Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Yensuro Efisɛ Na Yehowa Ka Yɛn Ho

Ná Yensuro Efisɛ Na Yehowa Ka Yɛn Ho

Ná Yensuro Efisɛ Na Yehowa Ka Yɛn Ho

Sɛnea Egyptia Petridou ka kyrɛe

Wɔ afe 1972 mu no, Adansefo a na wɔwɔ Cyprus nyinaa hyiaam wɔ Nicosia sɛ wɔrebetie ɔkasa titiriw bi a Nathan H. Knorr a na wadi asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no anim mfe pii no rebɛma no. Onua Knorr ani bɔɔ me so ara pɛ na ɔkaee me, na wantwɛn amma manna me ho adi mpo na obisaa me sɛ: “Woate anuanom a wɔwɔ Egypt no nka?” Ná mahyia Onua Knorr wɔ mfe 20 a na atwam no mu wɔ me kurom Alexandria a ɛwɔ Egypt no.

W ƆWOO me wɔ Alexandria January 23, 1914, na me na na meyɛ me nuanom baanan no mu panyin. Wɔtetee yɛn wɔ mpoano pɛɛ. Saa bere no, na Alexandria yɛ kurow a ɛyɛ fɛ a nnipa a wɔte mu no fi aman horow so, na na kurow no mu adan a ɛyɛ fɛ ne ɛho abakɔsɛm ama agye din. Esiane sɛ na Europafo ne Arabfo na wɔte kurow no mu nti, yɛn a na yɛyɛ mmofra no suaa Arab, Borɔfo, Franse, Italia, ne yɛn kurom kasa Hela nso.

Bere a miwiee sukuu no, minyaa adwuma wɔ Fransefo adwumakuw bi a wɔpam ntade mu, ná mepam ntade atenten a ɛyɛ fɛ ma mmea a wɔyɛ adefo no ma m’ani gye. Ná mebɔ mmɔden nso wɔ me som mu. Ɛwom sɛ na mekenkan Bible a mente ase de, nanso na m’ani gye ne kenkan ho.

Bɛyɛ afe 1930 mfe no mfinimfini mu hɔ no, mihyiaa aberante ɔhoɔfɛfo bi a wɔfrɛ no Theodotos Petrides a ofi Cyprus. Ná ɔyɛ obi a wagye din wɔ agumadi a ɛne atentam mu, nanso na wasua sɛnea wɔyɛ nnɔkɔnnɔkɔwade ma enti na ɔyɛ adwuma wɔ adwumakuw bi a agye din wɔ nnɔkɔnnɔkɔwadeyɛ mu. Theodotos ani gyee me a meyɛ ɔbea korokorowa a me ti nhwi yɛ tuntum no ho sɛ ɔbɛware me. Ná ɔtaa begyina me mpomma akyi to Helafo ɔdɔ ho nnwom ma me. Yɛwaree June 30, 1940. Ná yɛn ani gye saa mmere no. Ná yɛte abansoro dan bi a me maame te mu no ase pɛɛ. Yɛwoo yɛn babarima a odi kan a wɔfrɛ no John no wɔ afe 1941 mu.

Sɛnea Yehuu Bible mu Nokware No

Eduu bere bi no, na Theodotos nkyerɛ yɛn som no ho anigye bio, na na obisa Bible mu nsɛm pii. Sɛɛ na Yehowa Adansefo afi ase ne no resua Bible a na minnim. Da bi, bere a na me ne yɛn ba kumaa no wɔ fie no, ɔbea bi bɛbɔɔ yɛn pon mu maa me krataa bi a wɔakyerɛw Bible mu nsɛm wɔ so. Esiane sɛ na mepɛ sɛ midi no ni nti, migyaee nea na mereyɛ no kenkanee. Afei, ɔbea no maa me Bible ho nhoma bi. Anwonwasɛm ne sɛ, na ɛyɛ nhoma koro no ara a na Theodotos de aba fie no bi!

Meka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Mewɔ saa nhoma yi bi. Mesrɛ wo, bɛtra ase.” Ntɛm ara na mifii ase bisabisaa Ɔdansefo a ne din de Eleni Nicolaou no nsɛm pii. Ɔtɔɔ ne bo ase de Bible maa me ho mmuae. M’ani gyee saa a ɔyɛe no ho. Amonom hɔ ara, mifii ase tee Bible mu asɛm no ase. Bere a biribi betwaa yɛn nkɔmmɔ no mu no, Eleni huu me kunu mfonini bi. Ɔkae sɛ: “Minim owura yi!” Afei, mibehuu nea na Theodotos reyɛ no, na me ho dwiriw me. Sɛɛ na Theo kɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow a ɔne me nkɔ, na na ɔnkaa ho asɛm mpo nkyerɛɛ me! Bere a Theodotos baa fie saa da no, meka kyerɛɛ no sɛ: “Dapɛn yi, me ne wo bɛkɔ baabi a wokɔe Kwasida a etwaam no!”

