Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wunnim Nea Ɛbɛyɛ Yiye!

Wunnim Nea Ɛbɛyɛ Yiye!

Wunnim Nea Ɛbɛyɛ Yiye!

“Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye.”—ƆSƐNK. 11:6.

1. Dɛn nti na sɛ yehu ɔkwan a afifide fa so nyin a ɛyɛ yɛn nwonwa, na ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase?

ƐSƐ sɛ okuafo nya ntoboase. (Yak. 5:7) Sɛ okuafo gu aba wie a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn kosi sɛ ebefifi na anyin. Sɛ ewim tebea yɛ papa a, aba no bɛpae na afifi. Afei, ɛbɛba abɛyɛ afifide na asow aba. Awiei koraa no, okuafo no twa ne nnɔbae. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ wubehu sɛnea afifide nyin! Sɛ yehu Onii a ɔma afifide nyin no nso a, hwɛ sɛnea ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase. Yebetumi atɛw aba na yɛaboa agugu so nsu bi. Nanso, Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama anyin.—Fa toto 1 Korintofo 3:6 ho.

2. Sɛnea onipa bi nyin bɛyɛ Kristo suani no ho ade bɛn na Yesu kyerɛkyerɛe wɔ mfatoho a yesusuw ho wɔ adesua a edi eyi anim no mu?

2 Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ adesua a edi eyi anim mu no, Yesu de Ahenni no ho asɛm a yɛka no totoo ogufo bi a oguu aba ho. Wɔ mfatoho a ɛfa asase ahorow ho mu no, Yesu sii so dua sɛ, ɛwom sɛ aba pa na ogufo no gui de, nanso ɛyɛ koma a nnipa no wɔ na ɛbɛkyerɛ sɛ aba no benyin asow aba anaasɛ ɛrenyin nsow aba. (Mar. 4:3-9) Wɔ mfatoho a ɛfa ogufo a ɔdae ho mu no, Yesu sii so dua sɛ okuafo no nte ɔkwan a onipa bi fa so nyin bɛyɛ osuani no ase nwie koraa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi na ɛma biribi nyin, na ɛnyɛ onipa mmɔdenbɔ. (Mar. 4:26-29) Afei, ma yensusuw Yesu mfatoho afoforo abiɛsa a ɛfa sinapi aba, mmɔkaw, ne asau no ho nhwɛ. *

Sinapi Aba Ho Mfatoho No

3, 4. Ahenni no ho ade bɛn na mfatoho a ɛfa sinapi aba ho no si so dua?

3 Mfatoho a ɛfa sinapi aba ho a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Marko ti 4 no nso si nneɛma abien so dua: nea edi kan no, sɛnea nnipa pii tie Ahenni no ho asɛm ma ɛyɛ nwonwa; nea ɛto so abien, sɛnea wɔbɔ wɔn a wotie asɛmpa no ho ban. Yesu kae sɛ: “Dɛn ho na yɛde Onyankopɔn ahenni bɛtoto, anaa mfatoho bɛn na yɛde bɛkyerɛkyerɛ mu? Ɛte sɛ sinapi aba a bere a woduaa no asase mu no, na ɛyɛ asase so aba nyinaa mu nea esua koraa—nanso sɛ wodua a, enyin bɛyɛ kɛse sen afifide afoforo nyinaa na eyiyi nkorabata akɛse ma ewim nnomaa nya ne nwini ase tra.”—Mar. 4:30-32.

4 Ɛha nso, yehu sɛnea wɔde Ahenni no ho asɛm a yɛka ne nkɔanim a Kristofo asafo no anya fi Pentekoste afe 33 Y.B. mu reba no gyina hɔ ma sɛnea “Onyankopɔn ahenni” no anya nkɔso no. Sinapi aba yɛ aba ketewaa bi a yebetumi de agyina hɔ ama ade ketewaa bi. (Fa toto Luka 17:6 ho.) Nanso, sɛ sinapi nyin wie a, etumi yɛ tenten fi mita 3 kosi 5, na eyiyi nkorabata akɛse ma enti yebetumi abu no sɛ ɛyɛ dua.—Mat. 13:31, 32.

