Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woreka “Kasa Kronn” No Yiye?

So Woreka “Kasa Kronn” No Yiye?

So Woreka “Kasa Kronn” No Yiye?

“Mɛdan aman no ano ma wɔaka kasa kronn, na wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din.”—SEF. 3:9, NW.

1. Akyɛde a ɛsom bo bɛn na Yehowa de ama yɛn?

ƐYƐ Yehowa Nyankopɔn a ɔno ne nnipa Bɔfo no na ɔde akyɛde a ɛne kasa bɔɔ nnipa, na emfi nnipa hɔ. (Ex. 4:11, 12) Yehowa na ɔmaa Adam kasae, na ɔsan nso maa no tumi a ɔde bɛhyehyɛ nsɛmfua foforo, na ɛno ma otumi nyaa nsɛmfua pii. (Gen. 2:19, 20, 23) Hwɛ sɛnea kasa abɛyɛ akyɛde a ɛsom bo! Kasa ma nnipa tumi ne wɔn soro Agya no di nkitaho, na woyi ne din kɛse no ayɛ.

2. Dɛn nti na nnipa nyinaa nka kasa biako bio?

2 Wɔ mfeha 17 a edi kan wɔ nnipa asetra mu no, na nnipa nyinaa ka “kasa biako” pɛ. (Gen. 11:1, NW) Afei, nnipa tew atua wɔ Nimrod bere so. Nnipa asoɔdenfo no buu Yehowa akwankyerɛ so boaboaa wɔn ho ano wɔ baabi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ hɔ Babel no. Wofii ase sii aban tenteenten bi a na ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wɔde bɛhyɛ Yehowa anuonyam, na mmom sɛ ‘wɔde begye din’ ama wɔn ho. Enti, Yehowa maa saa atuatewfo no kasa yɛɛ basaa, na wamma wɔanka kasa biako bio. Ɛno nti, ɔbɔɔ wɔn hwetee asase ani nyinaa.—Monkenkan Genesis 11:4-8.

3. Bere a Yehowa yɛɛ atuatewfo no kasa basabasa wɔ Babel no, dɛn na efii mu bae?

3 Ɛnnɛ, ebinom ka sɛ, kasa dodow a wɔka wɔ wiase nyinaa bɛboro 6,800. Saa kasa ahorow yi mu biara hwehwɛ sɛ yesusuw nneɛma ho wɔ ɔkwan soronko so. Enti, ɛte sɛ nea bere a Onyankopɔn yɛɛ saa atuatewfo no kasa basaa no, ɔpopaa kasa a na wɔka no ho biribiara fii wɔn adwene mu. Ɛnyɛ nsɛmfua foforo nko na ɔde hyɛɛ wɔn adwene mu, na mmom ɔsesaa sɛnea wosusuw nneɛma ho, na ɔma wonyaa kasa mmara foforo nso. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔbɛfrɛɛ baabi a wosii abantenten no Babel a ase ne “Basabasa.” (Gen. 11:9) Anigyesɛm ne sɛ, Bible nkutoo na ɛde nea ɛyɛe a kasa ahorow a yɛka no nnɛ bae no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ma.

Kasa Foforo Bi a Ɛyɛ Kronn

4. Dɛn na Yehowa kae sɛ ɛbɛkɔ so wɔ yɛn bere yi so?

4 Ebia, sɛnea Bible ka ɔkwan a Onyankopɔn faa so de ne ho gyee nsɛm mu wɔ Babel no ho asɛm no bɛyɛ yɛn nwonwa de, nanso biribi a ɛyɛ nwonwa paa, na ɛho hia kɛse akɔ so wɔ yɛn bere yi so. Yehowa nam ne diyifo Sefania so hyɛɛ nkɔm sɛ: “Afei mɛdan aman no ano ma wɔaka kasa kronn, na wɔn nyinaa bɛbɔ Yehowa din na wɔde mmati koro asom no.” (Sef. 3:9, NW) Dɛn ne saa “kasa kronn” no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asua na yɛaka no yiye?

