Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Wode Bɛma Na Ama Woatra Ase Daa?

Dɛn Na Wode Bɛma Na Ama Woatra Ase Daa?

Dɛn Na Wode Bɛma Na Ama Woatra Ase Daa?

“Dɛn na obi de bɛsesa ne kra?”—MAT. 16:26.

1. Dɛn nti na Yesu kasa tiaa Petro wɔ asɛm a ɔkae no ho denneennen?

ASƐM bi a ɔsomafo Petro tee no maa ne ho dwiriw no yiye. Ná ne Kannifo a ɔdɔ no a ɔne Yesu Kristo ‘de akokoduru’ reka sɛ ɛrenkyɛ na wahu amane na wɔakum no! Akyinnye biara nni ho sɛ, Petro de adwempa na ɛkaa Yesu anim sɛ: “Awurade, ka asɛm pa ma wo ho; eyi remma wo so koraa” no. Yesu danee n’akyi kyerɛɛ Petro, na ɔhwɛɛ asuafo a wɔaka no. Ɛda adi sɛ, na wɔn nso kura adwene a ɛnteɛ yi bi. Afei, Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fi m’ani so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wonnwene Onyankopɔn adwene, na mmom nnipa adwene.”—Mar. 8:32, 33; Mat. 16:21-23.

2. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ osuani pa yɛ no mu?

2 Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yesu kae a edi hɔ no boaa Petro ma ohuu nea enti a Yesu kasa tiaa no denneennen wɔ asɛm a ɔkae no ho no. Yesu ‘frɛɛ nnipakuw no ne n’asuafo no baa ne nkyɛn,’ na ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa. Na obiara a ɔpɛ sɛ ogye ne kra nkwa no bɛhwere; nanso obiara a me ne asɛmpa no nti ɔbɛhwere ne kra no bɛkora so.” (Mar. 8:34, 35) Yesu de asɛmfua “ɔkra” dii dwuma wɔ ha de gyinaa hɔ maa “nkwa.” Ɛda adi sɛ, na ɛnyɛ ɔno nkutoo na na ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre, na mmom na ɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wodi n’akyi no nso de wɔn nkwa bɛbɔ afɔre de ayɛ Onyankopɔn som adwuma no. Sɛ wɔyɛ saa a, na wobenya akatua bi a ɛsom bo.—Monkenkan Mateo 16:27.

3. (a) Nsɛm bɛn na Yesu bisaa wɔn a na wɔretie no no? (b) Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ Yesu asɛmmisa a ɛto so abien no maa wɔn a na wɔretie no no kaee?

3 Yesu bisaa nsɛm abien a ɛma obi susuw nneɛma ho kɔ akyiri saa bere no. Obisae sɛ: “Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ onipa benya wiase nyinaa na wahwere ne kra?” na “Dɛn koraa na obi de bɛsesa ne kra?” (Mar. 8:36, 37) Ɛnyɛ den koraa sɛ nnipa bɛma asɛmmisa a edi kan no ho mmuae. Mfaso biara nni so sɛ onipa bi benya wiase nneɛma nyinaa na wahwere ne nkwa anaa ne kra. Sɛ obi te nkwa mu na ɔde n’ahonyade regye n’ani a, ɛnna n’ahonyade no yɛ nea mfaso wɔ so. Ɛbɛyɛ sɛ Yesu asɛmmisa a ɛto so abien a ɛne, “Dɛn koraa na obi de bɛsesa ne kra?” no maa wɔn a na wɔretie no no kaee sobo a Satan bɔe wɔ Hiob bere so no. Satan kae sɛ: “Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.” (Hiob 2:4) Nnipa bi a wɔnsom Yehowa bɛfa asɛm a Satan kae no sɛ ɛyɛ nokware. Nnipa pii na wɔbɛyɛ nea wobetumi biara, abu mmara biara so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtra nkwa mu. Nanso, Kristofo de, wɔnte saa.

