Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛ Nea W’ahoɔden Betumi, na Nya Anigye

Yɛ Nea W’ahoɔden Betumi, na Nya Anigye

Yɛ Nea W’ahoɔden Betumi, na Nya Anigye

“ANYƐ yiye bio!” Mpɛn ahe na woaka biribi a ɛte saa esiane sɛ woantumi anyɛ biribi a wobɔɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ nti? Kristoni ababaa bi a ɔyɛ ɛna a ne ba a wawo no foforo su haw no ma wayɛ basaa a ontumi mfa ne ho nhyɛ Kristofo som adwuma no mu abam betumi abu ma wakeka nsɛm bi a ɛte saa. Kristoni foforo betumi ate nka sɛ ɔtɔ sin esiane ntetee a onyae wɔ ne mmofraase nti, na obetumi anya adwene sɛ ɔmmɔ mmɔden wɔ asafo no mu. Esiane sɛ Ɔdansefo bea bi a ne mfe akɔ anim ntumi mfa ne ho nhyɛ Kristofo som adwuma no mu te sɛ nea na otumi yɛ bere a na ne ho yɛ den na otumi nantew pii no nti, ne werɛ betumi ahow. Christiane a n’abusua mu nsɛm nti, ontumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu sɛnea ɔpɛ no kae sɛ: “Sɛ ɛtɔ mmere bi na mitie ɔkasa bi a wɔde rehyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnyɛ akwampae adwuma no a, ɛma misu.”

Sɛ yɛte nka saa a, dɛn na yebetumi ayɛ? Ɔkwan bɛn so na Kristofo binom atumi agye tebea ahorow a wɔwom no atom? Sɛ woyɛ nea w’ahoɔden betumi a, mfaso a wubenya no bi ne dɛn?

Yɛ Nea W’ahoɔden Betumi

Ɔsomafo Paulo ma yehu ade titiriw a ɛma yɛkɔ so nya anigye. Ɔkae sɛ: “Munni ahurusi wɔ Awurade mu daa. Meka no bio, munni ahurusi! Momma nnipa nyinaa nhu mo ntease.” (Filip. 4:4, 5) Sɛ yebenya anigye ne abotɔyam wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛsɛ sɛ yegyina yɛn ahoɔden ne yɛn nsɛm tebea so yɛ nea yebetumi. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nneɛma bi a yɛn ahoɔden ntumi a, ɛma yɛbrɛ tra so. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannyina nneɛma a ɛmma yentumi nyɛ pii no so angow yɛn ho dodo wɔ Kristofo som adwuma no mu.

Ɛmfa ho sɛnea yɛn nsɛm tebea te biara no, Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa de asom no, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, yebefi yɛn kra ne yɛn koma nyinaa mu asom no. (Kol. 3:23, 24) Sɛ yɛanyɛ nea yebetumi nyinaa amfa ansom Yehowa a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnsom no sɛnea yehyiraa yɛn ho so sɛ yɛbɛyɛ no. (Rom. 12:1) Afei nso, ɛremma yennya abotɔyam, anigye, ne nhyira foforo pii a sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu som Onyankopɔn a yebenya no bi.—Mmeb. 10:22.

Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ntease” wɔ Bible mu no kura adwene a ɛne sɛ yɛbɛda tema adi. Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ yɛbɛyɛ nnipa a “wɔte asɛm ase.” (Yak. 3:17) Saa asɛmfua no san kura adwene a ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho dodoodo. Enti, sɛ yɛyɛ nnipa a yɛwɔ ntease a, yebetumi asusuw yɛn nsɛm tebea ho wɔ ɔkwan a ɛfata so. So ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ saa? Wɔ nnipa bi fam no, ebi mpo a wobetumi anya tema ama afoforo, nanso ɛyɛ den sɛ wɔn ankasa benya tema ama wɔn ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ yehu sɛ ɔbrɛ ama yɛn adamfo pa bi ayɛ hagyaa esiane sɛ wasoa nnwuma pii agu ne ho so nti a, so yɛremmɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa no ma wahu nea enti a nyansa wom sɛ otwitwa nnwuma no bi so wɔ n’asetram? Saa ara na sɛ yɛyɛ nnwuma bi a ɛboro yɛn ahoɔden ne nea yebetumi ayɛ so a, ɛsɛ sɛ yetumi hu.—Mmeb. 11:17.

