Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Onyankopɔn Na Ɔma Enyin’!

‘Onyankopɔn Na Ɔma Enyin’!

‘Onyankopɔn Na Ɔma Enyin’!

“Ɛnyɛ nea odua na ɔyɛ biribi na ɛnyɛ nea ogugu so nsu nso, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.”—1 KOR. 3:7.

1. Adwuma bɛn mu na yɛyɛ “Nyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo”?

“NYANKOPƆN mfɛfo adwumayɛfo.” Saa na ɔsomafo Paulo kaa adwuma titiriw a yɛn nyinaa betumi ayɛ bi no ho asɛm. (Monkenkan 1 Korintofo 3:5-9.) Adwuma a na Paulo reka ho asɛm no ne asuafoyɛ adwuma no. Ɔde totoo sɛnea wogu aba na wogugu so nsu no ho. Yehia Yehowa mmoa na ama yɛatumi ayɛ saa adwuma a ɛho hia no yiye. Paulo kae yɛn sɛ ‘Onyankopɔn na ɔma enyin.’

2. Dɛn nti na nokwasɛm a ɛne sɛ ‘Onyankopɔn na ɔma enyin’ no boa yɛn ma yenya asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no ho adwene a ɛfata?

2 Saa nokwasɛm yi a ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase no boa yɛn ma yenya asɛmpaka adwuma no ho adwene a ɛfata. Ebia yɛde nsi yɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, nanso sɛ yɛboa obi ma ɔbɛyɛ osuani a, ɛsɛ sɛ yɛde ɛho ayeyi nyinaa ma Yehowa. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden sɛ dɛn mpo a, yɛn mu biara ntumi nhu nea ɛma obi nyin bɛyɛ osuani no ankasa, na kampɛsɛ yɛaka sɛ ɛyɛ yɛn na yɛma ɔbɛyɛɛ osuani. Ɔhene Salomo kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu yiye. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wunnim Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛe.”—Ɔsɛnk. 11:5.

3. Ɔkwan bɛn so na aba a wogu ne asuafoyɛ adwuma no di nsɛ?

3 So ade a ɛma obi bɛyɛ osuani a yennim no ma yɛn abam bu wɔ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no ho? Dabi. Ɛma ɛyɛ anigye ne anika mmom. Ɔhene Salomo kae sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.” (Ɔsɛnk. 11:6) Nokwarem no, sɛ yegu aba a, yennim baabi a egu, na sɛ ebefifi mpo a, yennim. Nneɛma pii wɔ hɔ a yɛrentumi nyɛ ho hwee. Yebetumi aka sɛ, saa ara na asuafoyɛ adwuma no nso te. Yesu de mfatoho abien a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Marko Asɛmpa no ti 4 no kyerɛkyerɛɛ saa nokwasɛm yi mu. Ma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi saa mfatoho abien yi mu.

Asase Ahorow

4, 5. Ka Yesu mfatoho a ɛfa ogufo a ɔkɔpetee aba no ho asɛm tiawa.

4 Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Marko 4:1-9 no, Yesu kaa ogufo bi a oguu aba anaasɛ ɔtow aba petee ma ekoguu asase ahorow so ho asɛm. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Muntie. Hwɛ! Ogufo bi fii adi sɛ ɔrekogu aba. Na ɔregu aba no, ebi guu kwankyɛn, na nnomaa bedii. Na aba no bi guu baabi a abotan wɔ a dɔte pii nni, na esiane sɛ ankɔ dɔte mu pii nti ntɛm ara na efifii. Nanso bere a owia puei no ɛbotowee, na esiane nhin a enni nti ewui. Na aba no bi koguu nsɔe mu, na nsɔe no nyinii na emiamiaa no, na ansow aba. Na ebi koguu asase pa so, na efifii na enyinii, na efii ase sow aba, ebi mmɔho aduasa, ebi aduosia ne ɔha.”

5 Wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no, sɛ wɔregu aba a, na wɔtaa tow pete. Ná ogufo no de aba no gu n’atade anaa ade mu, na ɔrekɔ nyinaa na ɔretow pete. Enti, wɔ mfatoho yi mu no, ogufo no anhyɛ da na oguu aba no wɔ asase ahorow bi so. Mmom no, aba a ɔpetee no ankasa na ekoguu asase ahorow so.