5. Nkɔso bɛn na ɛbaa Kristofo asafo no mu wɔ afeha a edi kan no mu?

5 Kristofo asafo no nyinii nkakrankakra fii afe 33 Y.B. mu, bere a wɔde honhom kronkron sraa asuafo bɛyɛ 120 no. Wɔ bere tiaa bi mu no, asuafo kakraa bi a na wɔwɔ asafo no mu no nyaa nkɔanim bɛyɛɛ gyidifo mpempem pii. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 2:41; 4:4; 5:28; 6:7; 12:24; 19:20.) Wɔ mfe aduasa mu no, na adwumayɛfo a wɔyɛ otwa adwuma no adɔɔso araa ma ɔsomafo Paulo tumi ka kyerɛɛ asafo a ɛwɔ Kolose no sɛ wɔaka asɛmpa no “wɔ abɔde a ɛwɔ soro ase nyinaa mu” dedaw. (Kol. 1:23) Nkɔso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni!

6, 7. (a) Nkɔso bɛn na aba fi afe 1914? (b) Nkɔanim foforo bɛn na ɛbɛba?

6 Efi bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ ɔsoro wɔ afe 1914 mu no, sinapi “dua” no ayiyi nkorabata atrɛtrɛw sen sɛnea na wɔhwɛ kwan no. Onyankopɔn nkurɔfo ahu nkɔmhyɛ a Yesaia kyerɛwee no mmamu ankasa sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den.” (Yes. 60:22) Nnipakuw ketewaa bi a wɔasra wɔn a na wɔreka Ahenni no ho asɛm wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase no anna annwen ho da sɛ ebedu afe 2008 no, na Adansefo bɛyɛ ɔpepem ason na wɔreyɛ asɛnka adwuma no wɔ nsase bɛboro 230 so. Nkɔso a aba no yɛ nwonwa ankasa te sɛ nea sinapi aba a Yesu de yɛɛ mfatoho no nyinii no!

7 Nanso, so nkɔso a ɛbɛba nyinaa ni? Dabi. Bere bi bɛba a nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa. Ebedu saa bere no, na wɔasɛe wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn no nyinaa. Ɛnyɛ nnipa na wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn no, na mmom Amansan Hene Yehowa ankasa na ɔde ne ho begye asase so nsɛm mu. (Monkenkan Daniel 2:34, 35.) Saa bere no, yebehu nkɔmhyɛ foforo a Yesaia kyerɛwee no mmamu a etwa to. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.”—Yes. 11:9, NW.

8. (a) Nnomaa a wɔwɔ Yesu mfatoho no mu no gyina hɔ ma henanom? (b) Dɛn na wɔbɔ yɛn ho ban fi ho seesei mpo?

8 Yesu kae sɛ, ewim nnomaa tumi tra saa Ahenni yi nwini ase. Saa nnomaa yi nnyina hɔ mma Ahenni no ho atamfo a wodi aba pa no te sɛ nea nnomaa a wɔwɔ mfatoho a ɛfa onipa bi a ɔkɔpetee aba a eguu asase ahorow so no yɛe no. (Mar. 4:4) Mmom no, wɔ saa mfatoho yi mu no, nnomaa no gyina hɔ ma nnipa komapafo a wɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ Kristofo asafo no mu no. Seesei mpo, wɔbɔ saafo yi ho ban fi subammɔne a ɛremma wonnya Onyankopɔn anim dom ne nneyɛe a ɛho ntew a ɛrekɔ so wɔ wiase bɔne yi mu no ho. (Fa toto Yesaia 32:1, 2 ho.) Saa ara na Yehowa nso de Mesia Ahenni no totoo dua ho, na ɔhyɛɛ ho nkɔm sɛ: “Israel bepɔw sorɔnsorɔn so na medua, na ebeyiyi abãa asow aba, na ayɛ kyeneduru kunini, na nnomaa nyinaa, ntakraboa nyinaa abesisi ase; n’abaa nwini mu na wobesisi.”—Hes. 17:23.

Mmɔkaw Ho Mfatoho No

9, 10. (a) Asɛm bɛn na Yesu sii so dua wɔ mmɔkaw ho mfatoho no mu? (b) Wɔ Bible mu no, wɔtaa de mmɔkaw gyina hɔ ma dɛn, na asɛm a Yesu ka faa mmɔkaw ho no ho asɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

9 Ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa tumi de wɔn ani hu sɛnea biribi nyin. Yesu sii saa asɛm yi so dua wɔ mfatoho a edi hɔ a ɔmae no mu. Ɔkae sɛ: “Ɔsoro ahenni te sɛ mmɔkaw a ɔbea bi de fraa esiam susukora akɛse abiɛsa mu kosii sɛ ne nyinaa mu kawee.” (Mat. 13:33) Mmɔkaw yi gyina hɔ ma dɛn, na ɛfa nkɔso a Ahenni no nya ho dɛn?

