Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yebedi Ɔhaw A Yehyia Wɔ Afie Afie Asɛnka Mu No So

Sɛnea Yebedi Ɔhaw A Yehyia Wɔ Afie Afie Asɛnka Mu No So

Sɛnea Yebedi Ɔhaw A Yehyia Wɔ Afie Afie Asɛnka Mu No So

“Yɛn Nyankopɔn mmoa so yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu.” —1 TES. 2:2.

1. Ɔhaw bɛn na Yeremia hyiae, na ɛyɛɛ dɛn na otumi dii so?

NÁ Yeremia yɛ onipa a ɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔyɛ ‘odiyifo mma amanaman’ no, ɔkae sɛ: “Ao, [Yehowa, NW] Nyankopɔn, hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” Nanso, Yeremia de ne ho too Yehowa so, na ɔyɛɛ adwuma a Yehowa de maa no no. (Yer. 1:4-10) Yeremia gyinaa anibiannaso a nkurɔfo no yɛe, n’asɛm a wɔantie, ne ho fɛw a wodii, ne hwe a wɔhwee no no ano bɛboro mfe 40. (Yer. 20:1, 2) Ɛtɔ mmere bi a, na ɛyɛ Yeremia sɛ onnyae asɛm no ka. Nanso, ɔde animia kɔɔ so kaa asɛm no kyerɛɛ ɔman a na emu nnipa pii ani nnye asɛm a na ɔreka no ho no. Onyankopɔn maa Yeremia ahoɔden ma otumi yɛɛ adwuma a na anka ɔno ankasa ntumi mfa n’ahoɔden nyɛ da no wiei.—Monkenkan Yeremia 20:7-9.

2, 3. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ rehyia ɔhaw te sɛ nea Yeremia hyiae no?

2 Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu pii betumi ate nka te sɛ nea Yeremia tee nka no. Bere a yɛresusuw afie afie asɛnka adwuma a na yɛbɛyɛ bi ho no, yɛn mu pii nyaa adwene bere bi sɛ, ‘Yɛrentumi nyɛ bi da.’ Nanso, bere a yehui sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔpɛ sɛ yɛka asɛmpa no, yedii ehu biara a na ɛwɔ yɛn mu no so, na yɛyeree yɛn ho kaa asɛm no bi. Ɛwom sɛ yɛreka asɛm no bi de, nanso bere bi wɔ hɔ a yɛn mu pii hyia tebea ahorow bi a ɛma ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so aka asɛm no. Nokwarem no, ɛyɛ den sɛ yebefi ase ayɛ afie afie asɛnka adwuma no na yɛatoa so akosi awiei.—Mat. 24:13.

3 Na sɛ yɛne Yehowa Adansefo asua Bible no, akɔ asafo nhyiam ahorow bere kakra ni, nanso yɛretwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebefi ase ayɛ afie afie asɛnka adwuma no bi nso ɛ? Anaasɛ, sɛ woyɛ Ɔdansefo a woabɔ asu a wowɔ ahoɔden a wubetumi ayɛ afie afie asɛnka adwuma no, nanso ɛyɛ wo den sɛ wobɛyɛ bi nso ɛ? Nya awerɛhyem sɛ, nnipa ahorow nyinaa rebɔ mmɔden sɛ wobedi ɔhaw a wɔrehyia wɔ afie afie asɛnka adwuma mu no so. Yehowa bɛboa wo ma wo nso woatumi adi so.

