Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Korintofo no Mu Nsɛntitiriw

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Korintofo no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Korintofo no Mu Nsɛntitiriw

NÁ SƐNEA asafo a ɛwɔ Korinto no mufo ne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa no ho hia ɔsomafo Paulo yiye. Ná Paulo ate sɛ akasakasa bi rekɔ so wɔ anuanom a wɔwɔ hɔ no mu. Na wɔahwɛ ma ɔbrasɛe rekɔ so wɔ asafo no mu. Ná asafo no nso akyerɛw Paulo rebisa no nsɛm bi mu. Enti, bere a na Paulo wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no mu wɔ bɛyɛ afe 55 Y.B. mu wɔ Efeso no, ɔkyerɛw ne nkrataa abien no mu nea edi kan no kɔmaa Korintofo no.

Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien no wɔ ne krataa a edi kan no akyi asram kakraa bi, na ɛda adi sɛ ɛyɛ nea edi kan no ntoaso. Esiane sɛ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi so pii ne nea ɛkɔɔ so wɔ Korinto asafo no mu ne asafo no akyi wɔ afeha a edi kan no mu no di nsɛ nti, nkrataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo no so wɔ mfaso kɛse ma yɛn nnɛ.—Heb. 4:12.

‘MONWƐN, MUNNYINA PINTINN, MONYƐ DEN’

(1 Kor. 1:1–16:24)

Paulo tuu wɔn fo sɛ: “Mo nyinaa nyɛ nokoro.” (1 Kor. 1:10) “Fapem foforo biara” nni hɔ a wogyina so nya Kristofo suban ka “Yesu Kristo” ho. (1 Kor. 3:11-13) Paulo kaa oguamammɔfo bi a na ɔwɔ asafo no mu ho asɛm sɛ: “Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu.” (1 Kor. 5:13) Ɔkae nso sɛ: “Nipadua nni hɔ mma aguamammɔ, na ɛwɔ hɔ ma Awurade.”—1 Kor. 6:13.

Bere a Paulo rebua ‘nneɛma’ bi a Korintofo no ‘kyerɛw’ bisaa ho asɛm no, ɔde aware ne sigyadi ho afotu a emu da hɔ maa wɔn. (1 Kor. 7:1) Bere a Paulo kaa Kristofo tiyɛ, Kristofo nhyiam ahorow a wɔbɛyɛ ma biribiara akɔ so fɛfɛɛfɛ, ne owusɔre a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛbɛba paa ho asɛm wiei no, otuu wɔn fo sɛ: “Monwɛn, munnyina pintinn wɔ gyidi no mu, monkɔ so sɛ mmarima, monyɛ den.”—1 Kor. 16:13.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:21So Yehowa de “nkwaseasɛm” ankasa na egye wɔn a wogye di no nkwa? Dabi, ɛnte saa. Nanso, esiane sɛ “wiase no amfa ne nyansa so anhu Onyankopɔn” nti, ade a Onyankopɔn de gye nkurɔfo nkwa no ayɛ te sɛ nkwaseasɛm wɔ wiase no ani so.—Yoh. 17:25.

5:5Asɛm a ɛne “mode [ɔbɔnefo no] ahyɛ Satan nsa ama ɔhonam no asɛe, na wɔagye honhom no nkwa” no kyerɛ dɛn? Sɛ wotu obi a ɔkɔ so yɛ bɔne a anibere wom a onnu ne ho fi asafo no mu a, ɔsan bɛyɛ Satan wiase bɔne no muni. (1 Yoh. 5:19) Enti, wɔka ne ho asɛm sɛ wɔde no ahyɛ Satan nsa. Sɛ wotu onipa no a, wɔsɛe anaasɛ woyi onipa no nkɛntɛnso bɔne no fi asafo no mu, anaasɛ wɔkora asafo no honhom anaa suban pa a ɛwɔ asafo no mu no so.—2 Tim. 4:22.

7:33, 34—Dɛn ne “wiase nneɛma” a ɔbarima anaa ɔbea warefo da dwen ho no? Ná Paulo reka asetra mu nneɛma a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ awarefo da dwen ho no ho asɛm. Ebi ne aduan, ntade, ne dabere, nanso wiase yi mu nneɛma bɔne a ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ bi no nka ho.—1 Yoh. 2:15-17.

11:26Bere a Paulo kae sɛ “bere biara” a mobɛkae Yesu wu no, ná bere biara no kyerɛ mpɛn ahe, na na wɔbɛkae ne wu no ‘akosi’ bere bɛn? Nea na Paulo reka ne sɛ, “bere biara” a Kristofo a wɔasra wɔn no bedi paanoo no na wɔanom bobesa no bi a wɔyɛ no pɛnkoro afe biara wɔ Nisan 14 no, na ‘wɔrepae mu aka Awurade wu’ no. Wɔyɛ eyi “kosi sɛ ɔbɛba,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔyɛ saa kosi sɛ wɔnam owusɔre so bɛfa wɔn akɔ soro.—1 Tes. 4:14-17.

