Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yenni Yɛn Ho Ni Mfa Nhyɛ Yehowa Anuonyam

Momma Yenni Yɛn Ho Ni Mfa Nhyɛ Yehowa Anuonyam

Momma Yenni Yɛn Ho Ni Mfa Nhyɛ Yehowa Anuonyam

‘Yehowa adwuma yɛ nidi ne anuonyam.’—DW. 111:3.

1, 2. (a) Wobɛkyerɛ asɛmfua a ɛne nidi ase dɛn? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

BERE a wobisaa Madison a wadi mfe du no sɛ ɔnkyerɛ asɛmfua a ɛne “nidi” ase no, ntɛm ara na ɔkae sɛ, ‘Ɛkyerɛ obi a wasiesie ne ho fɛfɛɛfɛ.’ Ɛbɛyɛ sɛ na abeawa kumaa no nnim nea Bible ka fa Onyankopɔn ho sɛ ‘ofura nidi ne anuonyam’ no. (Dw. 104:1, NW) Sɛ wɔka sɛ obi di ne ho ni a, nnipa fam de, ɛtaa kyerɛ obi a osiesie ne ho kama. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo mmea sɛ wɔmfa ‘fɛre ne adwenemtew nhyɛ ntade a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔw soronko ne sika anaa nhene anaa ntade a ne bo yɛ den kɛse mu.’ (1 Tim. 2:9) Nanso, abrabɔ a ɛfata a wɔde yi Yehowa ayɛ wɔ “nidi ne anuonyam” a ɔwɔ ho no kyerɛ pii sen ahosiesie.—Dw. 111:3.

2 Wɔ Bible mu no, wobetumi akyerɛ Hebri asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma nidi ase nso sɛ “anuonyam,” “kɛseyɛ,” ne “obu.” Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ nidi ase sɛ “biribi a ɛsom bo, ɛho wɔ nyam, anaa ade a ɛwɔ obu.” Na obiara nni hɔ a ɔfata anuonyam ne nidi kɛse sen Yehowa. Enti, sɛ́ n’asomfo a yɛahyira yɛn ho so ama no no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn kasa ne yɛn abrabɔ hyɛ no anuonyam. Nanso, dɛn nti na nnipa betumi adi wɔn ho ni? Ɔkwan bɛn so na Yehowa nidi ne n’anuonyam da adi? Ɛsɛ sɛ nidi a Onyankopɔn wɔ no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn? Dɛn na yebetumi asua afi Yesu Kristo hɔ wɔ sɛnea ɔdaa saa su yi adi no mu? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi adi yɛn ho ni wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so?

Nea Enti a Yebetumi Adi Yɛn Ho Ni

3, 4. (a) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ di a Yehowa di yɛn ni no ho? (b) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 8:5-9 no fa hena ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.) (d) Nnipa bɛn na Yehowa dii wɔn ni wɔ mmere bi a atwam no mu?

3 Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so nti, nnipa nyinaa betumi adi wɔn ho ni. Yehowa dii onipa a odi kan no ni denam asase so nneɛma a ɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ so no so. (Gen. 1:26, 27) Bere a nnipa tɔɔ sin akyi mpo no, Yehowa san kaa asase so nneɛma a ɔde ahyɛ nnipa nsa no ho asɛm. Ne saa nti, Onyankopɔn san de nidi bɔɔ nnipa ‘abotiri.’ (Monkenkan Dwom 8:5-9.) * Esiane sɛ Yehowa adi yɛn ni nti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi no ni, na ɛno hwehwɛ sɛ yɛde osuro pa ne nidi yi ne din kɛse no ayɛ.

4 Nnipa a Yehowa di wɔn ni titiriw ne wɔn a wɔde ɔsom kronn ma no no. Onyankopɔn dii Habel ni bere a ogyee n’afɔre no toom na ɔpoo ne nua Kain de no. (Gen. 4:4, 5) Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ ‘ɔmfa n’anuonyam no bi nhyɛ’ Yosua a na ɔno ne ɔbarima a na ɔrebesi n’ananmu sɛ Israel kannifo no. (Num. 27:20) Bible ka Dawid ba Salomo ho asɛm sɛ: “[Yehowa, NW] maa Salomo soe kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahenni mu anuonyam a ahene a wodii Israel so dii n’anim no biara nnyaa bi da.” (1 Be. 29:25) Onyankopɔn bedi Kristofo a wɔasra wɔn a wɔde nokwaredi aka ‘n’ahenni anuonyam’ akyerɛ a wobenyan wɔn no ni wɔ ɔkwan soronko so. (Dw. 145:11-13) Enti, Yesu “nguan foforo” no a wɔredɔɔso no nam Yehowa a wɔrekamfo no no so reyɛ adwuma a nhyira ne nidi wom.—Yoh. 10:16.

