno bɛma wɔahu ɔkwan a wɔbɛfa so aka asɛmpa no?

3 Ɔkwan a yɛfa so ka asɛmpa no wɔ afie afie mu no gyina Kyerɛwnsɛm no so. Bere a Yesu somaa asomafo no sɛ wɔnkɔka asɛmpa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, monhwehwɛ obi a ɔfata wɔ mu.” Ɔkwan bɛn na na wɔbɛfa so ahwehwɛ wɔn a wɔfata no? Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ nkurɔfo afie mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ morehyɛn fie bi mu a munkyia fie no mufo; sɛ fie no fata a, momma asomdwoe a mopɛ sɛ enya no mmra so.” So na ɛsɛ sɛ wɔtwɛn kosi sɛ nkurɔfo bɛto nsa afrɛ wɔn ansa na wɔakɔ wɔn afie mu? Hyɛ asɛm a Yesu san kae yi nsow. Ɔkae sɛ: “Baabiara a obi annye mo anaasɛ wantie mo asɛm no, sɛ morefi saa fie anaa kurow no mu akɔ a momporoporow mo nan ase mfuturu.” (Mat. 10:11-14) Saa akwankyerɛ yi ma ɛda adi sɛ, bere a asomafo no nam “asasesin no mu kɔɔ nkuraa nyinaa mu, kaa asɛmpa no,” na ɛsɛ sɛ wɔkɔ nkurɔfo afie mu bere mpo a wɔntoo nsa mfrɛɛ wɔn.—Luka 9:6.

4. Ɛhefa pɔtee na wɔaka afie afie asɛnka adwuma no ho asɛm wɔ Bible mu?

4 Bible ka no pefee sɛ, asomafo no kaa asɛmpa no wɔ afie afie mu. Sɛ nhwɛso no, Asomafo Nnwuma 5:42 kaa asomafo no ho asɛm sɛ: “Wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe kaa Kristo Yesu ho asɛmpa wɔ asɔrefie ne afie mu daa a wɔannyae.” Bɛyɛ mfe 20 akyi no, ɔsomafo Paulo kaee Efeso asafo no mu mpanyimfo no sɛ: “Mamfa nea mfaso wɔ so a ɛsɛ sɛ meka kyerɛ mo biara ne kyerɛ a ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ mo baguam ne afie mu no ankame mo.” So Paulo kɔɔ saa mpanyimfo no afie mu kɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ansa na wɔrebɛyɛ gyidifo? Ɛda adi sɛ ɔkɔɔ wɔn afie mu, efisɛ nneɛma foforo pii a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no bi ne “Onyankopɔn fam adwensakra ne yɛn Awurade Yesu mu gyidi.” (Aso. 20:20, 21) Robertson’s Word Pictures in the New Testament nhoma no ka Asomafo Nnwuma 20:20 ho asɛm sɛ: “Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ asɛmpakafo atitiriw yi kaa asɛmpa no wɔ afie afie mu.”

Mmoadabi Dɔm a Wɔwɔ Hɔ Nnɛ

5. Ɔkwan bɛn so na wɔaka sɛnea yɛyɛ asɛnka adwuma no ho asɛm wɔ Yoel nkɔmhyɛ no mu?

5 Asɛnka adwuma a wɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu no yɛ asɛnka adwuma a na wɔbɛyɛ no kɛse wɔ yɛn bere yi so no ho mfonini. Odiyifo Yoel de asɛnka adwuma a Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ no totoo sɛnea nkoekoemmoa te sɛ mmoadabi sɛe ade no ho. (Yoel 1:4) Mmoadabi no tu mmirika te sɛ asraafo a wɔrekɔ ɔkõ, wotumi di akwanside biara a wohyia so, na saa ara na wɔsɛe biribiara a wohu. (Monkenkan Yoel 2:2, 7-9.) Hwɛ sɛnea wɔde mmoadabi no dwumadi no yɛ animia a Onyankopɔn nkurɔfo de yɛ asɛnka adwuma no nnɛ, ne sɛnea wɔyɛ no fefeefe no ho mfonini! Afie afie asɛnka adwuma a wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no yɛ no ne ɔkwan titiriw a wɔfa so ma saa nkɔmhyɛ yi nya mmamu. (Yoh. 10:16) Ɛyɛɛ dɛn na yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no bɛyɛɛ asɛnka adwuma no te sɛ nea asomafo no yɛɛ no no?

