Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Tito, Filemon, ne Hebrifo no Mu Nsɛntitiriw

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Tito, Filemon, ne Hebrifo no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Nkrataa a Wɔde Kɔmaa Tito, Filemon, ne Hebrifo no Mu Nsɛntitiriw

BERE a woyii ɔsomafo Paulo fii afiase nea edi kan wɔ Roma wɔ afe 61 Y.B. mu hɔ no, ɔkɔɔ Kreta supɔw no so. Bere a Paulo hui sɛ ɛho hia sɛ asafo a ɛwɔ Kreta no mufo hyɛ abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ no mu den no, ɔka kyerɛɛ Tito sɛ ɔntra hɔ mmoa wɔn. Akyiri yi, ɛbɛyɛ sɛ bere a na Paulo wɔ Makedonia no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa Tito de kyerɛɛ no ɔkwan a ɔmfa so nyɛ adwuma a na ɔde ahyɛ ne nsa no, na Paulo nam saa krataa no so maa asafo no mufo no hui sɛ ɔsomafo Paulo na ɔde saa adwuma no ahyɛ Tito nsa.

Aka kakraa bi ma wɔayi Paulo afi afiase wɔ afe 61 Y.B. mu no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa Filemon a na ɔyɛ onua Kristoni a ɔte Kolose no. Ná ɛyɛ n’ankasa adesrɛ bi a ɔde kɔtoo n’adamfo bi anim.

Wɔ bɛyɛ afe 61 Y.B. mu no, Paulo san kyerɛw krataa kɔmaa Hebrifo a na wɔabɛyɛ gyidifo a wɔwɔ Yuda no de kyerɛɛ wɔn sɛnea Kristosom korɔn sen Yudasom no. Yebetumi anya afotu a mfaso wɔ so afi saa nkrataa abiɛsa no nyinaa mu.—Heb. 4:12.

MONKƆ SO NYƐ DEN WƆ GYIDI NO MU

(Tito 1:1–3:15)

Bere a Paulo de ɔkwan a na Tito bɛfa so ‘apaw mpanyimfo wɔ kurow biara mu’ ho akwankyerɛ mae akyi no, otuu Tito fo sɛ, ‘ɔnkɔ so nyi asobrakyefo ntɛn denneennen, na ama wɔayɛ den wɔ gyidi no mu.’ Paulo tuu asafo ahorow a na ɛwɔ Kreta no mufo nyinaa fo sɛ ‘wonkyi amumɔyɛde, na wɔn adwenem nna hɔ.’—Tito 1:5, 10-13; 2:12.

Paulo san de afotu foforo a na ɛbɛboa anuanom a na wɔwɔ Kreta no ma wɔakɔ so ayɛ den wɔ gyidi mu no maa wɔn. Paulo ka kyerɛɛ Tito sɛ, ‘ɔntwe ne ho mfi akyinnyegye a nyansa nnim ne Mmara ho ntɔkwaw ho.’—Tito 3:9.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:15—Ɛbɛyɛ dɛn na “nneɛma nyinaa” ho betumi ‘atew ama wɔn a wɔn ho tew,’ nanso “wɔn a wɔn ho agu fĩ na wonnye nni no de” ɛho ntew mma wɔn? Sɛ yebenya asɛm yi ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yɛte asɛm a ɛne “nneɛma nyinaa” a Paulo kaa ho asɛm no ase. Ná ɛnyɛ nneɛma a Onyankopɔn Asɛm bara tẽẽ ho asɛm na na Paulo reka, na mmom, nneɛma a Kyerɛwnsɛm no ma gyidini biara tumi de n’ankasa ahonim si ho gyinae ho asɛm na na ɔreka. Nneɛma a ɛte saa ho tew ma obi a ne nsusuwii ne Onyankopɔn gyinapɛn ahorow hyia. Nanso, ɛho ntew mma wɔn a wɔn nsusuwii nteɛ na wɔn ahonim ho agu fĩ no. *

3:5—Ɔkwan bɛn so na ‘wɔnam aguare so’ de Kristofo a wɔasra wɔn no ‘ba nkwa mu’ na wɔde ‘honhom kronkron yɛ wɔn foforo’? ‘Wɔnam aguare so gye’ wɔn “nkwa,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ Onyankopɔn nam agyede afɔre no so de Yesu mogya aguare wɔn, anaasɛ ɔde atew wɔn ho. Wɔde ‘honhom kronkron ayɛ wɔn foforo’ efisɛ wɔabɛyɛ “abɔde foforo” sɛ Onyankopɔn mma a wɔde honhom awo wɔn.—2 Kor. 5:17.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:10-13; 2:15. Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo de akokoduru siesie nneɛma a atɔ kyima wɔ asafo no mu no.