Asafo nhyiam a midii kan kɔe no, na nnipa bɛyɛ du resusuw Bible mu nhoma a ɛne Mika no ho. Mitiee biribiara a wɔkae no yiye! Efi saa da no, Fida anwummere biara na George ne Katerini Petraki ne yɛn besua Bible no. Me papa ne me nuanom mu dodow no ara sɔre tiaa adesua a na yɛne Adansefo no yɛ no, nanso me nuabea kumaa de, ɛwom sɛ wammɛyɛ Ɔdansefo da de, nanso wansɔre antia yɛn. Nanso, Maame de, ogyee Bible mu nokware no toom. Wɔ afe 1942 mu no, wɔbɔɔ me ne Theodotos ne Maame asu wɔ ɛpo mu wɔ Alexandria de yɛɛ yɛn ho so a yɛahyira ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Wɔsɛee Yɛn Asomdwoe

Wiase Kõ II no fii ase wɔ afe 1939 mu, na ankyɛ na emu yɛɛ den. Germanni Ɔsahene Erwin Rommel ne n’asraafo de wɔn ntwitwiridii baa beae bi a ɛbɛn El Alamein wɔ afe 1940 mfe no mfiase mu hɔ, na na Britania asraafo ahyɛ Alexandria ma. Yɛde nnuan a wɔahata ne nea wɔahow pii siei. Saa bere no, adwumakuw a na Theodotos ne wɔn yɛ adwuma no kae sɛ ɔnkɔhwɛ wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade adwuma foforo a wɔabue wɔ Port Taufiq a ɛbɛn Suez no so, enti yetu kɔɔ hɔ. Adansefo baanu a wɔka Hela kasa bɛhwehwɛɛ yɛn wɔ hɔ. Ɛwom sɛ na wonnim baabi a yɛte de, nanso wɔyɛɛ afie afie asɛnka adwuma no araa kosii sɛ wohuu yɛn.

Bere a na yɛwɔ Port Taufiq no, yɛne Stavros ne Giula Kypraios ne wɔn mma a wɔfrɛ wɔn Totos ne Georgia suaa Bible no, na wɔbɛyɛɛ yɛn nnamfo paa. Ná Stavros ani gye Bible no sua ho araa ma na okyinkyim wɔɔkye a ɛbobɔ ne fie no nyinaa san akyi dɔnhwerew biako sɛnea ɛbɛyɛ a keteke a etwa to wɔ hɔ no betu agyaw yɛn, na ama yɛakyɛ wɔ wɔn fie hɔ. Ná yɛbɔ nkɔmmɔ kosi ɔdasu mu.

Yedii asram 18 wɔ Port Taufiq, na ɛno akyi no, yɛsan kɔɔ Alexandria, na me maame yaree. Ɔsomee Yehowa nokwarem kosii sɛ owui wɔ afe 1947 mu. Bio nso, yehui sɛ Yehowa nam fekubɔ a ɛhyɛ gyidi den a yɛne yɛn nnamfo a wɔyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw nyae no so hyɛɛ yɛn den. Ná yetumi nso som asɛmpatrɛwfo a wɔrekɔ amannɔne akɔyɛ wɔn asɛmpatrɛw adwuma a po so hyɛn a wɔte mu no begyina Alexandria bere tiaa bi mu no ahɔho.

Anigye ne Amanehunu

Mewoo yɛn babarima a ɔto so abien a wɔfrɛ no James no wɔ afe 1952 mu. Sɛ́ awofo no, yehui sɛ ɛho hia sɛ yɛtete yɛn mmabarima no wɔ baabi a wobenya nkuranhyɛ asom Onyankopɔn. Enti, yɛma wɔbɛyɛɛ Bible adesua wɔ yɛn fie daa, na yɛyɛɛ bere nyinaa asomfo ahɔho mpɛn pii. Ɛno maa yɛn babarima John ani begyee Bible mu nokware no ho, na ofii ase yɛɛ akwampae adwuma bere mpo a na onnya nnii mfe dunwɔtwe. Saa bere koro no ara mu no, na ɔkɔ anadwo sukuu kosii sɛ owiei.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, wohui sɛ Theodotos anya komayare bi a emu yɛ den, na wotuu no fo sɛ onnyae adwuma a na ɔyɛ no. Saa bere no, na yɛn babarima James adi mfe anan pɛ. Dɛn na na yɛbɛyɛ? So na Yehowa nhyɛɛ bɔ sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ”? (Yes. 41:10) Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei, na ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ wɔ afe 1956 mu no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔyɛ akwampae adwuma wɔ Ismailia a ɛbɛn Suez Suka no! Mfe a edii hɔ no yɛɛ nea na ɔhaw wom wɔ Egypt, na na yɛn nuanom Kristofo no hia nkuranhyɛ yiye.