6. Wɔ afe 1922 mu no, nkuranhyɛ bɛn na wɔde mae wɔ afie afie asɛnka adwuma no ho, nanso ebinom yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

6 Efi afe 1919 reba no, wosii so dua sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni biara yɛ asɛnka adwuma no bi. Sɛ nhwɛso no, asɛm bi a ɛne “Asɛnka Adwuma no Ho Hia” a epuei wɔ August 15, 1922, Watch Tower mu no kaee Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ, ɛho hia sɛ “wɔde nhoma kɔma nkurɔfo, na wɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn wɔ wɔn afie mu, na wɔde nnamyɛ di wɔn adanse sɛ ɔsoro ahenni no abɛn.” Wɔde nsɛm a wɔbɛka akyerɛ no baa Bulletin (a ɛnnɛ wɔfrɛ no Yɛn Ahenni Som) no mu. Nanso, mfiase no, na nnipa a wɔyɛ afie afie asɛnka adwuma no ankasa no sua. Ebinom anyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi koraa. Wɔde nsɛm pii yiyii wɔn ho ano, nanso ade pɔtee nti a ebinom anyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi ne sɛ, na wɔte nka sɛ saa adwuma no ba fam ma enti ɛmfata wɔn. Bere a wɔkɔɔ so sii asɛnka adwuma no so dua mpɛn pii no, saa nnipa no mu pii de nkakrankakra twee wɔn ho fii Yehowa ahyehyɛde no ho.

7. Wɔ afe 1950 mfe no mu no, dɛn na ɛbɛdaa adi sɛ ehia sɛ wɔyɛ?

7 Wɔ mfe a edii hɔ no mu no, nnipa pii bɛyɛɛ asɛnka adwuma no bi. Nanso, ɛbɛdaa adi sɛ na ɛho hia sɛ wɔsan tete ankorankoro ma wotumi yɛ afie afie asɛnka adwuma no. Fa nea na ɛrekɔ so wɔ United States no sɛ nhwɛso. Wɔ afe 1950 mfe no mfiase mu no, ná Adansefo a wɔwɔ saa ɔman no mu ɔha mu 28 nyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi, na na wɔkyekyɛ nsaano krataa, anaasɛ wɔde nsɛmma nhoma gyinagyina kwan ho kɛkɛ. Ná wɔn mu ɔha mu 40 toto asɛnka mu, na na asram pii pa wɔn ti so a wɔnkɔ asɛnka koraa. Ná dɛn na wobetumi ayɛ de aboa Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no nyinaa ma wɔaka asɛmpa no wɔ afie afie mu?

8, 9. Ntetee bɛn na wofii ase de mae wɔ afe 1953 mu, na dɛn na afi mu aba?

8 Wɔhyɛɛ da sii afie afie asɛnka adwuma no so dua wɔ amanaman ntam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ New York City wɔ afe 1953 mu no ase. Onua Nathan H. Knorr kae sɛ, adwuma titiriw a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo nyinaa yɛ ne sɛ wɔbɛboa Ɔdansefo biara ma wayɛ ɔsomfo a ɔka asɛmpa no wɔ afie afie mu daa. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ obiara tumi ka asɛmpa no wɔ afie afie mu.” Wofii ase de eyi ho ntetee mae wɔ wiase nyinaa. Wɔtetee wɔn a na wonnya mfii afie afie asɛnka adwuma no ase ma wohuu sɛnea wɔbɛkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu na wɔne wɔn akosusuw Bible mu nsɛm ho, na wɔama nsɛm a wobebisa wɔn no ho mmuae.

9 Nea efii ntetee yi a wɔde mae no mu bae no yɛ anigye yiye. Wɔ mfe du mu no, adawurubɔfo dodow a wɔwɔ wiase nyinaa nyaa nkɔanim koduu 100 mu ɔha, sankɔhwɛ nyaa nkɔanim ɔha mu 126, Bible adesua dodow nso nyaa nkɔanim ɔha mu 150. Ɛnnɛ, Ahenni adawurubɔfo a wɔreka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no dodow reyɛ adu ɔpepem ason. Nkɔso a ɛyɛ nwonwa yi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira mmɔden a ne nkurɔfo rebɔ wɔ afie afie asɛnka adwuma mu no so.—Yes. 60:22.

Wɔrehyɛ Nkurɔfo Agyirae Ama Nkwagye

10, 11. (a) Anisoadehu bɛn na Hesekiel nyae a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Hesekiel ti 9 no? (b) Ɔkwan bɛn so na saa anisoadehu no renya mmamu wɔ yɛn bere yi so?

