Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Yiyedi Nti Na Yehowa Hwɛ Yɛn

Yɛn Yiyedi Nti Na Yehowa Hwɛ Yɛn

Yɛn Yiyedi Nti Na Yehowa Hwɛ Yɛn

“[Yehowa, NW] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.”—2 BE. 16:9.

1. Dɛn nti na Yehowa pɛɛpɛɛ yɛn mu?

YEHOWA ne Agya a ɔyɛ pɛ no. Onim yɛn yiye araa ma ohu nea ɛwɔ “[yɛn] adwene nyinaa mu” mpo. (1 Be. 28:9) Nanso, ɛnyɛ mfomso a obehu wɔ yɛn ho nti na ɔpɛɛpɛɛ yɛn mu. (Dw. 11:4; 130:3) Mmom no, ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn nti na ɔpɛ sɛ ɔbɔ yɛn ho ban fi biribiara a ebetumi asɛe yɛne no ntam anaasɛ ebetumi asɛe anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase daa no ho no.—Dw. 25:8-10, 12, 13.

2. Henanom na Yehowa de ne denyɛ di ma wɔn?

2 Yehowa tumi nni ano, na ohu ade nyinaa. Esiane eyi nti, bere biara a n’asomfo anokwafo bɛsrɛ no sɛ ɔmmoa wɔn no, obetumi aboa wɔn, na obetumi aboa wɔn wɔ bere a wɔrehyia sɔhwɛ ahorow no nso. Beresosɛm nhoma a ɛto so abien ti 16 nkyekyɛm 9 ka sɛ: “[Yehowa, NW] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.” Hyɛ no nsow sɛ, ɛyɛ nnipa a wɔde koma a edi mu, koma a ɛyɛ kronn na emu tew som Yehowa no na ɔde ne denyɛ di ma wɔn. Yehowa ne nnipa a wɔyɛ atorofo anaa wɔyɛ nyaatwom no nni wɔ saa kwan yi so.—Yos. 7:1, 20, 21, 25; Mmeb. 1:23-33.

Wo ne Onyankopɔn Nnantew

3, 4. ‘Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew’ no kyerɛ dɛn, na nhwɛso ahorow bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛboa yɛn ma yɛte saa asɛm yi ase?

3 Nnipa pii susuw sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yɛn amansan kɛse yi Bɔfo no bɛma nnipa ne no anantew wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Nanso, saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ. Wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, Henok ne Noa ne “Nyankopɔn nantewee.” (Gen. 5:24; 6:9) Mose ‘kɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.’ (Heb. 11:27) Ɔhene Dawid ne ne soro Agya no nantewee ahobrɛase mu. Dawid kae sɛ: ‘Yehowa wɔ me nifa yi, merenhim.’—Dw. 16:8.

4 Nokwarem no, ɛrentumi mma sɛ yebeso Yehowa nsa ankasa na yɛne no anantew. Nanso, yebetumi ayɛ saa wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Ɔkwan bɛn so? Odwontofo Asaf kyerɛwee sɛ: “Mɛtra wo nkyɛn daa yi, woaso me nsa nifa mu. Wonam w’atirimpɔw so kyerɛkyerɛ me kwan.” (Dw. 73:23, 24) Sɛ yebetwa no tiawa a, sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ a ɔnam n’Asɛm ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so titiriw de ma yɛn no so a, na yɛne Yehowa renantew.—Mat. 24:45; 2 Tim. 3:16.

5. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so hwɛ n’anokwafo te sɛ agya bi a ɔwɔ ɔdɔ, na adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ no ho?

5 Esiane sɛ Yehowa dɔ wɔn a wɔne no nantew no nti, ɔma n’ani kũ wɔn ho te sɛ nea agya bi a ɔwɔ ɔdɔ hwɛ ne mma, dwen wɔn ho, bɔ wɔn ho ban, na ɔkyerɛkyerɛ wɔn no. Onyankopɔn ka sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” (Dw. 32:8) Bisa wo ho sɛ: ‘So mihu sɛ, me ne Yehowa abɔ anan renantew, na meretie ne nsɛm a nyansa wom no ma enti minim sɛ ɔhwɛ me so wɔ ɔdɔ mu? So nim a minim sɛ Yehowa ka me ho no ka sɛnea misusuw nneɛma ho, me kasa, ne me nneyɛe? Na sɛ midi mfomso a, so mibu Yehowa sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a m’asɛm mfa no ho, na n’asɛm yɛ den, anaasɛ mibu no sɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborohunu a ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn a wɔayɛ bɔne a wɔanu wɔn ho no ma wɔsan ba ne nkyɛn?’—Dw. 51:17.

