Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yehowa Bebua Mpae Bi A Wofi Komam Bɔe

Sɛnea Yehowa Bebua Mpae Bi A Wofi Komam Bɔe

Sɛnea Yehowa Bebua Mpae Bi A Wofi Komam Bɔe

“Na nnipa nhu sɛ, wo a wo din de Yehowa no, wo nkutoo ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—DW. 83:18, NW.

1, 2. Sɛ nnipa pii hu Onyankopɔn din a, ɛka wɔn dɛn, na nsɛm bɛn na yebetumi abisa?

MFE bi a atwam no, awerɛhosɛm bi a esii wɔ baabi a ɔbea bi te no maa ne werɛ howee paa. Wɔwoo saa ɔbea no wɔ abusua bi a emufo yɛ Roma Katolekfo mu. Ɔkɔɔ n’asɔre no sɔfo hɔ, nanso na ɔsɔfo no mpɛ sɛ ɔne no kasa mpo. Enti, ɔbea no bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Minnim wo . . . , nanso migye di sɛ wowɔ hɔ. Mesrɛ wo, boa me ma minhu wo!” Bere a ɔbɔɔ saa mpae no, ankyɛ koraa na Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyee ne werɛ, na wɔboaa no ma ohuu Onyankopɔn. Wɔkyerɛkyerɛɛ no nneɛma pii, na emu bi ne Onyankopɔn ankasa din Yehowa no. Bere a ɔbea no huu eyi no, ɛmaa n’ani gyei paa. Ɔbea no kae sɛ: “Afei na mahu Onyankopɔn a mifi me mmofraase hwehwɛɛ no no!”

2 Nnipa pii na wɔahu Onyankopɔn din ma wɔn nso ani agye saa ara. Mpɛn pii no, wodi kan hu Yehowa din no bere a wɔrekenkan Dwom 83:18 wɔ Bible mu no. Dwom 83:18 kenkan wɔ New World Translation mu sɛ: “Na nnipa nhu sɛ, wo a wo din de Yehowa no, wo nkutoo ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” Nanso, woasusuw nea enti a wɔkyerɛw Dwom 83 no ho pɛn? Nsɛm bɛn na ebesisi a ɛbɛma obiara agye atom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no? Dɛn na yebetumi asua afi saa dwom no mu nnɛ? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ adesua yi mu. *

Wɔbɔɔ Yehowa Nkurɔfo Ho Pɔw

3, 4. Hena na ɔhyehyɛɛ Dwom 83, na ɔhaw bɛn na ɔkaa ho asɛm no?

3 Dwom 83 atifi asɛm no ma yehu sɛ ɛyɛ “Asaf dwom.” Ɛbɛyɛ sɛ Asaf a ɔyɛ Lewini a na wagye din wɔ nnwonto mu wɔ Ɔhene Dawid ahenni mu no aseni bi na ɔhyehyɛɛ saa dwom no. Odwontofo no srɛɛ Yehowa wɔ dwom no mu sɛ Yehowa nyɛ biribi mfa nna Ne tumidi adi, na ɔmma wonhu Ne din. Ɛbɛyɛ sɛ odwontofo no hyehyɛɛ saa dwom no wɔ Salomo wu akyi. Dɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ, bere a na Dawid ne Salomo redi hene no, na Tiro hene ne Israelfo ntam yɛ kama. Nanso, eduu bere a wɔhyehyɛɛ Dwom 83 no, na Tirofo ne Israelfo ntam asɛe, na na Tirofo ne Israelfo atamfo akɔyɛ biako.

4 Odwontofo no bobɔɔ aman du a na wɔrebɔ pɔw sɛ wɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo no din. Ná saa atamfo no atwa Israelfo ho ahyia, na wɔn din na edidi so yi: “Edom ntamadan ne Ismaelfo, Moab ne Hagarfo, Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifo asase ne wɔn a wɔte Tiro. Asiria nso de ne ho bataa wɔn ho.” (Dw. 83:6-8) Nsɛm a esisii tete bɛn na odwontofo no kaa ho asɛm yi? Ebinom susuw sɛ na odwontofo no reka Amon, Moab, ne Seir Bepɔw sofo a wɔyɛɛ biako ne Israel kɔkoe wɔ Yehosafat bere so no ho asɛm. (2 Be. 20:1-26) Afoforo nso gye di sɛ na odwontofo no reka ako a Israelfo ne wɔn a wɔbɛn wɔn no dii wɔ wɔn asetram nyinaa no ho asɛm.