Wɔ afe 1960 mu no, na ɛsɛ sɛ yefi Egypt, na adaka biako pɛ na yɛn mu biara tumi de kɔe. Yɛkɔtraa Cyprus, supɔw a ɛhɔ na me kunu fi no so. Eduu saa bere yi no, na Theodotos yare no mu ayɛ den, na na ontumi nyɛ adwuma. Nanso, yɛn nua Kristoni bi ne ne yere a wɔn yam ye ma yɛbɛtraa wɔn fie. Awerɛhosɛm ne sɛ, mfe abien akyi no, me kunu wui, na ɛkaa me ne me babarima kumaa James nkutoo. Ná John a saa bere no na ɔno nso aba Cyprus no aware, na na ɔwɔ n’ankasa abusua a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn.

Wɔhwɛɛ Yɛn wɔ Mmere a Emu Yɛn Den Mu

Afei, Stavros ne Dora Kairis maa yɛn baabi trae wɔ wɔn fie. Mibuu nkotodwe daa Yehowa ase sɛ wasan ama yɛn nsa aka nea yehia bio. (Dw. 145:16) Bere a Stavros ne Dora sii gyinae sɛ wɔbɛtɔn wɔn fie na wɔasi abansoro na wɔde ase ayɛ Ahenni Asa no, wofi ayamye mu sii adan nketewa abien maa me ne James.

Awiei koraa no, James waree, na ɔne ne yere yɛɛ akwampae adwuma kosii sɛ wɔwoo wɔn mma baanan no mu nea odi kan no. Wɔ afe 1974 mu, bere a Onua Knorr baa ne nsrahwɛ titiriw no akyi mfe abien no, amanyɔsɛm mu basabasayɛ sɔree wɔ Cyprus. * Nnipa pii a Adansefo ka ho guan fii wɔn kurom, na na ɛsɛ sɛ wokofi ɔbra ase foforo. Me ba John nso guanee. Ɔne ne yere ne ne mma baasa tu kɔɔ Canada. Ɛwom sɛ nkurɔfo tu kɔe de, nanso yɛn ani gyei sɛ yenyaa Ahenni adawurubɔfo pii wɔ Cyprus.

Bere a wofii ase maa me pɛnhyɛn sika no, mitumi yɛɛ asɛnka adwuma no pii. Nanso, mfe kakra a atwam no, me fã dwudwoe kakra, na me ne me babarima James ne n’abusua kɔtrae. Akyiri yi, bere a me yare no mu yɛɛ den no, wogyee me too ayaresabea adapɛn pii, na ɛno akyi no, wɔde me kɔtraa nnipa a wɔn mfe akɔ anim atrae. Ɛmfa ho sɛ mete ɛyaw wɔ me nipadua mu bere nyinaa no, midi adwumayɛfo a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa, ayarefo, ne wɔn a wɔba hɔ nsrahwɛ no adanse. Me nkutoo mede nnɔnhwerew pii sua ade, na me nuanom Kristofo fi ayamye mu boa me ma mitumi kɔ Asafo Nhoma Adesua a ɛbɛn me no.

Manya Awerɛkyekye wɔ Me Mmerewabere Mu

Sɛ mete wɔn a me ne Theodotos boaa wɔn no nka a, ɛkyekye me werɛ. Wɔn mma ne wɔn mmanananom pii reyɛ bere nyinaa som adwuma, ebinom resom wɔ Australia, Canada, England, Greece, ne Switzerland. Seesei, me ba John ne ne yere ne wɔn babarima no te Canada. Wɔn babea panyin ne ne kunu yɛ akwampaefo. Wɔmaa wɔn babea kumaa Linda ne ne kunu Joshua Snape kɔɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 124 no bi.

Me ba James ne ne yere te Germany seesei. Wɔn mmabarima baanu som wɔ Betel, biako som wɔ Athens a ɛwɔ Greece, ɛnna ɔfoforo no nso som wɔ Selters a ɛwɔ Germany. Wɔn babarima kumaa ne wɔn babea ne ne kunu yɛ akwampaefo, na wɔresom wɔ Germany.

Sɛ me maame ne me dɔfo Theodotos sɔre fi awufo mu a, yebenya nsɛm pii aka akyerɛ wɔn! Wɔn ani begye sɛ wobehu sɛ wogyaw wɔn abusua agyapade a ɛsom bo. *

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 21 Hwɛ October 22, 1974, Awake! kratafa 12-15.

^ nky. 26 Bere a yɛrekyerɛw saa asɛm yi ma wɔatintim no na Onuawa Petridou wui bere a na wadi mfe 93.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

Bio nso, yehui sɛ Yehowa nam fekubɔ a ɛhyɛ gyidi den a yɛne yɛn nnamfo a wɔyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw nyae no so hyɛɛ yɛn den

[Asase mfonini wɔ kratafa 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

CYPRUS

NICOSIA

MEDITERRANEA PO

EGYPT

CAIRO

El Alamein

Alexandria

Ismailia

Suez

Port Taufiq

Suez Suka

[Asɛm Fibea]

Based on NASA/Visible Earth imagery

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Me ne Theodotos, 1938

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ba James ne ne yere

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ba John ne ne yere