Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Yɛn “Gyefo”

Yehowa Ne Yɛn “Gyefo”

Yehowa Ne Yɛn “Gyefo”

“[Yehowa, NW] boa wɔn, na ogye wɔn.”—DW. 37:40.

1, 2. Yehowa ho nokwasɛm titiriw bɛn na ɛma yenya awerɛkyekye na ɛhyɛ yɛn den?

SUNSUMA a owia ma ɛba no nnyina faako. Bere a asase retwa ne ho no, sunsuma no dannan, na ɛsakra bere nyinaa. Nanso, Ɔbɔadeɛ a ɔyɛɛ asase ne owia no de, ɔnsakra. (Mal. 3:6) Bible ka sɛ: “Sunsuma a ɛsakra na ɛdannan nni ne mu.” (Yak. 1:17) Yehowa ho nokwasɛm titiriw yi ma yenya awerɛkyekye ne ahoɔden ankasa, titiriw, bere a yehyia sɔhwɛ ahorow ne nsɛnnennen no. Dɛn ntia?

2 Sɛnea yehui wɔ adesua a edi eyi anim mu no, Yehowa yɛɛ ‘Ogyefo’ wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu. (Dw. 70:5) Yehowa nsakra, na odi n’asɛm so bere nyinaa; enti n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no wɔ nea wobegyina so anya ne mu ahotoso sɛ ‘ɔbɛboa wɔn na wagye wɔn.’ (Dw. 37:40) Ɔkwan bɛn na Yehowa afa so agye n’asomfo wɔ ɛnnɛ mmere yi mu? Ɔkwan bɛn na ebia ɔbɛfa so ayɛ saa ama yɛn?

Ogye Yɛn Fi Asɔretiafo Nsam

3. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ asɔretiafo ntumi mma Yehowa nkurɔfo nnyae asɛmpa no ka da?

3 Ɔsɔretia biara nni hɔ a Satan de bɛba Yehowa Adansefo so a ɛbɛma wɔagyae ɔsom a ɛfata sɛ wɔde ma Yehowa nkutoo no da. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wo ayi ntɛn no, wobebu no fɔ.” (Yes. 54:17) Asɔretiafo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Onyankopɔn nkurɔfo agyae asɛnka adwuma no, nanso wontumi nyɛɛ saa. Ma yensusuw nhwɛso abien ho nhwɛ.

4, 5. Ɔsɔretia bɛn na Yehowa nkurɔfo hyiae wɔ afe 1918 mu, na dɛn na afi mu aba?

4 Wɔ afe 1918 mu no, asɔfo ma wɔde ɔsɔretia pii baa Yehowa nkurɔfo so, nea enti wɔyɛɛ saa ne sɛ na wɔpɛ sɛ wɔma wogyae asɛnka adwuma no. Wɔ May 7 no, United States aban hyɛe sɛ wɔnkyere J. F. Rutherford a saa bere no na ɔrehwɛ asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa so ne afoforo bi a na wɔwɔ adwumayɛbea ti hɔ no. Wɔ asram abien mu no, wodii Onua Rutherford ne wɔn a wɔka ne ho no asɛm wɔ ɔkwan a ɛmfata so buu wɔn fɔ sɛ wotutu ɔman ase, enti wɔmfa wɔn ngu afiase mfe pii. So asɔretiafo no tumi faa asɛnnibea no so ma wogyaee asɛnka adwuma no koraa? Dabida!

5 Kae Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye” no. Bere a wɔde Onua Rutherford ne wɔn a wɔka ne ho no guu afiase asram akron no, nsakrae bi a na wɔnhwɛ kwan bae wɔ March 26, 1919, na ɛma woyii anuanom no fii afiase. Afe a edi hɔ, March 5, 1920 no, wotwaa sobo a wɔde bɔɔ wɔn no mu. Anuanom de ahofadi a wonyae no kɔɔ so yɛɛ Ahenni adwuma no. Dɛn na afi mu aba? Nokwasɛm ne sɛ, nkɔso pii na aba fi saa bere no! Yɛde nkɔso a aba no nyinaa ho ayeyi ma yɛn “gyefo” no.—1 Kor. 3:7.