10 Yetumi hu sɛnea afie afie asɛnka adwuma no ho hia wɔ anisoadehu bi a wɔde maa odiyifo Hesekiel no mu. Wɔ saa anisoadehu no mu no, Hesekiel huu mmarima baasia a wokurakura akode, ne ɔbarima bi a ɔto so ason a ɔhyɛ nwera a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen. Wɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔto so ason no sɛ, ‘ɔnsen mfa kurow no mu, na ɔnhyɛ mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa momaso agyirae.’ Bere a wɔhyehyɛɛ nkurɔfo momaso agyirae wiei no, wɔka kyerɛɛ mmarima baasia a wokurakura akode a wɔde di awu no sɛ, wonkunkum wɔn a wonni agyiraehyɛde no bi no nyinaa.—Monkenkan Hesekiel 9:1-6.

11 Yɛte ase sɛ, wɔ saa nkɔmhyɛ yi mmamu mu no, ɔbarima a “ɔhyɛ nwera” no gyina hɔ ma Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nkaefo no. Wɔn a wɔasra wɔn no nam asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a wɔyɛ no so hyɛ nkurɔfo a wɔbɛyɛ Kristo “nguan foforo” no mufo no momaso agyirae wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. (Yoh. 10:16) Dɛn ne saa agyiraehyɛde no? Ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nguan a wɔte saa no ahyira wɔn ho so abɔ asu abɛyɛ Yesu Kristo asuafo, na wɔahyɛ su a Kristo wɔ no bi. Saa a wɔyɛ no te sɛ nea wɔahyɛ wɔn momaso agyirae a obiara tumi hu. (Efe. 4:20-24) Saa nnipa a wɔte sɛ nguan yi ne Kristofo a wɔasra wɔn no abɛyɛ kuw biako, na wɔboa wɔn a wɔasra wɔn no ma wɔkɔ so yɛ wɔn adwuma a ɛho hia a wɔde rehyɛ afoforo agyirae no.—Adi. 22:17.

12. Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo momaso agyirae a na wɔrehyehyɛ a Hesekiel nyaa ho anisoadehu no ma yehu sɛnea nkurɔfo a wɔte sɛ nguan a yɛrehwehwɛ wɔn no ho hia?

12 Anisoadehu a Hesekiel nyae no ma yehu ade biako a enti nkurɔfo a ‘wosisi apini na wodi nkɔmmɔ’ a yɛrehwehwɛ wɔn no gye ntɛmpɛ paa. Nkurɔfo nkwa da asiane mu. Yehowa abrafo dɔm a wɔde mmarima baasia a wokurakura akode yɛ wɔn ho mfonini no bɛsɛe wɔn a wonni sɛnkyerɛnne kwan so agyiraehyɛde no bi no nnansa yi ara. Ɔsomafo Paulo kyerɛw saa atemmu a ɛreba no ho asɛm sɛ, Awurade Yesu ne “n’abɔfo a wɔwɔ tumi no” de ‘aweredi bɛba wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wontie yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.’ (2 Tes. 1:7, 8) Hyɛ no nsow sɛ, wobegyina nea nkurɔfo yɛ wɔ asɛmpa a yɛka no ho so na ebebu wɔn atɛn. Enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de nsi ka Onyankopɔn asɛm no kosi awiei. (Adi. 14:6, 7) Eyi de asɛyɛde a anibere wom to Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa so.—Monkenkan Hesekiel 3:17-19.

13. (a) Asɛyɛde bɛn na ɔsomafo Paulo tee nka sɛ ɔwɔ, na dɛn nti na ɔtee nka saa? (b) Asɛyɛde bɛn na wote nka sɛ wowɔ wɔ nnipa a wɔte w’asasesin mu no ho?

13 Ɔsomafo Paulo tee nka sɛ ɔwɔ asɛyɛde sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mede Helafo ne Pɔtɔfo, anyansafo ne wɔn a wonni adwene nyinaa ka: enti me ho pere me sɛ mɛka asɛmpa no akyerɛ mo nso wɔ Roma.” (Rom. 1:14, 15) Esiane sɛ na Paulo ani sɔ mmɔborohunu a na wɔada no adi akyerɛ no no nti, ɔtee nka paa sɛ, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden boa afoforo ma wɔn nso nya adom a na Onyankopɔn de adom no no bi. (1 Tim. 1:12-16) Ná ɛte sɛ nea na ɔde onipa biara a ohyia no no ka, na na asɛmpa no a ɔbɛka akyerɛ onipa no nkutoo na ɛbɛma watumi atua ɛka a ɛte saa no. So wote nka sɛ wo nso wode wɔn a wɔte w’asasesin mu no ka a ɛte saa?—Monkenkan Asomafo Nnwuma 20:26, 27.