6. Yesu kyerɛkyerɛɛ ogufo ho mfatoho no mu dɛn?

6 Ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim kyerɛ saa mfatoho yi ase. Yesu kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Marko 4:14-20 no. Ɔkae wɔ hɔ sɛ: “Ogufo no gu asɛm no. Enti eyinom ne nea ekogu kwankyɛn no, faako a wogu asɛm no, nanso wɔte ara pɛ a Satan beyi asɛm a wɔagu no wɔn mu no. Na eyinom nso ne nea wogu no abotan so no: wɔte asɛm no ara pɛ a wɔde anigye gye tom. Nanso wonni nhin biara, na wɔtra hɔ kakra; afei asɛm no nti sɛ ahohiahia anaa ɔtaa ba ara pɛ a, ɛto wɔn hintidua. Ebi nso wogu no nsɔe mu; eyinom ne wɔn a wɔate asɛm no, nanso wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa ne nneɛma a aka ho akɔnnɔ miamia asɛm no, na ɛnsow aba. Afei nea woguu no asase pa so no ne wɔn a wotie asɛm no na wogye no fɛw so na wɔsow aba mmɔho aduasa ne aduosia ne ɔha.”

7. Aba ne asase ahorow no gyina hɔ ma dɛn?

7 Hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ aba ahorow na wogui. Mmom no, aba koro na wogui ma ekoguu asase ahorow so, na ɛsono nea efii emu biara mu bae. Ná asase a edi kan no so yɛ den, anaa akyen; na dɔte pii nni asase a ɛto so abien no so; na nsɔe agye asase a ɛto so abiɛsa no so afa; na na asase a ɛto so anan no yɛ asase pa a ɛsow aba. (Luka 8:8) Dɛn ne aba no? Ɛno ne Ahenni no ho asɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. (Mat. 13:19) Asase ahorow no gyina hɔ ma dɛn? Egyina hɔ ma nnipa a ɛsono wɔn mu biara ne ne koma.—Monkenkan Luka 8:12, 15.

8. (a) Ogufo no gyina hɔ ma henanom? (b) Dɛn nti na ɛsono nea nnipa a wɔte Ahenni no ho asɛmpa no mu biara yɛ wɔ ho?

8 Ogufo no gyina hɔ ma hena? Ogyina hɔ ma Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo a wɔka Ahenni no ho asɛmpa no. Wogu aba gugu so nsu te sɛ nea Paulo ne Apolo yɛe no. Ɛwom sɛ wɔyere wɔn ho ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo de, nanso ɛsono nea nnipa a wɔte asɛmpa no mu biara yɛ wɔ ho. Dɛn ntia? Efisɛ, ɛsono koma a nnipa a wɔte asɛmpa no mu biara wɔ. Wɔ mfatoho no mu no, na ogufo no ntumi nyɛ nea aba a ogui no bɛsow no ho hwee. Hwɛ sɛnea saa asɛm yi yɛ awerɛkyekye ma yɛn nuanom mmarima ne mmea anokwafo a wɔde mfe pii ayɛ asɛnka adwuma no nanso ɛte sɛ nea biribi pa biara mfii mu mmae no titiriw! * Dɛn ntia?

