Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Dwen N’asomfo A Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Ɔdɔ Mu

Yehowa Dwen N’asomfo A Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Ɔdɔ Mu

Yehowa Dwen N’asomfo A Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Ɔdɔ Mu

“Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.”—HEB. 6:10.

1, 2. (a) Sɛ wuhu obi a ne ti nhwi ayɛ fitaa a, dɛn na ebetumi ama woakae? (b) Yehowa bu Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no dɛn?

SƐ WUHU wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ asafo no mu a wɔn ti nhwi ayɛ fitaa no a, so ɛma wokae asɛm bi a ɛwɔ Bible mu wɔ Daniel nhoma no mu no? Wɔ anisoadehu bi a Yehowa Nyankopɔn maa Daniel nyae mu no, ɔmaa Daniel huu no sɛ ne ti nhwi yɛ fitaa. Daniel kyerɛwee sɛ: “Mede hwɛ ara kosii sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtraa ase, n’atade hoa sɛ nsukyerɛma, na ne ti nhwi hoa sɛ oguanten nhwi fitafitaa.”—Dan. 7:9.

2 Mpɛn pii no, oguan nhwi a hwee mfraa mu yɛ fitaa. Enti, nhwi fitaa ne abodin a ɛne nea “ne nna akyɛ” no kae yɛn mfe a Onyankopɔn adi a enni ano, ne ne nyansa nso a enni ano no, na ɛsɛ sɛ ne nyinaa ma yenya obu kɛse ma no. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Yehowa a ne nna akyɛ no bu n’asomfo anokwafo mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, “abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.” (Mmeb. 16:31) Nokwarem no, sɛ nokware Kristoni bi afuw dwen anaa ne ti nhwi ayɛ fitaa a, ɛyɛ fɛ wɔ Onyankopɔn ani so. So wubu anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no sɛnea Yehowa bu wɔn no?

Dɛn Nti na Wɔsom Bo Saa?

3. Dɛn nti na yɛn mfɛfo gyidifo a wɔn mfe akɔ anim no som bo ma yɛn saa?

3 Onyankopɔn asomfo a wɔn mfe akɔ anim a yɛdɔ wɔn no mu bi ne Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo, wɔn a bere bi na wɔsom sɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn a wɔda so som no, akwampaefo a wɔyɛ nsi, ne Ahenni adawurubɔfo a wɔde mfe pii ayɛ ɔsom adwuma no—saa anuanom yi nyinaa yɛ mmarima ne mmea a wɔde nokwaredi resom wɔ yɛn asafo ahorow no mu. Ebia, wunim ebinom a wɔde nsi aka asɛmpa no mfe pii, na wɔn nhwɛso pa no ahyɛ mmerante ne mmabaa nkuran ma wɔasuasua wɔn abrabɔ pa no. Yɛn mfɛfo gyidifo a wɔn mfe akɔ anim no mu binom ayɛ nnwuma pii wɔ asafo no mu, na asɛmpa no nti wɔahyia ɔtaa. Yehowa ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ani sɔ nea wɔayɛ wɔ Ahenni adwuma no mu wɔ bere bi a atwam ne nea wɔda so ara reyɛ no paa.—Mat. 24:45.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no na yɛbɔ mpae ma wɔn?

4 Ɛfata sɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo afoforo kyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim na wɔde nokwaredi asom Onyankopɔn no ho anisɔ na wobu wɔn. Nokwarem no, wɔ Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de mae no mu no, wɔde obu ne nidi a yɛde bɛma nnipa a wɔn mfe akɔ anim no bataa Yehowa suro ho. (Lev. 19:32) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa ma anokwafo yi, na yɛda Onyankopɔn ase wɔ adwumaden a wofi ɔdɔ mu yɛ no ho. Ɔsomafo Paulo bɔɔ mpae maa ne mfɛfo adwumayɛfo, mmofra ne mpanyin a na ɔdɔ wɔn no nyinaa.—Monkenkan 1 Tesalonikafo 1:2, 3.

5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Yehowa asomfo a wɔn mfe akɔ anim a yɛne wɔn bɛbɔ no so mfaso?