5. Dɛn ne Kasa kronn no, na dɛn na afi saa kasa a wɔasesa no yi mu aba?

5 Kasa kronn no ne nokware a ɛfa Yehowa Nyankopɔn ho, ne nneɛma a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no. Nea ɛka saa “kasa” no ho bio ne nokware a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho a yɛbɛte ase yiye, ne sɛnea wɔde Ahenni no bɛtew Yehowa din ho, wɔde bɛma obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛfata, na ɛde nhyira pii abrɛ adesamma anokwafo afebɔɔ no. Dɛn na na ebefi saa kasa a wɔbɛsesa no yi mu aba? Wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ɛbɛma nkurɔfo ‘abɔ Yehowa din’ na “wɔde mmati koro asom no.” Saa kasa a wɔsesaa no ma wɔbɛkaa kasa kronn yi nte sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Babel no, efisɛ ama wɔreyi Yehowa din ayɛ, na ama ne nkurɔfo ayɛ biako nso.

Sɛnea Wosua Kasa Kronn No

6, 7. (a) Kasa foforo a yebesua no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn, na eyi fa kasa kronn a yebesua no ho dɛn? (b) Dɛn na yɛrebesusuw ho?

6 Sɛ obi pɛ sɛ osua kasa foforo a, ɛnyɛ nsɛmfua foforo nko na ɛsɛ sɛ ɔkyere gu ne tirim, na mmom nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ka ho. Sɛ obi resua kasa foforo a, osua sɛnea wosusuw nneɛma ho na wodwen ho wɔ ɔkwan foforo so ka ho. Ebia, kasa a wɔka a ɛtɔ asom ne nsɛm a wɔka a ɛyɛ afoforo serew no renyɛ saa wɔ kasa foforo mu. Ɛho behia sɛ yɛde nipadua akwaa ahorow a wɔde kasa te sɛ tɛkrɛma di dwuma wɔ ɔkwan soronko so na ama yɛatumi abobɔ nsɛmfua foforo din yiye. Saa ara na sɛ yefi ase sɛ yɛresua Bible mu nokware ho kasa kronn no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛnyɛ Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yesua. Sɛ yebetumi asua kasa foforo yi na yɛaka no yiye a, ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn nsusuwii na yɛyɛ yɛn adwene foforo.—Monkenkan Romafo 12:2; Efesofo 4:23.

7 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛate kasa kronn no ase, na yɛaka no yiye nso? Sɛnea yɛfa akwan titiriw bi so sua kasa biara no, saa ara na akwan titiriw bi wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛasua Bible mu nokware no, na yɛaka no yiye. Ma yensusuw akwan titiriw a nkurɔfo fa so sua kasa foforo no bi ho, na yɛnhwɛ sɛnea saa akwan no betumi aboa yɛn ma yɛasua sɛnkyerɛnne kwan so kasa foforo yi.

Kasa Kronn no a Yɛbɛka no Yiye

8, 9. Sɛ yɛpɛ sɛ yesua kasa kronn no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn nti na eyi a yɛbɛyɛ no ho hia paa?

8 Yɛ aso tie asɛm yiye. Sɛ obi te kasa foforo bi nea edi kan a, ebia ɛbɛyɛ no sɛ ɔrentumi nsua saa kasa no da. (Yes. 33:19) Nanso, sɛ onipa no sua sɛ ɔde n’adwene besi nea ɔte no so a, obefi ase ahyɛ nsɛmfua bi nsow na wahu sɛnea wɔde di dwuma wɔ kasa no mu. Saa ara na wotu yɛn fo sɛ: “Ɛho hia sɛ yɛde yɛn adwene si nsɛm a yɛte no so kyɛn sɛnea yɛyɛ daa no, na amma yɛantwe yɛn ho da.” (Heb. 2:1) Yesu tuu n’akyidifo no fo mpɛn pii sɛ: “Ma nea ɔwɔ aso no ntie.” (Mat. 11:15; 13:43; Mar. 4:23; Luka 14:35) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ‘yetie’ na ‘yɛte’ nsɛm a wɔka kyerɛ yɛn no ‘ase,’ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte kasa kronn no ase yiye.—Mat. 15:10; Mar. 7:14.

9 Asɛm a yebetie no hwehwɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛn adwene si asɛm a wɔreka no so, nanso mfaso wɔ saa a yɛbɛyɛ no so. (Luka 8:18) Sɛ yɛwɔ Kristofo nhyiam ase a, so yɛde yɛn adwene si nsɛm a wɔka no so, anaasɛ yɛma yɛn adwene kyinkyin? Ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho de yɛn adwene si nsɛm a wɔka no so. Anyɛ saa a, yebetumi abɛyɛ nyaa wɔ asɛntie ho.—Heb. 5:11.