13:13—Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ yɛ kɛse sen gyidi ne anidaso? Sɛ ‘biribi a yɛde awerɛhyem retwɛn’ ne nneɛma a “yɛn ani da so” no ba mu a, gyidi ne anidaso nyɛ adwuma biara bio. (Heb. 11:1) Ɔdɔ yɛ kɛse sen gyidi ne anidaso, efisɛ ɔdɔ to ntwa da.

15:29Dɛn na wɔn a “wɔbɔ wɔn asu ma wɔbɛyɛ awufo no” kyerɛ? Ɛnyɛ nea na Paulo rekyerɛ ne sɛ wɔmmɔ ateasefo asu mma nnipa a wɔammɔ wɔn asu na wowuwui no. Ɛha no, na Paulo reka asu a wɔbɔ Kristofo a wɔasra wɔn no ma wɔkɔ asetra bi a ɛsɛ sɛ wokura wɔn mudi mu kosi sɛ wobewu, na ɛno akyi no, wɔanyan wɔn ma wɔakɔ ɔsoro no ho asɛm.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:26-31; 3:3-9; 4:7. Sɛ yefi ahobrɛase mu hoahoa yɛn ho wɔ Yehowa mu, na yɛanhoahoa yɛn ho wɔ yɛn ankasa mu a, ɛma biakoyɛ kɔ so tra asafo no mu.

2:3-5. Bere a na Paulo redi adanse wɔ Korinto a ɛyɛ Helafo nyansapɛ ne nhomasua asoɛe no, ebia na ɔredwen ɔkwan a obetumi afa so aka asɛm no ma n’atiefo no agye atom no ho. Nanso, wamma mmerɛwyɛ anaa ehu biara a ebetumi aba sɛ na ɔwɔ no ansiw no kwan sɛ ɔbɛka asɛmpa a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔnka no. Yɛn nso, ɛnsɛ sɛ yɛma tebea ahorow bi a emu yɛ den ma yegyae Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛreka no. Yebetumi de ahotoso ahwehwɛ Yehowa hɔ mmoa sɛnea Paulo yɛe no.

2:16. “Kristo adwene” a yebenya no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea osusuw nneɛma ho, na yesusuw nneɛma ho te sɛ ɔno, na yehu ne su ahorow yiye, na yesuasua no. (1 Pet. 2:21; 4:1) Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua sɛnea Yesu bɔɔ ne bra ne sɛnea ɔyɛɛ ne som adwuma no ho ade!

3:10-15; 4:17. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ na yɛyɛ asuafo no mu, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebetu mpɔn wɔ ne yɛ mu. (Mat. 28:19, 20) Sɛ yɛankyerɛkyerɛ yiye a, ebia yɛn Bible suani no ntumi nnyina ne gyidi ho sɔhwɛ ahorow ano, na yebetumi ahwere ade ma yɛadi yaw kɛse ma ayɛ te sɛ nea yɛn nkwagye ‘nam ogya mu.’

6:18. Sɛ wɔka sɛ ‘yenguan aguamammɔ’ a, ɛnyɛ nneɛma a ɛyɛ por·neiʹa nkutoo na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, na mmom, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini, na yɛremfa yɛn ho nhyɛ afideyɛ mu, yɛrennwennwen ɔbrasɛe ho, na yɛremfa yɛn ho nhyehyɛ mmarima anaa mmea nso, anaa biribiara a ebetumi ama yɛabɔ aguaman mu.—Mat. 5:28; Yak. 3:17.

7:29. Ɛsɛ sɛ awarefo hwɛ yiye na wɔamma wɔn aware no annye wɔn adwene araa ma ammɛyɛ te sɛ nea wɔn aware no ho hia wɔn sen Ahenni no ho adwuma a wɔbɛyɛ no.

10:8-11. Bere a Israelfo nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron no, Yehowa bo fuw wɔn kɛse. Nyansa wom sɛ yɛremmɛyɛ nnipa a wonwiinwii.

16:2. Sɛ yedi kan susuw sika a yeyi de boa Ahenni adwuma no ho, na yeyi no bere ano a, ɛbɛma yɛayi ntoboa daa.

‘MOMMA WƆNKƆ SO NSIESIE MO YIYE’

(2 Kor. 1:1–13:14)

Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ, ‘wonyi wɔn yam mfa mfiri’ ɔdebɔneyɛfo bi a wɔaka n’anim ama wanu ne ho no, na ‘wɔnkyekye ne werɛ.’ Ɛwom sɛ na Paulo krataa a edi kan no ama Korintofo no werɛ ahow de, nanso Paulo ani gyei, efisɛ ‘wɔn werɛ how kɔɔ adwensakra mu.’—2 Kor. 2:6, 7; 7:8, 9.