4. Dɛn nti na nsɛm a Yesu bisae no kyerɛ nneɛma pii ma Kristofo?

4 Yenim sɛ Yesu amma asase so sɛ ɔrebɛma yɛanya ahoɔden, ahonyade, ne nkwatenten wɔ saa wiase yi mu. Yesu bɛkyerɛɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so atra ase daa wɔ wiase foforo no mu, na anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase daa no ne ade a ɛho hia yɛn paa. (Yoh. 3:16) Kristoni bɛte asɛm a edi kan a Yesu bisae no ase sɛ, “Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ obi benya nneɛma a ɛwɔ wiase nyinaa na wahwere anidaso a ɔwɔ sɛ ɔbɛtra ase daa no?” Mmuae no ne sɛ, Mfaso biara nni so. (1 Yoh. 2:15-17) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya Yesu asɛmmisa a ɛto so abien no ho mmuae no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Nneɛma bɛn na mepɛ sɛ mede bɔ afɔre seesei na ama manya anidaso sɛ mɛtra wiase foforo no mu?’ Mmuae a yɛde bɛma wɔ saa asɛmmisa no ho no gyina sɛnea yɛbɔ yɛn bra no so, na ɛbɛkyerɛ sɛnea saa anidaso no mu yɛ den wɔ yɛn komam.—Fa toto Yohane 12:25 ho.

5. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn nsa betumi aka akyɛde a ɛne daa nkwa no?

5 Nokwarem no, ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ yebetumi ayɛ daa nkwa ho adwuma anya. Nkwa yɛ akyɛde, nkwa tiaa a yɛwɔ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no mpo yɛ akyɛde. Yɛrentumi ntɔ nkwa, na saa ara nso na biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ de anya nkwa. Ɔkwan biako pɛ a yebetumi afa so ma yɛn nsa aka akyɛde a ɛne daa nkwa no ne sɛ, ‘yebegye Kristo Yesu’ ne Yehowa a “ɔyɛ wɔn a wɔn ani bere hwehwɛ no no katuafo” no “adi.” (Gal. 2:16; Heb. 11:6) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi, efisɛ “gyidi a nnwuma nnim awu.” (Yak. 2:26) Enti, sɛ yɛkɔ so dwennwen asɛm a Yesu bisae no ho a, ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma a yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde bɛbɔ afɔre ne nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ Yehowa som adwuma mu no ho anibere so de da no adi ankasa sɛ yɛn gyidi nwui.

‘Kristo Ansɔ N’ankasa Ani’

6. Dɛn ne ade a na ɛho hia Yesu sen biara?

6 Sɛ́ anka Yesu de n’ani besi wiase no mu nneɛma a na obetumi anya so no, ɔde n’ani sii nneɛma a ɛho hia so mmom, na wamma honam fam nneɛma a anka ɛbɛma wanya ahotɔ wɔ n’asetram ho sɔhwɛ anni no so. Ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre, na ɔyɛɛ osetie maa Onyankopɔn wɔ n’asetra mu. Sɛ́ anka Yesu bɛsɔ n’ankasa ani no, ɔkae sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ [Onyankopɔn ani] daa.” (Yoh. 8:29) Nneɛma bɛn na na Yesu pɛ sɛ ɔde bɔ afɔre na ama wasɔ Onyankopɔn ani?

7, 8. (a) Afɔre bɛn na Yesu bɔe, na akatua bɛn na onyae? (b) Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

7 Bere bi, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mat. 20:28) Bere bi a na atwam a Yesu fii ase sɛ ɔrebɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ ɛrenkyɛ na ɔde “ne kra” ama no, Petro kae sɛ ɔnka asɛm pa mma no ho. Nanso, Yesu ansesa n’adwene. Ofi ne pɛ mu de ne kra a ɛyɛ ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no bɔɔ afɔre maa adesamma. Esiane ahofama a Yesu daa no adi nti, ne nsa kaa nea na ɔhwɛ kwan no. Wonyanee no, na “wɔmaa no so kɔɔ Onyankopɔn nsa nifa so.” (Aso. 2:32, 33) Ɔnam saa a ɔyɛe no so ayɛ nhwɛso pa ama yɛn.

8 Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a na wɔwɔ Roma no fo sɛ, ‘ɛnsɛ sɛ wɔsɔ’ wɔn ankasa ani, na ɔkaee wɔn sɛ, “Kristo mpo ansɔ n’ankasa ani.” (Rom. 15:1-3) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yɛde ɔsomafo no afotu no bɛyɛ adwuma, na yɛde nneɛma abɔ afɔre de asuasua Kristo?