5 Afei nso, asafo no mufo betumi anya Kristofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔne wɔn bɛbɔ no so mfaso. Yehowa asomfo anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no nam ade a wɔn ankasa asua, nea afoforo ayɛ a wɔahwɛ, ne osuahu a wɔanya no so anya nimdeɛ a mfaso wɔ so pii. Wɔasua sɛnea wɔda boasetɔ ne tema adi, na sɛ wɔde nea wɔasua no kyerɛkyerɛ nkyirimma a, ɛma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nya anigye ne abotɔyam kɛse. (Dw. 71:18) Mmerante ne mmabaa, momma mo ani nna hɔ, na munsua pii mfi nimdeɛ nsu a emu dɔ yi mu, na munnya so mfaso.—Mmeb. 20:5.

6. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ahu sɛ wubu wɔn sɛ wɔsom bo ankasa?

6 So woma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no hu sɛ wɔsom bo ma wo sɛnea Yehowa bu wɔn sɛ wɔsom bo no? Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ, wobɛka akyerɛ wɔn sɛ wodɔ wɔn paa wɔ nokware a wɔadi no ho, na w’ani sɔ nyansahyɛ ahorow a wɔde ma no. Bio nso, sɛ wode nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wo no yɛ adwuma a, woda no adi sɛ wufi wo komam bu wɔn. Kristofo pii a wɔn mfe akɔ anim betumi akae afotu a nyansa wom a anokwafo a na wɔn mfe akɔ anim no de maa wɔn ne sɛnea adwuma a wɔde yɛe no ama wɔanya so mfaso wɔ wɔn asetra mu no. *

Monyɛ Nneɛma Pɔtee Bi Mfa Nkyerɛ sɛ Modɔ Wɔn

7. Henanom titiriw na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no?

7 Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no abusuafo titiriw na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔhwɛ wɔn. (Monkenkan 1 Timoteo 5:4, 8.) Sɛ abusuafo hwɛ wɔn abusua mufo a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa no de kyerɛ sɛ wodwen wɔn ho sɛnea Yehowa dwen wɔn ho no a, Yehowa ani gye. Onyankopɔn boa mmusua a wɔyɛ saa no, na ohyira wɔn wɔ nnwuma a wɔyɛ ne nneɛma a wɔde bɔ afɔre no ho. *

8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo ahorow no dwen Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no ho?

8 Saa ara na sɛ asafo ahorow no boa anokwafo a wɔn mfe akɔ anim a wohia mmoa nanso wonni abusuafo a wɔyɛ gyidifo anaa abusuafo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛhwɛ wɔn no a, ɛma Yehowa ani gye. (1 Tim. 5:3, 5, 9, 10) Sɛ asafo ahorow no yɛ saa a, wɔda no adi sɛ wɔwɔ ‘tema, onuadɔ, ne ayamhyehye’ ma nkwakoraa ne mmerewa no. (1 Pet. 3:8) Paulo yɛɛ mfatoho de kyerɛkyerɛɛ sɛnea wodwen nkwakoraa ne mmerewa a wɔwɔ asafo no mu no ho bere a ɔkae sɛ, sɛ nipadua akwaa no mu biako hu amane a, “akwaa a aka no nyinaa hu amane bi” no. (1 Kor. 12:26) Sɛ yefi ayamhyehye mu yɛ nneɛma pɔtee bi ma nkwakoraa ne mmerewa a, na yɛreda no adi sɛ yɛde Paulo afotu a edi so yi mu nsɛm reyɛ adwuma. Otuu yɛn fo sɛ: “Monkɔ so mmoa mo ho mo ho wɔ nneɛma a emu yɛ duru mu na monam so awie Kristo mmara no so di.”—Gal. 6:2.

9. Nneɛma bɛn na ebetumi ayɛ adwumaden ama obi a ne mfe akɔ anim?

9 Nneɛma bɛn na ebetumi ayɛ adwumaden ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no? Sɛ wɔn mu pii yɛ adwuma kakra bi a na wɔabrɛ. Wobetumi ate nka sɛ wonni ahoɔden a wɔde bɛyɛ nnwuma nketenkete bi te sɛ oduruyɛfo a wɔbɛkɔ akohu no, nkrataa a wɔbɛkyerɛw, wɔn fie a wobesiesie, ne aduan a wɔbɛnoa. Esiane sɛ ɔkɔm ne sukɔm ntaa nne wɔn nti, ebia wobenya adwene sɛ ɛho nhia sɛ wodidi anaasɛ wɔnom nsu pii sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no. Saa ara na wobetumi ate nka sɛ ɛho nhia sɛ wosua Bible na wɔkɔ asafo nhyiam ahorow. Ebia, wɔn ani a ayɛ wusiwusi ne wɔn asom a ayɛ den no bɛma ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkenkan ade na wɔatie asɛm a wɔka wɔ Kristofo nhyiam ase no, na wɔn ho a wobesiesie akɔ Kristofo nhyiam ahorow mpo betumi ayɛ den ama wɔn. Ɛnde, dɛn na afoforo betumi ayɛ ama nkwakoraa ne mmerewa a wɔte saa no?

