Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wudi Kan Di Afoforo Ni?

So Wudi Kan Di Afoforo Ni?

So Wudi Kan Di Afoforo Ni?

“Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.”—ROM. 12:10.

1. Dɛn na wɔntaa nhu wɔ wiase no afã pii nnɛ?

WƆ WIASE no afã bi no, sɛ mmofra nkumaa kɔ mpanyimfo mu a, wɔn amammerɛ hwehwɛ sɛ mmofra no de obu bebu nkotodwe de adi mpanyimfo no ni. Sɛ mmofra no yɛ saa a, ɛmma wonnyina mpanyimfo no kɔn so. Wɔ mmeae a ɛte saa no, ɛyɛ animtiaabu sɛ abofra bi bɛdan n’akyi akyerɛ ɔpanyin bi. Ɛwom sɛ ɛsono akwan a wɔfa so da obu adi wɔ mmeae ahorow de, nanso akwan a ɛte saa a wɔfa so da obu adi no ma yɛkae Mose Mmara no. Ná ahyɛde a edi so yi wɔ Mose Mmara no mu sɛ: “Sɔre atifi dwen anim [wɔ obu mu], na di akwakoraa anim ni.” (Lev. 19:32) Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔntaa nni afoforo ni wɔ mmeae pii. Nokwarem no, ɛnnɛ, nnipa mmu ade wɔ baabiara.

2. Henanom na Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ yenni wɔn ni?

2 Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ ɛho hia paa sɛ yedi afoforo ni. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ yenni Yehowa ne Yesu ni. (Yoh. 5:23) Ɛsan hyɛ yɛn sɛ yenni yɛn abusuafo, yɛn mfɛfo gyidifo, ne nnipa bi a wonni asafo no mu no ni. (Rom. 12:10; Efe. 6:1, 2; 1 Pet. 2:17) Nneɛma a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yedi Yehowa ni no bi ne dɛn? Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yedi yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea ni, na yebu wɔn kɛse? Ma yensusuw saa nsɛmmisa yi ne afoforo ho nhwɛ.

Di Yehowa ne Ne Din Ni

3. Dɛn ne ade biako a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de di Yehowa ni?

3 Ade biako a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de di Yehowa ni ne sɛ yebenya obu a ɛfata ama ne din. Efisɛ, yɛyɛ “nnipa” a wayi yɛn ama “ne din.” (Aso. 15:14) Nidi wom ankasa sɛ ade nyinaa so tumfo Nyankopɔn no din Yehowa no da yɛn so. Odiyifo Mika kae sɛ: “Aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.” (Mika 4:5) Sɛ yɛbɔ mmɔden bɔ yɛn bra da biara da wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔaka Yehowa ne ne edin no ho asɛm pa a, na ‘yɛrenantew Yehowa din mu.’ Sɛnea Paulo kaee Kristofo a na wɔwɔ Roma no, sɛ yɛamfa asɛmpa a yɛka no ammɔ yɛn bra a, ɛbɛma wɔaka Onyankopɔn din no ho “abususɛm,” na wɔabu edin no animtiaa.—Rom. 2:21-24.

4. Wubu hokwan a yɛanya sɛ yɛredi Yehowa ho adanse no dɛn?

4 Yɛnam adansedi adwuma a yɛyɛ no so nso di Yehowa din ni. Tete no, Yehowa kae sɛ Israel man no mmɛyɛ n’adansefo, nanso wɔanyɛ adwuma a ɔkae sɛ wɔnyɛ no. (Yes. 43:1-12) Wɔtew Yehowa so atua mpɛn pii, na “woyii Israel kronkronni no ahii.” (Dw. 78:40, 41) Nea ɛbae ne sɛ, ɔman no hweree Yehowa anim dom koraa. Nanso, yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no ani sɔ hokwan a yɛanya sɛ yedi Yehowa din no ho adanse na yɛma nkurɔfo hu ne din no. Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ yɛdɔ no, na yɛhwɛ kwan denneennen sɛ wɔbɛtew ne din no ho. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyae asɛmpa no ka bere a yenim nokware a ɛfa yɛn soro Agya no ne n’atirimpɔw ho no? Yɛte nka te sɛ ɔsomafo Paulo a ɔkaa asɛm a edi so yi no. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ ahyɛde a ɛda me so. Nokwarem no, sɛ manka asɛmpa no a, anka minnue!”—1 Kor. 9:16.

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa mu gyidi a yebenya no bɛma yɛabu no?