9. Nokwasɛm a ɛma awerɛkyekye bɛn na ɔsomafo Paulo ne Yesu nyinaa sii so dua?

9 Ɛnyɛ nea efi adwuma a ogufo yɛ mu ba na wɔde hu sɛ ɔyɛ adwuma no yiye. Paulo kaa eyi ho asɛm, bere a ɔkae sɛ: “Wɔn mu biara benya n’ankasa akatua sɛnea n’ankasa adwuma te” no. (1 Kor. 3:8) Ɛyɛ sɛnea obi yɛ adwuma no na wogyina so tua no ka, na ɛnyɛ nea efi adwuma no mu ba no. Yesu nso sii eyi so dua bere a n’asuafo no tutuu akwan kɔkaa asɛmpa no bae no. Wɔn ani gye boroo so efisɛ Yesu din a wɔde yɛɛ adwuma no maa adaemone mpo brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn. Ɛwom sɛ wɔn ani gyei de, nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnni eyi ho ahurusi, sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo, na mmom munni ahurusi efisɛ wɔakyerɛw mo din wɔ soro.” (Luka 10:17-20) Bere a ebia ogufo bi nhu aba a n’adwuma asow mpo no, ɛnkyerɛ sɛ ɔnyɛ nsi, anaa ɔnyɛ adwuma no yiye te sɛ nea afoforo yɛ no no. Nea ebefi mu aba no gyina onipa a ɔte asɛm no koma so titiriw. Nanso, awiei koraa no, Onyankopɔn na ɔma enyin!

Asɛyɛde a Wɔn a Wɔte Asɛm no Wɔ

10. Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ obi a ɔte asɛm no bɛyɛ asase pa anaasɛ ɔrenyɛ asase pa?

10 Na wɔn a wɔte asɛm no nso ɛ? So wɔahyehyɛ nea wɔbɛyɛ wɔ ho ato hɔ dedaw? Dabi. Sɛ́ wɔbɛyɛ asase pa anaasɛ wɔrenyɛ asase pa no de, egyina wɔn ankasa so. Nokwarem no, onipa bi koma betumi asesa abɛyɛ papa anaa bɔne. (Rom. 6:17) Wɔ mfatoho a Yesu mae no mu no, ɔkae sɛ, ebinom ‘te’ asɛm no “ara pɛ a,” Satan ba beyi fi wɔn mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma eyi to yɛn. Wɔhyɛ Kristofo nkuran wɔ Yakobo 4:7 sɛ, ‘wonsiw Ɔbonsam kwan,’ na obeguan afi wɔn nkyɛn. Yesu kaa afoforo a wɔde anigye gye asɛm no mfiase na afei esiane sɛ “wonni nhin biara” nti, asɛm biara to wɔn a na ato wɔn hintidua no ho asɛm. Nanso, wotu Onyankopɔn asomfo fo sɛ ‘wonnye nhin, na wontintim wɔ fapem no so’ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu Onyankopɔn Asɛm no ‘tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ yiye, na ama wɔahu Kristo dɔ a ɛkyɛn nimdeɛ no.’—Efe. 3:17-19; Kol. 2:6, 7.

11. Dɛn na obi betumi ayɛ na wamma wiase yi mu dadwen ne ahonyade ammia asɛm a wate no?

11 Wɔkaa afoforo a wɔn nso tee asɛm no na wɔmaa “wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa” hyɛɛ wɔn so ma emiaa asɛm no ho asɛm. (1 Tim. 6:9, 10) Dɛn na wobetumi ayɛ na asɛm a ɛte saa anto wɔn? Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo asetra mu, na momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo. Na waka sɛ: ‘Merennyaw wo na merempa wo nso da.’”—Heb. 13:5.

12. Dɛn nti na aba a nnipa a wɔde wɔn gyina hɔ ma asase pa no sow no nyɛ pɛ?

12 Awiei koraa no, Yesu kae sɛ aba a woguu no asase pa so no ‘sow aba mmɔho aduasa ne aduosia ne ɔha.’ Ɛwom sɛ wɔn a wotie asɛm no mu bi wɔ koma pa na wɔsow aba de, nanso esiane sɛ ɛsono wɔn mu biara nsɛm tebea nti, ɛsono bere dodow a wɔn mu biara tumi de ka asɛmpa no. Sɛ nhwɛso no, ebia nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ, anaa yare mma ebinom ntumi mfa bere pii nyɛ asɛnka adwuma no. (Fa toto Marko 12:43, 44 ho.) Eyi ho nso, ebia ogufo no rentumi nyɛ tebea no ho hwee, nanso sɛ ohu sɛ Yehowa ama anyin a, ɛma n’ani gye.—Monkenkan Dwom 126:5, 6.