Yehowa Pɛ sɛ Yefi Yɛn Komam Som No

9. Sɛ Kristoni bi hyira ne ho so ma Onyankopɔn a, dɛn ankasa na na wayɛ?

9 Wɔ tete Israel no, Mose Mmara no kae sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔma Hebrifo a wɔyɛ nkoa no fa wɔn ho kodi wɔ afe a ɛto so ason no anaa Ahosɛpɛw afe no mu. Nanso, na nkoa no wɔ biribi foforo a wobetumi ayɛ. Sɛ na akoa bi abenya ɔdɔ ama ne wura a, na obetumi aka sɛ ɔbɛkɔ so atra ne wura fie asom no ne nkwa nna a aka nyinaa. (Monkenkan Deuteronomium 15:12, 16, 17.) Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn a, na yɛn nso yɛde yɛn ho ama no saa ara. Yefi yɛn pɛ mu gye tom sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na yɛrenyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa paa, na yɛpɛ sɛ yɛsom no afebɔɔ.

10. Ɔkwan bɛn so na yɛyɛ Onyankopɔn agyapade, na ɛsɛ sɛ saa nokwasɛm no ka yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe dɛn?

10 Seesei, sɛ wo ne Yehowa Adansefo resua Bible, woka asɛmpa no bi, na wokɔ Kristofo nhyiam ahorow a, ɛnde wofata nkamfo. Yɛhwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ wubefi wo komam ahyira wo ho so ama Yehowa na woabisa asɛm a Etiopiani no bisae no bi sɛ: “Dɛn na esiw me asubɔ kwan?” (Aso. 8:35, 36) Sɛ woyɛ saa a, wo ne Onyankopɔn ntam bɛyɛ te sɛ Kristofo a Paulo kyerɛw wɔn no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ mo ankasa dea, efisɛ wɔtɔɔ mo aboɔden.” (1 Kor. 6:19, 20) Sɛ́ ebia yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaasɛ yɛbɛtra asase so no, sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa a, ɛnde na ɔno ne yɛn Wura. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde nea yɛn ankasa yɛpɛ to nkyɛn, na ‘yɛnnyɛ nkoa mmma nnipa’! (1 Kor. 7:23) Hwɛ hokwan kɛse a ɛyɛ sɛ obi bɛyɛ Yehowa somfo nokwafo, na Yehowa de no ayɛ nea ɔpɛ!

11. Afɔre bɛn na wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmmɔ, na sɛnea afɔre ahorow a na wɔbɔ wɔ Mose Mmara no ase te no, saa afɔre no kyerɛ dɛn ankasa?

11 Paulo tuu ne mfɛfo gyidifo fo sɛ: “Momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Nyankopɔn ani, ɔsom kronn a mode mo adwene di akyi.” (Rom. 12:1) Ɛbɛyɛ sɛ, saa asɛm no maa Kristofo a na wɔyɛ Yudafo no kaee nneɛma a na wɔde bɔ afɔre wɔ wɔn som mu ansa na wɔrebɛyɛ Yesu akyidifo no. Ɛbɛyɛ sɛ na wonim sɛ wɔ Mose Mmara no ase no, na ɛsɛ sɛ wɔde mmoa a wodi mũ paa bɔ afɔre wɔ Yehowa afɔremuka so. Ná Yehowa ani rensɔ aboa biara a ne ho atɔ kyima. (Mal. 1:8, 13) Saa ara na sɛ yɛde yɛn nipadua ma sɛ “afɔrebɔde a ɛte ase” a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea edi mu. Yɛde ɔsom a edi mu ma Yehowa, na ɛnyɛ sɛ bere a yɛn ankasa yɛayɛ nea yɛpɛ nyinaa awie no ansa na yɛde yɛn bere a aka no asom Yehowa. Sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn a, yɛde yɛn “akra,” yɛn nkwa, a nea ɛka ho bi ne yɛn ahoɔden, yɛn ahonyade, ne ɔdom akyɛde a yɛwɔ no som no koraa. (Kol. 3:23) Ɔkwan bɛn so na yɛyɛ eyi wɔ yɛn asetra mu?

Momfa Mo Bere Nni Dwuma Nyansam

12, 13. Dɛn ne ade biako a yebetumi ayɛ ma yɛde ɔsom a edi mu ama Yehowa?