10 Wɔ Bible mu no, wɔtaa de mmɔkaw gyina hɔ ma bɔne. Ɔsomafo Paulo de mmɔkaw dii dwuma wɔ saa kwan yi so bere a na ɔreka ɔbɔnefo bi a na ɔwɔ tete Korinto asafo no mu nkɛntɛnso bɔne ho asɛm no. (1 Kor. 5:6-8) Wɔ saa asɛm yi mu no, so na Yesu de mmɔkaw regyina hɔ ama biribi bɔne a ɛrekɔ so?

11. Ɔkwan bɛn so na wɔde mmɔkaw dii dwuma wɔ tete Israel?

11 Ansa na yebebua saa asɛmmisa no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nneɛma titiriw abiɛsa bi nsow. Nea edi kan no, ɛwom sɛ Yehowa amma Israelfo no amfa mmɔkaw anni dwuma wɔ Twam afahyɛ no mu de, nanso mmere bi wɔ hɔ a, ɔma wɔde afɔrebɔde a na mmɔkaw wom bɔɔ afɔre maa no. Ná wɔde mmɔkaw ka nneɛma a wɔde bɔ asomdwoe afɔre a na nea ɔrebɔ afɔre no fi ne pɛ mu de da Yehowa ase wɔ nneɛma pii a wayɛ ama no no ho. Ná wɔn a wɔbɔ saa afɔre yi nyinaa ani gye.—Lev. 7:11-15.

12. Dɛn na yebetumi asua afi sɛnea Bible de nsɛnkyerɛnne yɛ mfatoho no mu?

12 Nea ɛto so abien, ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔde sɛnkyerɛnne bi gyina hɔ ma biribi bɔne wɔ Kyerɛwnsɛm no mu de, nanso wobetumi de sɛnkyerɛnne koro no ara nso agyina hɔ ama biribi pa wɔ bere foforo mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1 Petro 5:8 no, wɔde Satan toto gyata a ne ho yɛ hu na ɔyɛ basabasa ho. Nanso, wɔ Adiyisɛm 5:5 no, wɔde Yesu toto gyata ho—“Yuda abusua mu Gyata.” Bere a wɔde Yesu totoo gyata ho no, na wɔde gyata reyɛ akokoduru a wɔde bu atɛntrenee ho sɛnkyerɛnne.

13. Dɛn na mmɔkaw ho mfatoho a Yesu mae no ma yehu wɔ sɛnea onipa bi nyin bɛyɛ Kristo suani no ho?

13 Nea ɛto so abiɛsa, wɔ Yesu mfatoho no mu no, wanka sɛ mmɔkaw no sɛee esiam no nyinaa a na wɔde yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye. Mmom no, na ɔreka sɛnea wɔto paanoo ho asɛm ara kwa. Ɔbea warefo no hyɛɛ da de mmɔkaw no fraa esiam no mu de yɛɛ adepa. Mmɔkaw no fraa esiam no nyinaa a wɔamfa aniwa anhu. Enti, ɔbea warefo no anhu ɔkwan a mmɔkaw no faa so maa esiam no kawee no. Eyi ma yɛkae onipa a okoguu aba na ɔdaa anadwo no. Yesu kae sɛ, “aba no fifi na ɛyɛ tenten, a [onipa no nnim] ɔkwan a ɛfaa so yɛɛ saa.” (Mar. 4:27) Hwɛ ɔkwan tiawa a wɔfa so kyerɛkyerɛ sɛnea onipa bi nyin bɛyɛ Kristo suani a yentumi mfa yɛn aniwa nhu no mu! Ebia mfiase no, yɛrenhu sɛnea onipa no nyin de, nanso awiei koraa no, nea yebehu ara ne sɛ wanyin.

14. Asɛnka adwuma no ho ade bɛn na wɔde mmɔkaw a ɛkaw esiam nyinaa no yɛɛ ho mfatoho?

14 Ɛwom sɛ nnipa mfa wɔn aniwa nhu sɛnea biribi nyin de, nanso nneɛma rekɔ so nyin wɔ wiase nyinaa. Eyi yɛ ade foforo a Yesu sii so dua wɔ mmɔkaw ho mfatoho no mu. Mmɔkaw no kaw esiam “susukora akɛse abiɛsa” no nyinaa. (Luka 13:21) Wɔatrɛw Ahenni no ho asɛnka adwuma a ɛma nnipa pii nyin bɛyɛ asuafo no mu adu akyiri ma ɛnnɛ wɔaka Ahenni no ho asɛm ma adu “asase ano nohoa.” (Aso. 1:8; Mat. 24:14) Hwɛ hokwan a ɛyɛ anigye a yɛanya sɛ yɛreyɛ Ahenni adwuma a ɛrenya nkɔso ntɛmntɛm yi bi!

