Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmpatrɛwfo Te Sɛ Mmoadabi

Asɛmpatrɛwfo Te Sɛ Mmoadabi

Gilead Adesua Awiei A Ɛto So 124

Asɛmpatrɛwfo Te Sɛ Mmoadabi

ASRAM asia biara, Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no yɛ adesua awiei ho dwumadi, na wɔto nsa frɛ United States Betel abusua no mufo nyinaa. Wɔ March 8, 2008 no, ahɔho a wofi aman bɛboro 30 so bɛkaa Betel abusua no ho ma wɔyɛɛ Gilead Sukuu adesua awiei a ɛto so 124 no. Atiefo 6,411 a wɔbaa dwumadi no ase nyinaa ne adesuafo no ani gyei wɔ wɔn da titiriw no ase.

Dwumadi no guamtrani Stephen Lett a ɔyɛ Sodikuw no muni no na ɔmaa ɔkasa a n’asɛmti ne “Mo Ne Yehowa Sɛnkyerɛnne Kwan so Mmoadabi no Nkɔ Mo Anim” no de fii dwumadi no ase. Adiyisɛm 9:1-4 de Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔyɛ nnipa kakraa bi a wɔsan kanyan wɔn ho wɔ Yehowa som adwuma mu wɔ afe 1919 mu no toto mmoadabi pii a wofii ase san yɛɛ wɔn adwuma bio no ho. Wɔkaee adesuafo no sɛ, sɛ́ “nguan foforo” no mufo no, wɔde wɔn ho abɛbɔ saa sɛnkyerɛnne kwan mmoadabi yi ho.—Yoh. 10:16.

Lon Schilling a ɔyɛ United States Baa Boayikuw no muni no na ɔmaa ɔkasa a edi hɔ a n’asɛmti ne “Monyɛ Ahokafo Pa” no. Ná ɔkasa no gyina nhwɛso a Akwila ne Priskila (anaa, Priska) a wɔyɛ Kristofo awarefo bi a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe a ɛho asɛm wɔ Bible mu no so. (Rom. 16:3, 4) Gilead adesuakuw no mufo yɛ awarefo a wɔn dodow si 56. Wɔkaee wɔn sɛ sɛ wobetumi ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no yiye a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ma ɔdɔ tra wɔn aware mu. Bere biara a Bible bɛbɔ Akwila din no, ɛbɔ ne yere Priskila din nso ka ho. Enti, na ɔsomafo Paulo ne asafo no mufo bu wɔn sɛ wɔyɛ biako. Saa ara na ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no bom yɛ adwuma, bom som, na wɔbom gyina ɔhaw ahorow a wohyia wɔ baabi a wɔyɛ wɔn adwuma wɔ amannɔne no ano, na sɛ wɔyɛ saa a, wɔda no adi sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho ankasa.—Gen. 2:18.

Ɔkasa a edi hɔ a Guy Pierce a ɔyɛ Sodikuw no muni mae no asɛmti ne “Kyerɛ Yehowa Papayɛ Ho Anisɔ.” Onua Pierce kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, papa a obi bɛyɛ no nkyerɛ bɔne a ɔbɛtwe ne ho afi ho kɛkɛ. Onipa pa yɛ nneɛma pa ma afoforo ma wonya so mfaso. Yehowa Nyankopɔn papayɛ nni ano. (Sak. 9:16, 17) Onyankopɔn papayɛ ne ne dɔ betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛn nso yɛayɛ afoforo papa. Onua Pierce kamfoo adesuafo no, na ɔde kasa no baa awiei sɛ: “Moreyɛ papa. Yɛwɔ ahotoso sɛ mobɛkɔ so ayɛ papa wɔ adwuma biara a Yehowa Nyankopɔn de bɛma mo akyiri yi no mu de akyerɛ Onyankopɔn papayɛ ho anisɔ.”

Afei, Michael Burnett a na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a wɔapaw no sɛ Gilead ɔkyerɛkyerɛfo nnansa yi ara no maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Momfa Mmɔ Te sɛ Mo Aniwa Ntam Nkae Ntamabamma.” Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no kae anwonwakwan a Yehowa faa so gyee wɔn fii Misraim no te sɛ nea wɔde “nkae ntamabamma” abɔ wɔn aniwa ntam no. (Ex. 13:16) Otuu adesuafo no fo sɛ wɔnkae akwankyerɛ pii a wɔde ama wɔn wɔ Gilead Sukuu no mu no te sɛ nea wɔde nkae ntamabamma abɔ wɔn aniwa ntam no. Onua Burnett sii so dua sɛ, sɛ wɔne wɔn mfɛfo asɛmpatrɛwfo ne afoforo resiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm a, ɛsɛ sɛ wɔda ahobrɛase adi, na wɔde Bible mu nnyinasosɛm yɛ adwuma.—Mat. 5:23, 24.

