Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Yehowa Ne M’ahoɔden’

‘Yehowa Ne M’ahoɔden’

‘Yehowa Ne M’ahoɔden’

Sɛnea Joan Coville ka kyerɛe

Wɔwoo me July 1925 wɔ Huddersfield, England. Ná wodi me ɔbakoro, na na minni ahoɔden. Nokwarem no, na me papa taa ka sɛ, “Sɛ mframa kakra bɔ fa wo ho pɛ a na woyare.” Ná ɛte sɛ nea n’asɛm no yɛ nokware!

BERE a na meyɛ abofra no, na asɔfo bɔ mpae denneennen sɛ asomdwoe mmra, nanso bere a wiase ko a ɛto so abien no fii ase no, wɔbɔɔ mpae de hwehwɛɛ nkonimdi. Saa asɛm yi yɛɛ me nwonwa, na ɛmaa m’adwenem yɛɛ me nãã. Saa bere no ara na ɔbea bi a wɔfrɛ no Annie Ratcliffe a na ɔno nkutoo na ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ baabi a na yɛte no baa yɛn fie.

Mihuu Nokware No

Annie maa yɛn nhoma a na wɔato din Salvation no biako, na ɔka kyerɛɛ Maame sɛ ɔmmra mmetie Bible adesua a wɔbɛyɛ wɔ Annie fie no bi. * Me maame kae sɛ minkogya no. Meda so ara kae saa adesua a edi kan no. Ná ɛfa agyede no ho, na m’ani gyee adesua no ho paa ma ɛyɛɛ me nwonwa. Minyaa me nsɛmmisa no mu pii ho mmuae. Dapɛn a edi hɔ no, yɛsan kɔe. Saa bere no, wɔkyerɛkyerɛɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri no ho no mu. Esiane nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so wɔ wiase no nti, ntɛm ara na me ne Maame hui sɛ yɛahu nokware no. Saa da no ara, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ma yɛkɔɔ Ahenni Asa so.

Wɔ Ahenni Asa no so hɔ no, mihyiaa mmabaa bi a wɔyɛ akwampaefo, na wɔn mu biako ne Joyce Barber (a seesei wɔfrɛ no Ellis) a ɔda so ne ne kunu Peter resom wɔ London Betel no. Ná ɛyɛ me sɛ obiara reyɛ akwampae adwuma. Ɛwom sɛ na meda so ara kɔ sukuu de, nanso ɛhɔ ara na mifii ase de nnɔnhwerew 60 kaa asɛm no ɔsram biara.

Asram anum akyi, wɔ February 11, 1940 no, wɔbɔɔ me ne Maame asu wɔ ɔmansin nhyiam ase wɔ Bradford. Ɛwom sɛ Paapa ansɔre antia ɔsom foforo a na yɛahu no de, nanso wannye nokware no da. Bere a mebɔɔ asu no ara na wofii ase kaa asɛm no wɔ mmɔnten so. Mekɔɔ bi, na na mikura bag a nsɛmma nhoma wom ne nkrataa a yɛde bɔ dawuru. Memeneda bi, wɔma mikogyinaa aguadibea bi a nkurɔfo di hɔ akɔneaba paa no. Ná meda so ara suro nnipa anim, na sɛnea na m’adwene yɛ me no, ɛyɛɛ me te sɛ nea me sukuufo nyinaa betwaam wɔ baabi a na migyina no!

Wɔ afe 1940 mu no, ɛho behiae sɛ wɔkyɛ asafo a na yɛwom no mu. Wɔkyɛɛ mu wiei no, ɛkame ayɛ sɛ na m’atipɛnfo no nyinaa akodi asafo foforo no mu. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ asafo somfo (a seesei wɔfrɛ no ɔhwɛfo guamtrani) no. Ɔkae sɛ, “Sɛ wopɛ w’atipɛnfo a, kɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn ma wɔmmra.” Na saa pɛpɛɛpɛ na meyɛe! Ankyɛ na mihyiaa Elsie Noble. Ogyee nokware no, na yɛayɛ nnamfo yɛn nkwa nna nyinaa.