5. Ɔkwan bɛn so na Dwom 83 boa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

5 Sɛnea ɛte biara no, ɛda adi sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔde ne honhom ma wɔkyerɛw saa dwom no wɔ bere a na ne man no wɔ asiane mu no. Saa dwom no nso kyekye Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔ wɔn asetra nyinaa mu no wɔn atamfo asi wɔn bo sɛ wɔbɛsɛe wɔn mpɛn pii no werɛ. Na akyinnye biara nni ho sɛ, dwom no bɛkyekye yɛn werɛ nnansa yi ara bere a Gog a ofi Magog no bɔ mmɔden a etwa to koraa sɛ ɔbɛboaboa ne dɔm ano de asɛe wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ honhom ne nokware mu nyinaa no.—Monkenkan Hesekiel 38:2, 8, 9, 16.

Ade a na Ɛho Hia Odwontofo no Titiriw

6, 7. (a) Nneɛma titiriw bɛn na odwontofo no bɔɔ ho mpae wɔ nsɛm a odii kan kae wɔ Dwom 83 mu no mu? (b) Dɛn paa na na ɛho hia odwontofo no titiriw?

6 Tie sɛnea odwontofo no fi ne komam bɔɔ mpae no: “Onyankopɔn, nyɛ komm, mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn. Na hwɛ, w’atamfo yɛ gyegyeegye, na wɔn a wokyi wo ama wɔn ti so. Wo man tiri so na wɔrepam anyansapam, . . . Na wɔde koma koro tu agyina, wo tiri so na wɔpam.”—Dw. 83:1-3, 5.

7 Ná dɛn ne ade a ɛho hia odwontofo no titiriw? Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ na odwen n’ankasa ne n’abusua nkwa ho. Nanso, ade a ɔbɔɔ ho mpae titiriw ne ahohora a na wɔde aba Yehowa din so ne asiane a na ɔman a na Yehowa din da wɔn so no akɔ mu no. Momma yɛn nyinaa nkɔ so nnya adwene a ɛfata saa ara bere a yɛregyina nsɛnnennen ano wɔ wiase dedaw yi nna a edi akyiri mu no.—Monkenkan Mateo 6:9, 10.

8. Dɛn nti na aman no bɔɔ Israelfo no ho pɔw?

8 Odwontofo no kae sɛ na Israelfo atamfo no reka sɛ: “Mommra mma yɛntɔre wɔn ase mfi ɔman no mu, na wɔankae Israel din bio.” (Dw. 83:4) Hwɛ sɛnea na saa aman no tan nkurɔfo a na Onyankopɔn apaw wɔn no! Nanso, na wɔwɔ adwene foforo a ɛno nti na na wɔrebɔ Israelfo ho pɔw no. Ná wɔn ani bere Israelfo no asase no, na wɔhoahoaa wɔn ho sɛ: “Momma yennye Onyankopɔn tenabea mfa.” (Dw. 83:12, NW) So biribi a ɛte saa akɔ so wɔ yɛn bere yi so? Yiw!

“Wo Tenabea Kronkron” No

9, 10. (a) Tete no, na dɛn ne Onyankopɔn tenabea kronkron no? (b) Nhyira ahorow bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no ne “nguan foforo” no renya nnɛ?

9 Tete no, na wɔfrɛ Bɔhyɛ Asase no Onyankopɔn tenabea kronkron no. Kae nkonimdi dwom a Israelfo no toe bere a wogyee wɔn fii Misraim no. Wɔtoo dwom sɛ: “W’adɔe mu na wudii ɔman a woagye wɔn no anim; wo tumi so na wode wɔn bɛkɔ wo tenabea kronkron hɔ.” (Ex. 15:13, NW) Akyiri yi, wobenyaa asɔrefie ne asɔfokuw a wɔyɛ hɔ adwuma, ne kuropɔn Yerusalem, ne ahemfo a wofi Dawid abusua mu a wɔtraa Yehowa agua so wɔ saa “tenabea” hɔ. (1 Be. 29:23) Enti, ɛfata paa sɛ Yesu frɛɛ Yerusalem “Ɔhene kɛse kurow.”—Mat. 5:35.