Yehowa Nidi ne N’anuonyam Ada Adi

5. Nidi a Yehowa wɔ no kɛse te dɛn?

5 Wɔ dwom bi a odwontofo Dawid toe a ɔde kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ kɛse koraa sen nnipa mu no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW], yɛn Awurade, nim bɛn na wo din nni, asase nyinaa so, wo a wode w’anuonyam akata ɔsoro.” (Dw. 8:1) Efi bere a na wonnya mmɔɔ “ɔsoro ne asase” kosi bere a Onyankopɔn tirim a wabɔ sɛ ɔbɛma asase ayɛ paradise no bɛbam na wama adesamma ayɛ pɛ akosi daa no, Yehowa Nyankopɔn ne Onii a ɔwɔ nidi ne anuonyam sen obiara wɔ amansan yi mu.—Gen. 1:1; 1 Kor. 15:24-28; Adi. 21:1-5.

6. Dɛn nti na odwontofo no ka sɛ Yehowa afura nidi?

6 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ odwontofo a osuro Onyankopɔn no ho dwiriw no bere a ɔhwɛɛ ɔsoro anadwo na ohuu sɛnea ɔsoro trɛw na ɛhɔ nsoromma hyerɛn te sɛ “abohene” no! Bere a odwontofo no huu sɛnea Onyankopɔn ‘atrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan tam’ no, ne ho dwiriw no ma ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ wafura nidi, efisɛ Yehowa nsa ano adwuma yɛ nwonwa. (Monkenkan Dwom 104:1, 2.) Nidi ne anuonyam a Ɔbɔadeɛ kɛse a yenhu no no wɔ no da adi wɔ nneɛma a wabɔ a yetumi de yɛn aniwa hu no mu.

7, 8. Dɛn na ɔsoro ma yehu fa nidi a Yehowa wɔ ne n’anuonyam ho?

7 Sɛ nhwɛso no, susuw nsoromma kuw a wɔfrɛ no Milky Way no ho hwɛ. Wɔ nsoromma ɔpepepem pii a ɛwɔ Milky Way no mu no, Asase ne okyinnsoromma a esua koraa wom, na ɛte sɛ mpoano anhwea mu aba biako pɛ. Nanso, nsoromma bɛboro ɔpepepem 100 na ɛwɔ saa nsoromma kuw a wɔfrɛ no Milky Way yi nkutoo mu! Enti, anibu biara mu no, sɛ wubetumi akan nsoromma biako a worennye w’ahome saa araa dɔnhwerew 24 a, ebegye wo mfe 3,000 ansa na woatumi akan nsoromma ɔpepepem 100 no.

8 Enti, sɛ nsoromma ɔpepepem 100 na ɛwɔ Milky Way no nkutoo mu a, ɛnde, na nea aka wɔ amansan yi mu no dodow bɛyɛ ahe? Nsoromma ho animdefo bu akontaa sɛ Milky Way no yɛ nsoromma akuw a ne dodow bɛyɛ ɔpepepem 50 kosi ɔpepepem 125 no mu biako pɛ. Nsoromma dodow ahe na ɛwɔ amansan yi nyinaa mu? Yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu. Nanso, Yehowa ‘kyerɛ nsoromma dodow, na ɔtoto wɔn nyinaa din.’ (Dw. 147:4) Sɛ wuhu sɛnea Yehowa afura nidi ne anuonyam a ɛte saa no a, so ɛnka wo mma wunyi ne din kɛse no ayɛ?

9, 10. Ɔkwan bɛn so na paanoo a Ɔbɔadeɛ no ma yenya no ma yehu sɛ ne nyansa so?