10, 11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de ka asɛm a yebetie no yiye no ho? (b) Dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi aka kasa kronn no?

10 Suasua wɔn a wɔka kasa no yiye no. Wɔhyɛ wɔn a wosua kasa foforo nkuran sɛ, wontie asɛm a wɔka no yiye, na wɔmmɔ mmɔden nsuasua sɛnea wɔn a wɔka kasa no yiye bobɔ nsɛmfua din na wɔka no no nso. Eyi boa wɔn a wɔresua kasa foforo no, na ɛmma wɔn tɛkrɛma nyɛ wɔn duru ma akyiri yi sɛ wɔka kasa no a, afoforo tumi te ase. Saa ara na ɛsɛ sɛ yesuasua wɔn a ‘wɔkyerɛkyerɛ’ kasa foforo no ma ‘etu mpɔn’ no. (2 Tim. 4:2) Ma wɔmmoa wo. Sɛ woanka kasa no yiye na obi kyerɛ wo sɛnea wɔka no a, gye tom.—Monkenkan Hebrifo 12:5, 6, 11.

11 Kasa kronn no a yɛbɛka no hwehwɛ sɛ yegye nokware no tom na yɛde kyerɛkyerɛ afoforo, na yɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm hwehwɛ sɛ yɛyɛ no. Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛho hia sɛ yesuasua afoforo. Afoforo a yebesuasua wɔn no hwehwɛ sɛ yesua wɔn gyidi ne sɛnea wɔyɛ nsi no. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu asetra kwan nyinaa. (1 Kor. 11:1; Heb. 12:2; 13:7) Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo kɔ so yɛ eyi a, ɛbɛma wɔayɛ biako, na ama wɔatumi de ano koro aka kasa kronn no.—1 Kor. 4:16, 17.

12. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a yetumi kyere gu yɛn tirim no boa yɛn wɔ kasa foforo a yesua no mu?

12 Kyere nsɛm gu wo tirim. Ɛsɛ sɛ wɔn a wosua kasa foforo no kyere nneɛma foforo pii gu wɔn tirim. Saa nneɛma no bi ne nsɛmfua ne nsɛm foforo. Nsɛm a Kristofo bɛkyere agu wɔn tirim no betumi aboa wɔn kɛse ma wɔaka kasa kronn no yiye. Nokwarem no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛkyere Bible mu nhoma ahorow din agu yɛn tirim nnidiso nnidiso. Ebinom nso de ayɛ wɔn botae sɛ wɔbɛkyere Bible mu nsɛm dodow bi agu wɔn tirim. Afoforo nso ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛkyere Ahenni nnwom, Israel mmusuakuw no din, asomafo 12 no din, ne su ahorow a ɛbom yɛ honhom aba no agu wɔn tirim. Tete no, Israelfo pii kyeree nnwom a ɛwɔ Bible mu no mu nsɛm guu wɔn tirim. Wɔ ɛnnɛ mmere yi mu nso, abarimaa bi a na wadi mfe asia pɛ no kyeree kyerɛw nsɛm bɛboro 80 guu ne tirim a na ɔka no pɛpɛɛpɛ. So yebetumi de sɛnea yetumi kyere nneɛma gu yɛn tirim no ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so?

13. Dɛn nti na nsɛm a wotĩ mu ho hia paa?

13 Asɛm a wotĩ mu boa yɛn ma yɛkae ade, na nkaesɛm a wotĩ mu yɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ no fã. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Mede bɛyɛ me su sɛ mɛkae mo eyinom daa, ɛwom sɛ munim na mugyina nokware a ɛwɔ mo mu no mu pintinn.” (2 Pet. 1:12) Dɛn nti na yehia nkaesɛm? Efisɛ, ɛboa yɛn ma yɛte asɛm ase yiye, ɛma yɛn ntease mu dɔ, na ɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebetie Yehowa asɛm no mu den. (Dw. 119:129) Sɛ yesusuw Onyankopɔn gyinapɛn ne ne nnyinasosɛm ho bere nyinaa a, ɛboa yɛn ma yɛhwehwɛ yɛn mu, na ɛma yetumi yi biribiara a ɛbɛma yɛayɛ ‘atiefo awerɛfifo’ no fi hɔ. (Yak. 1:22-25) Sɛ yɛankɔ so ankaakae yɛn ho nokware no a, nneɛma foforo begye yɛn koma afa, na ebia yɛrentumi nkɔ so nka kasa kronn no yiye bio.