2:3-5. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔn ho akokwaw no ‘bɔ bra kronkron, wonntwiri nkurɔfo, wɔmmma nsã mmfa wɔn nnyɛ nkoa, mmom wɔnkyerɛ akyerɛ pa’ te sɛ nea Kristofo mmea a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe no. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛma wɔatumi atu “mmabaa” a wɔwɔ asafo no mu fo ma wɔatie.

3:8, 14. Sɛ yɛde yɛn ‘adwene si nnwuma pa so’ a, “eye na ɛso wɔ mfaso” efisɛ ɛboa yɛn ma yɛsow aba wɔ Onyankopɔn som mu, na ɛma yɛda nsow wɔ wiase bɔne no ho.

MOMMA ‘YƐMFA ƆDƆ NSRƐ’

(Filem. 1–25)

Wɔkamfoo Filemon sɛ ɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ “ɔdɔ ne gyidi” mu. Filemon mfɛfo Kristofo a odwudwoo wɔn koma no maa Paulo nyaa “anigye ne awerɛkyekye bebree.”—Filem. 4, 5, 7

Paulo anhyɛ Filemon, na mmom ‘ɔde ɔdɔ srɛɛ’ no de dii asɛm bi a na ne ka yɛ ka na a na ɛfa Onesimo ho no ho dwuma de yɛɛ nhwɛso pa maa ahwɛfo nyinaa. Paulo ka kyerɛɛ Filemon sɛ: “Merekyerɛw wo a mewɔ ahotoso sɛ wubetie, na minim sɛ wobɛyɛ aboro nea meka mpo.”—Filem. 8, 9, 21.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

10, 11, 18—Ɛyɛɛ dɛn na Onesimo a bere bi na ‘ne so nni mfaso’ no bɛyɛɛ obi “ne ho hia”? Ná Onesimo yɛ akoa a na ɔmpɛ sɛ ɔsom ne wura a oguan fii Filemon fie wɔ Kolose kɔɔ Roma. Ɛbɛyɛ sɛ Onesimo san wiaa sika fii ne wura no hɔ de tuaa n’akwantu a na ne tenten bɛyɛ kilomita 1,400 no ho ka. Nokwarem no, na ne so nni mfaso mma Filemon. Nanso, bere a Onesimo kɔɔ Roma no, Paulo boaa no ma ɔbɛyɛɛ Kristoni. Afei a na wabɛyɛ Kristoni no, akoa a na anka ‘ne so nni mfaso’ no bɛyɛɛ obi a “ne ho hia.”

15, 16—Dɛn nti na Paulo anka ankyerɛ Filemon sɛ ɔmma Onesimo mfa ne ho nkodi? Ná Paulo pɛ sɛ ɔde n’ani si n’adwuma a ɛne sɛ ‘ɔbɛka Onyankopɔn ahenni ho asɛm na wakyerɛkyerɛ Awurade Yesu Kristo ho ade’ no nkutoo so. Enti, wamfa ne ho anhyehyɛ wiase nsɛm te sɛ nea ɛfa nkoayɛ ho no mu.—Aso. 28:31.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

2. Filemon ma wɔyɛɛ Kristofo nhyiam wɔ ne fie. Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔbɛyɛ asɛnka nhyiam wɔ yɛn fie.—Rom. 16:5; Kol. 4:15.

4-7. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu kamfo yɛn mfɛfo gyidifo a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ ɔdɔ ne gyidi mu no.