Asau No

15, 16. (a) Ka mfatoho a ɛfa asau ho no ho asɛm tiawa. (b) Asau no gyina hɔ ma dɛn, na Ahenni no nkɔso ho ade bɛn na mfatoho yi ka ho asɛm?

15 Su pa a nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Yesu Kristo asuafo no da no adi no ho hia koraa sen wɔn dodow a ɛbɛkɔ anim no. Yesu kaa Ahenni no nkɔso foforo yi ho asɛm bere a ɔmaa mfatoho a ɛfa asau ho no. Ɔkae sɛ: “Bio nso ɔsoro ahenni te sɛ asau a wɔagyaa agu po mu ma ayi mpataa ahorow pii.”—Mat. 13:47.

16 Asau no gyina hɔ ma Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no, na eyi mpataa ahorow nyinaa bi. Yesu kɔɔ so kae sɛ: “Bere a [asau no yɛɛ] mã no wɔtwe guu mpoano traa ase boaboaa papa no ano guu ade mu, nanso nea enye no de wɔtow gui. Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase nhyehyɛe no awiei: abɔfo no bɛkɔ akoyiyi abɔnefo afi atreneefo mu na wɔbɛtow wɔn agu ogya fononoo mu. Ɛhɔ na wobesu atwɛre wɔn sẽ.”—Mat. 13:48-50.

17. Nyiyim a wɔkaa ho asɛm wɔ asau ho mfatoho no mu no fa bere bɛn ho?

17 So saa nyiyim yi fa atemmu a etwa to a wɔde bɛba nguan ne mmirekyi so a Yesu kaa ho asɛm sɛ ɛbɛkɔ so wɔ bere a waba n’anuonyam mu no ho? (Mat. 25:31-33) Dabi. Saa atemmu a etwa to no bɛkɔ so wɔ bere a Yesu bɛba wɔ ahohiahia kɛse no mu no. Nanso, nyiyim a wɔkaa ho asɛm wɔ asau ho mfatoho no mu no bɛkɔ so wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu. * Ɛno ne bere a yɛte mu yi—nna a ɛbɛkɔ akowie ahohiahia kɛse no mu no. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wɔreyɛ nyiyim adwuma no nnɛ?

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na nyiyim adwuma bi rekɔ so nnɛ? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ nnipa komapafo yɛ? (Hwɛ ase hɔ asɛm a ɛwɔ kratafa 21 no nso.)

18 Sɛnkyerɛnne kwan so mpataa ɔpepem pii ankasa afi adesamma po no mu aba Yehowa asafo no mu wɔ ɛnnɛ mmere yi mu. Ebinom ba Nkaedi ase, afoforo ba yɛn asafo nhyiam ahorow, na ebinom nso ma yɛne wɔn sua Bible no. Nanso, so saa nnipa yi nyinaa ba bɛyɛ nokware Kristofo? Ebia ‘wɔbɛtwe wɔn agu mpoano,’ nanso Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ, “papa” no nkutoo na wɔbɛboaboa ano agu ade a egyina hɔ ma Kristofo asafo no mu. Wɔbɛtow nea enye no agu, na awiei koraa no, wɔde begu sɛnkyerɛnne kwan so ogya fononoo a ɛkyerɛ ɔsɛe a ɛbɛba daakye no mu.

19 Nnipa pii a bere bi na wɔne Yehowa nkurɔfo sua Bible no a wɔagyae no te sɛ mpataa a enye no. Wɔn mu bi wɔ hɔ a wɔn awofo yɛ Kristofo, nanso wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛba abɛyɛ Yesu akyidifo da. Wɔmpɛ sɛ wobesi gyinae asom Yehowa, anaasɛ na wɔsom no bere bi na wɔagyae. * (Hes. 33:32, 33) Nanso, ɛho hia sɛ nnipa komapafo nyinaa ma wɔboaboa wɔn ano gu asafo ahorow no a ɛte sɛ ade a wɔde mpataa gu mu no mu ansa na atemmu a etwa to no aba, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so tra baabi a ahobammɔ wɔ no.

