Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Momma Yenni Nneɛma a Ɛde Asomdwoe Ba Akyi’

‘Momma Yenni Nneɛma a Ɛde Asomdwoe Ba Akyi’

‘Momma Yenni Nneɛma a Ɛde Asomdwoe Ba Akyi’

ƆKWAN a wɔagu so foforo betumi ayɛ te sɛ nea edi mu a ɛso rentutu da. Nanso, bere bi akyi no, ɔkwan no so betumi apaapae na ntokuru akɛse abɛdeda so. Ɛho hia sɛ wosiesie sɛnea ɛbɛyɛ a asiane biara rensi, na ɔkwan no nso rensɛe koraa.

Saa ara na ɛtɔ mmere bi a ɔhaw betumi aba yɛne afoforo ntam, na ebetumi ama yɛn mu apaapae mpo. Ɔsomafo Paulo hui sɛ na Kristofo a wɔwɔ Roma no adwene nhyia wɔ nneɛma bi ho. Otuu ne mfɛfo Kristofo no fo sɛ: “Momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn ho yɛn ho den akyi.” (Rom. 14:13, 19) Dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yedi nneɛma a ɛde asomdwoe ba akyi’? Yɛbɛyɛ dɛn atumi de akokoduru adi asomdwoe akyi ma ayɛ yiye?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Asomdwoe Akyi?

Sɛ ɔkwan bi so fi ase paapae nketenkete na sɛ wɔansiesie a, ebetumi abɛdan ntokuru akɛse a ɛde asiane ba. Saa ara na sɛ yɛansiesie akasakasa a ɛsɔre wɔ yɛne afoforo ntam a, ebetumi asɛe yɛne wɔn ntam koraa. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi ka sɛ: ‘Medɔ Nyankopɔn’ na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Efisɛ nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no ntumi nnɔ Nyankopɔn a onhu no” no. (1 Yoh. 4:20) Sɛ akasakasa bi ba Kristoni bi ne ne nua ntam na wɔanhwɛ ansiesie a, ebetumi ama watan ne nua no.

Yesu Kristo ma yehui sɛ, sɛ yɛamma asomdwoe antra yɛne afoforo ntam a, yɛn som rensɔ Yehowa ani. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Afei sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam, na sɛ wosan ba a, woabɛbɔ w’afɔre” no. (Mat. 5:23, 24) Nokwarem no, ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ yedi asomdwoe akyi no ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani. *

Asɛm bi a esii wɔ asafo a na ɛwɔ Filipi mu no ma yehu ade foforo a enti ɛsɛ sɛ yedi asomdwoe akyi no. Ɛda adi sɛ, anka akasakasa bi a na ɛwɔ Kristofo mmea baanu a wɔne Euodia ne Sintike ntam no reyɛ asɛe asafo mũ no nyinaa asomdwoe. (Filip. 4:2, 3) Sɛ akasakasa sɔre nnipa bi ntam na wɔansiesie a, ɛnkyɛ koraa na nkurɔfo ahu. Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛma ɔdɔ ne biakoyɛ akɔ so atra asafo no mu no bɛka yɛn ma yɛama asomdwoe atra yɛne yɛn mfɛfo gyidifo ntam.

Yesu kae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Mat. 5:9) Sɛ yedi asomdwoe akyi a, ɛma yenya abotɔyam kɛse. Bio nso, asomdwoe ma yenya apɔwmuden, efisɛ “komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmeb. 14:30) Nanso, sɛ yɛde nsɛm hyɛ yɛn mu a, ebetumi abɔ yɛn yare.

Ɛwom sɛ, Kristofo dodow no ara gye tom sɛ ɛho hia sɛ wodi asomdwoe akyi de, nanso ebia na wunhu ɔkwan a wobɛfa so ne afoforo asiesie mo ntam. Ma yɛnhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a ebetumi aboa yɛn no mu nhwɛ.

Ntoboase a Wɔde Susuw Nsɛm Ho De Asomdwoe Ba

Mpɛn pii no, wobetumi atuatua ntokuru nketenkete a ɛwɔ ɔkwan bi so no de akata so. So yebetumi de mfomso nketenkete a yɛn nuanom yɛ tia yɛn no akyɛ wɔn de akata mfomso no so? Ɛda adi sɛ, saa kwan yi a yɛbɛfa so no betumi ama yɛasiesie akasakasa dodow no ara a ɛsɔre wɔ yɛne afoforo ntam no, efisɛ ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ “ɔdɔ kata bɔne pii so.”—1 Pet. 4:8.

Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ɛte sɛ nea asɛm no yɛ nea anibere wom ma enti yɛrentumi mmu yɛn ani ngu so. Susuw asɛm bi a ɛtoo Israelfo no bere a woduu Bɔhyɛ Asase no so no ho hwɛ. Ansa na “Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fa” no retu akɔtra Asubɔnten Yordan agya no, wosii “afɔremuka a wohwɛ a, ɛso.” Ná Israel mmusuakuw a wɔaka no gye di sɛ wɔde afɔremuka no rebɔ afɔre ama abosom, ma enti na ɛnyɛ ade a wobetumi abu wɔn ani agu nea na wɔayɛ no so. Wosiesiee wɔn ho sɛ wɔne wɔn rekɔko.—Yos. 22:9-12.

Ebetumi aba sɛ Israelfo binom tee nka sɛ wɔanya adanse a ɛdɔɔso a ɛkyerɛ sɛ nea na wɔn nuanom no ayɛ no yɛ bɔne, ma enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtow ahyɛ wɔn so mpofirim sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii renwuwu. Nanso, sɛ́ anka mmusuakuw a na wɔwɔ Yordan atɔe fam no bɛpere wɔn ho atow ahyɛ wɔn nuanom no so no, wotuu nnipa bi ma wɔne wɔn kosusuw asɛm no ho. Wobisaa wɔn sɛ: “Ɔfom bɛn na mode afom Israel Nyankopɔn yi sɛ nnɛ moadan mo ho afi [Yehowa, NW] akyi”? Nokwarem no, na mmusuakuw a wɔasi afɔremuka no mfomee ankasa. Nanso, na dɛn na wɔbɛyɛ wɔ sobo a ɛte saa a wɔabɔ wɔn no ho? So na wɔbɛkasa atia wɔn a wɔbɔɔ wɔn sobo no, anaasɛ wɔbɛka sɛ wɔne wɔn renkasa koraa? Mmusuakuw a na wɔabɔ wɔn sobo no de ntoboase maa wɔn mmuae, na wɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no mu pefee sɛ ɛyɛ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa ankasa nti na wosii afɔremuka no. Ntoboase a wɔde maa wɔn mmuae no maa wɔne Onyankopɔn ntam kɔɔ so yɛɛ papa, na obiara nso anhwere ne nkwa. Ntoboase a wɔde susuw asɛm no ho no ma wosiesiee asɛm no maa asomdwoe bae.—Yos. 22:13-34.

Ansa na Israelfo a wɔaka no bɛyɛ biribi bɔne atia Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no, wɔyɛɛ wɔn ade nyansam dii kan ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te.” (Ɔsɛnk. 7:9) Ɔkwan a Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ yɛmfa so nsiesie akasakasa a emu yɛ den ne sɛ yebefi yɛn komam de ntoboase aka nea ɛhaw yɛn no ho asɛm. Sɛ yɛde obi a yɛte nka sɛ wafom yɛn no ho asɛm hyɛ yɛn mu na yɛne no ansiesie yɛn ntam a, so yebetumi ahwɛ kwan ankasa sɛ Yehowa behyira yɛn?

Nanso, sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi ka kyerɛ yɛn sɛ yɛafom no, anaasɛ ebia ɔbɔ yɛn sobo wɔ bibiri a yɛnyɛe ho nso ɛ? Bible ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” (Mmeb. 15:1) Israelfo a na wɔabɔ wɔn sobo no nyaa ntoboase, nanso wɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a wɔyɛɛ saa no mu pefee, na akyinnye biara nni ho sɛ saa a wɔyɛe no ma wotumi siesiee asɛm a emu yɛ den a na asɔre wɔ wɔne wɔn nuanom no ntam no. Sɛ́ ebia yɛn na yebedi kan akɔ yɛn nua bi nkyɛn sɛ yɛne no rekosiesie yɛn ntam, anaasɛ ɔno na obedi kan aba yɛn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Nsɛm bɛn, ɛnne bɛn, ne nneyɛe bɛn na ebetumi aboa paa ma asomdwoe atra yɛn ntam?’