14. Dɛn na ɛbɛboa yɛn bere a yɛresua kasa kronn no?

14 Kenkan ade den. (Adi. 1:3) Nnipa binom a wosua kasa foforo bɔ mmɔden sɛ wobesua kasa no wɔ wɔn tirim. Eyi mma wonhu kasa no ka yiye. Sɛ yɛresua kasa kronn no a, ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ yɛkenkan ade na ‘yedwen’ ho, anaasɛ yɛkenkan ma epue yɛn ano, na ɛboa yɛn ma yetumi de yɛn adwene si so. (Monkenkan Dwom 1:1, 2.) Sɛ yɛkenkan ade saa a, ɛboa ma ade a yɛrekenkan no ka yɛn adwene mu yiye. Wɔ Hebri kasa mu no, wɔde asɛm a ɛne ade a yɛkenkan ma epue yɛn ano no bata nsɛm ho a yedwennwen ho. Sɛnea sɛ yebenya aduan a yedi so mfaso paa a, ɛsɛ sɛ nipadua no yɛ ho adwuma no, saa ara na sɛ yɛbɛte ade a yɛkenkan no ase yiye a, ɛsɛ sɛ yedwennwen ho. So yegye bere dwennwen nneɛma a yesua no ho? Sɛ yɛkenkan Bible wie a, ɛsɛ sɛ yedwennwen nea yɛakenkan no ho kɔ akyiri.

15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asua kasa kronn no ho “kasa mmara” no?

15 Sua kasa mmara no. Edu bere bi a, ɛho hia sɛ yesua kasa foforo a yɛresua no ho kasa mmara anaa sɛnea wɔhyehyɛ nsɛmfua a ɛwom no. Eyi ma yehu kasa no mmara, na ɛma yetumi ka no yiye. Sɛnea kasa bi wɔ ne nnyinasode, anaa ɔkwan a wɔfa so de nsɛmfua di dwuma wom no, saa ara na Kyerɛwnsɛm mu nokware ho kasa kronn no nso wɔ “nsɛm a eye ho nnyinasode.” (2 Tim. 1:13) Na ɛsɛ sɛ yesua saa “nnyinasode” no.

16. Ɔhaw bɛn na ɛsɛ sɛ yedi so, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

16 Kɔ so sua kasa no pii ka ho. Ebia, obi betumi asua kasa bi adu baabi a obetumi de abɔ nkɔmmɔ, na afei wagyae sua. Wɔn a wɔresua kasa kronn no nso betumi ayɛ saa. (Monkenkan Hebrifo 5:11-14.) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi ɔhaw yi so? Ɛsɛ sɛ woyere wo ho sɛ wobɛkɔ so asua saa kasa no. Bible tu yɛn fo sɛ: “Afei a yɛagyaw Kristo ho mfitiasesɛm no, momma yɛmpere nkɔ ahokokwaw mu, na yɛanto fapem foforo, a ɛne nnwuma funu ho adwensakra ne Onyankopɔn mu gyidi, asubɔ horow ho nkyerɛkyerɛ ne nsa a wɔde gu nkurɔfo so, owusɔre ne daa atemmu.”—Heb. 6:1, 2.

17. Dɛn nti na ade a yesua no daa ho hia? Ma ho mfatoho.

17 Hyehyɛ mmere pɔtee a wode besua ade. Ade a yesua no nkakrankakra nanso yɛyɛ no daa no ye koraa sen ade a yɛde bere pii sua nanso yɛnyɛ no daa. Sua ade wɔ mmere a w’adwenem da hɔ na biribiara ntumi ntwetwe w’adwene. Sɛ woresua kasa foforo a, ɛte sɛ nea woretwa ɔkwan ato kwae bi mu. Sɛ nnipa taa fa kwan no so a, ɛmma ɔkwan no so nantew nyɛ den. Sɛ nnipa amfa ɔkwan no so bere tenten a, ɛrenkyɛ na ɔkwan no asan afuw. Enti, ɛho hia sɛ wokɔ so sua ade daa! (Dan. 6:16, 20) Saa ara na sɛ yɛreka kasa kronn a ɛno ne Bible mu nokware no a, ɛho hia sɛ yɛde mpaebɔ ‘wɛn daa.’—Efe. 6:18.