10 Na yɛn bere yi so nso ɛ? Wɔ afe 33 Y.B. mu no, wɔwoo ɔman foforo a ɛno ne “Nyankopɔn Israel no.” (Gal. 6:16) Wɔn a wɔwɔ saa man no mu a wɔne Yesu Kristo nuanom a wɔasra wɔn no yɛɛ adwuma a honam fam Israelfo no anyɛ a ɛno ne Onyankopɔn din ho adanse a na wobedi no. (Yes. 43:10; 1 Pet. 2:9) Ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ tete Israel no, ɛno ara na ɔhyɛɛ wɔn nso. Ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: ‘Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.’ (2 Kor. 6:16; Lev. 26:12) Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa maa “Nyankopɔn Israel” nkaefo no nyaa n’anim dom, na saa bere no, ɔmaa wɔn “asase” bi a ɛno ne baabi a wɔyɛ Onyankopɔn som adwuma no, na ɛhɔ na wonya honhom fam paradise. (Yes. 66:8) Efi afe 1930 mfe no mu reba no, “nguan foforo” ɔpepem pii abɛka wɔn ho. (Yoh. 10:16) Sɛnea Yehowa rehyira Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ a ama wɔn dodow renya nkɔanim, ne sɛnea ɔrebɔ wɔn ho ban no yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa tumidi na ɛfata. (Monkenkan Dwom 91:1, 2.) Hwɛ sɛnea ɛno hyɛ Satan abufuw!

11. Dɛn ne Onyankopɔn atamfo botae titiriw bere nyinaa?

11 Wɔ awiei bere yi nyinaa mu no, Satan apiapia nnipa a wɔwɔ asase so a wɔyɛ n’apɛde no ma wɔasɔre atia wɔn a wɔasra wɔn nkaefo no ne nguan foforo a wɔka wɔn ho no. Ɔsɔretia a ɛte saa kɔɔ so wɔ Europa Atɔe fam wɔ Nasi nniso ase, ne Europa Apuei fam wɔ Soviet Union Komunis nniso ase. Wɔataa wɔn wɔ aman foforo pii so nso, na wɔbɛsan ataa wɔn bio, titiriw, wɔ Gog a ofi Magog ntua a etwa to a ɔde bɛba wɔn so no mu. Wɔ saa ntua no mu no, ebia asɔretiafo no de anibere begye Yehowa nkurɔfo agyapade nyinaa, sɛnea yɛn atamfo ayɛ yɛn wɔ bere bi a atwam no. Nanso, nea ayɛ Satan botae titiriw bere nyinaa ne sɛ ɔbɛtɔre yɛn nyinaa ase sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renkae Onyankopɔn din a ɛda yɛn so no bio koraa. Dɛn na Yehowa bɛyɛ wɔ atua a ɛte saa a wɔtew wɔ ne tumidi so no ho? Ma yɛnsan nsusuw odwontofo no asɛm no ho nhwɛ.

Nhwɛso a Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Bedi Nkonim

12-14. Nkonim akɛse abien bɛn na wodii wɔ baabi a ɛbɛn Megido kurow no a odwontofo no kaa ho asɛm no?

12 Hyɛ sɛnea na odwontofo no wɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Yehowa betumi asɛe aman a wɔyɛ wɔn atamfo no nhyehyɛe no nsow. Odwontofo no kaa nkonim abien a Israelfo dii wɔ wɔn atamfo so koraa wɔ beae bi a ɛbɛn tete Megido kurow no a na agye din wɔ Megido bon no mu no ho asɛm. Sɛ edu ahohuru bere a, na nkurɔfo tumi hu Kison Asubɔnten no a ayow no subon sɛ akontonkonton wɔ asasetaw no so. Sɛ edu awɔw bere na osu tɔ a, na asubɔnten no yiri fa asasetaw no so nyinaa. Ebia, ɛno nti na wɔsan frɛ asubɔnten no “Megido asu no ano” no.—Atem. 4:13; 5:19.