Momma Yennya Akokoduru

4. Dɛn na ɛmaa ɔsomafo Paulo nyaa akokoduru de kaa asɛmpa no?

4 Akyinnye biara nni ho sɛ, woahu sɛ ɛnyɛ nnipa tumi anaa nyansa na wɔde reyɛ asɛnka adwuma no wɔ wiase nyinaa, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn honhom. (Sak. 4:6) Saa ara na Onyankopɔn honhom na ɛboa Kristoni biara ma ɔyɛ asɛnka adwuma no. (2 Kor. 4:7) Fa ɔsomafo Paulo sɛ nhwɛso. Bere a ɔreka sɛnea asɔretiafo yɛɛ ɔno ne ɔsɛmpatrɛwfo a na ɔka ne ho basabasa ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn Nyankopɔn mmoa so yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu, bere a yehuu amane mfiase, na wɔbɔɔ yɛn adapaa . . . wɔ Filipi no.” (1 Tes. 2:2; Aso. 16:22-24) Ebia, yɛrennya adwene da sɛ bere bi bae a na ɛyɛ den ma ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi te sɛ Paulo sɛ ɔbɛka asɛmpa no. Nanso, na ɛsɛ sɛ Paulo de ne ho to Yehowa so na ama wanya akokoduru de aka asɛmpa no te sɛ nea yɛn nyinaa yɛyɛ no. (Monkenkan Efesofo 6:18-20.) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Paulo nhwɛso no?

5. Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so anya akokoduru de aka asɛmpa no?

5 Mpaebɔ yɛ ɔkwan biako a yɛfa so nya akokoduru de ka asɛmpa no. Ɔkwampaefo bi kae sɛ: “Mebɔ mpae sɛ menya ahotoso de akasa, mebɔ mpae sɛ asɛm a meka no betumi aka nkurɔfo koma, na mebɔ mpae sɛ metumi anya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu. Efisɛ, adwuma no yɛ Yehowa dea, na ɛnyɛ yɛn dea, enti yɛrentumi nyɛ biribi bere a Yehowa mmoa yɛn.” (1 Tes. 5:17) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom kronkron no mmoa de ka asɛmpa no akokoduru so.—Luka 11:9-13.

6, 7. (a) Anisoadehu bɛn na Hesekiel nyae, na na ɛkyerɛ dɛn? (b) Asuade bɛn na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya afi Hesekiel anisoadehu no mu?

6 Hesekiel nhoma no ma yehu biribi foforo a ebetumi aboa yɛn ma yɛde akokoduru aka asɛmpa no. Yehowa de nhoma mmobɔwee bi a wɔakyerɛw “kwadwom ne apinisi ne osu” wɔ anim ne akyi maa Hesekiel wɔ anisoadehu bi mu sɛ onni. Ɔka kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Onipa ba, ma wo yafunu nni, na fa nhoma mmobɔwee a mede merema wo yi hyɛ w’ayamde ma.” Ná anisoadehu yi kyerɛ dɛn? Ná ɛsɛ sɛ Hesekiel hu asɛm a ɔrekɔka no yiye paa. Ná ɛsɛ sɛ ɔma asɛm no tra ne mu na ɛka ne koma. Odiyifo no kɔɔ so kae sɛ: “Midii, na m’anom no, ne dɛ te sɛ ɛwo.” Ná Onyankopɔn asɛm no a Hesekiel bɛka wɔ baguam no yɛ no dɛ te sɛ nea ɔredi ɛwo. Ɛwom sɛ na Hesekiel rekɔka asɛm a emu yɛ den akyerɛ nnipa a wɔn aso yɛ den de, nanso ɔtee nka sɛ ɛyɛ hokwan kɛse na wanya sɛ ɔrekogyina Yehowa ananmu na wayɛ adwuma a Onyankopɔn de ama no no.—Monkenkan Hesekiel 2:8–3:4, 7-9.

7 Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya asuade a mfaso wɔ so afi anisoadehu yi mu. Yɛn nso yɛwɔ asɛm a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ nkurɔfo, na ɛnyɛ bere nyinaa na wɔkyerɛ mmɔden a yɛbɔ de ka asɛmpa no ho anigye. Sɛ yɛbɛkɔ so abu Kristofo adwuma a yɛyɛ no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse a Onyankopɔn de ama yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sua Onyankopɔn asɛm no yiye. Sɛ yɛansua ade yiye, anaasɛ yɛansua ade daa a, Onyankopɔn Asɛm no rentra yɛn mu yiye. So wubetumi ama wo Bible akenkan ne Bible a wusua no atu mpɔn, anaasɛ wubetumi ayɛ no daa? So wubetumi adwennwen nea wokenkan no ho daa?—Dw. 1:2, 3.

