Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommoa Wɔn Mma Wɔnsan Mmra Ntɛm Ara!

Mommoa Wɔn Mma Wɔnsan Mmra Ntɛm Ara!

Mommoa Wɔn Mma Wɔnsan Mmra Ntɛm Ara!

“Hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.”—YOH. 6:68.

1. Bere a Yesu asuafo pii gyaee n’akyi di no, dɛn na Petro kae?

BERE bi, Yesu Kristo asuafo pii a wɔannye ne nkyerɛkyerɛ biako bi antom no anni n’akyi bio. Yesu bisaa n’asomafo no sɛ: “Mo nso mopɛ sɛ mokɔ anaa?” Petro buaa no sɛ: “Awurade, hena nkyɛn na yɛnkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm.” (Yoh. 6:51-69) Ná wonni baabiara a wɔbɛkɔ. Ná “daa nkwa nsɛm” nni Yudasom a na ɛwɔ hɔ saa bere no mu, saa ara nso na daa nkwa nsɛm a ɛte saa nni Babilon Kɛse a ɛno ne wiase nyinaa atoro som ahemman a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu. Obiara a wayera afi Onyankopɔn nguankuw no mu na ɔpɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani no, “ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ ɔsɔre fi nna mu,” na ɔsan ba nguankuw no mu.—Rom. 13:11, King James Version.

2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem wɔ nsɛm a ɛsɛ sɛ asɛnni boayikuw na wodi ho dwuma anaa mpanyimfo nkutoo na ɛsɛ sɛ wohu mu no ho?

2 Yehowa daa no adi sɛ na odwen Israel nguan a wɔayere no ho. (Monkenkan Hesekiel 34:15, 16.) Saa ara na Kristofo asafo mu mpanyimfo nso wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔayera afi nguankuw no mu no, na wonim nso sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔyɛ saa. Sɛ mpanyimfo ka kyerɛ ɔdawurubɔfo bi sɛ ɔne obi a wayɛ mmerɛw a ɔpɛ sɛ wɔboa no nsua ade na sɛ ɔdawurubɔfo no hu sɛ onii no ayɛ bɔne a anibere wom a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no yɛ? Sɛ́ anka ɔdawurubɔfo no de afotu bi bɛma no wɔ asɛm bi a ɛsɛ sɛ asɛnni boayikuw na wodi ho dwuma anaasɛ mpanyimfo nkutoo na ɛsɛ sɛ wohu mu ho no, ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no ka kyerɛ no sɛ ɔnkɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ. Sɛ wankɔ a, ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no ankasa kɔka kyerɛ mpanyimfo no.—Lev. 5:1; Gal. 6:1.

3. Bere a ɔbarima a na ɔwɔ nguan 100 no huu biako a wayera no, dɛn na ɔyɛe?

3 Wɔkaa Yesu mfatoho a ɛfa ɔbarima bi a na ɔwɔ nguan 100 no ho asɛm wɔ adesua a edi eyi anim no mu. Bere a oguan biako yera fii nguankuw no mu no, ɔbarima no gyaw nguan 99 no hɔ kɔhwehwɛɛ nea wayera no. Hwɛ sɛnea saa ɔbarima no ani gyei bere a ohuu oguan a ɔyerae no! (Luka 15:4-7) Saa ara na sɛ Onyankopɔn guan a wayera afi nguankuw no mu san ba mu a, yɛn nso yɛn ani gye. Ebia, na ɔdɔ akanyan mpanyimfo ne asafo no mufo foforo ma wɔakɔsra nea wayɛ mmerɛw no. Wɔn nso ani gye ho sɛ onipa no bɛsan aba nguankuw no mu na wabenya Onyankopɔn mmoa, n’ahobammɔ, ne ne nhyira. (Deut. 33:27; Dw. 91:14; Mmeb. 10:22) Sɛ wonya hokwan sɛ wɔbɛboa obi a wayɛ mmerɛw ma wasan aba asafo no mu a, dɛn na wobetumi ayɛ?