6, 7. (a) Ɔsɔretia bɛn na wɔde baa Yehowa Adansefo so wɔ Nasi Germany, na dɛn na afi mu aba? (b) Dɛn na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ wɔ ɛnnɛ mmere yi mu ho nsɛm di ho adanse?

6 Afei, ma yensusuw nhwɛso a ɛto so abien no ho nhwɛ. Wɔ afe 1934 mu no, Hitler kaa ntam sɛ ɔbɛtɔre Yehowa Adansefo nyinaa ase afi Germany. Wanka saa ntam no kwa. Wofii ase kyekyee nkurɔfo pii guu afiase. Wɔyɛɛ Adansefo mpempem pii ayayade; wokunkum ɔhaha pii wɔ nneduaban mu. So Hitler tumi tɔree Adansefo no ase sɛnea ɔkae no? So ɔma wogyaee asɛmpa no ka koraa wɔ Germany? Wantumi anyɛ saa! Bere a ɔtaa no rekɔ so no, yɛn nuanom no yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ sum ase. Bere a Nasi nniso no gui no, Adansefo no de ahofadi a wonyae no kɔɔ so kaa asɛm no. Ɛnnɛ, Ahenni adawurubɔfo bɛboro 165,000 na wɔwɔ Germany. Yɛn “gyefo” no san dii ne bɔhyɛ no so bio sɛ: “Akode biara a wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye.”

7 Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ wɔ ɛnnɛ mmere yi mu ho nsɛm yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa remma wɔntɔre ne nkurɔfo ase sɛ kuw da. (Dw. 116:15) Nanso, so Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban sɛ ankorankoro? Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so gye yɛn?

Na Yɛn Honam Fam Ahobammɔ Nso Ɛ?

8, 9. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔnhyɛɛ yɛn bɔ sɛ wɔbɛbɔ yɛn ho ban honam fam saa bere yi? (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom ankasa?

8 Wɔ ɛnnɛ mmere yi mu no, yenim sɛ Yehowa nhyɛɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban honam fam sɛ ankorankoro bere nyinaa. Yɛne Hebrifo anokwafo baasa no a wɔankotow Ɔhene Nebukadnesar sika honi no yɛ adwene. Saa mmerante a na wosuro Onyankopɔn no annya adwene bi sɛ Yehowa bɛfa anwonwakwan so abɔ wɔn ho ban ma enti bɔne bi rento wɔn. (Monkenkan Daniel 3:17, 18.) Sɛnea ɛkɔbae no, Yehowa yii wɔn fii fononoo a na ogye redɛw wom no mu. (Dan. 3:21-27) Nanso, wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu mpo no, na wɔntaa mfa anwonwakwan so nnye nkurɔfo. Yehowa asomfo anokwafo pii na asɔretiafo kunkum wɔn.—Heb. 11:35-37.

9 Na ɛnnɛ nso ɛ? Sɛ́ ‘Ogyefo’ no, Yehowa betumi agye ankorankoro ankasa afi tebea ahorow a ɛyɛ hu mu. So yebetumi aka no pefee sɛ ebia Yehowa de ne ho gyee nsɛm pɔtee bi mu anaasɛ wamfa ne ho annye mu? Dabi, yɛretumi nkyerɛ. Nanso, obi a wanya ne ti adidi mu wɔ tebea bi a ɛyɛ hu mu betumi aka sɛ Yehowa na wagye no. Ɛbɛyɛ ahantan sɛ afoforo bɛka akyerɛ no sɛ ɛnte saa. Bere koro no ara nso, ɛsɛ sɛ yegye tom ankasa sɛ Kristofo anokwafo pii na wɔawuwu wɔ ɔtaa mu, te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Nasi bere so no. Afoforo nso awuwu wɔ tebea ahorow a ɛyɛ awerɛhow mu. (Ɔsɛnk. 9:11) So yebetumi aka sɛ, ‘Yehowa anyɛ wɔn a wowuu ɔpatuwu no “gyefo?”’ Yɛrentumi nka saa.

10, 11. Dɛn nti na ɔbarima ntumi nnye ne ho mfi owu nsam, nanso dɛn na Yehowa betumi ayɛ wɔ ho?