Akwampae Adwuma ne Emu Nhyira

Bere a miwiee sukuu no, me ne obi a ɔhwɛ sika so kɔyɛɛ adwuma. Nanso, bere a mihuu anigye a na bere nyinaa asomfo no wɔ no, ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛsom Yehowa sɛ ɔkwampaefo no mu yɛɛ den. Wɔ May 1945 mu no, m’ani gyei sɛ minyaa hokwan somee sɛ ɔkwampaefo titiriw. Ɛda a edi kan a mifii akwampae adwuma no ase no, osu tɔe denneennen da mũ no nyinaa. Nanso, m’ani gyei paa sɛ mekɔɔ asɛnka, na osu a ɛtɔe no ammu m’abam. Nokwarem no, asɛnka a na mekɔ no daa, ne sakre so a na metra de teɛteɛ m’apɔw mu wɔ asɛnka mu no ma minyaa apɔwmuden. Ɛwom sɛ me mu duru mmoroo kilogram 42 da de, nanso amma da sɛ mede m’akwampae adwuma no bɛto hɔ. Mfe pii a atwam no, mahu ankasa sɛ: ‘Yehowa ne m’ahoɔden.’—Dw. 28:7.

Esiane sɛ asafo no botae ne sɛ akwampaefo titiriw bɛhyehyɛ asafo foforo nti, wɔde me a na meyɛ ɔkwampaefo titiriw no kɔɔ nkurow a na Adansefo nni so mu. Midii kan somee mfe abiɛsa wɔ England, na mesomee mfe abiɛsa nso wɔ Ireland. Bere a na mereyɛ akwampae adwuma wɔ Lisburn, Ireland no, me ne ɔbarima bi a na ɔyɛ Protestant asɔre no sɔfo abadiakyiri suaa ade. Bere a ohuu Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ no, ɔno nso de nimdeɛ foforo a wanya no kyerɛkyerɛɛ n’asɔremma. Wɔn mu binom kaa ho asɛm kyerɛɛ asɔre no mpanyimfo, na wɔn nso bisaa no nea enti a ɔreyɛ saa. Ɔkae sɛ, sɛ́ Kristoni no, ɔte nka sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔma asɔremma no hu sɛ nneɛma pii a na wakyerɛkyerɛ wɔn no yɛ atoro. Ɛwom sɛ n’abusuafo sɔre tiaa no denneennen de, nanso ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa, na ɔsom no nokware mu kosii sɛ owui.

Wɔ Larne a na ɛyɛ asasesin a ɛto so abien a meyɛɛ akwampae adwuma wom wɔ Ireland no, me nkutoo mekɔɔ asɛnka adapɛn asia, efisɛ na ɔkwampaefo a ɔka me ho no kɔ Teokrase Nkɔso Nhyiam a wɔyɛe wɔ New York wɔ afe 1950 mu no bi. Ɛyɛɛ den maa me saa bere no. Ná anka mepɛ sɛ mekɔ nhyiam no bi paa. Nanso, minyaa osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran wɔ asɛnka mu wɔ saa adapɛn no mu. Mihyiaa owura bi a n’ani afi a na wagye yɛn nhoma no bi bɛboro mfe 20 a na atwam no. Ná ɔde mfe pii akenkan nhoma no mpɛn pii, na ɛkame ayɛ sɛ na otumi ka emu nsɛm nyinaa a ɔnhwɛ mu. Ɔne ne babarima ne ne babea nyinaa gyee nokware no.