5 Odwontofo Dawid kae sɛ: “Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, efisɛ woannyaw wɔn a wɔhwehwɛ wo, [Yehowa, NW].” (Dw. 9:10) Sɛ yenim Yehowa ampa, na yenya obu ma no a, yɛde yɛn ho bɛto no so sɛnea n’asomfo a wɔtraa ase tete no yɛe no ara pɛ. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yenya ne mu gyidi a, ɛno nso yɛ ɔkwan foforo a yɛfa so di no ni. Hyɛ no nsow sɛ, Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso a, ɛbɛma yɛabu no nso. Bere a tete Israelfo annya Yehowa mu ahotoso no, Yehowa bisaa Mose sɛ: “Da bɛn koraa na ɔman yi de obu bɛma me, na nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔ wɔn mu yi nyinaa akyi no, da bɛn na wobegye me adi?” (Num. 14:11, NW) Sɛ yebu Yehowa a, ɛbɛma yɛanya ne mu gyidi nso. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so ma ɔbɔ yɛn ho ban, na yɛma ɔboa yɛn wɔ bere a yɛwɔ sɔhwɛ mu a, yɛda no adi sɛ yebu no.

6. Dɛn na ɛka yɛn ma yebu Yehowa kɛse?

6 Yesu kae sɛ, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam bu Yehowa. Bere a Yesu rekasa akyerɛ wɔn a na womfi wɔn komam nsom Yehowa no, ɔfaa Yehowa asɛm a edi so yi ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho koraa.” (Mat. 15:8) Sɛ yefi yɛn komam dɔ Yehowa a, ɛbɛma yɛabu no kɛse. (1 Yoh. 5:3) Yɛma Yehowa bɔhyɛ yi nso tra yɛn adwenem sɛ: “Wɔn a wodi me nĩ no, medi wɔn nĩ.”—1 Sam. 2:30.

Ahwɛfo a Wɔwɔ Asafo no Mu Bu Afoforo

7. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ dibea wɔ asafo no mu no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no ni? (b) Dɛn na Paulo yɛe de daa no adi sɛ na obu ne mfɛfo gyidifo?

7 Ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo gyidifo fo sɛ: “Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Rom. 12:10) Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ dibea wɔ asafo no mu no ‘di kan’ di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no ni de yɛ nhwɛso pa. Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asɛyɛde a emu yɛ duru no suasua nhwɛso a Paulo yɛe no. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 2:7, 8.) Ná anuanom a wɔwɔ asafo ahorow a Paulo kɔsraa wɔn mu no nim sɛ na Paulo renka sɛ wɔnyɛ biribi a ɔno ankasa rempɛ sɛ ɔbɛyɛ no da. Paulo buu ne mfɛfo gyidifo, na ɛno maa wɔn nso buu no. Bere a Paulo kae sɛ: “Enti mitu mo fo sɛ munsuasua me” no, esiane ne nhwɛso pa no nti, yebetumi agye adi sɛ anuanom pii tiee no.—1 Kor. 4:16.

8. (a) Dɛn ne ade biako a Yesu yɛ de kyerɛe sɛ obu n’asuafo no? (b) Dɛn na ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ de asuasua Yesu?

8 Ade foforo a onua bi a ɔwɔ dibea yɛ de da obu adi kyerɛ wɔn a wɔhyɛ n’ase ne sɛ ɔbɛma wɔahu nea enti a ɔreka sɛ wɔnyɛ biribi, anaa ɔrema wɔn akwankyerɛ no. Sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresuasua Yesu. Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu reka akyerɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ adwumayɛfo pii mmra otwa adwuma no mu no, ɔkyerɛɛ wɔn nea enti a ɔkae sɛ wɔmmɔ saa mpae no. Ɔkae sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Mat. 9:37, 38) Saa ara na bere a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn’ no, ɔkyerɛɛ wɔn nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa no. Ɔkae sɛ: “Efisɛ munnim da ko a mo Wura bɛba.” (Mat. 24:42) Mpɛn pii no, Yesu kyerɛɛ n’asuafo no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa no nso. Ɔnam saa a ɔyɛe no so daa obu adi kyerɛɛ wɔn. Nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo suasua bɛn ara ni!

Bu Yehowa Asafo no Ne Asafo no Akwankyerɛ

9. Sɛ yebu Kristofo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa ne asafo no ananmusifo no a, na hena na yɛredi no ni? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Sɛ yedi Kristofo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa ne asafo no ananmusifo no ni a, na yɛredi Yehowa ni. Sɛ yetie Kyerɛwnsɛm mu afotu a akoa nokwafo kuw no de ma yɛn no a, na ɛkyerɛ sɛ, yɛrekyerɛ obu ama Yehowa ahyehyɛde no ne akwankyerɛ a ahyehyɛde no de ma yɛn no. Ɔsomafo Yohane hui sɛ, na ɛsɛ sɛ ɔma wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu a na wommu mpanyimfo a wɔapaw wɔn no hu sɛ n’ani nnye nea na wɔreyɛ no ho. (Monkenkan 3 Yohane 9-11.) Asɛm a Yohane kae no ma yehu sɛ, ná ɛnyɛ ahwɛfo no nko na wommu wɔn, na mmom na wontie wɔn nkyerɛkyerɛ, na na wonni wɔn akwankyerɛ so nso. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, na Kristofo dodow no ara nte saa. Ɛda adi sɛ, bere a na asomafo no te ase no, na anuanom nyinaa wɔ obu kɛse ma ahwɛfo no.—Filip. 2:12.

