Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Eyi Ne Onyankopɔn Din Kronkron Kɛse no Ampa”

“Eyi Ne Onyankopɔn Din Kronkron Kɛse no Ampa”

“Eyi Ne Onyankopɔn Din Kronkron Kɛse no Ampa”

Nicholas a ofi Cusa no na ɔkaa saa asɛm no wɔ ɔkasa bi a ɔmae wɔ afe 1430 mu. * Ná ɔyɛ ɔbarima a n’ani gye nneɛma pii ho, na sɛ nhwɛso no, osuaa Hela, Hebri, nyansapɛ, nyamekyerɛ, akontaabu, ne nsoromma ho ade. Bere a odii mfe 22 no, obenyaa abodin sɛ ɔbenfo wɔ Roma Katolek asɔre mmara mu. Wɔpaw no ɔsɔfopɔn wɔ afe 1448 mu.

Bɛyɛ mfe 550 a atwam mu no, Nicholas a ofi Cusa no sii atrae maa nnipa a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔayɛ ayarefo wɔ Kues a ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Bonn anafo fam bɛyɛ kilomita 130 wɔ Germany. Seesei wɔfrɛ hɔ Bernkastel-Kues. Ɛnnɛ, Cusa nhomakorabea a nsaano nkyerɛwee bɛboro 310 wom wɔ saa atrae hɔ. Nsaano nkyerɛwee no mu biako ne Codex Cusanus 220 a emu na ɔkasa a Nicholas a ofi Cusa no mae wɔ afe 1430 mu no wɔ. Wɔ saa ɔkasa a wɔato din In principio erat verbum (Mfiase no na Asɛm no Wɔ Hɔ) mu no, Nicholas a ofi Cusa no de Latin nkyerɛwee Iehoua na egyinaa hɔ maa Yehowa. * Asɛm a edi hɔ yi a ɛfa Onyankopɔn din ho no wɔ nhoma no kratafa 56: “Edin a Onyankopɔn de ama ne ho. Ɛno ne Tetragrammaton, a ɛkyerɛ sɛ, nkyerɛwde anan na wɔde kyerɛw edin no. . . . Eyi ne Onyankopɔn din kronkron kɛse no ampa.” Nicholas a ofi Cusa asɛm no ne nokwasɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn din wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mfitiase nkyerɛwee no mu no hyia.—Ex. 6:3.

Saa nhoma a wobuebue mu yi a wɔkyerɛw no wɔ afeha a ɛto so 15 mfiase no ne nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara no mu biako a ɛwɔ hɔ a wɔkyerɛw Tetragrammaton no “Iehoua” wom. Saa nsaano nkyerɛwee yi yɛ adanse foforo a ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, na wɔtaa kyerɛw Onyankopɔn din no wɔ ɔkwan bi so a ɛne Onyankopɔn din “Yehowa” no di nsɛ mfehaha pii.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Ná wɔsan frɛ Nicholas a ofi Cusa no Nikolaus Cryfts (Krebs), Nicolaus Cusanus, ne Nikolaus von Kues. Ná Kues yɛ German kurow a wɔwoo no wom no din.

^ nky. 3 Ɔmaa ɔkasa no de taa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no akyi.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Cusa nhomakorabea