14. Dɛn ne ade titiriw a enti yɛka asɛmpa no wɔ baguam ne afie afie mu no?

14 Ɛwom sɛ, nkwa a nnipa benya nti na yɛka asɛmpa no wɔ afie afie mu de, nanso ade foforo wɔ hɔ a ɛho hia koraa sen saa. Yehowa hyɛɛ nkɔm wɔ Malaki 1:11 sɛ: “Efi owia apuei de kosi n’atɔe no me din yɛ kɛse amanaman mu, na . . . [wɔbɔ] afɔre ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛde a ɛho tew ba; na me din yɛ kɛse amanaman mu.” Wɔ nkɔmhyɛ yi mmamu mu no, Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so de ahobrɛase yɛ asɛnka adwuma no de yi Yehowa din ayɛ wɔ baguam wɔ asase nyinaa so. (Dw. 109:30; Mat. 24:14) Yehowa “ayeyi afɔre” ne ade titiriw a enti yɛka asɛmpa no wɔ baguam ne afie afie mu no.—Heb. 13:15.

Nnwuma Akɛse Wɔ Yɛn Anim

15. (a) Ɔkwan bɛn so na Israelfo no yɛɛ adwumaden bere a na wɔretwa Yeriko kurow no ho ahyia wɔ ɛda a ɛto so ason no? (b) Dɛn na eyi ma yehu wɔ sɛnea yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no ho?

15 Nnwuma foforo bɛn na yɛbɛyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu? Yeriko kurow no a wotwaa ho hyiae a wɔaka ho asɛm wɔ Yosua nhoma no mu no yɛ eyi ho nhwɛso. Kae sɛ, aka kakra bi ma Onyankopɔn asɛe Yeriko no, wɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔmfa nnansia ntwa kurow no ho nhyia pɛnkoro da biara. Nanso, ɛda a ɛto so ason no de, ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden. Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Muntwa kurow no ho nhyia mpɛn ason, na asɔfo no nhyɛn ntorobɛnto no. . . . Ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛse, na kurow no ho fasu no bɛhwe fam.” (Yos. 6:2-5) Ebetumi aba sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no kɛse saa ara. Akyinnye biara nni ho sɛ, ansa na wɔbɛsɛe nneɛma nhyehyɛe yi no, yebehu sɛ wɔadi Onyankopɔn din ne Ahenni no ho adanse kɛse asen bere biara a atwam wɔ wiase yi mu.

16, 17. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ ansa na “ahohiahia kɛse” no aba awiei? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

16 Bere bi bɛba a, asɛnka adwuma a yɛreyɛ no bɛyɛ te sɛ nea yɛrebɔ “ose kɛse.” Wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔde “amparuwbo akɛse a emu biara mu duru bɛyɛ sɛ talente biako” yɛɛ atemmusɛm a emu yɛ den ho mfonini. * Na Adiyisɛm 16:21 ka sɛ: “Ɔhaw no sõ paa.” Yennim nea yɛbɛyɛ wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu ankasa wɔ saa atemmusɛm no fã a etwa to no ho dawuru a yɛbɛbɔ no mu. Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ansa na “ahohiahia kɛse” no bɛba awiei no, na wɔabɔ Yehowa din wɔ ɔkwan bi so a wɔnyɛɛ bi saa da wɔ nnipa asetra mu.—Adi. 7:14; Hes. 38:23.

17 Bere a yɛretwɛn nnwuma akɛse a ɛda yɛn anim no, momma yɛnkɔ so mfa nsi nka Ahenni no ho asɛmpa no. Ɔhaw bɛn na yehyia wɔ afie afie asɛnka adwuma a yɛreyɛ no mu, na yɛbɛyɛ dɛn atumi adi saa ɔhaw no so? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Yɛn Intanɛt so dwumadibea no ne www.watchtower.org.

^ nky. 16 Sɛ Helafo talente ho asɛm na wɔreka a, ɛnde, amparuwbo biara mu duru bɛyɛ kilogram 20.

Wubebua Dɛn?

• Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bɛn na yegyina so ka asɛmpa no wɔ afie afie mu?

• Ɔkwan bɛn na wɔfaa so sii afie afie asɛnka adwuma no so dua wɔ yɛn bere yi so?

• Dɛn nti na Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so no wɔ asɛyɛde sɛ wɔka asɛmpa no?

• Nnwuma akɛse bɛn na ɛwɔ yɛn anim?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4]

So wote sɛ ɔsomafo Paulo a na ɔte nka sɛ ɔwɔ asɛyɛde sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo no?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Onua Knorr, 1953