13 More koko no wɔ Megido bon no agya bɛyɛ kilomita 15. Ɛhɔ na Ɔtemmufo Gideon bere so no, Midianfo, Amalekfo, ne Apueifo no nyinaa boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrekodi ako no. (Atem. 7:1, 12) Ná Gideon asraafo no yɛ kakraa bi, na awiei koraa no, wɔkaa mmarima 300 pɛ, nanso Yehowa boaa wɔn ma wodii wɔn atamfo a na wɔdɔɔso no so nkonim pasaa. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi dii nkonim? Wotiee Onyankopɔn akwankyerɛ, na wotwaa wɔn atamfo no nsra ho hyiae anadwo a na wokurakura agyatɛn a ɛhyehyɛ nkuruwa mu. Bere a Gideon kyerɛɛ ne mmarima no sɛ wɔmmobɔ wɔn nkuruwa no, wɔbobɔe maa agyatɛn a na ɛhyehyɛ mu no hyerɛn mpofirim. Saa bere no ara na wɔhyenhyɛnee wɔn ntorobɛnto na wɔteɛteɛɛm sɛ: “[Yehowa, NW] ne Gideon nkrante!” Wɔn atamfo no ani so tanee wɔn, na wokunkum wɔn ho wɔn ho; wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no guan twaa Yordan Asubɔnten no. Israelfo pii bɛkaa wɔn ho ma wotiw wɔn atamfo no. Asraafo a wɔyɛ atamfo no a wokunkum wɔn no nyinaa dodow si 120,000.—Atem. 7:19-25; 8:10.

14 Bepɔw Tabor wɔ Megido bon no agya wɔ More koko no akyi kilomita asia. Ɛhɔ na bere bi a na atwam no, Ɔtemmufo Barak boaboaa Israel asraafo 10,000 ano ma wɔne Kanaanni Yabin a na ɔyɛ Hasor hene no asraafo a na ne sahene Sisera di wɔn anim no kodii ako no. Ná saa Kaanan asraafo yi wɔ dade nteaseɛnam 900 a nnade atenten a wɔde di awu a etwa ne ho wom. Bere a Israelfo a na wonni akode pii no boaboaa wɔn ho ano wɔ Bepɔw Tabor ho no, wɔdaadaa Sisera asraafo no ma wɔkɔɔ obon no mu. Afei, “[Yehowa, NW] yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mũ no nyinaa basabasa.” Ɛda adi sɛ, osu bi a ɛtɔɔ mpofirim no na ɛmaa nteaseɛnam no tintimii wɔ atɛkyɛ no mu esiane sɛ na Asubɔnten Kison ayiri nti. Israelfo no kunkum asraafo no nyinaa.—Atem. 4:13-16; 5:19-21.

15. (a) Dɛn na odwontofo no bɔɔ mpae sɛ Yehowa nyɛ? (b) Dɛn na Onyankopɔn ko a etwa to no din no ma yɛkae?

15 Odwontofo no srɛɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ aman a wɔrehaw Israelfo a na wɔwɔ ne bere so no saa ara. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Yɛ wɔn sɛ Midian, Sisera, sɛ Yabin, Kison subon mu. Wɔsɛee wɔ En-Dor, na wɔyɛe sɛ nwura dodow maa asase.” (Dw. 83:9, 10) Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, wɔfrɛ ɔko a etwa to a Onyankopɔn de bɛba Satan so no Harmagedon (a ɛkyerɛ “Megido Bepɔw”). Saa din no ma yɛkae ako a ɛkɔɔ so wɔ beae bi a ɛbɛn Megido a afã bi dii nkonim koraa no. Nkonim a Yehowa dii wɔ saa tete akodi no mu no ma yenya awerɛhyem sɛ obedi nkonim koraa wɔ Harmagedon.—Adi. 16:13-16.

Ɛsɛ sɛ Yɛbɔ Mpae Ma Wohu sɛ Yehowa Tumidi na Ɛfata

16. Ɔkwan bɛn so na asɔretiafo ‘anim agu ase’ nnɛ?

16 Wɔ “nna a edi akyiri” yi nyinaa mu no, Yehowa asiw mmɔden a nnipa bɔ sɛ wɔbɛtɔre ne nkurɔfo ase no ano. (2 Tim. 3:1) Ne saa nti, asɔretiafo anim agu ase. Dwom 83:16, NW kaa saa animguase yi ho asɛm siei. Ɛkae sɛ: “O Yehowa, ma animguase nka wɔn, na nkurɔfo ahwehwɛ wo din akyi kwan.” Wɔ aman pii so no, asɔretiafo a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Yehowa Adansefo agyae asɛnka adwuma no nsa asi fam koraa. Wɔ aman a ɛte saa so no, akokoduru ne boasetɔ a nokware Nyankopɔn koro no asomfo ada no adi no adi nnipa komapafo adanse, na ama nnipa pii ‘ahwehwɛ Yehowa din akyi kwan.’ Wɔ aman bi a bere bi na wɔtan Yehowa Adansefo denneennen so no, seesei nnipa a wɔde anigye reyi Yehowa ayɛ wɔ hɔ no adu ɔpedudu, anaa ɔpehaha pii mpo. Nkonim a Yehowa adi bɛn ara ni! Na hwɛ sɛnea ama n’atamfo anim agu ase!—Monkenkan Yeremia 1:19.