Nea Wubetumi Ayɛ De Aboa Wɔn

10. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ na ama nkwakoraa ne mmerewa anya mmoa a wohia?

10 Ɔkwan a asafo ahorow pii fa so hwɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔwɔ wɔn mu no hyɛ nkuran yiye. Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ ɔdɔ kodi gua, noa nnuan, na wosiesie wɔn afie ma wɔn. Wɔboa wɔn ma wosua ade, siesie wɔn ho kɔ asafo nhyiam ahorow, na ɛma wotumi kɔ so yɛ asɛnka adwuma no daa. Adansefo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa ne wɔn kɔ asɛnka, na wɔyɛ kar ho nhyehyɛe ma wɔn. Sɛ nkwakoraa ne mmerewa no aka dan mu a, wɔma wotie dwumadi no wɔ telefon so, anaasɛ wɔkyere gu kasɛt so kɔbɔ ma wɔn. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe pɔtee bi de boa wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu no ma wɔn nsa ka nea wohia. *

11. Ka sɛnea abusua bi boaa onua bi a na wabɔ akwakoraa no ho asɛm.

11 Kristofo ankorankoro nso betumi ada ahɔhoyɛ ne ayamye adi akyerɛ wɔn. Bere a onua akwakoraa bi yere wui no, esiane na sɛ wontua ne yere pɛnhyen sika mma no bio nti na ontumi ntua ne dan ka. Ná akwakoraa no ne ne yere ne agya bi ne ne yere ne wɔn mmabea nkumaa baanu a na wɔte ofie kɛse bi mu asua ade. Abusua no yii adan abien maa no traa mu. Ɔtraa hɔ mfe 15, na na wɔbom didi, gye wɔn ani, na wɔdaa onuadɔ adi kyerɛɛ no. Wɔn mmabea no nyaa gyidi ne osuahu pii a na akwakoraa no wɔ no so mfaso, na fekuw a akwakoraa no ne wɔn bɔe no maa ɔno nso ani gyei. Akwakoraa yi ne wɔn trae araa kosii sɛ owui a na wadi mfe 89. Abusua no da so ara da Onyankopɔn ase wɔ nhyira pii a wonya fii fekuw a wɔne akwakoraa no bɔe mu no ho. Wɔn ‘akatua mmɔɔ wɔn’ sɛ wɔboaa wɔn yɔnko a ɔyɛ Yesu Kristo suani no.—Mat. 10:42. *

12. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ Kristofo mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no?

12 Ebia, worentumi mmoa Kristoni bi a wabɔ akwakoraa anaa aberewa sɛnea saa abusua no yɛe no de, nanso ebia wubetumi aboa nkwakoraa ne mmerewa ma wɔakɔ asafo nhyiam ahorow ne asɛnka. Wubetumi nso ama wɔaba wo fie, na wo ne wɔn apue akogye mo ani kakra. Wubetumi nso akɔsra wɔn, titiriw bere a wɔyare anaasɛ wɔaka ɔdan mu no. Bio nso, wubetumi ne wɔn adi sɛ nnipa a wɔn mfe akɔ anim bere nyinaa, na saa na ɛsɛ sɛ woyɛ. Sɛ yɛresi Kristofo a wɔn mfe akɔ anim ho gyinae biara na yehu sɛ wɔn adwenem da hɔ a yebetumi ne wɔn asusuw ho a, ɛsɛ sɛ yɛne wɔn susuw ho. Wɔn a wɔn adwenem nna hɔ yiye mpo no tumi hu sɛ afoforo di wɔn ni anaasɛ wonni wɔn ni.

Yehowa Werɛ Remfi Mo Adwuma

13. Dɛn nti na sɛnea Kristofo a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa no te nka wɔ nneɛma ho a yɛbɛte ase no ho hia?