Sɛ na yɛn awofo ma yɛyɛ adwuma tra so wɔ yɛn mmofraase a, ebetumi ayɛ den kɛse ama yɛn sɛ yebegye atom sɛ yɛreyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. Ebinom tee nka wɔ wɔn mmofraase sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ nnwuma pii bere nyinaa ansa na wɔn awofo adɔ wɔn. Sɛ saa na na yɛte wɔ yɛn mmofraase a, yebetumi adi mfomso wɔ sɛnea Yehowa bu yɛn no ho. Esiane sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu na yɛsom Yehowa nti, ɔdɔ yɛn. Onyankopɔn Asɛm ma yenya awerɛhyem sɛ, Yehowa ‘nim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.’ (Dw. 103:14) Yehowa nim nneɛma a esiw yɛn kwan, na ɛmfa ho akwanside ahorow a yɛwɔ no, sɛ yɛde nsi som no a, ɔda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn. Sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn nyɛ adwumawura a ɔyɛ nhyɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nea yɛn ahoɔden betumi a yɛrenhaw yɛn ho dodoodo.—Mika 6:8.

Nanso, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobenya su pa a ɛte saa. Sɛ saa na wote a, dɛn nti na wonhwehwɛ mmoa mfi Kristoni bi a ne ho akokwaw a onim wo yiye hɔ? (Mmeb. 27:9) Sɛ nhwɛso no, so wopɛ sɛ woyɛ daa kwampaefo? Sɛ ɛte saa a, ɛyɛ adwempa paa! So ɛyɛ den ma wo sɛ wubefi ase? Ebia, ehia sɛ woma obi boa wo ma woyɛ nsakrae wɔ w’asetram. Anaasɛ, ebia w’adamfo Kristoni bi a wowɔ ne mu ahotoso betumi ne wo asusuw ho sɛ ebia esiane asɛyɛde pii a wowɔ wɔ w’abusua mu nti, worentumi nyɛ akwampae adwuma no saa bere yi. W’adamfo no betumi aboa wo ma woahu sɛ wubetumi ayɛ ɔsom adwuma foforo a wopɛ sɛ woyɛ no, anaa ɔbɛboa wo ma woahu nsakrae a wubetumi ayɛ na ama woayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Okunu nso betumi aboa ne yere ma wahu ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so yɛ ne som adwuma no. Sɛ nhwɛso no, obetumi ahyɛ ne yere nkuran ma wagye n’ahome ansa na ɔsram foforo a ɔbɛyɛ ɔsom adwuma pii wom no afi ase. Eyi betumi aboa ne yere no ma wanya ahoɔden de ayɛ ne som adwuma no, na wakɔ so anya anigye.

Hwehwɛ Nneɛma a Wubetumi Ayɛ

Onyin anaa yare betumi ama nea yetumi yɛ wɔ Yehowa som mu no so atew. Sɛ woyɛ ɔwofo a, wubetumi anya adwene sɛ esiane sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden pii hwɛ wo mma nkumaa nti wunnya mfaso pii wɔ ade a w’ankasa wusua, anaa dwumadi a ɛkɔ so wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no so. Nanso, so ebetumi aba sɛ nea wuntumi nyɛ no a wudwen ho dodo no nti na ɛtɔ mmere bi a ɛmma wunhu nea wubetumi ayɛ no?