20, 21. (a) Dɛn na yɛasua afi Yesu mfatoho a ɛfa onyin ho a yɛasusuw ho yi mu? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

20 Enti, dɛn na yɛasua afi nhwehwɛmu kakra a yɛayɛ wɔ mfatoho ahorow a Yesu mae a ɛfa onyin ho no mu? Nea edi kan no, te sɛ nea sinapi aba no nyinii no, saa ara na nnipa pii retie Ahenni no ho asɛm no wɔ asase so ha. Biribiara nni hɔ a ebetumi ama yɛagyae Yehowa adwuma no a yɛretrɛw mu no! (Yes. 54:17) Afei nso, wɔabɔ wɔn a wɔahwehwɛ ahobammɔ wɔ ‘dua no nwini ase’ no ho ban afi Satan ne ne wiase bɔne no ho. Nea ɛto so abien, Onyankopɔn na ɔma obi nyin bɛyɛ osuani. Sɛnea yɛmfa yɛn aniwa nhu ɔkwan a mmɔkaw fa so kaw esiam nyinaa no, saa ara na ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi hu anaasɛ yɛte ɔkwan a nneɛma fa so nyin no ase, nanso onyin no kɔ so ara! Nea ɛto so abiɛsa, ɛnyɛ wɔn a wɔatie asɛmpa no nyinaa na wɔada wɔn ho adi sɛ woye. Sɛnea Yesu kaa ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no, wɔn mu binom ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ mpataa a enye.

21 Nanso, hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yehu sɛ Yehowa retwe nnipa pii a wɔfata aba ne nkyɛn! (Yoh. 6:44) Eyi ama nkɔso pii aba wɔ aman pii so. Ɛsɛ sɛ yɛde onyin yi ho anuonyam nyinaa ma Yehowa Nyankopɔn. Esiane sɛ yɛn mu biara hu nea ɛrekɔ so yi nti, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yetie afotu a wɔkyerɛw no mfehaha pii a atwam ni no. Ɛka sɛ: “Gu w’aba anɔpa . . . , na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.”—Ɔsɛnk. 11:6.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Nkyerɛkyerɛmu a edi hɔ no yɛ nsakrae a yɛreyɛ wɔ nkyerɛkyerɛmu a yɛde mae wɔ June 15, 1992, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17-22, ne October 1, 1975, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 589-608 mu no mu.

^ nky. 17 Ɛwom sɛ Mateo 13:39-43 fa Ahenni no ho asɛnka adwuma no ho ade foforo ho de, nanso ebenya ne mmamu wɔ bere a asau ho mfatoho no renya ne mmamu no ara wɔ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” yi mu. Sɛnkyerɛnne kwan so mpataa a woyiyi mu no rekɔ so sɛnea aba a wogu ne otwa adwuma no rekɔ so wɔ yɛn bere yi mu no.—October 15, 2000, Ɔwɛn-Aban kratafa 25-26; Som Nokware Nyankopɔn Koro No kratafa 178-181, nkyekyɛm 8-11.

^ nky. 19 So eyi kyerɛ sɛ abɔfo no atow obiara a ɔne Yehowa nkurɔfo mmɔ bio no akyene? Dabida! Sɛ obi fi ne komam pɛ sɛ ɔsan ba Yehowa nkyɛn a, Yehowa begye no atom.—Mal. 3:7.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na Yesu mfatoho a ɛfa sinapi aba ho no ma yehu fa nkɔso a aba wɔ Ahenni adwuma no mu ne ahobammɔ a yenya fi Satan ne ne wiase bɔne yi ho no ho?

• Dɛn na mmɔkaw a ɛwɔ Yesu mfatoho no mu no gyina hɔ ma, na nkɔso a aba wɔ Ahenni adwuma no mu bɛn na Yesu sii so dua?

• Ahenni no nkɔso ho ade bɛn na wɔdaa no adi wɔ mfatoho a ɛfa asau ho no mu?

• Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛakɔ so aka wɔn a ‘wɔaboaboa wɔn ano agu ade’ mu no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Dɛn na mfatoho a ɛfa sinapi aba no ho ma yehu fa nkɔso a aba wɔ Ahenni adwuma no mu ho?

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Dɛn na yesua fi mmɔkaw ho mfatoho no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Dɛn na mpataa a enye a woyiyi fi nea eye mu no yɛ ho mfonini?