15, 16. Ɛnsɛ sɛ yɛma tebea bɔne biara a ɛba wɔ yɛn asetram no gyaw yɛn adwennwen sɛnea ɛmfata. Sɛnea Onesimo asɛm no yɛe no, biribi pa betumi afi mu aba.

21. Ná Paulo hwɛ kwan sɛ Filemon de Onesimo bɔne befiri no. Wɔhwɛ kwan sɛ yɛn nso yɛde yɛn nuanom a wɔafom yɛn bɔne befiri wɔn.—Mat. 6:14.

“YƐMPERE NKƆ AHOKOKWAW MU”

(Heb. 1:1–13:25)

Paulo sii Onii a ɔde Kristosom bae no anuonyam, n’asɔfodi, n’afɔrebɔ, ne apam foforo no so dua de kyerɛe sɛ, Yesu afɔrebɔ no mu gyidi a yebenya no korɔn sen Mmara nnwuma no. (Heb. 3:1-3; 7:1-3, 22; 8:6; 9:11-14, 25, 26) Ɛbɛyɛ sɛ saa nimdeɛ yi boaa Hebrifo a na wɔyɛ Kristofo no ma wotumi gyinaa ɔtaa a Yudafo no de baa wɔn so no ano. Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Hebrifo no nkuran sɛ ‘wɔmpere nkɔ ahokokwaw mu.’—Heb. 6:1.

Dwuma bɛn na gyidi di wɔ Kristosom mu? Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi nni hɔ a, obi ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.” Ɔhyɛɛ Hebrifo no nkuran sɛ: ‘Wɔmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda wɔn anim no,’ na wɔnyɛ saa wɔ gyidi mu.—Heb. 11:6; 12:1.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:14, 15—Esiane sɛ Satan wɔ ‘tumi a ɔde owu ba’ nti, so ɛno kyerɛ sɛ otumi kum obiara bere biara a ɔpɛ? Dabi, ɔrentumi. Nanso, efi bere a Satan yɛɛ bɔne wɔ Eden no, atoro a odii no de owu aba, efisɛ Adam yɛɛ bɔne, na ɔde bɔne ne owu woo adesamma nyinaa. (Rom. 5:12) Bio nso, wɔn a wɔwɔ asase so a wɔyɛ Satan apɛde no ataa Onyankopɔn asomfo akunkum ebinom mpo te sɛ nea wokum Yesu no. Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ Satan wɔ tumi a enni ano a ɔde kum obiara a ɔpɛ. Sɛ ɛnte saa a, akyinnye biara nni ho sɛ anka watɔre Yehowa asomfo ase dedaadaw. Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban sɛ kuw, na ɔmma kwan mma Satan ntɔre wɔn ase. Sɛ Onyankopɔn ma kwan ma yɛn mu bi wu wɔ Satan nsa ano mpo a, yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn besiesie ɔhaw a Satan de aba yɛn so no nyinaa.

4:9-11—Ɔkwan bɛn so na ‘yɛhyɛn Onyankopɔn home mu’? Onyankopɔn home fii ne nsaano nnwuma ho wɔ adebɔ da a ɛto so ason no mu a na ɔwɔ ahotoso sɛ n’atirimpɔw a ɛfa asase ne adesamma ho no bɛbam. (Gen. 1:28; 2:2, 3) Sɛ yegyae nnwuma a yɛn ankasa yɛyɛ de sɔ yɛn ho ani no yɛ, na yegye nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a ɔde begye yɛn nkwa no tom a, ɛma yɛhyɛn “saa ɔhome no mu.” Sɛ yenya Yehowa mu gyidi, na yɛyɛ osetie di ne Ba no akyi, na sɛ yɛanyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ a, ɛma yɛn ho dwo yɛn, na yenya ɔhome daa.—Mat. 11:28-30.

9:16—Wɔ apam foforo no mu no, hena ne “nea ɔyɛ apam no”? Yehowa ne apam foforo no Hyehyɛfo, na Yesu ne “nea ɔyɛ apam no.” Yesu na ɔyɛ saa apam no Ntamgyinafo, na ɔnam ne wu no so bɔɔ afɔre de maa apam no dii mu.—Luka 22:20; Heb. 9:15.