9 Afei, ma yɛnnan yɛn adwene mfi ɔsoro nneɛma a ɛyɛ nwonwa no so mmra paanoo a ɛyɛ ade a obiara nim no so. Yehowa na “ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,” na ɔno ara nso na “ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.” (Dw. 146:6, 7) Onyankopɔn ‘nidi ne n’anuonyam’ da adi wɔ nneɛma a wabɔ a afifide a ɛma yenya nneɛma a wɔde yɛ paanoo nso ka ho no mu. (Monkenkan Dwom 111:1-5.) Ná aduan a nnipa a wɔtraa ase tete no mu pii a na Israelfo nso ka ho di paa ne paanoo. Ɛwom sɛ, wobu paanoo sɛ aduan a nnipa dodow no ara nim sɛnea wɔyɛ no no de, nanso ɔkwan a nnuannuru a ɛwɔ nneɛma a wɔde frafra yɛ paanoo mu no fa so keka bom ma etumi bɛyɛ paanoo a ɛyɛ dɛ no de, obiara nnim.

10 Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na Israelfo de awi anaa atoko siam ne nsu na ɛfra to paanoo. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔde mmɔkaw fra paanoo a wɔto no mu. Saa nneɛma nketenkete yi a wɔde to paanoo a etumi frafra yiye no yɛ nwonwa. Nea ɛma saa nneɛma yi tumi di afra ma ɛbɛyɛ paanoo no de yɛrentumi nte ase nwie. Bio nso, ɔkwan a nipadua no fa so yɛ paanoo no ho adwuma wɔ yɛn yam no nso yɛ biribi foforo a ɛyɛ nwonwa. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no too dwom sɛ: “[Yehowa, NW], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma”! (Dw. 104:24) So wo nso, ɛka wo koma ma wuyi Yehowa ayɛ?

Nidi ne Anuonyam a Onyankopɔn wɔ no Ka Wo Dɛn?

11, 12. Sɛ yesusuw nneɛma a Onyankopɔn abɔ ho a, ebetumi aka yɛn dɛn?

11 Ɛho nhia sɛ yesua nsoromma ho ade ansa na ewim ayɛ yɛn fɛ anadwo, anaasɛ yesua sɛnea wɔfra nnuru ansa na yɛahu sɛ paanoo yɛ dɛ. Nanso, sɛ yɛn ani begye nidi a Ɔbɔadeɛ no wɔ ho a, ɛsɛ sɛ yegye bere de susuw ne nsa ano nnwuma ho. Sɛ yesusuw nneɛma a ɛte saa ho a, mfaso bɛn na yebenya? Mfaso a yebenya no te sɛ nea yenya bere a yesusuw Yehowa nnwuma foforo ho no ara pɛ.

12 Dawid too nneɛma akɛse a Yehowa yɛ ma ne nkurɔfo no ho dwom sɛ: “W’anuonyam ne wo nidi a ɛhyerɛn ne w’anwonwadwuma ho asɛm na midwinnwen.” (Dw. 145:5, NW) Sɛ yesua Bible na yegye bere susuw nea yɛkenkan no ho a, ɛkyerɛ sɛ, yedwennwen Yehowa anwonwadwuma ho. Saa nneɛma no a yebesusuw ho no bɛka yɛn dɛn? Ɛbɛka yɛn ma anisɔ a yɛwɔ ma nidi ne anuonyam a Onyankopɔn wɔ no ayɛ kɛse. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ yɛne Dawid bɛbom ahyɛ Yehowa anuonyam sɛ: “Mɛka wo kɛseyɛ makyerɛ.” (Dw. 145:6) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nnwuma a ɛyɛ nwonwa a yesusuw ho no hyɛ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no mu den, na ɛka yɛn ma yɛde anigye ne akokoduru ka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. So wode nsi reka asɛmpa no akyerɛ afoforo na woaboa wɔn ma wɔanya Yehowa Nyankopɔn kɛseyɛ, ne nidi, ne n’anuonyam ho anisɔ?

Yesu Da Onyankopɔn Nidi Adi Pɛpɛɛpɛ

13. (a) Sɛnea Daniel 7:13, 14 kyerɛ no, dɛn na Yehowa de ama ne Ba no? (b) Sɛ́ Ɔhene no, ɔkwan bɛn so na Yesu ne ne nkoa di?