Ntetee a Minyae wɔ Gilead Sukuu Mu

Wɔ afe 1951 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne akwampaefo foforo du fi England kɔɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 17 no bi wɔ South Lansing, New York. M’ani gyee Bible nkyerɛkyerɛ a wɔde maa yɛn wɔ saa asram no mu no ho paa! Saa bere no, na wɔmma anuanom mmea nyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi wɔ asafo ahorow mu, nanso wɔmaa yɛn a na yɛyɛ anuanom mmea no sukuu dwumadi ahorow wɔ Gilead. Ehu kaa yɛn paa! Bere a edi kan a meyɛɛ me dwumadi no, me ho popoe araa kosii sɛ miwiei. Onua Maxwell Friend a na ɔno ne ɔkyerɛkyerɛfo no kaa no agoru so sɛ: “Ɛnyɛ mfiase no nkutoo na ehu kaa wo sɛnea ɛyɛ akasafo pa nyinaa no, na wode, wo ho popoe fi mfiase kosii awiei.” Bere a sukuu no rekɔ so no, yɛn nyinaa nyaa nkɔso wɔ sɛnea yegyina yɛn adesuakuw no mufo anim kyerɛkyerɛ nsɛm mu no mu. Ankyɛ koraa na yewiee sukuu no, na wɔmaa yɛn a na yɛawie sukuu no dwumadi wɔ aman horow so. Wɔmaa me dwumadi wɔ Thailand!

“Ɔman a Emufo Anim Tew”

Mibuu Astrid Anderson a wɔde no kaa me ho sɛ m’asɛmpatrɛw adwuma no mu hokafo wɔ Thailand no sɛ ɛyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. Yɛtraa po so hyɛn a wɔde fa nneɛma mu adapɛn ason ansa na yɛredu Thailand. Bere a yeduu Bangkok a ɛyɛ ɔman no ahenkurow mu no, yehuu aguadibea pii a nnipa ahyɛ hɔ amaama ne nsuka a wɔde nhyɛmma di so akɔneaba wɔ kurow no mu. Wɔ afe 1952 mu no, na Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Thailand no nnu 150.

Bere a edi kan a yehuu Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Thailand kasa mu no, yɛkae sɛ, ‘Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka saa kasa no?’ Ná ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛbobɔ nsɛmfua no din yiye. Sɛ nhwɛso no, sɛ woma wo nne so bɔ asɛmfua khaù na worebewie na wode ba fam a, ɛkyerɛ “ɛmo,” nanso sɛ wode ɛnne a emu yɛ duru bɔ asɛmfua koro no ara a, ɛkyerɛ “asɛm.” Enti, bere a yɛkɔɔ hɔ mfiase no a na yɛn ani abere reka asɛm no, sɛ́ anka yɛbɛka sɛ, “Me de asɛmpa rebrɛ wo” no, nea na yɛreka ankasa ne sɛ, “Me de ɛmo pa rebrɛ wo”! Nanso, bere a nkurɔfo serew yɛn pii akyi no, nkakrankakra yetumi suaa kasa no.

Thailandfo yɛ nkurɔfo a wɔpɛ nnipa paa. Enti, ɛfata sɛ wɔfrɛ Thailand sɛ Ɔman a Emufo Anim Tew. Kurow a yedii kan yɛɛ mu adwuma ne Khorat (seesei wɔfrɛ hɔ Nakhon Ratchasima), na yɛyɛɛ adwuma wɔ hɔ mfe abien. Akyiri yi, wɔma yɛkɔyɛɛ adwuma wɔ Chiang Mai kurow no mu. Thailandfo dodow no ara yɛ Buddhafo, na wonnim Bible mu. Bere a na yɛwɔ Khorat no, me ne ɔbarima bi a ɔhwɛ posɔfese so suaa ade. Yɛbɔɔ tete agya Abraham ho nkɔmmɔ. Esiane sɛ na ɔbarima no ate Abraham ho asɛm pɛn nti, ɔde anigye bɔɔ ne ti nko. Nanso, ankyɛ na mibehui sɛ sɛɛ na ɛnyɛ Abraham a mereka ne ho asɛm no na na ama ɔbarima no ani agye nkɔmmɔ no ho no. Sɛɛ na Abraham Lincoln a ɔyɛ kan United States ɔmampanyin no ho asɛm na na ɛwɔ ɔbarima a ɔhwɛ posɔfese so no adwenem!