12 Ade biako a yebetumi ayɛ de ɔsom a edi mu ama Yehowa ne sɛ yɛde yɛn bere bedi dwuma nyansam. (Monkenkan Efesofo 5:15, 16.) Ɛsɛ sɛ yenya ahosodi ansa na yɛatumi de yɛn bere adi dwuma nyansam. Wiase yi mu nneɛma ne sintɔ a yenya fi awo mu ma yɛde yɛn bere yɛ nneɛma a yɛn ankasa ani gye ho anaasɛ yebenya so mfaso nkutoo. Nokwarem no, “ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ,” ɛbere a yɛde gye yɛn ani wɔ hɔ, ɛnna bere a yɛde yɛ honam fam adwuma a ɛma yetumi di asɛyɛde a yɛwɔ sɛ Kristofo no ho dwuma nso wɔ hɔ. (Ɔsɛnk. 3:1) Nanso, ɛsɛ sɛ Kristoni a wahyira ne ho so no yɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ɔde ne bere di dwuma nyansam.

13 Bere a Paulo kɔɔ Atene no, ohui sɛ, sɛ na “Atenefo ne ahɔho a wɔabɛsoɛ hɔ no nya bere a, nea wɔde yɛ ara ne sɛ wɔbɛka anaa wobetie asɛm foforo.” (Aso. 17:21) Ɛnnɛ nso, nnipa pii sɛe wɔn bere saa ara. Nneɛma a ɛsɛe bere nnɛ no bi ne television hwɛ, video so agodie, ne Intanɛt so akyinkyinakyinkyin. Nneɛma a ebetumi ama yɛasɛe yɛn bere no dɔ ara na ɛredɔɔso. Sɛ yɛma saa nneɛma no gye yɛn bere a, ebetumi ama yɛabu yɛn ani agu Yehowa ho nimdeɛ a yɛbɛhwehwɛ no so. Ebetumi ama yɛanya adwene mpo sɛ yenni adagyew koraa a yɛde bɛyɛ “nneɛma a ehia koraa no” a ɛno ne nneɛma a ɛfa Yehowa som ho no.—Filip. 1:9, 10.

14. Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho anibere so?

14 Enti, sɛ́ Yehowa somfo a woahyira wo ho so no, bisa wo ho sɛ, ‘So Bible akenkan, nneɛma ho a midwennwen, ne mpaebɔ ka nneɛma a meyɛ no daa no ho?’ (Dw. 77:12; 119:97; 1 Tes. 5:17) ‘So migye bere de sua nneɛma a wobesusuw ho wɔ Kristofo nhyiam ase no ansa na makɔ? So mema mmuae wɔ nhyiam ahorow ase de hyɛ afoforo nkuran?’ (Dw. 122:1; Heb. 2:12) Onyankopɔn Asɛm ka sɛ Paulo ne Barnaba de “bere pii traa hɔ kasaa akokoduru so denam Yehowa tumi so.” (Aso. 14:3) So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ w’asetram sɛnea ɛbɛyɛ a wode “bere pii” bɛyɛ asɛnka adwuma no, na ebia woasom sɛ ɔkwampaefo?—Monkenkan Hebrifo 13:15.

15. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo no de wɔn bere di dwuma nyansam?

15 Bere a ɔsomafo Paulo ne Barnaba kɔsraa Kristofo asafo a na ɛwɔ Antiokia no, “wɔtraa asuafo no nkyɛn kyɛe” sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ wɔn nkuran. (Aso. 14:28) Saa ara na mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔwɔ ɔdɔ no nso de wɔn bere pii hyɛ afoforo den. Wɔ asɛnka a mpanyimfo no kɔ akyi no, wɔyɛ adwumaden de srasra nguan no, hwehwɛ nguan a wɔayera, boa wɔn a wɔyare, na wɔyɛ nnwuma foforo pii wɔ Kristofo asafo no mu. Sɛ woyɛ onua barima a woabɔ asu a, so wo nsɛm tebea bɛma wo kwan ma woayere wo ho afata sɛ wɔde asɛyɛde foforo a ɛte saa ma wo?

