Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa ‘Aniwa’ Pɛɛpɛɛ Nnipa Nyinaa Mu

Yehowa ‘Aniwa’ Pɛɛpɛɛ Nnipa Nyinaa Mu

Yehowa ‘Aniwa’ Pɛɛpɛɛ Nnipa Nyinaa Mu

‘Yehowa de n’aniwa pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.’—DW. 11:4, NW.

1. Nnipa bɛn na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛbɛn wɔn?

WOTE nka dɛn wɔ nnipa a wɔpɛ w’asɛm paa no ho? Sɛ woka kyerɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛ wɔn adwene wɔ asɛm bi ho a, wɔka nokware turodoo kyerɛ wo. Sɛ wuhia mmoa a, woyi wɔn yam boa wo. Sɛ wuhia afotu a, wofi ɔdɔ mu tu wo fo. (Dw. 141:5; Gal. 6:1) So w’ani nnye ho sɛ wobɛbɛn nnipa a wɔte saa no? Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa ne ne Ba no te. Nokwarem no, wɔpɛ w’asɛm sen sɛnea onipa foforo biara pɛ w’asɛm, na wofi koma kronn mu na wɔyɛ saa; wɔpɛ sɛ wɔboa wo ma wuso “nkwa ankasa no mu denneennen.”—1 Tim. 6:19; Adi. 3:19.

2. Yehowa dwen n’asomfo ho kodu he?

2 Odwontofo Dawid kaa sɛnea Yehowa dwen yɛn ho paa no ho asɛm sɛ: “[Yehowa ani] tua biribiara, n’aniwa na ɔde pɛɛpɛɛ nnipa mma mu.” (Dw. 11:4, NW) Nokwarem no, Onyankopɔn nhwɛ yɛn kɛkɛ; ɔpɛɛpɛɛ yɛn mu. Dawid san kyerɛwee sɛ: “Woapɛɛpɛɛ me komam, woahwehwɛ me mu anadwo . . . Woahu sɛ memmɔɔ pɔw bɔne bi.” (Dw. 17:3, NW) Ɛda adi pefee sɛ, na Dawid nim sɛnea Yehowa ani gye ne ho paa no. Ná Dawid nim sɛ, sɛ ɔkɔ so dwennwen nneɛma bɔne ho anaasɛ ɔbɔ pɔw bɔne wɔ ne koma mu a, ɔbɛma Yehowa adi yaw, na Yehowa ani rennye no ho. So wubu Yehowa sɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa sɛnea na Dawid bu no no?

Yehowa Hwɛ Komam

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ntease adi wɔ yɛn sintɔ ahorow ho?

3 Yɛn ho ade a ehia Yehowa titiriw ne nea ɛwɔ yɛn mu no, na ɛno ne sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn komam. (Dw. 19:14; 26:2) Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, ɔmfa n’adwene nsi yɛn mfomso nketenkete so. Sɛ nhwɛso no, bere a Abraham yere Sara anka nokware ankyerɛ ɔbɔfo bi a na wadan ne ho onipa no, ɔbɔfo no hui pefee sɛ osuro ne fɛre nti na odii atoro no, ɛno nti ɔbɔfo no anka n’anim denneennen. (Gen. 18:12-15) Bere a tete agya Hiob kyerɛe sɛ “obu ne ho treneeni sen Nyankopɔn” no, Yehowa kɔɔ so hyiraa no, efisɛ ohui sɛ na Hiob ahu amane kɛse wɔ Satan nsam. (Hiob 32:2; 42:12) Saa ara na Yehowa bo amfuw okunafo a na ofi Sarefat no sɛ ɔkekaa nsɛm penpen kyerɛɛ odiyifo Elia. Onyankopɔn hui sɛ na okunafo no babarima a odi no ɔbakoro no wu no ama awerɛhow ahyɛ no so.—1 Ahe. 17:8-24.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ayamye adi wɔ sɛnea ɔne Abimelek dii no mu?

4 Esiane sɛ Yehowa pɛɛpɛɛ komam nti, wada tema adi akyerɛ wɔn a wɔnyɛ gyidifo mpo. Susuw sɛnea ɔne Abimelek a na ɔyɛ ɔhene wɔ Filistifo kurow Gerar mu dii no ho hwɛ. Esiane sɛ na Abimelek nnim sɛ Abraham ne Sara yɛ awarefo nti, ɔfaa Sara sɛ ɔreware no. Nanso, bere a Abimelek nnya mfaa ne ho nkaa Sara no, Yehowa ka kyerɛɛ Abimelek wɔ ɔdae mu sɛ: “Me nso minim sɛ wo komam fann na wode yɛɛ eyi, na me nso misoo wo mu, na woanyɛ me bɔne, ɛno nti na mamma woanka no. Na afei dan ɔbarima no yere kɔma no, efisɛ ɔyɛ odiyifo, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa.”—Gen. 20:1-7.