Yɛn ani gyei sɛ yɛkyerɛkyerɛɛ Thailandfo a wɔwɔ koma pa no Bible no, nanso bere koro no ara no, Thailandfo no nso ma yehuu sɛnea yebetumi ama yɛn ani agye bere a yɛrenhwehwɛ ahonyade pii. Mfaso wɔ saa asuade no so, efisɛ na anyinam nkanea ne nsu a ɛnam durubɛn mu nni asɛmpatrɛfo fie a edi kan a yɛkɔtraa mu wɔ Khorat no mu. ‘Yesuaa sɛnea wonya ma no bu so ne sɛnea wodi hia nyinaa’ wɔ saa mmeae no. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, yehuu nea asɛm a ɛne “mewɔ ahoɔden esiane nea ɔhyɛ me den no nti” no kyerɛ.—Filip. 4:12, 13.

Ɔhokafo Foforo ne Dwumadi Foforo

Bere bi a na atwam wɔ afe 1945 mu no, mekɔɔ London. Bere a mekɔɔ hɔ no, me ne akwampaefo foforo ne Betelfo bi kɔhwehwɛɛ Britain Tete Nneɛma Akorae. Ná Allan Coville ka anuanom a me ne wɔn kɔe no ho. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Allan Coville kɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 11 no bi. Wɔmaa no dwumadi wɔ France, na wɔsan de no kɔɔ Belgium. * Akyiri yi, bere a na meresom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Thailand no, Onua Coville kae sɛ ɔbɛware me, na me nso mepenee so.

Yɛwaree wɔ Brussels, Belgium wɔ July 9, 1955. Ná ɛwɔ me tirim bere nyinaa sɛ, sɛ meware a, mɛkɔ akodi m’ayeforohyia akyi ahomegye wɔ Paris, enti Allan yɛɛ nhyehyɛe ma yɛkɔɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ hɔ wɔ dapɛn a edi hɔ no. Nanso, bere a yeduu hɔ ara pɛ na wɔka kyerɛɛ Allan sɛ ɔnkɔboa mma wɔnkyerɛ kasa ase wɔ nna a wɔde yɛɛ nhyiam no nyinaa. Da biara, na ɛsɛ sɛ ofi fie anɔpatutuutu, na na yɛsan kɔ baabi a yɛda no ɔdasum. Enti mikodii m’ayeforohyia akyi ahomegye no wɔ Paris de, nanso mpɛn dodow a mihuu Allan no na ogyina akyirikyiri wɔ asɛnka agua so! Ɛwom sɛ saa na ɛbae de, nanso m’ani gyei sɛ mihuu me kunu a maware no foforo no sɛ wɔde no redi dwuma ma wasom ne nuanom mmarima ne mmea, na mihui paa sɛ sɛ Yehowa wɔ yɛn aware no mu a, yebenya anigye ankasa.

Aware no nso de me kɔɔ asasesin foforo mu wɔ Belgium. Ɛkame ayɛ sɛ na nea minim fa Belgium ho ara ne sɛ wɔadi ako pii wɔ hɔ, nanso ankyɛ koraa na mihui sɛ Belgiumfo dodow no ara pɛ asomdwoe ankasa. Ná me dwumadi no hwehwɛ nso sɛ misua Franse kasa a na wɔka wɔ ɔman no anafo fam no.

Wɔ afe 1955 mu no, na adawurubɔfo bɛyɛ 4,500 na wɔwɔ Belgium. Me ne Allan de bɛyɛ mfe 50 somee wɔ Betel ne akwantu adwuma no mu. Mfe abien ne fã a edi kan no, osu mu oo, owia mu oo, na yɛtra sakre so kɔ asɛnka de foro mmepɔw sian. Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, yɛdaa yɛn mfɛfo Adansefo bɛboro 2,000 afie mu anadwo! Ná metaa hyia anuanom mmarima ne mmea pii a wonni ahoɔden, nanso na wɔde wɔn ahoɔden nyinaa resom Yehowa. Wɔn nhwɛso no hyɛɛ me nkuran ma mekɔɔ no yɛɛ me som adwuma no. Sɛ yɛsom asafo biara wie wɔ dapɛn biara mu a, na yenya nkuranhyɛ bere nyinaa. (Rom. 1:11, 12) Ná Allan yɛ ɔhokafo pa ankasa. Hwɛ sɛnea asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 4:9, 10 no yɛ nokware sɛ: “Baanu ye sen obiako, . . . na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so”!