Sɛnea Yefi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase

8. Ɔkwan bɛn na Ahenni adawurubɔfo binom afa so ma aboa wɔn ma wɔafi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu?

8 Wɔ adawurubɔfo pii fam no, ade a ɛyɛ den ma wɔn paa wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu ne asɛm a wobedi kan aka akyerɛ ofiewura bi. Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ den paa sɛ yebefi nkɔmmɔbɔ ase wɔ nsasesin bi mu. Sɛ adawurubɔfo bi di kan sua asɛm tiawa bi a wɔbɛka de kratawa ama ofiewura bi sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ adaka no mu no a, ɛma ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ afie afie mu. Ebia, ofiewura no ani begye kratawa no asɛmti anaa mfonini a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ akyi no ho, na ama yɛanya kwan aka nea enti a yɛbaa ne nkyɛn no ho asɛm tiawa akyerɛ no, na afei yɛabisa no asɛm bi. Ɔkwan foforo a yebetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ, yɛde nkratawa ahorow abiɛsa anaa anan bɛkyerɛ ofiewura no, na yɛaka akyerɛ no sɛ onyi emu biako a n’ani gye ho. Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛkyekyɛ nkratawa kɛkɛ, anaasɛ yɛde nkratawa bɛma wɔ ofie biara a yɛkɔ mu no, na mmom, yɛn botae ne sɛ yɛne nkurɔfo bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ, na yɛahyehyɛ Bible adesua ahorow.

9. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yesua asɛm a yɛrekɔka akyerɛ no yiye?

9 Ɔkwan biara a wobɛfa so no, sɛ wudi kan sua asɛm a worekɔka no yiye a, ɛbɛboa wo ma woanya akokoduru na wode anigye aka asɛm no wɔ afie afie mu. Ɔkwampaefo bi kae sɛ: “Sɛ midi kan sua asɛm a merekɔka no yiye a, m’ani gye paa. Ɛma me ho pere me sɛ mɛka asɛm a madi kan asua no akyerɛ nkurɔfo.” Ɔkwampaefo foforo nso kae sɛ, “Sɛ minim nhoma a mede rekɔma no mu nsɛm yiye a, mede ma nkurɔfo anigye so.” Ɛwom sɛ, sɛ wusua asɛm a worekɔka akyerɛ no wɔ wo tirim a wunya mfaso bi de, nanso adawurubɔfo pii ahu sɛ sɛ wɔbobɔ asɛm no so ma epue wɔn ano a, wonya so mfaso kɛse. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛboa ma wotumi yɛ Yehowa adwuma no yiye.—Kol. 3:23; 2 Tim. 2:15.

10. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama asɛnka nhyiam a yɛyɛ no ayɛ nea ɛfata na mfaso wɔ so?

10 Sɛ yɛreyɛ asɛnka nhyiam na yɛma anuanom hu asɛm a wɔbɛka wɔ asɛnka mu a, ɛboa ma wɔde anigye yɛ afie afie asɛnka adwuma no yiye. Sɛ daa asɛm no fa asɛnka adwuma no ho a, yebetumi akenkan na yɛasusuw ho tiawa. Nanso, ɛsɛ sɛ onua a ɔrehwɛ asɛnka nhyiam no so no gye bere ma wosusuw asɛm a wɔbɛka akyerɛ no ho, anaasɛ wɔyɛ ho ɔyɛkyerɛ a ɛfata ma asasesin no tiawa, anaasɛ wobetumi asusuw nsɛm foforo a ɛfata a wobetumi aka wɔ asɛnka mu saa da no ho. Eyi bɛkɔ so aboa wɔn a wɔwɔ asɛnka nhyiam no ase no ma wɔadi adanse yiye. Sɛ asafo mu mpanyimfo ne afoforo a wɔhwɛ asɛnka nhyiam so di kan sua asɛm a wɔbɛka akyerɛ no yiye a, wobetumi aboa adawurubɔfo no ma wɔadi adanse yiye, na wɔawie asɛnka nhyiam no nso wɔ bere ano.—Rom. 12:8.

