Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Sɛ Kristofo binom ware wie a, ɔhaw a emu yɛ den bɛn na wohyia, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden yɛ?

Sɛ Kristofo binom ware a, wohu sɛ wɔne wɔn kunu anaa wɔn yere no adwene nhyia wɔ nneɛma pii ho wɔ wɔn asetra mu. Esiane sɛ wonim sɛ awaregyae a ennyina Kyerɛwnsɛm so nyɛ ɔhaw a ɛwɔ aware mu ano aduru nti, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden yɛ nea wobetumi biara ma aware no gyina.—4/15, kratafa 17.

• Ɔhaw bɛn na Kristoni a ɔwɔ nkwakoraa ne mmerewa fie no betumi ahyia?

Ebia, onnim asafo a ɛwɔ asasesin a nkwakoraa ne mmerewa fie no wom no mufo. Ebia, ɛsono ɔsom ahorow a wɔn a ɔne wɔn te ofie hɔ no mu dodow no ara wom, na ebia wɔbɛma ɔde ne ho ahyɛ nneɛma bi a wɔyɛ wɔ wɔn som mu no mu. Ɛsɛ sɛ n’abusuafo a wɔyɛ Kristofo ne asafo a ɛwɔ hɔ no mufo hu saa ɔhaw ahorow a ohyia yi na wɔboa no.—4/15, kratafa 25-27.

• Akwan anan bɛn na awarefo betumi afa so asiesie ɔhaw ahorow a wohyia wɔ wɔn aware mu?

Ɛsɛ sɛ wogye bere siesie ɔhaw ahorow a wohyia no. (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Fi wo komam ne obu mu ka nea ɛhaw wo no ho asɛm. (Efe. 4:25) Tie wo hokafo no yiye, na fi obu mu te no ase. (Mat. 7:12) Munsi gyinae, na momfa gyinae a moasi no nyɛ adwuma. (Ɔsɛnk. 4:9, 10)—5/1, kratafa 10-12.

• Bere a Yesu kae sɛ yɛmmɔ mpae sɛ wɔmfa yɛn aka mfiri yɛn no, na aka bɛn ho asɛm na na ɔreka?

Sɛ yɛde Mateo 6:12 toto Luka 11:4 ho a, ɛma yehu sɛ ɛnyɛ sika ho asɛm na na Yesu reka. Ɛyɛ bɔne ho asɛm na na ɔreka. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu de bɔne firi de suasua Onyankopɔn.—5/15, kratafa 9.

• Boayikuw ahorow bɛn na Sodikuw no mufo yɛ mu adwuma?

Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw; Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw; Nhoma Tintim Boayikuw; Ɔsom Boayikuw; Nkyerɛkyerɛ Boayikuw; Akyerɛw Boayikuw.—5/15, kratafa 29.

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ Noa Nsuyiri no baa wiase nyinaa?

Ná Yesu gye di sɛ Nsuyiri no bae, na ɛbaa wiase nyinaa ankasa. Bible gyina Nsuyiri a ɛbaa wiase nyinaa no so na ɛbɔ yɛn kɔkɔ.—6/1, kratafa 8.

• So abrabɔ a wɔkaa ho asɛm wɔ Romafo 1:24-32 no fa Yudafo anaa Amanaman mufo ho?

Asɛm no betumi afa akuw abien no nyinaa ho, nanso na ɛyɛ tete Israelfo a na wɔabu Mose Mmara no so mfe pii no ho asɛm ankasa na na ɔsomafo Paulo reka. Na wonim Onyankopɔn mmara a ɛteɛ no, nanso wɔamfa ammɔ wɔn bra.—6/15, kratafa 29.

• Ɛhe na Tel Arad wɔ, na dɛn nti na ɛho hia yɛn?

Saa koko a ɛwɔ Israel a ɛma yehu tete kurow Arad no wɔ Ɛpo a Awu no atɔe fam. Wɔn a wotutu fam ahu kyɛmfɛre pii a ɛyɛ nkuku a abubu a wɔakyerɛw so wɔ baabi a saa koko yi wɔ no. Edin ahorow a ɛwɔ Bible mu wɔ saa kyɛmfɛre no bi so, na ɛma yehu sɛ na wɔde Onyankopɔn din ankasa di dwuma wɔ kyerɛwtohɔ ahorow a ɛmfa nyamesom ho mu.—7/1, kratafa 23-24.

• Dɛn nti na sɛ yɛyɛ nea yɛn ahoɔden betumi a, ɛbɛma yɛanya anigye kɛse?

Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nneɛma bi a yɛn ahoɔden ntumi a, ɛma yɛbrɛ tra so. Nanso, ɛnsɛ sɛ yegyina nneɛma a ɛmma yentumi nyɛ pii no so gow yɛn ho dodo wɔ Kristofo som adwuma no mu.—7/15, kratafa 29.

• Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ awofo ne wɔn mma a wɔadu mpanyim afe so bɛbɔ nkɔmmɔ?

Nneɛma a ebetumi ama ayɛ den sɛ ɔbabun bi ne n’awofo bɛbɔ nkɔmmɔ no bi ne ehu, ahofadi a ɔpɛ, ne ne kokoam nsɛm a ɔmpɛ sɛ obiara te. Sɛ awofo bɔ mmɔden de hokwan biara a wobenya ne wɔn mma a wɔadu mpanyin afe so kasa a, ɛbɛhyɛ mmabun no nkuran ma wɔne wɔn abɔ nkɔmmɔ, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ ɛnyɛ nsɛm a wɔka no na wɔbɛte ase kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ wɔte nea enti a wɔka saa nsɛm no ase nso.—8/1, kratafa 10-11.