5 Akyinnye biara nni ho sɛ, na anka Yehowa betumi ne Abimelek a ɔsom abosom no adi no nwenweenwene. Nanso, Onyankopɔn hui sɛ na ɔbarima no komam yɛ fann wɔ saa asɛm yi mu. Yehowa fi ayamye mu hui sɛ na ɔhene no komam yɛ fann, na ɔkaa nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wanya bɔne fafiri na ‘wanya nkwa’ no kyerɛɛ no. So ɛnyɛ Onyankopɔn a wopɛ sɛ wosom no ni?

6. Akwan bɛn so na Yesu suasuaa n’Agya?

6 Yesu suasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ, na ɔde n’adwene sii su pa a na n’asuafo no wɔ so, na ɔde wɔn mfomso ahorow firii wɔn. (Mar. 10:35-45; 14:66-72; Luka 22:31, 32; Yoh. 15:15) Su a Yesu daa no adi no ne asɛm a ɔkae wɔ Yohane 3:17 no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɔkae sɛ: “Nyankopɔn ansoma ne Ba no amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom sɛ wɔmfa ne so nnye wiase nkwa.” Nokwarem no, ɔdɔ a Yehowa ne Yesu wɔ ma yɛn no mu dɔ yiye, na ɛto ntwa da. Nea ɛma yehu eyi ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛma yɛanya nkwa no. (Hiob 14:15) Ɔdɔ a ɛte saa no ma yehu nea enti a Yehowa pɛɛpɛɛ yɛn mu, nea enti a ohu nneɛma pa wɔ yɛn ho, ne nea enti a sɛ ohu biribi wɔ yɛn ho a, ɔteɛteɛ yɛn no.—Monkenkan 1 Yohane 4:8, 19.

Ɔdɔ na Ɛma Ɔpɛɛpɛɛ Yɛn Mu

7. Adwene bɛn na Yehowa de pɛɛpɛɛ yɛn mu?

7 Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebenya adwene sɛ Yehowa te sɛ polisini bi a ɔte soro a ɔrehwɛ sɛ yɛbɛyɛ bɔne na wakyere yɛn! Satan mmom na ɔbɔ yɛn sobo na ɔka sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya. (Adi. 12:10) Satan susuw bɔne mpo ma yɛn bere a yenni adwemmɔne biara no! (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Odwontofo no kyerɛw Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina?” (Dw. 130:3) Mmuae no ne sɛ, Obiara nni hɔ! (Ɔsɛnk. 7:20) Na mmom, Yehowa fi mmɔborohunu ne ayamye mu hwɛ yɛn te sɛ nea ɔwofo bi hwɛ ne mma a ɔdɔ wɔn na ɔpɛ sɛ ɔbɔ wɔn ho ban fi asiane ho no ara pɛ. Mpɛn pii no, Yehowa twe yɛn adwene si yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentɔ asiane mu.—Dw. 103:10-14; Mat. 26:41.

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛkyerɛ n’asomfo na ɔteɛ wɔn so?

8 Onyankopɔn ma yehu ne dɔ denam akwankyerɛ ne nteɛso a ɔnam Kyerɛwnsɛm no ne honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma yɛn no so. (Mat. 24:45; Heb. 12:5, 6) Yehowa san fa Kristofo asafo no ne ‘nnipa a ɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ a wɔwom no so boa yɛn. (Efe. 4:8) Afei nso, Yehowa hwɛ sɛnea yegye ntetee a ɔde ma yɛn sɛ agya no tom no, na ɔhwehwɛ ɔkwan foforo a ɔbɛfa so asan aboa yɛn. Dwom 32:8 ka sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yetie Yehowa asɛm bere nyinaa! Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase ma no, na yegye tom sɛ ɔno ne yɛn Kyerɛkyerɛfo ne yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no.—Monkenkan Mateo 18:4.