6. Dɛn na Yehowa tumi hu a onipa a ɔyɛ ɔwofo ntumi nhu?

6 Ɛtɔ mmere bi a, ebia Yehowa bɛboa yɛn mpo ansa na yɛafi ase ayɛ bɔne bi. Sɛ nhwɛso no, obetumi ahu sɛ yɛn koma a ɛyɛ okontomponi no afi ase resusuw nneɛma a ɛmfata ho. (Yer. 17:9) Wɔ tebea a ɛte saa mu no, Yehowa betumi ayɛ ade ntɛm de aboa yɛn asen nea nnipa a wɔyɛ awofo betumi ayɛ ama yɛn, efisɛ ‘n’aniwa’ tumi hu yɛn mu tɔnn, na otumi pɛɛpɛɛ nea ɛwɔ yɛn komam nyinaa mu. (Dw. 11:4; 139:4; Yer. 17:10) Susuw nea Onyankopɔn yɛe wɔ asɛm bi a ɛkɔɔ so wɔ Baruk a na ɔyɛ odiyifo Yeremia kyerɛwfo ne n’adamfo paa no asetram no ho hwɛ.

Ɔne Baruk Dii sɛ Agya a Ɔwɔ Ɔdɔ Ankasa

7, 8. (a) Ná hena ne Baruk, na nneɛma a ɛmfata bɛn na ɛbɛyɛ sɛ ofii ase dwennwen ho wɔ ne komam? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛɛ Baruk sɛ ɔdɔ no sɛ ɔba?

7 Ná Baruk yɛ ɔkyerɛwfo a ɔde nokwaredi ne Yeremia yɛɛ adwuma bi a ne yɛ bɛyɛɛ den, na na adwuma no ne sɛ wɔbɛka Yehowa atemmusɛm akyerɛ Yudafo no. (Yer. 1:18, 19) Eduu bere bi no, Baruk a ɛbɛyɛ sɛ na ofi abusua a wodi yiye mu no fii ase sɛ ɔrehwehwɛ “ade kɛse” afa. Ebia, Baruk fii ase dwennwen nneɛma a ɛbɛma wadi yiye anaa ahonyade ho. Ɛmfa ho nea na Baruk redwennwen ho biara no, Yehowa hui sɛ na Baruk afi ase resusuw nneɛma a ebetumi ama wayɛ bɔne ho wɔ ne komam. Yehowa faa Yeremia so kasa kyerɛɛ Baruk de dii asɛm no ho dwuma ntɛm ara. Yehowa ka kyerɛɛ Baruk sɛ: “Woka sɛ: Minnue, sɛ [Yehowa, NW] de ɛyaw ka m’awerɛhow ho. Mabrɛ ne apinisi, na minnya ɔhome bi.” Onyankopɔn san kae sɛ: “Wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ.”—Yer. 45:1-5.

8 Ɛwom sɛ, Yehowa ne Baruk kasae anibere so de, nanso Yehowa amma ne bo amfuw no, mmom no, ɔne no kasae te sɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ ankasa. Ɛda adi sɛ, Onyankopɔn hui sɛ na Baruk resusuw nneɛma a ebetumi adi no awu ho de, nanso ohui sɛ na Baruk nni koma bɔne. Ná Yehowa nim nso sɛ, ɛrenkyɛ na wɔasɛe Yerusalem ne Yuda, na na ɔmpɛ sɛ Baruk man fi ne ho wɔ saa bere a na ɔsɛe no abɛn no mu. Enti, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn ama ne somfo Baruk ani aba ne ho so no, ɔkaee no sɛ ɔno Onyankopɔn de ‘bɔne reba ɔhonam nyinaa so,’ na ɔka kaa ho sɛ, sɛ Baruk yɛ n’ade nyansam a, obegye no nkwa. (Yer. 45:5) Nea na Onyankopɔn reka ankasa ne sɛ: ‘Baruk, ma w’ani nna hɔ. Ma nea ɛrebɛto Yuda ne Yerusalem abɔnefo nnansa yi ara no ntra w’adwenem. Kɔ so di nokware na nya nkwa! Mɛbɔ wo ho ban.’ Ɛda adi sɛ, asɛm a Yehowa kae no kaa Baruk koma, efisɛ ɔsesaa n’adwene, na onyaa nkwa wɔ ɔsɛe a ɛbaa Yerusalem so wɔ mfe 17 akyi no mu.