Fa Wo Tɛkrɛma Di Dwuma Nyansam

Yehowa nim sɛ yɛrentumi mfa nsɛm a ɛhaw yɛn nhyɛ yɛn mu a yɛrenka ho asɛm. Nanso, sɛ yɛansiesie akasakasa a ɛsɔre wɔ yɛne afoforo ntam no a, ebetumi ama yɛaka ho asɛm akyerɛ obi foforo. Sɛ yɛde afoforo ho nsɛm hyɛ yɛn mu a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛbɛkeka wɔn ho nsɛmmɔne. Ɛdefa tɛkrɛma a wɔmfa nni dwuma wɔ ɔkwampa so ho no, Mmebusɛm 11:11 ka sɛ: ‘Abɔnefo anom nsɛm bɔ kurow.’ Saa ara na sɛ yɛkeka nsɛmmɔne fa yɛn yɔnko Kristoni bi ho a, ebetumi asɛe asafo no a ɛte sɛ kurow no asomdwoe.

Nanso, asomdwoe akyi a yebedi no nkyerɛ sɛ yɛrenka yɛn nuanom mmarima ne mmea ho asɛm koraa. Ɔsomafo Paulo tuu ne mfɛfo gyidifo fo sɛ: “Mommma asɛmmɔne biara mmfi mo anom.” Nanso, ɔde kaa ho sɛ: “Monka nsɛm pa a ɛsɛ sɛ nnipa te nkutoo, nsɛm a ɛbɛboa wɔn ankasa. . . . Mo ne mo ho mo ho nni no ayamye ne ayamhyehye so, na momfa mfirifiri mo ho.” (Efe. 4:29-32, The New American Bible) Sɛ onua bi a ɔnkaa wo ho asɛmmɔne nkyerɛɛ afoforo pɛn ba wo nkyɛn bɛka kyerɛ wo sɛ woaka asɛm bi anaasɛ woayɛ biribi ma ahaw no a, so ɛrenyɛ mmerɛw mma wo sɛ wobɛpa no kyɛw ma asomdwoe atra mo ntam? Saa ara na sɛ wonim yɛn sɛ yɛka yɛn mfɛfo Kristofo ho asɛm pa a, ɛbɛyɛ mmerɛw koraa sɛ sɛ akasakasa sɔre yɛne afoforo ntam a, yebesiesie ma asomdwoe aba.—Luka 6:31.

Momma Yɛmfa “Mmati Koro” Nsom Onyankopɔn

Sɛ́ nnipa a yɛtɔ sin no, sɛ afoforo fom yɛn a, nea yɛtaa yɛ ne sɛ yɛtwe yɛn ho fi wɔn ho, na yɛne wɔn mmɔ bio. Nanso, nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ saa. (Mmeb. 18:1) Sɛ́ nnipa a yɛde biakoyɛ rebɔ Yehowa din no, yɛasi yɛn bo sɛ yɛde ‘mmati koro bɛsom no.’—Sef. 3:9, NW.

Ɛnsɛ sɛ yɛma afoforo nneyɛe anaa nsɛm a ɛmfata a wɔka no ma yɛgow yɛn ho wɔ nsi a yɛde yɛ Onyankopɔn som adwuma no mu. Aka nna kakraa bi ma Yesu de ne ho abɔ afɔre de asi afɔre a na wɔbɔ wɔ asɔrefie hɔ ananmu ne bere a ɔkasa tiaa akyerɛwfo no akyi bere tiaa bi ntam hɔ no, ohuu okunafo hiani bi sɛ ɔde “n’asetrade a ɔwɔ nyinaa” beguu sika adaka bi a na esi asɔrefie hɔ no mu. So Yesu kae sɛ okunafo no nnyae ntoboa no yi? Dabi, mmom no, ɔkaa nokwaredi a okunafo no de boaa Yehowa asafo a na ɛwɔ hɔ saa bere no ho asɛm pa. (Luka 21:1-4) Nneɛma bɔne a na afoforo yɛ no amma okunafo no annyae asɛyɛde a na ɔwɔ sɛ ɔboa Yehowa som no.

Sɛ ebia yɛte nka sɛ onua anaa onuawa Kristoni bi anyɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛfata so, anaa mpo ɔne yɛn anni no yiye a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn? So yɛbɛma eyi aka ɔkra nyinaa mu a yefi som Yehowa no? Anaasɛ yɛde akokoduru besiesie akasakasa biara a ɛsɔre wɔ yɛne afoforo ntam no, sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe a edi mu a ɛwɔ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ mu no bɛkɔ so atra hɔ?

Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Rom. 12:18) Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ saa, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Yesu afotu a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no ho nsɛm a, hwɛ October 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17-22.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ná ɛsɛ sɛ Euodia ne Sintike di asomdwoe akyi

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Nsɛm bɛn, ɛnne bɛn, ne nneyɛe bɛn na ɛbɛboa paa ma asomdwoe atra yɛn ntam?