Mfaso a Ɛwɔ Aso a Yɛyɛ Tie Asɛm So

11, 12. Ɔkwan bɛn so na sɛ yefi yɛn komam tie nkurɔfo a, ɛboa ma yetumi ka asɛmpa no kyerɛ wɔn? Ma ho nhwɛso ahorow.

11 Ɛnyɛ asɛm a yɛrekɔka akyerɛ nkurɔfo a yesua no yiye no nkutoo na ɛboa ma yefi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase na yɛka asɛm no ma ɛka wɔn koma wɔ asɛnka mu, na mmom afoforo ho anigye kɛse a yɛkyerɛ no nso boa. Ɔkwan biako a yɛfa so kyerɛ nkurɔfo ho anigye kɛse a ɛte saa ne aso a yɛyɛ tie asɛm a wɔka no. Ɔhwɛfo kwantufo bi kae sɛ: “Sɛ wotɔ wo bo ase tie nkurɔfo, na woma wohu sɛ wopɛ sɛ wutie wɔn a, ɛma wɔn ani gye asɛmpa no ho paa, na ɛno yɛ ɔkwan a yɛfa kyerɛ sɛ yɛn ani gye afoforo ho yiye.” Sɛ yɛyɛ aso tie nsɛm a nkurɔfo ka kyerɛ yɛn, na yɛma wohu sɛ yɛte nka ma wɔn a, ɛma wotie Bible mu nkɔmmɔ a yɛne wɔn bɔ no sɛnea osuahu a edi hɔ no bɛma yɛahu no.

12 Krataa bi a ɔbea bi kyerɛwee a wotintimii wɔ atesɛm krataa bi wɔato din Le Progrès a wotintim wɔ France kurow Saint-Étienne mu no, ɔbea no kaa nnipa baanu bi a wɔbɛbɔɔ ne pon mu bere a na ne babea a wanya asram abiɛsa awu yayaayaw akyi bere tiaa bi no ho asɛm. Ɔbea no kae sɛ: “M’ani bɔɔ wɔn so ara pɛ na mihui sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo. Ná anka mepɛ sɛ mefa anifere kwan bi so pam wɔn, nanso mihuu nhomawa bi a na wɔde rema nkurɔfo no. Ná nhomawa no fa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan no ho. Enti, meyɛe sɛ mɛma wɔabɛtra ase na mabɔ wɔn asɛm no agu. . . . Adansefo no ne me bɔɔ nkɔmmɔ dɔnhwerew biako ne simma kakra. Wofii wɔn komam tiee asɛm a na mereka akyerɛ wɔn no yiye, bere a wɔrefi me nkyɛn akɔ no, na me bo atɔ me yam araa ma meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmɛsra me.” (Rom. 12:15) Bere bi akyi no, ɔbea yi ma wɔne no suaa Bible. Nea yebetumi ahyɛ no nsow paa ne sɛ, ɛnyɛ asɛm a Adansefo no kae wɔ bere a edi kan a wɔkɔsraa ɔbea no na ɛkaa ne tirim, na mmom sɛnea wɔyɛɛ aso tiee no no.

13. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adannan asɛmpa a yɛka no mu ma afata onipa biara a yehyia no no?