10, 11. Fa Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ nea enti a ɛfata sɛ ebinom di tumi wɔ Kristofo asafo mu no mu.

10 Ebinom anya adwene bi sɛ esiane sɛ Yesu kae sɛ “mo nyinaa yɛ anuanom” nti, ɛnsɛ sɛ obiara di tumi wɔ Kristofo asafo no mu. (Mat. 23:8) Nanso, wɔka nnipa pii a Onyankopɔn maa wɔn tumi ho asɛm wɔ Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu. Abakɔsɛm a ɛfa tete Hebrifo agyanom, atemmufo, ne ahemfo ho no ma yenya adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nam nnipa a wɔyɛ n’ananmusifo so de akwankyerɛ ma. Bere a nkurɔfo no amfa nidi a ɛfata amma nnipa a na Onyankopɔn apaw wɔn no, Yehowa twee wɔn aso.—2 Ahe. 1:2-17; 2:19, 23, 24.

11 Saa ara na Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no gye toom sɛ na asomafo no wɔ tumi. (Aso. 2:42) Sɛ nhwɛso no, Paulo de akwankyerɛ maa ne nuanom. (1 Kor. 16:1; 1 Tes. 4:2) Nanso, ɔno nso fi ne pɛ mu brɛɛ ne ho ase hyɛɛ wɔn a na wɔwɔ tumi sen no no ase. (Aso. 15:22; Gal. 2:9, 10) Nokwarem no, na Paulo wɔ adwempa wɔ tumi a na wodi wɔ Kristofo asafo no mu no ho.

12. Asuade abien bɛn na yenya fi tumi a ebinom di a ɛho asɛm wɔ Bible mu no mu?

12 Asuade abien na yenya fi asɛm yi mu. Nea edi kan no, Kyerɛwnsɛm no pene so sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no fa ne Sodikuw no so paw mmarima bi de asɛyɛde hyehye wɔn nsa, na wɔpaw mmarima bi nso ma wodi tumi wɔ mmarima foforo a wɔapaw wɔn no so. (Mat. 24:45-47; 1 Pet. 5:1-3) Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, a mmarima a wɔapaw wɔn no nso ka ho no di wɔn a wodi yɛn so tumi no ni. Ɛnde, dɛn ne nneɛma bi a yebetumi ayɛ de adi ahwɛfo a wodi tumi wɔ Kristofo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa mu no ni?

Obu a Yɛde Bɛma Ahwɛfo Akwantufo

13. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ obu ama Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no ananmusifo?

13 Paulo kae sɛ: “Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu na wodi mo anim wɔ Awurade mu na wotu mo fo no; na momfa nidi soronko mma wɔn ɔdɔ mu esiane adwuma a wɔreyɛ no nti. Mo ne mo ho mo ho ntra asomdwoe mu.” (1 Tes. 5:12, 13) Akyinnye biara nni ho sɛ, ahwɛfo akwantufo ka “wɔn a wɔyɛ adwumaden” no ho. Enti, momma yɛmfa “nidi soronko mma wɔn.” Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu de afotu ne akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no ayɛ adwuma. Sɛ ɔhwɛfo a ɔte saa no de akwankyerɛ a efi akoa nokwafo kuw no hɔ ma yɛn a, “nyansa a efi soro” no bɛka yɛn ma yɛayɛ “asoɔmmerɛw.”—Yak. 3:17.