10 Susuw asɛm yi ho hwɛ: Ɔbarima ntumi nnye ne ho mfi owu nsam, efisɛ onipa biara nni hɔ a “obeyi ne kra afi asaman,” anaa Hades a ɛyɛ adesamma nyinaa damoa no “nsam.” (Dw. 89:48) Na Yehowa nso ɛ? Onuawa bi a onyaa ne ti didii mu wɔ Nasi aninyanne no mu kaee asɛm bi a ne maame a ɔyɛ Ɔdansefo ka kyerɛɛ no bere bi de kyekyee ne werɛ wɔ n’adɔfo a wokunkum wɔn wɔ nneduaban mu no ho. Ne maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ nnipa wu na wɔrensɔre bio a, na ɛkyerɛ sɛ owu ho yɛ den sen Onyankopɔn, nanso so saa na ɛte?” Nokwasɛm ne sɛ, owu ho nyɛ den nsen nkwa Wura a ɔno na ɔwɔ tumi sen obiara no! (Dw. 36:9) Yehowa kae wɔn a wɔwɔ Sheol anaa Hades no nyinaa, na obegye wɔn mu biara.—Luka 20:37, 38; Adi. 20:11-14.

11 Nanso, Yehowa hwɛ n’asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no so ankasa. Afei, ma yensusuw akwan abiɛsa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne yɛn “gyefo” no ho nhwɛ.

Yehowa Bɔ Abusuabɔ a Yɛne no Wɔ no Ho Ban

12, 13. Dɛn nti na abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no ho ban a ɔbɛbɔ no ne ade a ɛho hia sen biara, na ɔkwan bɛn na Yehowa fa so de ahobammɔ a ɛte saa no ma yɛn?

12 Yehowa bɔ abusuabɔ a yɛne ne no wɔ a ɛno ne ade a ɛho hia sen biara no ho ban. Esiane sɛ yɛyɛ nokware Kristofo nti, yenim sɛ biribi wɔ hɔ a ɛho hia koraa sen nkwa a yɛwɔ seesei no. Abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no ne agyapade a ɛho hia sen biara a yɛwɔ. (Dw. 25:14; 63:3) Sɛ yɛne Yehowa nni abusuabɔ a ɛte saa a, na mfaso biara nni nkwa a yɛwɔ seesei no so, na yɛrennya daakye ho anidaso biara.

13 Yɛda Yehowa ase sɛ ɔma yenya mmoa a yehia nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne ne ntam bɛkɔ so ayɛ papa. Yehowa de n’Asɛm no, ne honhom kronkron, ne n’asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no ama yɛn sɛ ɛmmoa yɛn. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de nneɛma a Yehowa de ama yɛn no nyinaa adi dwuma yiye? Sɛ yɛde nsi sua n’Asɛm no daa a, yɛn gyidi ne anidaso a yɛwɔ no mu bɛyɛ den. (Rom. 15:4) Sɛ yefi yɛn komam bɔ mpae bisa ne honhom no a, ɔbɛboa yɛn ma yɛako atia sɔhwɛ biara a ɛbɛsɛe yɛne no ntam no. (Luka 11:13) Sɛ yɛde akwankyerɛ a akoa kuw no nam Bible ho nhoma, asafo nhyiam ahorow, ne amansin ne amantam nhyiam ahorow so de ma yɛn no yɛ adwuma a, yebenya ahoɔden afi honhom fam “aduan” a wɔde ma yɛn wɔ “bere a ɛsɛ mu” no mu. (Mat. 24:45) Nhyehyɛe a ɛte saa no bɔ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no ho ban, na ɛboa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn kɛse.—Yak. 4:8.

14. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔ abusuabɔ a yɛne no wɔ no ho aban ho asɛm.