9. Wubebua nsɛm a wɔabisa wɔ nkyekyɛm no mu no dɛn?

9 Bere a woredwennwen asɛm a ɛfa Baruk ho yi ho no, susuw nsɛmmisa ne kyerɛw nsɛm a edidi so yi ho: Dɛn na sɛnea Onyankopɔn ne Baruk dii no ma yehu fa Yehowa ho ne sɛnea odwen n’asomfo ho? (Monkenkan Hebrifo 12:9.) Esiane sɛ yɛte mmere a emu ɛyɛ den mu nti, dɛn na yebetumi asua afi afotu a Onyankopɔn de maa Baruk ne nea Baruk yɛe wɔ ho no mu? (Monkenkan Luka 21:34-36.) Dɛn na Kristofo a wɔyɛ asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de asuasua Yeremia de akyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma N’asomfo no bi?—Monkenkan Galatifo 6:1.

Ɔba no Suasuaa Agya no Dɔ No

10. Ɔkwan bɛn so na wɔasiesie Yesu ma otumi di n’asɛyɛde sɛ Kristofo asafo no Ti no ho dwuma?

10 Ansa na Kristosom reba no, Yehowa faa n’adiyifo ne n’asomfo anokwafo foforo so na ɛdaa ne dɔ adi kyerɛɛ nnipa. Nnansa yi, ɔnam nea ɔsen wɔn nyinaa a ɔno ne Yesu Kristo a ɔyɛ Kristofo asafo no Ti no so na ɔma yehu ne dɔ. (Efe. 1:22, 23) Enti, wɔka Yesu ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ oguammaa a ɔwɔ “aniwa ason, na aniwa no yɛ Nyankopɔn ahonhom ason a wɔasoma wɔn asase nyinaa so.” (Adi. 5:6) Nokwarem no, esiane sɛ wɔde Onyankopɔn honhom kronkron ahyɛ Yesu ma koraa nti, ɔwɔ nhumu a ɛyɛ pɛ. Yesu nso hu sɛnea yɛte wɔ yɛn komam, na ohu ade nyinaa.

11. Dwuma bɛn na Kristo di, na ɔkwan bɛn so na sɛnea ɔne yɛn di no te sɛ nea n’Agya ne yɛn di no pɛpɛɛpɛ?

11 Te sɛ Yehowa no, Yesu nso nyɛ polisini a ɔte soro rehwɛ yɛn. Yesu pɛɛpɛɛ yɛn mu te sɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ. Yesu abodin biako a ɛno ne “Daa-agya” no ma yɛkae dwuma a obedi de ama wɔn a wonya ne mu gyidi nyinaa atra ase daa no. (Yes. 9:6) Bio nso, sɛ́ Kristofo asafo no Ti no, Kristo betumi aka Kristofo a wɔn ho akokwaw, titiriw no, asafo mu mpanyimfo, a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa afoforo no koma ma wɔakyekye wɔn a wohia awerɛkyekye no werɛ na wɔatu wɔn a wohia afotu no fo.—1 Tes. 5:14; 2 Tim. 4:1, 2.

12. (a) Dɛn na nkrataa a Yesu de kɔmaa asafo ahorow ason a na ɛwɔ Asia Kumaa no ma yehu fa no ho? (b) Dɛn na asafo mu mpanyimfo yɛ de kyerɛ sɛ wɔwɔ adwene a Kristo wɔ wɔ Onyankopɔn nguan ho no bi?

12 Yehu sɛnea Kristo dwen nguan no ho yiye no wɔ nkrataa a ɔde kɔmaa mpanyimfo a na wɔwɔ asafo ahorow ason a na ɛwɔ Asia Kumaa mu no mu. (Adi. 2:1–3:22) Yesu kae wɔ saa nkrataa no mu sɛ, onim nea ɛrekɔ so wɔ asafo biara mu, na odwen n’akyidifo ho yiye. Ɛnnɛ, saa asɛm no fa yɛn ho paa, efisɛ Adiyisɛm mu anisoadehu no renya mmamu wɔ “Awurade Da” no mu. * (Adi. 1:10) Kristo taa fa asafo mu mpanyimfo a wɔsom sɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu so na ɔda ne dɔ adi kyerɛ yɛn. Sɛ ɛho behia a, Kristo betumi aka ‘akyɛde a ɔde ama nnipa’ yi koma ma wɔakyekye yɛn werɛ, wɔahyɛ yɛn nkuran, anaa wɔatu yɛn fo. (Efe. 4:8; Aso. 20:28; monkenkan Yesaia 32:1, 2.) So wubu mmɔden a mpanyimfo no bɔ de yɛ saa nnwuma yi no sɛ ɛyɛ ɔdɔ a Kristo da no adi kyerɛ wo ankasa?