9. Su ahorow bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya bi, na dɛn ntia?

9 Nanso, mommma ahantan, gyidi a yenni, anaa “bɔne nnaadaa” mma yɛnsen yɛn kɔn da. (Heb. 3:13; Yak. 4:6) Mpɛn pii no, obi fi ase da saa su ahorow yi adi bere a ɔkɔ so dwennwen nneɛma a ɛnteɛ ho, anaa ɔma akɔnnɔ bɔne kɔ so tra ne mu no. Ebedu bere bi no, ebetumi aba sɛ ɔrentie afotu pa a wofi Kyerɛwnsɛm mu de ma no no mpo. Nea enye koraa no, obetumi ama su anaa akwammɔne no agye n’adwene araa ma wabɛyɛ Onyankopɔn tamfo mpo, na eyi yɛ tebea a ɛyɛ hu ankasa! (Mmeb. 1:22-31) Fa Kain a ɔyɛ Adam ne Hawa abakan no asɛm no sɛ nhwɛso.

Yehowa Hu Ade Nyinaa, na Odi Ho Dwuma Sɛnea Ɛfata

10. Dɛn nti na Yehowa annye afɔre a Kain bɔe no antom, na dɛn na Kain yɛe wɔ ho?

10 Bere a Kain ne Habel mu biara de n’afɔrebɔde kɔmaa Yehowa no, ɛnyɛ nneɛma a wɔde bɔɔ afɔre maa no no nko na na ɛho hia no, na mmom na adwene a wɔde yɛɛ saa no nso ho hia no. Ɛno nti, Onyankopɔn gyee afɔre a Habel de gyidi bɔe no toom, nanso wannye Kain a na ɛte sɛ nea onni gyidi no de no antom. (Gen. 4:4, 5; Heb. 11:4) Sɛ́ anka Kain besua biribi afi nea esii no mu na wasesa ne suban no, ɔmaa ne bo fuw ne nua no mmom.—Gen. 4:6.

11. Ɔkwan bɛn so na Kain daa no adi sɛ ɔwɔ koma a ɛyɛ okontomponi, na dɛn na yesua fi mu?

11 Yehowa hui sɛ su a Kain daa no adi no yɛ aniberesɛm, enti ofi ayamye mu ne no kasae ma ohui sɛ sɛ ɔyɛɛ adepa a, anka n’ani begye. Awerɛhosɛm ne sɛ, Kain antie afotu a ne Bɔfo no de maa no no, na okum ne nua no. Koma bɔne a na Kain wɔ no daa adi bio wɔ aniammɔho a ɔde buaa asɛm a Onyankopɔn bisaa no no mu. Onyankopɔn bisaa no sɛ: “Ɛhe na wo nua Habel wɔ?” Kain yii ano sɛ: “Minnim, me nua so hwɛfo ne me anaa?” (Gen. 4:7-9) Hwɛ sɛnea yɛn koma a ɛyɛ okontomponi no betumi adaadaa yɛn, na ebetumi mpo ama yɛapo afotu a efi Onyankopɔn hɔ tẽẽ no! (Yer. 17:9) Enti, momma yensua biribi mfi nsɛm a ɛtete sɛɛ mu, na yɛnyɛ ntɛm nyi nsusuwii ne akɔnnɔ bɔne biara mfi yɛn mu ansa na agye yɛn nsam. (Monkenkan Yakobo 1:14, 15.) Sɛ wofi Kyerɛwnsɛm no mu tu yɛn fo a, momma yɛnkyerɛ ho anisɔ, na yemmu no sɛ ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ yɛn.

Bɔne Nhintaw No

12. Yehowa yɛ n’ade dɛn wɔ bɔne ho?

12 Ebia ebinom benya adwene sɛ, sɛ wɔyɛ bɔne na obiara anhu wɔn a, wɔbɛfa wɔn ho adi. (Dw. 19:12) Nanso, bɔne biara nni hɔ a ebetumi ahintaw Yehowa. Bible ka sɛ: “Abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim, na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, nea yɛne no wɔ akontaabu no anim.” (Heb. 4:13) Yehowa yɛ Ɔtemmufo a ɔpɛɛpɛɛ yɛn komam tɔnn, na obu atɛntrenee wɔ bɔne ho. Yehowa yɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” Nanso, ɔbɔnefo a onnu ne ho de, ‘bem na ɔmma onni.’ Sɛ nnipa bi ‘boapa dan kɔ bɔne so,’ anaasɛ wɔfa ɔkwammɔne so twa nkontompo a, ɔremma ‘wonni bem.’ (Ex. 34:6, 7; Heb. 10:26) Yehu saa asɛm yi wɔ sɛnea Yehowa ne Akan, ne Anania ne Safira dii no mu.

13. Ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ ɛyɛ nsusuwii bɔne na ɛmaa Akan nyaa subammɔne?

13 Akan hyɛɛ da buu ahyɛde a na Onyankopɔn de ama no so, na ɔfaa asade a wonya fii Yeriko kurow mu no bi de kosiee ne ntamadan mu, na ɛbɛyɛ sɛ n’abusuafo no hui na wɔanka. Bere a Akan bɔne no bɛdaa adi no, ɔnam asɛm a ɔkae no so daa no adi sɛ na wahu sɛ wayɛ bɔne a anibere wom, efisɛ ɔkae sɛ: ‘Mayɛ Yehowa bɔne.’ (Yos. 7:20) Akan nyaa koma bɔne te sɛ Kain. Akan de, anibere ne ade titiriw a ɛma ɔyɛɛ bɔne, na anibere no ka ho bi na ɛma ɔbɛyɛɛ ɔtorofo no. Esiane sɛ na asade a efi Yeriko no yɛ Yehowa dea nti, yebetumi aka sɛ Akan bɔɔ Onyankopɔn korɔn, na ɛma wokum ɔne n’abusua nyinaa.—Yos. 7:25.

14, 15. Dɛn nti na Onyankopɔn ani a ansɔ nea Anania ne Safira yɛe no fata, na dɛn na yesua fi mu?

14 Ná Anania ne ne yere Safira wɔ tete Kristofo asafo a ɛwɔ Yerusalem no mu. Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi no, Kristofo no bɔɔ foto bi a wɔde mu sika no hwɛɛ gyidifo a wɔyɛ foforo a na wofi aman a ɛwɔ akyirikyiri so a na wɔda so wɔ Yerusalem no. Ná obiara fi ne pɛ mu na oyi ntoboa gu foto no mu. Anania kɔtɔn asase bi, na ɔde sika no fã bi pɛ na ebeguu foto no mu. Nanso, na ne yere nim paa sɛ Anania yɛɛ ne ho te sɛ nea ɔde sika no nyinaa na ebeguu mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, na saa awarefo yi pɛ sɛ wonya nidi soronko wɔ asafo no mu. Nanso, nea wɔyɛe no yɛ nnaadaa. Yehowa nam anwonwakwan so maa ɔsomafo Petro huu nnaadaasɛm yi, na obisaa Anania nea enti a ɔyɛɛ bɔne a ɛte saa no ho asɛm. Amonom hɔ ara na Anania hwee fam wui. Na ɛno akyi bere tiaa bi no, Safira nso wui.—Aso. 5:1-11.

15 Ɛnyɛ mmerɛwyɛ na ɛmaa Anania ne Safira yɛɛ bɔne. Wɔhyɛɛ da bɔɔ pɔw sɛ wobedi atoro na wɔadaadaa asomafo no. Nea enye koraa no, ‘wodii atoro kyerɛɛ honhom kronkron ne Onyankopɔn.’ Nea Yehowa yɛe no ma yehu pefee sɛ, wayɛ krado sɛ ɔbɛbɔ asafo no ho ban afi nyaatwomfo ho. Nokwarem no, “ɛyɛ hu sɛ obi bɛhwe Onyankopɔn teasefo no nsam.”—Heb. 10:31.

Momma Yenni Nokware Bere Nyinaa

16. (a) Ɔkwan bɛn so na Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo? (b) Nneɛma bɛn na Ɔbonsam de resɛe nkurɔfo wɔ baabi a wote no?

16 Satan reyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɛe yɛn, na ɔremma yennya Yehowa anim dom. (Adi. 12:12, 17) Ɔbonsam adwemmɔne no da adi pefee wɔ wiase yi a wama nna mu ɔbrasɛe ne basabasayɛ ahyɛ mu ma no mu. Ɛnyɛ den koraa sɛ ɛnnɛ wubehu nguamansɛm ho mfonini wɔ kɔmputa ne mfiri foforo te sɛ television ne nea ɛkeka ho no so. Mommma yennnyae yɛn ho mu mma sɔhwɛ a Satan de ba yi da. Mmom no, momma yennya adwene a na odwontofo Dawid wɔ no bi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mede nimdeɛ mɛfa pɛyɛ kwan so. . . . Mede me koma pɛyɛ mɛnantew me fi.”—Dw. 101:2.