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka kasa kronn no bere biara a hokwan bebue?

18 Ka kasa foforo a woresua no daa! Esiane sɛ ebia ebinom a wɔresua kasa foforo fɛre ade anaasɛ wosuro sɛ wɔbɛyɛ mfomso nti, wɔntaa nka kasa no. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛremma wɔnte kasa no ntɛm. Sɛnea wobu bɛ bi sɛ, Dɔkono nkatoso na ɛma dɔkono sɔ no, saa ara na sɛ yɛresua kasa foforo no a, ɛsɛ sɛ yɛka no daa. Dodow a nea ɔresua kasa foforo bi taa ka no, dodow no ara na ɔka kasa no a onsuro. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛka kasa kronn no bere biara a hokwan bebue. Bible ka sɛ: “Koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.” (Rom. 10:10) Ɛnyɛ bere a yɛrebɔ asu nko na yɛde yɛn ano “pae mu ka” asɛm no, na mmom bere biara a hokwan bebue ma yɛaka Yehowa ho asɛm no, na asɛnka a yɛkɔ nso ka ho. (Mat. 28:19, 20; Heb. 13:15) Kristofo nhyiam ahorow a yɛkɔ no ma yenya hokwan ka kasa kronn no tiawa ma emu da hɔ.—Monkenkan Hebrifo 10:23-25.

Momma Yemmom Mfa Kasa Kronn no Nyi Yehowa Ayɛ

19, 20. (a) Ade a ɛyɛ nwonwa bɛn na Yehowa Adansefo reyɛ no nnɛ? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

19 Sɛ na wowɔ Yerusalem Kwasida anɔpa Sivan 6, afe 33 Y.B. mu a, hwɛ sɛnea anka w’ani begye afa! Bere a aka kakra ma abɔ anɔpa nnɔnkoron saa da no, wɔn a na wɔahyiam wɔ abansoro dan bi mu ‘fii ase de tɛkrɛma foforo kasae’ anwonwakwan so. (Aso. 2:4) Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo nni kasa foforo akyɛde no. (1 Kor. 13:8) Nanso, Yehowa Adansefo ka Ahenni ho asɛmpa no wɔ kasa bɛboro 430 mu.

20 Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ ɛmfa ho kasa biara a yɛka no, yɛn nyinaa ayɛ biako reka Bible mu nokware a ɛno ne kasa kronn no! Kasa ahorow a wɔn a na wɔwɔ Babel kae no maa wɔn mu paapaee, nanso yɛn de, kasa ahorow a yɛka no ama yɛayɛ biako mmom. Yehowa nkurɔfo nyinaa de ano koro yi ne din ayɛ. (1 Kor. 1:10) Ɛmmra sɛ, yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ wiase nyinaa bɛkɔ so asua saa kasa biako no na yɛatumi aka no yiye, na yɛde “mmati koro” asom yɛn soro Agya Yehowa de ahyɛ no anuonyam.—Monkenkan Dwom 150:1-6.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne kasa kronn no?

• Kasa kronn a yɛka no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi aka kasa kronn no yiye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 23]

Ka Kasa Kronn no Yiye Denam

aso a wobɛyɛ atie asɛm yiye so.

Luka 8:18; Heb. 2:1

wɔn a wɔka kasa no yiye a wubesuasua wɔn no so.

1 Kor. 11:1; Heb. 13:7

nsɛm a wobɛkyere agu wo tirim na woatĩ mu so.

Yak. 1:22-25; 2 Pet. 1:12

ade a wobɛkenkan no den so.

Dw. 1:1, 2; Adi. 1:3

“kasa mmara” no a wubesua no so.

2 Tim. 1:13

sua a wubesua pii aka ho so.

Heb. 5:11-14; 6:1, 2

bere pɔtee a wobɛhyehyɛ de asua ade so.

Dan. 6:16, 20; Efe. 6:18

ka a wobɛka no so.

Rom. 10:10; Heb. 10:23-25

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yehowa nkurɔfo ayɛ biako reka kasa kronn no