13 Onyankopɔn Ba Yesu Kristo de nsi kaa asɛmpa no, na odii ne soro Agya a ɔwɔ nidi ne anuonyam no ni. Yehowa de ‘tumi ne ahenni’ maa ne Ba a ɔwoo no koro no de dii no ni wɔ ɔkwan soronko so. (Monkenkan Daniel 7:13, 14.) Nanso, Yesu nyɛ ahantan anaa obi a ɔmpɛ nnipa. Mmom no, ɔyɛ sodifo a ɔwɔ tema a ɔte ne nkoa mmerɛwyɛ ase na odi wɔn ni. Susuw nhwɛso biako a ɛfa sɛnea Yesu a Wɔapaw no sɛ Ɔhene no ne nnipa a ohyiaa wɔn dii, ne titiriw no, nnipa a na wɔapo wɔn a na nkurɔfo ani nnye wɔn ho no ho hwɛ.

14. Ná wobu akwatafo dɛn wɔ tete Israel?

14 Wɔ tete no, na nkurɔfo a wɔyare kwata taa di awerɛhow araa kosi sɛ wobewu. Ná kwata no de nkakrankakra trɛw ka onipa no akwaa ahorow. Ná wobu kwata sɛ ɛyɛ yare a wontumi nsa te sɛ nea wontumi nnyan obi a wawu no ara pɛ. (Num. 12:12; 2 Ahe. 5:7, 14) Ná wobu akwatafo sɛ nnipa a wɔn ho ntew, na na wɔpam wɔn fi nnipa mu. Sɛ na akwatafo rebɛn nnipa a, na ɛsɛ sɛ wɔteɛm sɛ: “Me ho ntew, me ho ntew!” (Lev. 13:43-46) Ná wobu ɔkwatani te sɛ obi a wawu. Sɛnea rabifo nsɛm bi kyerɛ no, na ɛnsɛ sɛ ɔkwatani bɛn Yudani bɛyɛ mita 1.7. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ sɛ ɔsɔfo bi hu ɔkwatani wɔ akyirikyiri mpo a, na ɔpa no abo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛn no koraa.

15. Ɔkwan bɛn so na Yesu ne ɔkwatani bi dii?

15 Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ sɛnea Yesu ne ɔkwatani bi a ɔsrɛɛ no sɛ ɔnsa no yare no dii no nsow. (Monkenkan Marko 1:40-42.) Sɛ́ anka Yesu bɛpam ɔkwatani a na wɔapo no no, ɔdaa tema ne obu adi kyerɛɛ no. Yesu huu ɔkwatani no sɛ obi a n’asɛm yɛ mmɔbɔ na ohia mmoa. Ayamhyehye a Yesu nya maa ɔbarima no kaa ne koma ma ɔyɛɛ ntɛm boaa no. Ɔbɛn ɔkwatani no, osoo no mu, na ɔsaa no yare.

16. Dɛn na woasua afi sɛnea Yesu ne afoforo dii no mu?

16 Ɔkwan bɛn so na yɛn a yɛyɛ Yesu akyidifo no betumi asuasua Yesu wɔ sɛnea osuaa ɔkwan a n’Agya faa so dii nnipa ni no mu? Ɔkwan biako ne sɛ yebedi nnipa nyinaa ni na yɛabu wɔn, ɛmfa ho dibea a wɔwɔ, mfe a wɔadi, sɛ́ wɔyɛ ayarefo anaasɛ wɔwɔ ahoɔden. (1 Pet. 2:17) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ tumi te sɛ okununom, awofo, ne Kristofo a wɔyɛ asafo mu mpanyimfo titiriw di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no ni, na wɔboa wɔn ma wɔte nka sɛ wɔyɛ nnipa a wɔwɔ nidi. Bere a Bible resi so dua sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa di wɔn nuanom ni no, ɛkae sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.”—Rom. 12:10.

Ɛsɛ sɛ Yedi Yɛn Ho Ni wɔ Yɛn Som Mu

17. Dɛn na yebetumi asua afi Kyerɛwnsɛm no mu wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni bere a yɛresom Yehowa no?