Ogufo a Ɔdae No

13, 14. (a) Ka Yesu mfatoho a ɛfa onipa a oguu aba no ho asɛm tiawa. (b) Ogufo no gyina hɔ ma hena, na aba no gyina hɔ ma dɛn?

13 Yehu mfatoho foforo a ɛfa ogufo bi ho wɔ Marko 4:26-29. Ɛka sɛ: “Enti Onyankopɔn ahenni te sɛ bere a obi gu aba asase so, na ɔda anadwo sɔre anɔpa, na aba no fifi na ɛyɛ tenten, a onnim ɔkwan a ɛfaa so yɛɛ saa. Asase no ara de nkakrankakra sow aba; edi kan yi ahaban, afei bɛtem, na aba ba bɛtem no ho. Na sɛ enya ba sɛ ɛsɛ sɛ wotwa aduaba no a, ɔtwe so kantankrankyi, efisɛ na twabere adu.”

14 Hena ne ogufo yi? Kristoman mufo binom ka sɛ Yesu ankasa ne ogufo no. Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi aka sɛ Yesu kɔdae a onnim nea ɛyɛe a aba no nyinii? Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu nim sɛnea aba nyin! Mmom no, saa ogufo yi te sɛ ogufo a yɛadi kan aka ne ho asɛm dedaw no a ogyina hɔ ma nnipa a wɔde nsi ka Ahenni no ho asɛm a wɔnam asɛnka adwuma no so gu Ahenni no aba no. Aba a wogu no ne asɛm a wɔka no. *

15, 16. Nokwasɛm a ɛfa sɛnea aba nyin ne sɛnea obi nyin bɛyɛ osuani ho bɛn na Yesu kaa ho asɛm wɔ mfatoho a ɛfa ogufo no ho no mu?

15 Yesu kae sɛ ogufo no ‘da anadwo sɔre anɔpa.’ Eyi nkyerɛ sɛ ogufo no amma n’ani ankɔ aba a ogui no ho. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, ɔyɛɛ ade a nnipa dodow no ara yɛ no daa wɔ wɔn asetram no bi. Ɔkwan a ɔfaa so kaa asɛm no wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no kyerɛ sɛnea obi kɔ adwuma adekyee na ɔkɔda anadwo da biara no. Ɛyɛ nea ɛkɔɔ so saa bere no mu no na Yesu kaa ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Aba no fifi na ɛyɛ tenten.” Afei, Yesu toaa so sɛ: “Onnim ɔkwan a ɛfaa so yɛɛ saa.” Nea osii so dua ne sɛ aba “no ara” na enyinii. *

16 Dɛn na na Yesu rekyerɛ wɔ ha? Hyɛ no nsow sɛ nea osii so dua ne aba a enyinii ne sɛnea enyinii nkakrankakra no. “Asase no ara de nkakrankakra sow aba; edi kan yi ahaban, afei bɛtem, na aba ba bɛtem no ho.” (Mar. 4:28) Enyinii nkakrankakra kosii sɛ ɛsow aba. Wɔrentumi nhyɛ aba mma enyin ntɛmntɛm. Saa kwan yi ara so na obi fa nyin bɛyɛ osuani. Saa ara na Yehowa ma nokware no kɔ so nyin nkakrankakra wɔ obi a ɔpɛ daa nkwa no koma mu.—Aso. 13:48; Heb. 6:1.

17. Sɛ nokware no sow aba a, henanom na wɔn ani gye?

17 Ɔkwan bɛn so na “sɛ enya ba sɛ ɛsɛ sɛ wotwa aduaba no” a, ogufo no nya otwa adwuma no mu kyɛfa bi? Sɛ Yehowa ma Ahenni no ho nokware no nyin wɔ asuafo a wɔyɛ foforo no komam a, awiei koraa no, ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no kanyan wɔn ma wohyira wɔn nkwa so ma no. Wɔde nsu mu asubɔ yɛ wɔn ahosohyira no ho sɛnkyerɛnne. Anuanom mmarima a wɔkɔ so nyin wɔ Onyankopɔn som mu no de nkakrankakra nya asɛyɛde pii wɔ asafo no mu. Nea oguu aba no ne Ahenni adawurubɔfo foforo a wɔnka ho ankasa na woguu aba a ɛmaa saa onipa no bɛyɛɛ osuani no nso twa Ahenni aba no bi. (Monkenkan Yohane 4:36-38.) Nokwarem no, ‘nea ogu ne nea otwa no ani gye.’