Mfe mpempem pii a abɛsen kɔ no, ná Lewini bi pɛ sɛ onya biribi a ne nsa ntumi nka. Ná ɔwɔ hokwan soronko bi a ɛma ɔkɔsom wɔ asɔrefie hɔ adapɛn abien afe biara. Nanso, ɔkaa ɔpɛ pa a na ɔwɔ sɛ ɔbɛtra afɔremuka no ho daa no ho asɛm. (Dw. 84:1-3) Dɛn na ɛboaa saa ɔbarima nokwafo yi ma n’ani sɔɔ hokwan a na ɔwɔ no? Ohui sɛ da koro mpo a na obedi wɔ asɔrefie no abangua so no yɛ hokwan kɛse paa a na wanya. (Dw. 84:4, 5, 10) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu nneɛma bi a yebetumi ayɛ na yɛkyerɛ ho anisɔ sen sɛ yebedwennwen nneɛma a yentumi nyɛ no ho pii.

Fa Kristoni bea bi a ɔwɔ Canada a wɔfrɛ no Nerlande asɛm no sɛ nhwɛso. Ɔte mmubuafo akongua mu, na na ɔte nka sɛ ontumi nyɛ asɛnka adwuma no pii. Nanso, ɔsesaa n’adwene, na ɔfaa aguadidan bi a ɛbɛn baabi a ɔte no sɛ n’asasesin a ɔyɛ mu adwuma. Ɔkae sɛ: “Metra me mmubuafo akongua no mu pia kosi benkyi bi a ɛwɔ aguadidan no mu no ho. Sɛ midi nkurɔfo a wɔbɛtra benkyi no so gye wɔn ahome kakra no adanse a, m’ani gye.” Saa kwan a ɛsom bo a Nerlande fa so yɛ asɛnka adwuma yi no ma onya abotɔyam kɛse.

Sɛ Ɛho Hia a, Yɛ Nsakrae

Yɛmfa no sɛ mframahyɛn bi retu mmirika denneennen, na mframa rebɔ ne mframatama no fafafafa. Nanso, sɛ mframahyɛn no hyia mframa bi a ano yɛ den a, nea ɔreka ɔhyɛn no bekyim mframatama no ani ahwɛ baabi foforo. Ɔrentumi nnan mframa a ano yɛ den no ani nkyerɛ baabi foforo. Nanso, ɔnam mframatama no ani a ɔbɛdan akyerɛ baabi foforo no so betumi ahwɛ ama mframahyɛn no akɔ ne kwan dwoodwoo. Saa ara na mpɛn pii no, yentumi nyɛ tebea bɔne a ɛte sɛ mframa a ano yɛ den a yehyia wɔ yɛn asetra mu no ho hwee. Nanso, yɛnam nsakrae a yɛbɛyɛ wɔ sɛnea yɛde yɛn ahoɔden, yɛn adwene, ne yɛn nkate di dwuma no so betumi akɔ so ahwɛ yɛn ho so sɛnea yebetumi. Sɛ yesusuw asetra foforo a yɛakɔ mu no ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so anya abotɔyam ne anigye wɔ Onyankopɔn som mu.—Mmeb. 11:2.

Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ. Sɛ yenni ahoɔden pii a, ebia yebehu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛrenyɛ nnwuma bi a ɛbɛma yɛabrɛ pii anɔpa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ Kristofo nhyiam anwummere. Eyi bɛboa yɛn ma yɛanya yɛne yɛn mfɛfo Kristofo fekubɔ so mfaso kɛse. Anaasɛ, sɛ ɛna bi ntumi nyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi esiane sɛ ne ba yare nti a, obetumi afrɛ Kristoni bea bi ma ɔne ne Bible suani aba ne fie ma wɔne no asua ade bere a ne ba no ada no.

Na sɛ wo nsɛm tebea mma wuntumi nni kan nsua nneɛma a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no nyinaa nso ɛ? Ɛsɛ sɛ wudi kan hu dodow a wubetumi asua no, na bɔ mmɔden sua. Sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ botae a yɛde asisi yɛn ani so a yɛpɛ sɛ yedu ho bere tiaa mu no ho a, yebetumi akɔ so ayɛ nnam wɔ nokware no mu ma yɛn ani agye.