17. Hokwan a asɔretiafo wɔ bɛn na ɛbɛba awiei, na asɛm bɛn na yɛbɛkae nnansa yi ara?

17 Nokwarem no, yenim sɛ asɔretiafo bɛkɔ so ataa yɛn. Nanso, yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no, na yɛbɛka bi akyerɛ wɔn a wɔsɔre tia yɛn no mpo. (Mat. 24:14, 21) Nanso, ɛnnɛ, hokwan a saa asɔretiafo no wɔ a wɔde bɛsakra wɔn adwene na wɔanya nkwa no bɛba awiei nnansa yi ara. Yehowa din ho a wɔbɛtew no ho hia koraa sen nkwagye a nnipa benya no. (Monkenkan Hesekiel 38:23.) Sɛ aman nyinaa a wɔwɔ asase yi so ka wɔn ho bom sɛ wɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo a, yɛbɛkae asɛm a edi so yi a odwontofo no kae wɔ ne mpaebɔ no mu no. Ɔkae sɛ: “Ma wɔn ani nwu, na wɔn ho nyeraw wɔn daa; ma wɔn anim ngu ase na wɔnsɛe.”—Dw. 83:17, NW.

18, 19. (a) Dɛn na ɛreba wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsɔre atia Yehowa tumidi no so? (b) Yehowa tumidi a wɔrebɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata koraa no ka wo dɛn?

18 Wɔbɛsɛe wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsɔre atia Yehowa tumidi no pasaa. Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ wɔn a ‘wontie asɛmpa no’ a wobekum wɔn wɔ Harmagedon no benya “daa ɔsɛe.” (2 Tes. 1:7-9) Ɔsɛe a wɔde bɛba wɔn so, na wɔagye wɔn a wɔsom Yehowa nokware mu nkwa no bɛyɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no. Yɛbɛkae nkonimdi kɛse yi daa wɔ wiase foforo no mu. Wɔn a ‘wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ a wɔbɛsɔre afi awufo mu’ no bɛte Yehowa anwonwade kɛse no ho asɛm. (Aso. 24:15) Wɔ wiase foforo no mu no, wobenya adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ nyansa wom sɛ wɔbɛhyɛ Yehowa tumidi ase. Na ahobrɛasefo a wɔwɔ wɔn mu no behu no ntɛm ara sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no.

19 Hwɛ daakye a ɛyɛ anigye a yɛn soro Agya no asiesie ama n’asomfo anokwafo! So ɛno nka wo koma mma wommɔ mpae sɛ Yehowa mmua mpae a odwontofo no bɔɔ Yehowa no koraa nnansa yi ara? Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Ma [w’atamfo] anim ngu ase na wɔnsɛe; na nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nkutoo ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dw. 83:17, 18, NW.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Ansa na wubesua adesua asɛm yi no, ɛbɛyɛ papa sɛ wudi kan kenkan Dwom 83 sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu emu nsɛm no yiye.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Bere a wɔkyerɛw Dwom 83 no, na tebea bɛn na Israelfo no wom?

• Dɛn ne ade titiriw a na ɛho hia nea ɔkyerɛw Dwom 83 no?

• Henanom na Satan tan wɔn nnɛ?

• Dɛn na Yehowa bɛyɛ de abua mpae a wɔbɔe wɔ Dwom 83:18 no koraa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini wɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Ɔkwan bɛn so na ako a wodii wɔ beae bi a na ɛbɛn tete Megido no fa yɛn daakye ho?

Kison Asubɔnten

Haroset

Bepɔw Karmel

Yesreel Bon

Megido

Taanak

Bepɔw Gilboa

Harod Asubura

More

En-Dor

Bepɔw Tabor

Galilea Po

Yordan Asubɔnten

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Dɛn na ɛkaa odwontofo bi ma ɔbɔɔ mpae a ɛka koma no?