Nea Yesua Fi Mu Nnɛ

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu mfatoho ahorow no ahyɛ wo nkuran? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Dɛn na yɛasua afi saa mfatoho abien a ɛwɔ Marko ti 4 a yɛasusuw ho yi mu? Yetumi hu pefee sɛ yɛwɔ adwuma bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ɛno ne aba a ɛsɛ sɛ yegu no. Ɛnsɛ sɛ yɛde ɔhaw a yebetumi ahyia yiyi yɛn ho ano na yegyae saa adwuma yi da. (Ɔsɛnk. 11:4) Nanso, bere koro no ara no, yenim sɛ yɛwɔ hokwan a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wobu yɛn sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo. Yehowa na ɔma nkurɔfo bɛyɛ asuafo, na ɔno na ohyira mmɔden a yɛbɔ de ka asɛm no ne mmɔden a wɔn a wotie asɛm no nso bɔ no so. Yenim sɛ yɛrentumi nhyɛ onipa biara mma ɔmmɛyɛ osuani. Saa ara nso na sɛ osuani bi annya nkɔso ntɛmntɛm a, ɛnsɛ sɛ ebu yɛn abam anaasɛ yɛma ɛhaw yɛn. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ nokware a yedi ma Yehowa ne hokwan a ɔde ama yɛn sɛ yɛnka ‘ahenni no ho asɛmpa’ no mfa nni “amanaman nyinaa adanse” no na ɛma obu yɛn sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no yiye.—Mat. 24:14.

19 Ɔkwan a asuafo a wɔyɛ foforo fa so nyin ne Ahenni no ho adwuma ho ade bɛn bio na Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn? Saa asɛmmisa yi ho mmuae wɔ mfatoho afoforo a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Nsɛmpa no mu no mu. Yebesusuw saa mfatoho yi bi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Susuw asɛnka adwuma a Onua Georg Fjölnir Lindal yɛe wɔ Iceland a wɔaka ho asɛm wɔ afe 2005 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu wɔ kratafa 210-211 no ho, ne asomfo anokwafo a wɔde animia kaa asɛmpa no mfe pii wɔ Ireland a biribiara amfi mu amma amonom hɔ ara no suahu ahorow no nso a ɛwɔ afe 1988 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kratafa 82-99 no ho hwɛ.

^ nky. 14 Bere bi a atwam no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ saa nsɛmma nhoma yi mu sɛ, ná aba no gyina hɔ ma nnipa su a nkurɔfo a wɔne wɔn bɔ tumi ma ɛsesa bɛyɛ papa. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔ mfatoho a Yesu mae no mu no, aba no ansesa ammɛyɛ aba bɔne anaa aduaba a aporɔw. Mmom no, enyin sow aba.—June 15, 1980, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 17-19.

^ nky. 15 Asomafo Nnwuma 12:10 nkutoo ne baabi a wɔde saa asɛm yi dii dwuma, baabi a ɛka dade pon a “ɛno ankasa” buei ho asɛm no.

So Wokae?

• Nsɛdi a ɛwɔ aba a wogu ne Ahenni no ho asɛm a wɔka mu no bi ne dɛn?

• Dɛn na Yehowa gyina so hu sɛ Ahenni ho ɔsɛmpakafo bi yɛ adwuma no yiye?

• Nsɛdi a ɛwɔ sɛnea aba nyin ne sɛnea obi bɛyɛ osuani ho asɛm bɛn na Yesu sii so dua?

• Ɔkwan bɛn so na ‘nea ogu ne nea otwa no ani gye’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

Dɛn nti na Yesu de obi a ɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no totoo ogufo a ogu aba ho?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Wɔn a wogyina hɔ ma asase pa no fi wɔn koma nyinaa mu ka Ahenni no ho asɛmpa no sɛnea wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Onyankopɔn na ɔma enyin