13 Sɛnea nkwakoraa ne mmerewa te nka wɔ nneɛma ho a yɛbɛte ase no ho hia. Mpɛn pii no, nkwakoraa ne mmerewa di awerɛhow kɛse wɔ nneɛma a bere bi a na wɔyɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ ahoɔden no na wotumi yɛ a seesei wontumi nyɛ bio no ho. Sɛ nhwɛso no, onuawa bi a ɔde mfe bɛyɛ 50 asom Yehowa a na ɔyɛ daa kwampaefo nyaa yare bi a ɛma ɔyɛɛ mmerɛw nkakrankakra, na ɛma ɛyɛɛ den maa no sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam ahorow. Bere a ohui sɛ afei ontumi nyɛ ɔsom adwuma no pii sɛnea na ɔyɛ kan no, ofii ase sui. Osii ne ti ase, na ɔde nusu kae sɛ, “Seesei menenam asafo no mu kwa.”

14. Nkuranhyɛsɛm bɛn na Yehowa asomfo a wɔn mfe akɔ anim betumi anya afi Dwom nhoma no mu?

14 Sɛ woyɛ obi a wo mfe akɔ anim a, so woadi awerɛhow a ɛte saa pɛn? Anaasɛ ɛtɔ mmere bi a wote nka sɛ Yehowa nnwen wo ho bio? Ɛbɛyɛ sɛ odwontofo no nso tee nka saa wɔ ne nkwakoraabere mu, efisɛ ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Ntow me nkyene nkwakoraabere, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me. Onyankopɔn, nkwakoraabere ne dwen mu nso nnyaw me.” (Dw. 71:9, 18) Nokwarem no, na Yehowa rennyaw onii a ɔhyehyɛɛ saa dwom no, na saa ara nso na Yehowa rennyaw wo. Wɔ dwom foforo a Dawid hyehyɛe mu no, ɔde ahotoso kaa sɛnea Onyankopɔn boaa no no ho asɛm. (Monkenkan Dwom 68:19.) Sɛ woyɛ Kristoni a wo mfe akɔ anim a wode nokwaredi resom Yehowa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ka wo ho, na ɔbɛkɔ so ahwɛ wo daa nyinaa.

15. Dɛn na ebetumi aboa nkwakoraa ne mmerewa ma wɔakɔ so anya adwempa?

15 Onyankopɔn werɛ mfii nea Yehowa Adansefo a mo mfe akɔ anim no ayɛ wɔ bere bi a atwam no, na ne werɛ remfi nea moreyɛ seesei de ahyɛ no anuonyam no da. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho” no. (Heb. 6:10) Eyi nti, munnnya adwene a ɛnteɛ, na munnsusuw sɛ esiane sɛ moabobɔ nkwakoraa ne mmerewa nti, Yehowa mmu mo sɛ mo so wɔ mfaso bio. Mommɔ mmɔden nyi nsusuwii biara a ɛma mudi awerɛhow no mfi mo mu, na munnya adwempa mmom. Munni nhyira ahorow a moanya, ne nneɛma pa a mo ani da so sɛ mubenya daakye no ho ahurusi! Yɛwɔ “daakye ne anidaso,” nea eye sen biara a yɛn Bɔfo no de ahyɛ yɛn bɔ no. (Yer. 29:11, 12, NW; Aso. 17:31; 1 Tim. 6:19) Munnwen anidaso a mowɔ no ho, monkɔ so nnya adwempa wɔ mo koma ne mo adwene mu te sɛ nea moyɛ mmabun no, na ɛnsɛ sɛ moka sɛ mo so nni mfaso wɔ asafo no mu da! *

16. Dɛn na ɛmaa onua bi a ne mfe akɔ anim nyaa adwene sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkɔ so som sɛ ɔpanyin, nanso dɛn na mpanyimfo kuw no yɛ de hyɛɛ no nkuran?