14. Dɛn na asafo no yɛ de kyerɛ sɛ wofi wɔn komam bu ahwɛfo akwantufo no, na dɛn na ɛma wonya?

14 Na sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yennyae nneɛma bi a yɛayɛ ma ne yɛ aka yɛn hɔ no yɛ a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛtɔ mmere bi a, obu a yɛbɛda no adi no bɛhwehwɛ sɛ yɛrennya adwene bi te sɛ, “Ɛnyɛ saa na yɛyɛ wɔ yɛn ha,” anaasɛ, “Wobetumi de ayɛ adwuma wɔ mmeae foforo, na ɛnyɛ yɛn asafo yi mu.” Mmom no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde akwankyerɛ no bɛyɛ adwuma. Sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem bere nyinaa sɛ asafo no yɛ Yehowa dea, na Yesu na ɔyɛ asafo no Ti a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde akwankyerɛ no ayɛ adwuma. Sɛ asafo no de anigye gye akwankyerɛ a ɔhwɛfo kwantufo bi de ma wɔn no tom na wɔde yɛ adwuma a, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wofi wɔn komam da obu adi. Ɔsomafo Paulo kamfoo anuanom a na wɔwɔ Korinto no wɔ obu a wɔde gyee akwankyerɛ a Tito a na ɔyɛ ɔpanyin a ɔkɔsraa wɔn no de maa wɔn toom no ho. (2 Kor. 7:13-16) Ɛnnɛ, yɛn nso yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn pɛ mu a yefi de akwankyerɛ a ahwɛfo akwantufo de ma yɛn no yɛ adwuma no ka ho bi paa na ɛma yenya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu no.—Monkenkan 2 Korintofo 13:11.

“Munni Nnipa Nyinaa Ni”

15. Nneɛma a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yebu yɛn mfɛfo gyidifo no bi ne dɛn?

15 Paulo kyerɛwee sɛ: “Ntwiw ɔpanyin anim. Mmom no, wo ne no nni sɛ agya, mmerante sɛ nuabarimanom, mmea mpanyimfo sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nuabeanom, ahotew nyinaa mu. Di akunafo a wɔyɛ akunafo ankasa no ni.” (1 Tim. 5:1-3) Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ yenni obiara a ɔwɔ Kristofo asafo no mu no ni. Nanso, sɛ akasakasa bi wɔ wo ne onua anaa onuawa bi ntam nso ɛ? So ɛno bɛma woagyae obu a ɛsɛ sɛ woda no adi kyerɛ wo yɔnko Kristoni no? Anaasɛ, wobɛhwɛ Kristofo su pa a saa Onyankopɔn somfo no wɔ no na woasesa w’adwene wɔ no ho? Wɔn a wodi tumi wɔ asafo no mu titiriw na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so kyerɛ obu ma wɔn nuanom, na ɛnsɛ sɛ ‘wodi wɔn so bakoma’ da. (1 Pet. 5:3) Nokwarem no, yɛwɔ hokwan pii a yɛde bedi yɛn ho yɛn ho ni wɔ Kristofo asafo a emufo fi wɔn komam dodɔ wɔn ho no mu.—Monkenkan Yohane 13:34, 35.

16, 17. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ ɛnyɛ nnipa a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no nkutoo na ɛsɛ sɛ yebu wɔn, na mmom wɔn a wɔsɔre tia yɛn no nso? (b) Dɛn na yɛyɛ de di “nnipa nyinaa ni”?

16 Nokwarem no, ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nkutoo na ɛsɛ sɛ yebu wɔn. Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no sɛ: “Yɛwɔ bere a ɛfata no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye.” (Gal. 6:10) Nokwarem no, sɛ wo yɔnko dwumayɛni anaa sukuuni bi ne wo nni no yiye a, ebetumi ayɛ den sɛ wode saa afotu yi bɛyɛ adwuma. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛkae saa asɛm yi. Ɛka sɛ: “Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti.” (Dw. 37:1) Sɛ yɛde saa afotu no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛada obu adi akyerɛ wɔn a wɔsɔre tia yɛn no mpo. Saa ara na sɛ yɛwɔ asɛnka mu na yenya ahobrɛase a, ebetumi aboa yɛn ma yɛabua obiara wɔ “odwo ne obu a emu dɔ mu.” (1 Pet. 3:15) Yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie mpo betumi akyerɛ sɛ yebu nnipa a yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no.

17 Nokwarem no, sɛ́ ebia yɛne yɛn mfɛfo gyidifo, anaa wɔn a wonni asafo no mu na ɛredi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de afotu a edi so yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ: “Munni nnipa nyinaa ni, monnɔ anuanom nyinaa, munsuro Nyankopɔn, munni ɔhene ni.”—1 Pet. 2:17.

Wubebua Dɛn?

Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wowɔ obu a ɛfata ma:

• Yehowa?

• Asafo no mu mpanyimfo ne ahwɛfo akwantufo?

• Asafo no muni biara?

• Nnipa a woka asɛmpa no kyerɛ wɔn no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Afeha a edi kan no mu Kristofo no nyaa obu maa sodikuw a na edi wɔn so no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Mpanyimfo a wɔwɔ aman nyinaa so di ahwɛfo akwantufo a Sodikuw no apaw wɔn no ni