Mmoa a Yenya wɔ Bere a Ɛfata Mu

13-15. Akwan bɛn na Onyankopɔn betumi afa so abua yɛn mpaebɔ? Ma nhwɛso ahorow.

13 So woabɔ mpae denneennen ma woanya ho mmuae afi Kristoni bi a ne ho akokwaw a ɔbɛsraa wo hyɛɛ wo nkuran hɔ pɛn? (Yak. 5:14-16) Anaasɛ, ebia wunyaa mmoa no wɔ ɔkasa bi a wɔmae wɔ Kristofo nhyiam bi ase anaa asɛm bi a wokenkanee wɔ yɛn nhoma no biako mu. Yehowa taa fa akwan a ɛte saa so bua yɛn mpaebɔ. Sɛ nhwɛso no, bere a asafo mu ɔpanyin bi maa ɔkasa wiei no, onuawa bi a na wɔasisi no paa wɔ adapɛn bi a na edi ɔkasa no anim mu no kɔɔ ɔpanyin no nkyɛn. Onuawa no anka ne haw no ho asɛm ankyerɛ ɔpanyin no, mmom no, ɔdaa ɔpanyin no ase paa wɔ sɛnea ɔde kyerɛw nsɛm kyerɛkyerɛɛ nsɛm bi mu wɔ ɔkasa no mu no ho. Ná ɔkasa no fa onuawa no asɛm no ho, na ɛkyekyee ne werɛ pii. Hwɛ sɛnea onuawa no ani gyei sɛ ɔkɔɔ saa asafo nhyiam no!

14 Ɛdefa mmuae a yenya wɔ mpae a yɛbɔ ho no, susuw asɛm bi a ɛfa nnipa baasa bi a na wɔda afiase a wosuaa Bible mu nokware no wɔ afiase hɔ ma wɔbɛyɛɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu no ho hwɛ. Esiane basabasayɛ bi a ɛkɔɔ so wɔ afiase hɔ nti, wɔde ahofadi bi a na nneduafo no wɔ no kamee wɔn nyinaa wɔ afiase hɔ. Ɛno maa nneduafo no fii ase tew atua. Nneduafo no sii gyinae sɛ, sɛ wɔma wɔn aduan anɔpa a edi hɔ no a, wɔremfa mprɛte a wobedidi mu no nkɔ, na wɔbɛyɛ saa de atew atua. Afei, na adawurubɔfo baasa a wɔmmɔɔ asu no nhu nea wɔnyɛ. Sɛ wɔde wɔn ho hyɛ atuatew no mu a, na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔrebu afotu a Yehowa de ama wɔ Romafo 13:1 no so. Sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ atuatew no mu nso a, na nneduafo a wɔn bo afuw no betumi ayɛ wɔn basabasa.

15 Esiane sɛ adawurubɔfo baasa no antumi anhyia ansusuw nea wɔbɛyɛ ho nti, wɔn mu biara bɔɔ mpae hwehwɛɛ nyansa. Ade kyee anɔpa no, wɔn baasa nyinaa hui sɛ wɔasi gyinae biako a ɛno ne sɛ wɔrennidi saa da no anɔpa. Akyiri yi, bere a afiase ahwɛfo no bae sɛ wɔrebɛsesa mprɛte no, ná mprɛte no bi nni saa mmarima baasa no nkyɛn. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei sɛ na “mpaebɔ tiefo” no bɛn wɔn!—Dw. 65:2.

Momma Yɛmfa Ahotoso Nhwɛ Daakye Kwan

16. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma a yɛyɛ no ma yehu sɛ Yehowa dwen nnipa a wɔte sɛ nguan no ho?

16 Asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no nso yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dwen nnipa komapafo ho ɛmfa ho baabiara a wɔte. (Gen. 18:25) Yehowa betumi akyerɛ n’asomfo kwan ma wɔakɔ nnipa a wɔte sɛ nguan no nkyɛn, a wɔn a wɔtete mmeae a yɛnkaa asɛmpa no wɔ hɔ no mpo ka ho nkyɛn, na mpɛn pii no, ɔnam abɔfo so na ɛyɛ saa. (Adi. 14:6, 7) Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn nam ɔbɔfo bi so kyerɛɛ ɔsɛmpakafo Filipo a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no kwan ma okohyiaa Etiopiani piani bi, na ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛɛ no. Dɛn na efii mu bae? Ɔbarima no gyee asɛmpa no, na ɔbɛyɛɛ Yesu kyidini a wɔabɔ no asu. *Yoh. 10:14; Aso. 8:26-39.

17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yedwennwen nea ɛbɛba daakye ho tra so?