Sɛ yebetumi ayɛ nsakrae wɔ botae a yɛde asisi yɛn anim no mu a, gye sɛ yesi yɛn bo, na yɛyere yɛn ho. Ná ɛsɛ sɛ Serge ne Agnès a wɔyɛ awarefo a wofi France no yɛ nsakrae kɛse bi wɔ wɔn nhyehyɛe mu. Serge ka sɛ: “Bere a yehui sɛ Agnès anyinsɛn no, yehui sɛ yɛrentumi mmɛyɛ asɛmpatrɛwfo sɛnea na anka yɛhwɛ kwan no.” Seesei, Serge a ɔyɛ mmabea baanu a wɔwɔ anigye agya no kyerɛkyerɛ sɛnea ɔne ne yere de botae foforo sii wɔn anim no mu. Serge ka sɛ: “Bere a yɛantumi ankɔsom wɔ amannɔne no, yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ ‘asɛmpatrɛwfo’ wɔ yɛn ankasa man mu. Yɛkɔɔ asafo bi a wɔka ɔman foforo so kasa wom mu.” So botae foforo a wɔde sii wɔn anim yi boaa wɔn? Serge ka sɛ: “Yɛte nka sɛ yɛn so aba mfaso paa wɔ asafo no mu.”

Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Odile a ɔwɔ France a wadi boro mfe 70 no yare ɔkwaha wɔ ne kotodwe, na ontumi nnyina hɔ nkyɛ. Esiane sɛ yare no mma ontumi nyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi nti, n’abam bui. Nanso, wampa abaw. Ɔyɛɛ nsakrae wɔ n’asɛnka adwuma no mu de telefon dii adanse. Ɔka sɛ: “Ne yɛ nyɛ den koraa, na ɛyɛ anigye sen sɛnea na misusuw no!” Saa kwan a ɔfaa so yɛɛ n’asɛnka adwuma no hyɛɛ no nkuran ma ɔsan yɛɛ ɔsom adwuma no.

Sɛ Yɛyɛ Nea Yɛn Ahoɔden Betumi a, Yenya Nhyira

Sɛ yɛyɛ nea yɛn ahoɔden bɛma yɛatumi ayɛ a, ɛremma yɛnteetee pii. Ɛmfa ho akwanside ahorow a yɛwɔ no, sɛ yɛde botae ahorow a ɛfata sisi yɛn anim a, yɛbɛte nka sɛ yɛayɛ nea yɛn ahoɔden betumi. Enti, sɛ nea yɛn ahoɔden ma yetumi yɛ no yɛ ketewaa bi mpo a, yedi ho ahurusi.—Gal. 6:4.

Sɛ yɛn ankasa yenya adwene a ɛfata wɔ nea yetumi yɛ ho a, ɛbɛma yɛanya tema kɛse ama yɛn mfɛfo Kristofo. Esiane sɛ yenim akwanside ahorow a wɔwɔ nti, yɛn ani bɛsɔ nea wotumi yɛ ma yɛn no bere nyinaa. Sɛ yɛkyerɛ mmoa biara a wɔyɛ yɛn no ho anisɔ a, yɛboa ma biakoyɛ ne ntease tra yɛn mu. (1 Pet. 3:8) Kae sɛ, Yehowa a ɔyɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ no nhwehwɛ nea yɛrentumi nyɛ mfi yɛn hɔ da. Na sɛ yehu nea yebetumi ayɛ, na yɛde botae a yebetumi adu ho sisi yɛn anim a, nneɛma a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no bɛma yɛanya abotɔyam ne anigye kɛse.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

Sɛ yebenya anigye ne abotɔyam wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛsɛ sɛ yegyina yɛn ahoɔden ne yɛn nsɛm tebea so yɛ nea yebetumi

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Nea Nerlande tumi yɛ wɔ asɛnka adwuma no mu no ma n’ani gye

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Sua sɛ “wubekyim mframatama no ani ahwɛ baabi foforo”

[Asɛm Fibea]

© Wave Royalty Free/age fotostock

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Botae foforo a Serge ne Agnès de sii wɔn anim no aboa wɔn