13 Sɛ yefi yɛn komam tie nsɛm a nkurɔfo ka kyerɛ yɛn no a, yɛma wonya hokwan ka nea enti a wohia Ahenni no ho asɛm kyerɛ yɛn. Eyi ma yenya hokwan kɛse de ka asɛmpa no kyerɛ wɔn. Ebia, woahyɛ no nsow sɛ asɛmpakafo a wotu mpɔn paa no taa yɛ wɔn a wɔyɛ aso tie nsɛm a afoforo ka no. (Mmeb. 20:5) Wɔkyerɛ nkurɔfo a wohyia wɔn wɔ asɛnka mu no ho anigye ankasa. Ɛnyɛ nkurɔfo a wohyia wɔn no din ne baabi a wɔte nkutoo na wɔkae, na mmom nneɛma a wɔn ani gye ho ne wɔn ahiade nso. Sɛ ofiewura bi ka biribi a ɛhaw no ho asɛm kyerɛ wɔn a, wɔyɛ ho nhwehwɛmu na wɔsan kɔ ne nkyɛn ntɛm ara kɔka nea wɔahu no kyerɛ no. Sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no, wɔn nso dannan Ahenni no ho asɛm a wɔka no mu ma ɛfata onipa biara a wohyia no no. (Monkenkan 1 Korintofo 9:19-23.) Nkurɔfo ho anigye a ɛte saa a wɔn a wɔka asɛmpa no kyerɛ no ma nnipa pii ani gye asɛmpa no ho, na wɔda “yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu” adi ma ɛyɛ anigye.—Luka 1:78.

Kɔ so Nya Afoforo Ho Adwempa

14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada Yehowa su ahorow adi bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no?

14 Yehowa adi yɛn ni denam hokwan a ɔde ama yɛn a yetumi yɛ nea yɛpɛ no so. Ɛwom sɛ, ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no de, nanso ɔnhyɛ obiara sɛ ɔnsom no, na mmom, ɔpɛ sɛ yegyina ɔdɔ a yɛwɔ ma no no so na ɛsom no, na ohyira wɔn a wɔkyerɛ nneɛma pa a wayɛ ama wɔn no ho anisɔ no. (Rom. 2:4) Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo no siesie yɛn ho sɛ bere biara a yebedi obi adanse no, yɛbɛka asɛmpa no wɔ ɔkwan a yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ mmɔborohunufo no pɛ sɛ yɛfa so ka no no so. (2 Kor. 5:20, 21; 6:3-6) Enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ho adwempa. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa?

15. (a) Dɛn na Yesu kae sɛ sɛ nkurɔfo antie asɛm no a n’asomafo no nyɛ? (b) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahwehwɛ wɔn a wɔfata no?

15 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, sɛ ebinom antie asɛm no a, ɛnsɛ sɛ wɔma ɛhaw wɔn pii, na mmom wɔnhwehwɛ wɔn a wɔfata no. (Monkenkan Mateo 10:11-15.) Sɛ yɛde botae nketenkete a yebetumi adu ho sisi yɛn ani so a, ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ eyi. Onua bi de ne ho toto obi a ɔrehwehwɛ sika kɔkɔɔ ho. Sɛ ɔrekɔ asɛnka a, asɛm a ɔtaa ka ne sɛ, “Migye di paa sɛ mepue sika kɔkɔɔ so nnɛ.” Onua foforo nso botae ne sɛ, “obenya obi a n’ani gye asɛm no ho dapɛn biara, na wasan akɔhyɛ anigye a onyae no mu den wɔ nna kakra bi akyi.” Adawurubɔfo binom nso bɔ mmɔden sɛ, anyɛ yiye koraa no, wɔbɛkenkan kyerɛwsɛm biako akyerɛ ofiewura biara. Botae a wubetumi adu ho bɛn na wubetumi de asi w’ani so?

16. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no?