17 Bere a nneɛma nhyehyɛe yi rekɔ n’awiei no, “awoko yaw” a wɔhyɛɛ ho nkɔm no mu bɛkɔ so ayɛ den. (Mat. 24:8) Sɛ nhwɛso no, nnuan bo betumi ayɛ den esiane sɛ nnipa redɔɔso sen aduan a ɛwɔ hɔ, wim tebea a ɛnkɔ yiye, anaasɛ sikasɛm a ɛresɛe nti. Ebetumi ayɛ den sɛ nkurɔfo benya adwuma ayɛ, na ebia wɔbɛhyɛ adwumayɛfo ma wɔde nnɔnhwerew pii ayɛ adwuma. Ɛmfa ho nea ɛbɛba biara no, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔde Yehowa som di kan wɔ wɔn asetram na wɔkɔ so ma wɔn ‘aniwa hwɛ tee’ no dwennwen nneɛma ho tra so. Wonim sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn na ɔbɛhwɛ wɔn. (Mat. 6:22-34) Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea Yehowa hwɛɛ Yeremia wɔ Yerusalem awiei bere a na emu yɛ den wɔ afe 607 A.Y.B. mu no ho hwɛ.

18. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ɔdɔ adi kyerɛɛ Yeremia wɔ bere a atamfo betwaa Yerusalem ho hyiae no mu?

18 Aka kakra ma ɛbere a Babilonfo de twaa Yerusalem ho hyiae no aba awiei no, wɔde Yeremia too afiase wɔ Awɛmfo Abangua mu. Ná Yeremia bɛyɛ dɛn anya aduan adi? Sɛ na ɔnna afiase a, anka ɔno ankasa bɛhwehwɛ aduan adi. Nanso, afei de, na nnipa a ɔne wɔn wɔ afiase hɔ a na wɔn mu dodow no ara mpɛ n’asɛm no nkutoo na na ɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛma no aduan adi! Nanso, Yeremia amfa ne ho anto nnipa so, na mmom ɔde ne ho too Onyankopɔn a na wahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛhwɛ no no so. So Yehowa hwɛɛ no sɛnea na wahyɛ no bɔ no? Yiw, ɔhwɛɛ no! Yehowa hwɛ maa Yeremia nsa kaa “abodoo sebɔw” da biara da “kosii sɛ abodoo nyinaa sãe kurow no mu.” (Yer. 37:21) Yeremia, Baruk, Ebed-Melek, ne afoforo nyaa nkwa wɔ bere a na ɔkɔm, yare, ne awuwuawuwu rekɔ so no mu.—Yer. 38:2; 39:15-18.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ bere a yɛrehwɛ daakye kwan no?

19 Nokwarem no, “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ.” (1 Pet. 3:12) So w’ani gye ho sɛ wo soro Agya no rehwɛ wo? So nim a wunim sɛ wo yiyedi nti na ɔhwɛ wo no ma wunya abotɔyam, na wote nka sɛ wowɔ ahobammɔ? Ɛnde, ɛmfa ho nea ɛbɛba daakye biara no, si wo bo sɛ wobɛkɔ so ne Onyankopɔn anantew. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so ahwɛ n’asomfo anokwafo nyinaa te sɛ agya a ɔdɔ ne mma bere nyinaa.—Dw. 32:8; monkenkan Yesaia 41:13.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 12 Ɛwom sɛ nkrataa no mu nsɛm no fa Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no ho titiriw de, nanso, sɛ yɛbɛka a, emu nsɛm no fa Onyankopɔn asomfo nyinaa ho.

^ nky. 16 Yebetumi ahu nhwɛso foforo a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn kyerɛ asɛnka adwuma no kwan wɔ Asomafo Nnwuma 16:6-10. Ɛhɔ no, yehu sɛ “honhom kronkron no baraa” Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho no sɛ mma wɔnkɔka asɛm no wɔ Asia ne Bitinia. Mmom no, honhom no kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no wɔ Makedonia, na ahobrɛasefo pii tiee asɛm a wɔkɔkae wɔ hɔ no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ ‘yɛne Onyankopɔn renantew’?

• Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ɔdɔ Baruk?

• Sɛ́ Kristofo asafo no Ti no, ɔkwan bɛn so na Yesu da n’Agya su ahorow adi?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso wɔ mmere a emu yɛ den yi mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Sɛnea Yeremia yɛɛ Baruk no, saa ara na ɛnnɛ Kristofo asafo mu mpanyimfo da ɔdɔ a Yehowa wɔ no bi adi kyerɛ wɔn nuanom

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ɔkwan bɛn na Yehowa betumi afa so aboa yɛn wɔ bere a ɛfata mu?