Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Koma ne Ɔkra Koro” a Yɛde Bɛsom Onyankopɔn

“Koma ne Ɔkra Koro” a Yɛde Bɛsom Onyankopɔn

“Koma ne Ɔkra Koro” a Yɛde Bɛsom Onyankopɔn

YUDAFO ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo twaa Yesu Kristo asuafo no ho hyiae. Ná ɛyɛ Pentekoste Afahyɛ da, na na saa ahɔho yi fi Roma a ɛwɔ Yerusalem atɔe fam akyirikyiri ne Parti a ɛwɔ n’apuei fam no na wɔaba Yerusalem. Wɔtee sɛ wɔreka kasa ahorow wɔ nnipadɔm yi mu. Nanso, na Yesu asuafo a wɔne wɔn rekasa no yɛ Galileafo. Ahɔho a na wɔn ho adwiriw wɔn no mu binom bisae sɛ: “Afei ɛyɛɛ dɛn na yɛn mu biara te kasa a wɔde woo no yi?”—Aso. 2:8.

Ɔsomafo Petro sɔre gyinae kyerɛkyerɛɛ nea ama wɔrehu anwonwade a ɛrekɔ so no mu. Nnipadɔm no gyee n’asɛm no toom ntɛm ara. Na wɔbɔɔ nnipa foforo mpempem pii asu! (Aso. 2:41) Ɛwom sɛ asafo no nyinii ntɛmntɛm de, nanso anuanom a na wɔwom no kɔɔ so yɛɛ biako. Bible kyerɛwfo Luka kae sɛ: “Nnipadɔm a wɔagye adi no nyaa koma ne ɔkra koro.”—Aso. 4:32.

Ná nnipa mpempem pii a wɔbɔɔ asu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no pɛ sɛ wɔkɔ so tra Yerusalem kyɛ kakra, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asua gyidi foforo a na wɔanya no ho nneɛma pii. Nanso, bere a wɔreba Yerusalem no, wɔammoaboa wɔn ho sɛ wɔbɛkyɛ. Enti, wɔbɔɔ foto wɔ bere tiaa bi mu de boaa wɔn. Gyidifo binom fi wɔn pɛ mu tontɔn wɔn agyapade, na wɔde ɛho sika no brɛɛ asomafo no ma wɔkyekyɛ maa wɔn a na wohia sika no. (Aso. 2:42-47) Ɔdɔ ne ayamye a wɔdaa no adi bɛn ara ni!

Nokware Kristofo ada ɔdɔ ne ayamye a ɛte saa ara adi bere nyinaa. Ɛnnɛ, Kristofo asafo no kɔ so de “koma ne ɔkra koro” som Yehowa wɔ biakoyɛ mu. Kristofo no mu biara fi ayamye mu de wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn sika ka asɛmpa no, na wɔboa ma Onyankopɔn Ahenni no ho nnwuma kɔ so.—Hwɛ adaka a ɛne  “Akwan a Ebinom Fa so Yi Ntoboa” no.

[Adaka wɔ kratafa 6, 7]

 AKWAN A EBINOM FA SO YI NTOBOA

NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii bɔ wɔn tirim yi sika a wɔde beyi ntoboa gu hɔ, na wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Wiase Nyinaa Adwuma” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wɔn aman dwumadi so no. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi no nso amena Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., Attention Treasurer’s Office, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa wode akɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man dwumadi so no. Ɛsɛ sɛ wokyerɛw “Watchtower” wɔ krataa a wɔde yi sika no so de kɔma address a ɛwɔ atifi hɔ no. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa bi a ɛkyerɛ sɛ saa ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no ahwɛ so ma wɔde ayɛ adwuma wɔ wiase nyinaa. Nanso, sɛ ɛba sɛ onipa a ɔde mae no bisa a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm no so, anaa wubetumi afrɛ telefon nɔma yi (718) 560-7500.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni som adwuma no. Ebi ne:

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania anya kyɛfa wɔ ne nsiakyibaa sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no mu.

Sika a Wɔde Sie wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ato hɔ ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania anaasɛ sɛ owu a wɔatua ama wɔn, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma a ɔyɛ mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania sɛ akyɛde koraa.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama sɛ akyɛde koraa, na ɛdefa adan a wɔte mu ho no, wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte ase no. Ɛsɛ sɛ wo ne wo man mu baa dwumadibea di nkitaho ansa na wode adan anaa nsase bi ama.

Akyɛde a Wɔde Ma na Wodidi Ho: Akyɛde a wɔde ma na wodidi ho yɛ nhyehyɛe a obi yɛ de sika bi ma adwumakuw bi a Yehowa Adansefo de di dwuma. Nea ɔde ma no anaa obi a nea ɔde ma no bɛpaw no no didi ho denam sika pɔtee bi a wotua ma no afe biara kosi sɛ obewu no so. Wɔtew tow a nea ɔde akyɛde a wodidi ho ma no tua no so wɔ afe a wɔyɛ ho nhyehyɛe no mu.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi no so.

Sɛnea asɛm a ɛne “adɔe ho nhyehyɛe” kyerɛ no, saa ntoboa yi hwehwɛ ankasa sɛ nea ɔde ma no bɛyɛ nhyehyɛe wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe ho nhyehyɛe bi so no, wɔasiesie Borɔfo ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no na wɔnam so de nkyerɛkyerɛmu a ɛfa akwan a wobetumi afa so de akyɛde ahorow ama mprempren anaasɛ bere a onipa no awu no ho ama. Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn ankasa mmaranimfo anaa towtua ho afotufo adi nkitaho no, wɔatumi aboa yɛn som adwuma no ne adɔe a yɛyɛ nkurɔfo no wɔ wiase afanan nyinaa, na saa a wɔayɛ no ama wɔatew tow a wotua no so koraa. Wubetumi abisa Charitable Planning Office no tẽẽ ma wɔabrɛ wo nhomawa yi bi.

Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, wubetumi de address a ɛwɔ ase hɔ no akyerɛw krataa ne Charitable Planning Office no adi nkitaho, anaasɛ wubetumi afrɛ wɔn wɔ telefon so. Anaasɛ wubetumi ne Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no nso adi nkitaho.

Charitable Planning Office

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive

Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707