Paulo hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ, ‘sɛnea wɔboro so wɔ ade nyinaa mu’ no, wɔmmoro so wɔ “ɔma” mu nso. Bere a Paulo yii ne ho ano wɔ nsɛm a wɔn a wɔsɔre tiaa no ka faa ne ho wiei no, ɔde afotu a etwa to maa wɔn nyinaa sɛ: “Monkɔ so nni ahurusi mma wonsiesie mo yiye, nnya awerɛkyekye, nnya adwenkoro, ntra asomdwoe mu.”—2 Kor. 8:7; 13:11.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:15, 16Ɔkwan bɛn so na “yɛyɛ Kristo hua”? Yɛyɛ hua, efisɛ yetie Bible afotu na yɛka mu asɛm kyerɛ afoforo. Bere a nnipa abɔnefo ani rennye “hua” a ɛte saa ho no, Yehowa ne nnipa komapafo de, ɛyɛ wɔn huam.

5:16Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔasra wɔn no ‘nnim obiara wɔ ɔhonam mu’? Wɔnhwɛ sɛnea obi te wɔ honam na wɔne no di, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wonnyina ahonyade a obi wɔ, abusuakuw anaa ɔman a ofi mu so nyɛ nyiyim ntia no. Nea ehia wɔn ne abusuabɔ a wɔne wɔn mfɛfo gyidifo benya no.

11:1, 16; 12:11—So na Paulo nte Korintofo no asɛm ase? Dabi, ɛnte saa. Nanso, esiane nsɛm a ɔka de yii ne ho ano de kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔsomafo no nti na ebia ɛmaa ebinom buu no sɛ ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho na ɔnte asɛm ase no.

12:1-4—Hena na “wohwim no kɔɔ paradise” no? Esiane sɛ Bible no nka onipa foforo biara a onyaa anisoadehu a ɛte saa ho asɛm, na saa asɛm no di nsɛm a Paulo ka de yii ne ho ano wɔ ɔsomafo a ɔyɛ no ho akyi nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔno Paulo ankasa ho asɛm na na ɔreka. Ɛbɛyɛ sɛ honhom fam paradise a ɛwɔ Kristofo asafo no mu wɔ “awiei bere” yi mo no ho anisoadehu na ɔsomafo no nyae.—Dan. 12:4.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

3:5. Sɛ yɛbɛka paa a, saa kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ Yehowa nam n’Asɛm, ne honhom kronkron, ne n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no so na ɛma Kristofo fata ma asɛnka adwuma no. (Yoh. 16:7; 2 Tim. 3:16, 17) Mfaso wɔ so sɛ yɛde nsi sua Bible ne Bible ho nhoma ahorow, yɛbɔ mpae hwehwɛ honhom kronkron bere nyinaa, na yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow daa, na yɛma mmuae.—Dw. 1:1-3; Luka 11:10-13; Heb. 10:24, 25.

4:16. Esiane sɛ Yehowa yɛ “sɛnea yɛte wɔ yɛn mu no . . . foforo da biara da” nti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ nhyehyɛe a Yehowa yɛ ma yɛn no mu daa, na ɛnsɛ sɛ yɛma da koro mpo pa yɛn ti so a yɛrenyɛ biribi mfa nhyɛ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den.

4:17, 18. Sɛ yɛkae sɛ “ahohia no yɛ bere tiaa mu de na ɛyɛ hare” a, ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi Yehowa nokware bere a yɛakɔ ahokyere mu no.

5:1-5. Hwɛ ɔkwan a Paulo faa so kyerɛkyerɛɛ sɛnea Kristofo a wɔasra wɔn no te nka wɔ ɔsoro anidaso a wɔwɔ no mu ma ɛyɛ anigye!

10:13. Sɛnea ɛte no, sɛ wɔnhyɛɛ da nyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛnkɔboa baabi a wohia mmoa kɛse a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ yɛn asafo no asasesin mu nkutoo.

13:5. Sɛ yebetumi ‘asɔ ahwɛ ahu sɛ yɛwɔ gyidi no mu’ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn abrabɔ ne nea yesua fi Bible mu no hyia. Sɛ ‘yɛbɛpɛɛpɛɛ yɛn mu ahwɛ’ a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ sɛnea yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu yɛ den fa no mu, ne sɛnea yetumi de yɛn “adwene tumi” di dwuma, na yɛhwehwɛ nnwuma a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu hwɛ. (Heb. 5:14; Yak. 1:22-25) Sɛ yɛde afotu pa a Paulo de mae no yɛ adwuma a, yebetumi akɔ so anantew nokware kwan no so.

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Dɛn na asɛm a ɛne “bere biara a mubedi paanoo yi anom kuruwa yi ano” no kyerɛ? —1 Kor. 11:26