17 Bible ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni wɔ ɔkwan soronko so, titiriw, bere a yɛresom Yehowa no. Ɔsɛnkafo 5:1 ka sɛ: “Sɛ worekɔ Onyankopɔn fi a, wɛn w’anan.” Bere a Mose ne Yosua kɔɔ beae bi a na ɛhɔ yɛ kronkron no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonyi wɔn nan ase mpaboa. (Ex. 3:5; Yos. 5:15) Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi de kyerɛ sɛ wɔwɔ obu anaa osuro pa ma Onyankopɔn. Wɔka kyerɛɛ Israel asɔfo sɛ wɔnhyɛ twakoto mfa ‘nkata wɔn adagyaw so.’ (Ex. 28:42, 43) Twakoto a na wɔhyɛ no amma wɔn ho angu hɔ bere a na wɔrebɔ afɔre no. Ná ɛsɛ sɛ asɔfo abusua no muni biara di ne ho ni sɛnea Onyankopɔn akyerɛ wɔn no.

18. Ɔkwan bɛn so na yedi yɛn ho ni wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu?

18 Ɛnde, sɛ́ Yehowa asomfo no, ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni, na yɛda obu adi wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Sɛ afoforo bebu yɛn na wɔadi yɛn ni a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yebu yɛn ho. Ɛnsɛ sɛ nidi a yɛda no adi no yɛ nyaatwom anaa ntadehyɛ mu. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nea nnipa hwɛ, na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn hwɛ, na ɛno ne yɛn komam. (1 Sam. 16:7; Mmeb. 21:2) Ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni wɔ biribiara a yɛyɛ mu, na ɛsɛ sɛ yɛma ɛka yɛn nneyɛe, yɛn abrabɔ, yɛne afoforo ntam abusuabɔ, ne sɛnea yɛn ankasa yebu yɛn ho mpo. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni wɔ asɛm biara a yɛka ne nea yɛyɛ mu, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa bere nyinaa. Yɛde ɔsomafo Paulo asɛm yi yɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ, yɛn nneyɛe, yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie mu. Ɔkae sɛ: “Yɛnto hintidua biribiara mu, na amma wɔannya yɛn som adwuma no ho asɛm biara; na mmom ade nyinaa mu yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo.” (2 Kor. 6:3, 4) ‘Yɛhyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ no kama wɔ ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.

Momma Yɛnkɔ so Nni Yɛn Ho Ni wɔ Onyankopɔn Ani So

19, 20. (a) Dɛn ne ɔkwampa a yebetumi afa so adi afoforo ni? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ wɔ nidi ho?

19 Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ ‘ahemmɔfo a wosi Kristo ananmu’ no di wɔn ho ni. (2 Kor. 5:20) “Nguan foforo” no a wɔde nokwaredi boa wɔn a wɔasra wɔn no nso yɛ Mesia Ahenni no ho asomfo a wodi wɔn ho ni. Ɔman bi ɔhemmɔfo anaa ɔsomfo de akokoduru ne nidi kasa ma n’aban no. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛde nidi ne akokoduru ka Onyankopɔn Ahenni nniso no ho asɛm kyerɛ afoforo. (Efe. 6:19, 20) Sɛ yɛka “papa ho asɛmpa” kyerɛ afoforo a, so ɛnkyerɛ sɛ yɛredi wɔn ni?—Yes. 52:7.

20 Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebedi yɛn ho ni sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ no de hyɛ no anuonyam. (1 Pet. 2:12) Momma yennya obu kɛse mma Onyankopɔn, ne som, ne yɛn mfɛfo asomfo bere nyinaa. Ɛmmra sɛ, Yehowa a ofura nidi ne anuonyam no ani bɛsɔ sɛnea yɛsom no wɔ nidi mu no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Nsɛm a Dawid kae wɔ Dwom a ɛto so 8 no fa Yesu Kristo a na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ no ho.—Heb. 2:5-9.

Wubebua Dɛn?

• Ɛsɛ sɛ anuonyam ne nidi a Yehowa wɔ no ho anisɔ ka yɛn dɛn?

• Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Yesu faa so dii ɔkwatani bi ni no mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ Yehowa anuonyam wɔ ɔkwan a nidi wom so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Dɛn na Yehowa yɛe de dii Habel ni?

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Yehowa nnwuma akɛse da adi mpo wɔ ɔkwan a yɛfa so nya paanoo no mu

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Dɛn na wusua fii ɔkwan a Yesu faa so dii ɔkwatani bi ni no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɔsom a nidi wom hwehwɛ sɛ yɛhyɛ Yehowa anuonyam