16. Nneɛma a yebetumi ayɛ de ‘ayɛ wɔn a wɔne yɛn bɔ abusua wɔ gyidi mu no yiye’ no bi ne dɛn?

16 Nnipa pii anya anigye bere a wɔboa wɔn a atoyerɛnkyɛm a nnipa de ba ne nea ɛnyɛ nnipa na wɔde ba ato wɔn ma wɔn nneɛma asɛe no. Sɛ nhwɛso no, onuawa bi a wadi boro mfe 60 a ɔyɛ adwuma wɔ Betel no taa twa kwantenten kɔboa wɔn a atoyerɛnkyɛm asɛe wɔn nneɛma no. Dɛn nti na onuawa no de bere a ɔde gye n’ahome no yɛ saa adwuma no? Ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ minni adwuma no ho nimdeɛ soronko biara de, nanso mefaa no sɛ na ɛyɛ hokwan a manya sɛ mɛyɛ adwuma biara a na wɔreyɛ wɔ hɔ a na metumi ayɛ bi no de aboa. Me nuanom mmarima ne mmea a mihui sɛ wɔn nneɛma pii asɛe nanso wɔwɔ gyidi kɛse no hyɛɛ me nkuran yiye.” Bio nso, anuanom mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no boa ma wosisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa ahorow. Sɛ yɛyɛ nnwuma a ɛte saa no bi a, na yɛretu yɛn ho ama koraa de ‘ayɛ wɔn a wɔne yɛn bɔ abusua wɔ gyidi mu no yiye.’—Gal. 6:10.

“Me ne Mo wɔ Hɔ Nna Nyinaa”

17. Dɛn na w’ankasa de bɛma na ama woatra ase daa?

17 Ɛrenkyɛ, wɔbɛsɛe nnipa a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no. Yennim bere pɔtẽẽ a eyi bɛba. Nanso, yenim sɛ “bere a aka no sua,” na “wiase su resesa.” (Monkenkan 1 Korintofo 7:29-31.) Ɛno ma asɛm a Yesu bisae a edi so yi bɛyɛ asɛnhia paa. Obisae sɛ: “Dɛn koraa na obi de bɛsesa ne kra?” Akyinnye biara ni ho sɛ, yɛbɛyɛ nea Yehowa bɛka sɛ yɛnyɛ biara sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya “nkwa ankasa no.” (1 Tim. 6:19) Nokwarem no, ɛho hia paa sɛ yetie Yesu afotu a ɔde mae sɛ ‘yenni n’akyi daa’ na ‘yɛnhwehwɛ ahenni no kan’ no.—Mat. 6:31-33; 24:13.

18. Ahotoso bɛn na yebetumi anya, na dɛn ntia?

18 Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi Yesu akyi bere nyinaa, na sɛnea Yesu bɔɔ kɔkɔ no, n’akyi a ebinom adi no ama wɔahwere wɔn nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Nanso, sɛnea Yesu yɛe no, yɛmma sɔhwɛ a ɛne sɛ ‘yɛbɛka asɛm pa ama yɛn ho’ no nni yɛn so. Yɛwɔ gyidi wɔ awerɛhyem a ɔde maa n’akyidifo a wɔasra wɔn no a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no. Ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:20) Ɛnde, momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa, mfa yɛn bere ne yɛn dom akyɛde nyɛ Yehowa som adwuma no. Bere a yɛreyɛ saa no, yɛda no adi sɛ, yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkora yɛn so wɔ ahohiahia kɛse no mu, na wama yɛn nkwa wɔ wiase foforo no mu. (Heb. 6:10) Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreda no adi sɛ yebu akyɛde a ɛne nkwa no sɛ ade a ɛsom bo ma yɛn paa.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ na ɔpɛ paa sɛ ɔsom Onyankopɔn ne nnipa?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi pa ne ho akyi, na ɔkwan bɛn so na yɛyɛ eyi?

• Wɔ tete Israel no, afɔrebɔde bɛn nkutoo na na ɛsɔ Yehowa ani, na ɔkwan bɛn so na ɛma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ?

• Akwan bɛn na yebetumi afa so de yɛn bere adi dwuma nyansam?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yesu yɛɛ nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani bere nyinaa

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Israelfo a na wɔwɔ anisɔ no de nneɛma a edi mu boaa nokware som

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Sɛ yɛde yɛn bere di dwuma nyansam a, ɛma yɛsɔ Onyankopɔn ani