16 Ɛnyɛ asɛmpa no a nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu tie no nko na ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no yiye. Ɛwom sɛ afie afie asɛnka adwuma no di dwuma titiriw bi wɔ nkwa a nnipa komapafo benya no mu de, nanso ɛsan di botae afoforo a ɛho hia ho dwuma. Asɛnka adwuma a yɛn a yɛyɛ Kristofo yɛ no ma yenya hokwan kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa. (1 Yoh. 5:3) Ɛmma yenni mogya ho fɔ. (Aso. 20:26, 27) Yɛde bɔ abɔnefo kɔkɔ sɛ, “bere a [Onyankopɔn de] bebu atɛn no adu.” (Adi. 14:6, 7) Na nea ehia sen ne nyinaa no, yɛnam asɛmpa a yɛka no so ama wɔreyi Yehowa din ayɛ wɔ wiase nyinaa. (Dw. 113:3) Enti, sɛ nkurɔfo tie asɛmpa a yɛka no oo, sɛ wontie oo, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka Ahenni ho asɛm no. Nokwarem no, mmɔden a yɛbɔ de ka asɛmpa no yɛ Yehowa fɛ.—Rom. 10:13-15.

17. Dɛn na wɔbɛma nkurɔfo ahu nnansa yi ara?

17 Ɛwom sɛ, nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ntie asɛmpa a yɛka no de, nanso ɛrenkyɛ wobehu nea enti a yɛreka asɛm no. (Mat. 24:37-39) Yehowa maa Hesekiel awerɛhyem sɛ, sɛ atemmusɛm a wama Hesekiel aka no ba mu a, Israel fie atuatewfo no ‘behu sɛ odiyifo bi aba wɔn mu.’ (Hes. 2:5) Saa ara na sɛ Onyankopɔn bu wiase a ɛwɔ hɔ yi atɛn a, ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ asɛmpa a Yehowa Adansefo kae wɔ mmɔnten so ne afie afie mu no fi nokware Nyankopɔn a ɔno ne Yehowa no ankasa hɔ, na Adansefo no yɛ n’ananmusifo ankasa. Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ Yehowa din da yɛn so na yɛreka asɛm a ɔde ama yɛn no wɔ mmere a ɛho hia paa yi mu! Ɛmmra sɛ, mmoa a Onyankopɔn de ma yɛn no bɛma yɛakɔ so adi ɔhaw a yehyia wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu no so.

Wubebua Dɛn?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya akokoduru de aka asɛmpa no?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛafi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ afoforo ho anigye ankasa?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ho adwempa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 9]

Ɔkwan Biako a Wɔfa so Fi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase

Sɛnea wofi ase:

◼ Sɛ wukyia ofiewura no wie a, wubetumi ama no kratawa na woaka sɛ, “Nea enti a maba wo nkyɛn ɛnnɛ ne sɛ, mepɛ sɛ me ne wo susuw awerɛkyekyesɛm a ɛho hia yi ho.”

◼ Anaasɛ wubetumi ama no kratawa na woaka sɛ, “Ɛnnɛ, maba wo nkyɛn sɛ me ne wo rebɛbɔ nkɔmmɔ tiawa, na mepɛ sɛ mihu w’adwene wɔ asɛm yi ho.”

Sɛ wogye kratawa no a:

◼ Twɛn kakra, na bisa ofiewura no adwene wɔ kratawa no asɛmti no ho.

◼ Sɛ ofiewura no rekasa a, yɛ asõ tie, na bɔ mmɔden sɛ wubehu n’adwene. Fi wo komam kamfo no.

Sɛnea mobɛtoa nkɔmmɔbɔ no so:

◼ Monkenkan kyerɛwsɛm biako anaa nea ɛboro saa, na munsusuw ho, na dannan wo nsɛm no mu ma ɛne nneɛma a onipa no ani gye ho ne n’ahiade nhyia.

◼ Sɛ ɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, ma no nhoma, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. Na yɛ nhyehyɛe san kɔ hɔ.