Mark Noumair a wakyerɛ ade wɔ Gilead mfe pii no na ɔmaa ɔkasa a n’asɛmti ne “Dwom Bɛn na Wɔbɛto Afa Wo Ho?” no. Tete no, na wɔtaa to dwom de bɔ ose wɔ nkonim a wɔadi wɔ ɔko mu ho. Nnwom a ɛte saa no mu biako ma ɛbɛdaa adi sɛ Ruben, Dan, ne Aser mmusuakuw no mpɛ brɛ, na ɛkamfoo Sebulon abusuakuw no sɛ wɔwɔ ahofama. (Atem. 5:16-18) Sɛnea ɛte wɔ dwom bi mu nsɛm ho no, Kristoni biara nneyɛe ba bɛda adi ma afoforo hu. Nsi a obi de yɛ Onyankopɔn adwuma no ne nokwaredi a ɔkɔ so de di teokrase akwankyerɛ akyi no bɛma wanya din pa wɔ Yehowa anim, na ɔbɛyɛ nhwɛso pa ama ne nuanom. Bere a asafo no mufo kɔ so tie sɛnkyerɛnne kwan so dwom a yɛnam yɛn nneyɛe so to no, ɛhyɛ wɔn nkuran ma wosuasua yɛn nhwɛso pa no.

Esiane sɛ asɛnka adwuma ka Gilead ntetee no ho nti, adesuakuw a ɛto so 124 no mufo de nnɔnhwerew bɛyɛ 3,000 na ɛkɔɔ asɛnka wɔ bere a na wɔresua ade no mu. Wɔ ɔkasa a n’asɛmti ne “Ma Honhom Kronkron Nkyerɛ Wo Kwan” mu no, adesuafo no kaa osuahu pii a wonyae wɔ asɛnka mu no kyerɛɛ Sam Roberson a ɔyɛ adwuma wɔ Teokrase Sukuu Ahorow Dwumadibea no, na wɔyɛɛ osuahu ahorow no mu bi ho ɔyɛkyerɛ nso. Wɔ osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wɔka kyerɛe akyi no, Patrick LaFranca a ɔyɛ United States Baa Boayikuw no muni no bisabisaa Gilead adesuafo bi a wɔawie a seesei wɔresom wɔ aman ahorow so no nsɛm. Adesuafo a wɔrewie no ani sɔɔ afotu pa a saa anuanom yi de maa wɔn no.

Anthony Morris a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔmaa ɔkasa a etwa to a n’asɛmti ne, “Monkae sɛ, Nneɛma a Wohu no Yɛ Bere Tiaa Mu De” no. Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ yɛmfa yɛn ani nsi nhyira a Yehowa de bɛma yɛn daakye no so sen sɛ yɛde yɛn ani besi bere tiaa mu ahohia a ebia yɛrefa mu mprempren no so. (2 Kor. 4:16-18) Ohia buruburoo, ntɛnkyea, nhyɛso, yare, ne owu yɛ nneɛma a yɛn nyinaa hu sɛ ɛrekɔ so nnɛ. Asɛmpatrɛwfo betumi ahyia saa ɔhaw ahorow yi mu bi. Nanso, sɛ yɛkae sɛ saa ɔhaw ahorow yi yɛ bere tiaa mu de a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so de Yehowa som adi kan wɔ yɛn asetram, na yɛakɔ so anya anidaso.

Adesuafo no nyinaa traa asɛnka agua no so tiee Onua Lett afotu a etwa to no, na wɔde dwumadi no baa awiei. Onua Lett hyɛɛ wɔn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔpa abaw, na ɔkae sɛ: “Sɛ Yehowa wɔ yɛn afã a, yebetumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia no ano.” Ɔka kyerɛɛ asɛmpatrɛwfo foforo no sɛ wɔnyɛ wɔn ade te sɛ mmoadabi, wɔnkɔ so wɔ Yehowa som adwuma no mu, na wɔnkɔ so nyɛ nsi, nni nokware, na wɔnyɛ osetie bere nyinaa.

[Adaka wɔ kratafa 30]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 7

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 16

Adesuafo no dodow: 56

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 33.8

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 18.2

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13.8

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 124 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Nicholson, T.; Main, H.; Senge, Y.; Snape, L.; Vanegas, C.; Pou, L. (2) Santana, S.; Oh, K.; Lemaitre, C.; Williams, N.; Alexander, L. (3) Woods, B.; Stainton, L.; Huntley, E.; Alvarez, G.; Cruz, J.; Bennett, J. (4) Williamson, A.; González, N.; Zuroski, J.; Degandt, I.; May, J.; Diemmi, C.; Tavener, L. (5) Lemaitre, W.; Harris, A.; Wells, C.; Rodgers, S.; Durrant, M.; Senge, J. (6) Huntley, T.; Vanegas, A.; Pou, A.; Santana, M.; Bennett, V.; Tavener, D.; Oh, M. (7) Zuroski, M.; Rodgers, G.; Diemmi, D.; Nicholson, L.; Alvarez, C.; Snape, J. (8) Harris, M.; González, P.; Main, S.; Woods, S.; Stainton, B.; Williamson, D.; Durrant, J. (9) Cruz, P.; Degandt, B.; Williams, D.; Wells, S.; Alexander, D.; May, M.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Gilead Sukuu no wɔ Ɔwɛn Aban Nteteebea