14 Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea Yehowa bɔ abusuabɔ a yɛne no wɔ ho ban a, ma yɛnsan nsusuw awofo a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ adesua a edi eyi anim mfiase no ho nhwɛ. Bere a wɔtee sɛ wɔn babea Theresa ayera no, wɔtee asɛmmɔne wɔ nna kakra bi akyi sɛ: Wɔakum wɔn babea no. * Agya no kae sɛ: “Ná mabɔ mpae sɛ Yehowa mmɔ yɛn babea no ho ban. Bere a yehui sɛ wɔakum no no, nokwarem no, adwene a edii kan baa me tirim ne sɛ, Yehowa antie me mpaebɔ no. Nokwarem no, minim sɛ Yehowa nhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban sɛ ankorankoro. Mekɔɔ so bɔɔ mpae hwehwɛɛ ntease. Ntease a manya sɛ Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban honhom fam, a nea ɛno kyerɛ ne sɛ ɔma yenya nea yehia a ɛbɛma wabɔ abusuabɔ a yɛne no wɔ ho ban no ama manya awerɛkyekye. Saa ahobammɔ yi ne nea ɛho hia sen biara, efisɛ ebetumi aka daa nkwa a yebenya daakye no. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na Yehowa bɔɔ Theresa ho ban; ɔrebewu no, na ɔresom Yehowa nokware mu. Hu a mahu sɛ ne nkwa wɔ Yehowa nsam no ama manya asomdwoe.”

Ɔwowaw Yɛn Bere a Yɛyare

15. Sɛ yare bi a emu yɛ den bɔ yɛn a, akwan bɛn na Yehowa betumi afa so aboa yɛn?

15 Yehowa betumi awowaw yɛn wɔ “ɔyarepa so” sɛnea ɔwowaw Dawid no. (Dw. 41:3) Ɛwom sɛ, seesei Yehowa mfa anwonwakwan so nsa yɛn yare de, nanso ɔboa yɛn. Ɔkwan bɛn so? Nnyinasosɛm a ɛwɔ n’Asɛm mu no betumi aboa yɛn ma yɛasisi ayaresa ne nneɛma foforo ho gyinae a nyansa wom. (Mmeb. 2:6) Yebetumi anya nsɛm ne nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a yebetumi de ayɛ adwuma afi Ɔwɛn-Aban ne Awake! mu nsɛm a ɛka yare pɔtee bi a abɔ yɛn ho nsɛm no mu. Yehowa nam ne honhom so betumi ama yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so” ma yɛde agyina tebea a yɛrehyia no ano na yɛakɔ so adi nokware ɛmfa ho nea ɛbɛto yɛn biara. (2 Kor. 4:7) Sɛ yenya mmoa a ɛte saa a, ebetumi aboa yɛn ma yɛremfa yɛn adwene nsi yare a abɔ yɛn no so pii, na mmom yɛde yɛn adwene besi abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no so.

16. Ɔkwan bɛn so na onua bi atumi agyina ne yare no?

16 Susuw onua aberante bi a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua a edi eyi anim mu no ho hwɛ. Wɔ afe 1998 mu no, wohui sɛ wanya yare bi a ɛka obi ma obubu gu hɔ, na awiei koraa no, yare no bubuu no guu hɔ koraa. * Ɔkwan bɛn so na watumi agyina ne yare no ano? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ mihu sɛ sɛ miwu nkutoo a na menya ahotɔ a, ɛma me werɛ how, na meyɛ basaa. Bere biara a adwene a ɛte saa bɛhyɛ me so no, mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me nneɛma abiɛsa: koma a edwo, abotare, ne boasetɔ. Mahu sɛ Yehowa atie saa mpaebɔ no. Koma a edwo no ma misusuw nneɛma a ɛkyekye me werɛ ho te sɛ nea wiase foforo no mu asetra bɛyɛ bere a metumi anantew bio, adi aduan ate ne dɛ, na matumi ne m’abusuafo abɔ nkɔmmɔ bio no. Abotare boa me ma migyina ahokyere ne nsɛnnennen a yare no ma mihyia no ano. Boasetɔ ma mekɔ so di nokware, na misusuw abusuabɔ a me ne Yehowa wɔ no ho sen biribi foforo biara. Metumi ne odwontofo Dawid ayɛ adwene ankasa, efisɛ mahu sɛ Yehowa awowaw me wɔ me yarepa so.”—Yes. 35:5, 6.

Ɔma Yɛn Nsa Ka Yɛn Ahiade

17. Dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn, na dɛn na saa bɔhyɛ yi kyerɛ?

17 Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nsa aka honam fam nneɛma a yehia no. (Monkenkan Mateo 6:33, 34 ne Hebrifo 13:5, 6.) Eyi nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔnam anwonwakwan so bɛma yɛn nsa aka nneɛma a yehia, anaasɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ adwuma. (2 Tes. 3:10) Nea saa bɔhyɛ no kyerɛ ne sɛ: Sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no kan wɔ yɛn asetram, na yefi yɛn pɛ mu yɛ adwuma a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛn nsa aka nneɛma a yehia wɔ yɛn asetra mu. (1 Tes. 4:11, 12; 1 Tim. 5:8) Yehowa betumi afa akwan ahorow a yɛnhwɛ kwan so ama yɛanya nea yehia, ebia ɔnam yɛn mfɛfo asomfo bi a wɔbɛboa yɛn anaa wɔbɛma yɛn adwuma ayɛ so na ɛbɛyɛ saa.

18. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa betumi ama yɛn nsa aka nea yehia wɔ yɛn ahohia bere mu.

18 Kae maame bi a onni ɔhokafo a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua a edi eyi anim mfiase mu no. Bere a ɔne ne babea kumaa no tu kɔtraa baabi foforo no, na ɛyɛ den sɛ obenya adwuma ayɛ. Ɔkae sɛ: “Ná mekɔ asɛnka anɔpa, na na awia biara mikyinkyin hwehwɛ adwuma. Mekae sɛ, da koro bi, mekɔɔ sotɔɔ bi mu sɛ merekɔtɔ nufusu. Migyinaa hɔ hwɛɛ atosode a na ɛwɔ hɔ no, nanso na minni sika a mede bɛtɔ bi. Me werɛ nhowee saa da wɔ m’asetra mu. Bere a mifii sotɔɔ no mu beduu fie saa da no, na obi de atosode ahorow nkotoku amaama abegu m’abrannaa so. Yenyaa aduan a na yebedi no asram pii. Misui ankasa, na medaa Yehowa ase.” Ankyɛ na onuawa yi hui sɛ onuabarima bi a odua atosode wɔ ne mfikyifuw mu na ɔde beguu hɔ. Akyiri yi, ɔkyerɛw krataa kɔdaa onua no ase sɛ: “Ɛwom sɛ medaa wo ase paa saa da no de, nanso medaa Yehowa a ɔnam wo so daa ayamye adi kyerɛɛ me de kaee me sɛ ɔdɔ me no nso ase pii.”—Mmeb. 19:17.

19. Sɛ ahohiahia kɛse no ba a, ahotoso bɛn na Yehowa asomfo benya, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ seesei?

19 Ɛda adi pefee sɛ, nea Yehowa yɛe wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu ne nea ɔreyɛ wɔ yɛn mmere yi mu no ma yehu sɛ yebetumi de yɛn ho ato no so sɛ ɔno ne yɛn Boafo. Ɛrenkyɛ, sɛ ahohiahia kɛse no ba Satan wiase no so a, yebehia Yehowa mmoa asen bere biara. Nanso, Yehowa asomfo betumi de wɔn ho ato no so koraa. Wobetumi ama wɔn ti so adi ahurusi, efisɛ wonim sɛ wɔn gye abɛn. (Luka 21:28) Enkosi saa bere no, sɔhwɛ ahorow biara a ɛbɛba yɛn so no, momma yensi yɛn bo mfa yɛn ho nto Yehowa so na yennya ne mu awerɛhyem koraa sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnsesa da no ne yɛn “gyefo” ampa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 14 Hwɛ asɛm a ɛne “Coping With an Unspeakable Tragedy,” (Sɛnea Wogyinaa Awerɛhosɛm Bi a Ɛyɛ Ahodwiriw Ano) a ɛwɔ July 22, 2001, Awake!, kratafa 19-23 no.

^ nky. 16 Hwɛ asɛm a wɔato din “Sustained by My Faith—Living With ALS,” (Me Gyidi Awowaw Me wɔ Yare a Abubu Me Agu Hɔ no Mu) a ɛwɔ January 2006, Awake! kratafa 25-29 no.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa betumi agye wɔn a wɔawu ɔpatuwu no?

• Dɛn nti na abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no a ɔbɛbɔ ho ban no ne ade a ɛho hia sen biara?

• Dɛn na yɛn honam fam ahiade a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn no kyerɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Wɔkyeree Onua Rutherford ne wɔn a wɔka no ho no wɔ afe 1918 mu, na akyiri yi, woyii wɔn fii afiase twaa sobo a wɔde bɔɔ wɔn no mu

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yehowa betumi awowaw yɛn wɔ “ɔyarepa so”