Yenyaa Nhyira wɔ ‘Yehowa Ahoɔden’ a Yɛde Somee no Mu

Mfe pii a abɛsen kɔ no mu no, me ne Allan nyaa osuahu pii a ɛyɛ anigye wɔ afoforo a yɛboaa wɔn ma wɔsom Yehowa no mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1983 mu no, yɛkɔsraa asafo bi a wɔka Franse kasa wɔ Antwerp. Yɛkɔsoɛɛ abusua bi, na na onua aberante bi a wɔfrɛ no Benjamin Bandiwila a ofi Zaire (a seesei wɔfrɛ hɔ Democratic Republic of Congo) no nso abɛsoɛ wɔn. Ná Benjamin akɔ Belgium sɛ ɔrekɔtoa ne nhomasua so akɔ akyiri. Benjamin ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “M’ani bere nea moreyɛ no, mode mo asetra nyinaa reyɛ Yehowa som adwuma.” Allan ka kyerɛɛ no sɛ: “Woreka sɛ w’ani bere yɛn; nanso woredi wiase nhomasua akyi. Wunhu sɛ asɛm a woreka no ne nea woreyɛ no nhyia?” Mmuae tẽẽ a Allan de maa Benjamin no maa osusuw nea ɔreyɛ wɔ n’asetram ho. Akyiri yi, bere a Benjamin san kɔɔ Zaire no, ofii ase yɛɛ akwampae adwuma, na seesei ɔyɛ Baa Boayikuw no muni.

Wɔ afe 1999 mu no, wɔyɛɛ me oprehyɛn yii kuru bi fii me menewa mu. Efi saa bere no, me mu duru nyinaa yɛ kilogram 30 pɛ. Meyɛ ‘anwenne’ a ɛyɛ mmerɛw ampa. Nanso, ɛyɛ me anigye sɛ Yehowa ama me “tumi a ɛboro nnipa de so.” Wɔyɛɛ me oprehyɛn wiei no, Yehowa maa mitumi ne Allan san kɔyɛɛ akwantu adwuma no. (2 Kor. 4:7) Afei, wɔ March 2004 no, Allan dae a wansɔre. M’ani agyina no yiye, nanso minya awerɛkyekye, efisɛ minim sɛ Yehowa kae no.

Ɛnnɛ, bere a madi mfe 83 no, mekaakae osuahu ahorow a manya wɔ mfe bɛboro 63 a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma mu no. Meda so ara reyɛ asɛnka adwuma no, me ne obi sua Bible wɔ fie, na mede hokwan biara a minya no daa no ka Yehowa atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɛtɔ mmere bi a, mibisa me ho sɛ, ‘Sɛ manfi akwampae adwuma ase wɔ afe 1945 mu a, anka m’asetra bɛyɛ dɛn?’ Saa bere no, na anka metumi de ahoɔden a minni no ayi me ho ano sɛ merentumi nyɛ akwampae adwuma no. Nanso, hwɛ sɛnea m’ani agye sɛ meyɛɛ akwampae adwuma no wɔ me mmabaabere mu! M’ankasa mahu sɛ sɛ yɛde Yehowa di kan wɔ yɛn asetram a, ɔbɛhyɛ yɛn den.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Wotintim Salvation nhoma no wɔ afe 1939 mu. Seesei wɔagyae tintim.

^ nky. 22 Onua Coville asetram nsɛm baa March 15, 1961, Borɔfo Ɔwɛn-Aban mu.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Me ne Astrid Anderson a na me ne no yɛ asɛmpatrɛw adwuma no (nifa so)

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Me ne me kunu wɔ akwantu adwuma no mu, 1956

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Me ne Allan, 2000