11:10, 13-16—“Kurow” bɛn na na Abraham retwɛn no? Ná eyi nyɛ kurow ankasa, na mmom sɛnkyerɛnne kwan so de. Ná Abraham retwɛn “ɔsoro Yerusalem” a Kristo Yesu ne ne mfɛfo adedifo 144,000 na wɔwom no. Wɔfrɛ mfɛfo adedifo no a wɔwɔ wɔn soro anuonyam mu no nso “kurow kronkron no, Yerusalem Foforo.” (Heb. 12:22; Adi. 14:1; 21:2) Ná Abraham rehwɛ asetra a obenya wɔ Onyankopɔn Ahenni no nniso no ase no kwan.

12:2—Ná dɛn ne ‘anigye a na ɛda Yesu anim’ a ɛno nti “ohuu asɛndua ho amane” no? Ná ɛyɛ nea na ebefi asɛnka adwuma a ɔyɛe no mu aba no ho anigye. Ebi ne Yehowa din ho a ɔbɛtew, Onyankopɔn tumidi a ɔbɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata, ne agyede no a ɔde begye adesamma afi owu mu no. Ná Yesu hwɛ kwan nso sɛ obenya akatua a ɛne sɛ obedi Hene na wasom sɛ Ɔsɔfopɔn ma adesamma anya so mfaso.

13:20—Dɛn nti na wɔkaa apam foforo no ho asɛm sɛ ɛyɛ “daa apam”? Nneɛma abiɛsa nti: (1) Wɔremfa foforo mmesi ananmu da, (2) nea wɔnam apam no so bɛyɛ no bɛtra hɔ daa, ne (3) “nguan foforo” no bɛkɔ so anya apam foforo a wɔhyehyɛe no so mfaso wɔ Harmagedon akyi.—Yoh. 10:16.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

5:14. Ɛsɛ sɛ yɛde nsi sua Onyankopɔn Asɛm Bible no, na yɛde nea yesua no yɛ adwuma. Ɔkwan foforo biara nni hɔ a yebetumi afa so de yɛn ‘adwene tumi adi dwuma atete no ma atumi ahu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’—1 Kor. 2:10.

6:17-19. Sɛ yɛde anidaso a yɛwɔ no gyina Onyankopɔn bɔhyɛ ne ne ntam so pintinn a, ɛbɛboa yɛn ma yɛremman mmfi nokware no ho.

12:3, 4. Sɛ́ anka yɛbɛma sɔhwɛ ne ɔsɔretia nketenkete a yehyia ama ‘yɛabrɛ, na yɛapa abaw’ no, ɛsɛ sɛ yɛpere kɔ ahokokwaw mu na yɛhyɛ yɛn ho den de gyina sɔhwɛ ahorow ano. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebegyina ano ‘akodu mogya mu,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ yebegyina mu akodu owu mu.—Heb. 10:36-39.

12:13-15. Ɛnsɛ sɛ yɛma “nhin a bɔre wom,” anaa wɔn a wɔwɔ asafo no mu a wɔkasa tia ɔkwan a asafo no fa so yɛ ne nneɛma no siw yɛn “anammɔn kwan” a yɛbɛma ‘ayɛ tee’ no kwan.

12:26-28. Wɔbɛwosow “nneɛma a wɔayɛ” no a ɛnyɛ Onyankopɔn nsa na ɛyɛe a ɛno ne wiase a ɛwɔ hɔ yi mu nneɛma nyinaa a “ɔsoro” anaa nniso bɔne mpo ka ho no ma ayera afi hɔ koraa. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛka “nneɛma a wɔrenwosow” no nkutoo, na ɛno ne Ahenni no ne wɔn a wɔtaa akyi no. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde nsi bɔ Ahenni no ho dawuru, na yɛbɔ yɛn bra ma ɛne Ahenni no mmara no hyia!

13:7, 17. Sɛ yɛkɔ so tie afotu a ɛne sɛ yɛnyɛ osetie na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma ahwɛfo a wɔwɔ asafo ahorow no mu no a, ɛbɛboa yɛn ma biakoyɛ atra yɛn ntam.

[Ase hɔ asɛm]