16 Susuw Johan a wadi mfe 80 a ɔde ne bere nyinaa rehwɛ ne yere Sannie a wakɔ so ne no atra nokwaredi mu a seesei ɔyare no ho hwɛ. * Ɛyɛ a anuanom mmea kɔhwɛ Sannie sɛnea ɛbɛyɛ a Johan betumi akɔ asafo nhyiam ne asɛnka. Nanso, nnansa yi, Johan abam bui, na ofii ase nyaa adwene sɛ ɛnsɛ sɛ ɔkɔ so som sɛ asafo panyin. Bere a na n’ani ataataa nusu no, obisae sɛ: “Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ mɛkɔ so asom sɛ ɔpanyin? Minni dwuma titiriw biara wɔ asafo no mu.” Ne mfɛfo mpanyimfo no maa no awerɛhyem sɛ wonya osuahu a ɔwɔ ne nyansahyɛ ahorow a ɔde ma no so mfaso. Wɔhyɛɛ no nkuran sɛ, sɛ ontumi nyɛ pii wɔ asafo no mu mpo a, ɔno de, ɔnkɔ so nsom sɛ ɔpanyin. Asɛm no hyɛɛ Johan nkuran yiye, enti ɔda so resom sɛ ɔpanyin, na asafo no nya ne so mfaso pii.

Yehowa Dwen Mo Ho Ankasa

17. Awerɛhyem bɛn na Bible de ma Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no?

17 Kyerɛwnsɛm no ka no pefee sɛ, nkwakoraa ne mmerewa betumi anya nkɔso wɔ Yehowa som mu ɛmfa ho ɔhaw a onyin de ba wɔn so no. Odwontofo no kae sɛ: ‘Wɔn a wɔtɛw wɔn Yehowa fie no bɛkɔ so asow aba wɔ wɔn nkwakoraa bere mu, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara.’ (Dw. 92:13, 14) Ɔsomafo Paulo a ɛbɛyɛ sɛ na ɔreko yare bi no ‘ampa abaw bere a na sɛnea ɔte wɔ nnipa ani so no resɛe mpo no.’—Monkenkan 2 Korintofo 4:16-18.

18. Dɛn nti na ehia sɛ afoforo boa nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn a wɔhwɛ wɔn no?

18 Ɛnnɛ, nhwɛso pii wɔ hɔ a ɛma yehu sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ‘akɔ so asow aba.’ Nanso, ɔhaw ahorow a yare ne mpanyinyɛ de ba no betumi ahaw wɔn a wɔn abusuafo dwen wɔn ho na wɔhwɛ wɔn yiye no mpo. Wɔn a wɔhwɛ mpanyimfo a wɔte saa no nso betumi abrɛ. Asafo no wɔ hokwan ne asɛyɛde sɛ wɔda ɔdɔ adi kyerɛ nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn a wɔhwɛ wɔn no. (Gal. 6:10) Sɛ yɛda ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛ wɔn a, wɔ ɔkwan bi so no, na ɛnyɛ sɛ yɛde yɛn ano na ɛreka akyerɛ wɔn kɛkɛ sɛ ‘momfa asomdwoe nkɔ, na mo ho nyɛ mo hyew na mo mee’ bere a yɛrenyɛ biribi pɔtee mfa mmoa wɔn.—Yak. 2:15-17.

19. Dɛn nti na Kristofo anokwafo a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa no betumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan?

19 Ebia onyin betumi ama nnwuma a Kristoni bi yɛ so atew, nanso onyin remma ɔdɔ a Yehowa wɔ ma n’asomfo anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no so ntew. Mmom no, saa Kristofo anokwafo yi nyinaa som bo wɔ Yehowa ani so, na ɔrennyaw wɔn da. (Dw. 37:28; Yes. 46:4) Yehowa bɛwowaw wɔn na wakyerɛ wɔn kwan wɔ wɔn nkwakoraabere ne wɔn mmerewabere mu.—Dw. 48:14.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Hwɛ April 8, 1994, Nyan!, kratafa 15-22.

^ nky. 10 Wɔ aman bi so no, mmoa a wɔde ma no bi ne sɛ wɔbɛboa nkwakoraa ne mmerewa no ma wɔn nsa aka mmoa a aban de ma wɔn no. Hwɛ asɛm a ɛne “Onyankopɔn Dwen Nkwakoraa ne Mmerewa Ho” a ɛwɔ June 1, 2006, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 15 Hwɛ asɛm a ɛne “Dwen Fɛ a Ɛyɛ” a ɛwɔ March 15, 1993, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 16 Wɔasesa din ahorow no.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na wubu Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no sɛ wɔsom bo?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de ada ɔdɔ adi akyerɛ yɛn mfɛfo asomfo a wɔn mfe akɔ anim no?

• Dɛn na ebetumi aboa Yehowa asomfo a wɔn mfe akɔ anim no ma wɔanya adwempa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Asafo no mufo wɔ obu kɛse ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no