17. (a) Dɛn nti na awiei koraa no, Yehowa bɛma bɔne a ahintaw nyinaa ada adi? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

17 Ɛnnɛ, Yehowa mfa anwonwakwan so nna bɔne a anibere wom ne nnaadaasɛm adi te sɛ nea na ɔyɛ wɔ mmere bi wɔ tete no. Nanso, ohu ade nyinaa, na ɔbɛma nneɛma a ahintaw no ada adi wɔ n’ankasa ne bere mu ne ɔkwan a ɔpɛ so. Paulo kae sɛ: “Nnipa binom bɔne da adi ma obiara hu, na ɛkowie atemmu mu, nanso afoforo bɔne da adi akyiri yi.” (1 Tim. 5:24) Ade titiriw a enti Yehowa ma bɔne a yɛyɛ da adi ne ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no. Ɔdɔ n’asafo no, na ɔpɛ sɛ ɔbɔ asafo no ahotew ho ban. Afei nso, ohu wɔn a wɔyɛɛ bɔne na wɔanu wɔn ho nokwarem seesei no mmɔbɔ. (Mmeb. 28:13) Enti, momma yɛnyere yɛn ho nkɔ so nnya koma a edi mu wɔ Onyankopɔn anim na yɛmpo nneɛma a ɛma yɛyɛ bɔne no nyinaa.

Kɔ so Nya Koma a Edi Mu

18. Adwene bɛn na na Ɔhene Dawid pɛ sɛ ne ba no nya wɔ Onyankopɔn ho?

18 Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: “Hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mũ ne wo kra anisɔ som no, na [Yehowa, NW] pɛɛpɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu.” (1 Be. 28:9) Ná Dawid pɛ sɛ ne ba no hu Onyankopɔn yiye sen sɛ obegye no adi kɛkɛ. Ná ɔpɛ sɛ Salomo kyerɛ sɛnea Yehowa dwen N’asomfo ho yiye no ho anisɔ. So w’ani sɔ Yehowa wɔ sɛnea odwen n’asomfo ho yiye no ho?

19, 20. Sɛnea Dwom 19:7-11 kyerɛ no, dɛn na ɛboaa Dawid ma ɔbɛn Onyankopɔn, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Dawid?

19 Yehowa nim sɛ nnipa a wɔwɔ koma pa no bɛbɛn no, na sɛ wonya hu ne suban ahorow a ɛyɛ fɛ no a, ɛbɛma wɔn ani agye no ho yiye. Enti, Yehowa pɛ sɛ yehu no na yehu ne suban a ɛyɛ fɛ no yiye. Ɔkwan bɛn na yɛfa so yɛ saa? Yɛyɛ saa denam n’Asɛm Bible no a yesua ne ne nhyira a yenya wɔ yɛn asetram no so.—Mmeb. 10:22; Yoh. 14:9.

20 So wode anisɔ kenkan Onyankopɔn Asɛm no da biara da, na wobɔ mpae sɛ ɔmmoa wo mma womfa emu nsɛm no nyɛ adwuma? So wuhu sɛ mfaso wɔ so sɛ wode Bible mu nsɛm bɔ wo bra? (Monkenkan Dwom 19:7-11.) Sɛ ɛte saa a, gyidi a wowɔ wɔ Yehowa mu ne ɔdɔ a wowɔ ma no no mu bɛkɔ so ayɛ den. Na ɔno nso bɛbɛn wo bere nyinaa, na waso wo nsam ne wo anantew. (Yes. 42:6; Yak. 4:8) Nokwarem no, Yehowa behyira wo na waboa wo ma woabɛn no bere a wonam ɔkwan hiahiaa a ɛkɔ nkwa mu no so no, na ama woahu sɛ ɔdɔ wo.—Dw. 91:1, 2; Mat. 7:13, 14.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na Yehowa pɛɛpɛɛ yɛn mu?

• Dɛn na ɛmaa nnipa bi bɛyɛɛ Onyankopɔn atamfo?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yebu Yehowa sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so anya koma a edi mu wɔ Onyankopɔn anim?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Ɔkwan bɛn so na Yehowa hwɛ yɛn te sɛ nea ɔwofo bi a ɔwɔ ɔdɔ hwɛ ne ba no?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Dɛn na yesua fi Anania asɛm no mu?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so de koma a edi mu asom Yehowa?