4. Yebetumi ate Galatifo 6:2, 5 no ase dɛn?

4 Sɛ wofi ayamye mu ma onipa no hu sɛ Yehowa dɔ Ne nguan, na nneɛma a yebetumi ayɛ nkutoo na ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ a, ebia ebetumi ahyɛ no nkuran ma wasan aba asafo no mu. Nneɛma a Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ no bi ne sɛ yɛbɛkenkan Kyerɛwnsɛm no, akɔ Kristofo hyiam ahorow, na yɛaka Ahenni no ho asɛmpa no bi. Ebia, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔne nea wayɛ mmerɛw no kenkan Galatifo 6:2, 5, na wɔka kyerɛ no sɛ Kristofo betumi aboa wɔn ho wɔn ho ma wɔasoa wɔn nneɛma a emu yɛ duru, nanso asɛyɛde a yɛwɔ wɔ Yehowa anim no ho de, “obiara bɛsoa n’ankasa adesoa.” Onipa foforo biara ntumi nsom Onyankopɔn nokwarem mma yɛn.

So “Asetra mu Dadwen” na Ɛma Wɔyɛɛ Mmerɛw?

5, 6. (a) Sɛ yɛn mfɛfo gyidifo a wɔayɛ mmerɛw no reka wɔn asɛm akyerɛ yɛn a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie wɔn yiye? (b) Wobɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ma wɔahu sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔne wɔn mmɔ bio no na ama wonni anigye no?

5 Sɛ mpanyimfo ne adawurubɔfo foforo a wɔn ho akokwaw betumi ahu ɔkwan a wɔbɛfa so aboa wɔn mfɛfo gyidifo a wɔayɛ mmerɛw no a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ aso tie wɔn yiye bere a saafo no fi wɔn komam reka wɔn asɛm akyerɛ wɔn no. Fa no sɛ woyɛ ɔpanyin a wo ne awarefo bi a “asetra mu dadwen” ama wɔayɛ mmerɛw ma enti wɔne asafo no mmɔ bio rebɔ nkɔmmɔ. (Luka 21:34) Ebia, na sikasɛm mu ahokyere anaa wɔn abusua mu asɛyɛde a adɔɔso na ama wɔde nkakrankakra agyae Kristofo som adwuma no yɛ. Ebia, na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya ahotɔ, nanso wubetumi aka akyerɛ wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn ho a wɔbɛtwe afi asafo no ho no na ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn. (Monkenkan Mmebusɛm 18:1.) Wubetumi afa anifere kwan so abisa wɔn sɛ: “Efi bere a mugyaee asafo nhyiam ahorow kɔ no, so moanya anigye kɛse? So nneɛma akɔ yiye wɔ mo abusua no mu? So Yehowa mu anigye da so ara yɛ mo abannennen?”—Neh. 8:10, NW.

6 Sɛ wo ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw no susuw nsɛmmisa a ɛte saa ho a, ebia ɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛ wɔn ho a wɔatwe afi asafo no ho nti wɔte nka sɛ wɔne Yehowa nni abusuabɔ a emu yɛ den bio, na ɛno nti na wonni anigye sɛnea na anka wɔwɔ bere bi no. (Mat. 5:3; Heb. 10:24, 25) Ebia, wubetumi aboa wɔn ma wɔahu sɛ asɛmpaka adwuma no a wɔagyae no na ama wonni anigye no. (Mat. 28:19, 20) Enti, afei, dɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ wɔyɛ?

7. Dɛn na yebetumi ahyɛ wɔn a wɔatwe wɔn ho afi nguankuw no ho no nkuran ma wɔayɛ?

7 Yesu kae sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetra mu dadwen anhyɛ mo koma so . . . Enti, monwɛn, na monsrɛ bere nyinaa na moatumi aguan nneɛma a etwa sɛ esisi yi nyinaa.” (Luka 21:34-36) Yebetumi ahyɛ wɔn a wɔayera afi nguankuw no mu a wɔpɛ sɛ wɔsan nya anigye a bere bi na wɔwɔ no nkuran ma wɔabɔ mpae asrɛ honhom kronkron ne Onyankopɔn mmoa, na wɔabɔ wɔn bra ma ɛne wɔn mpaebɔ no ahyia.—Luka 11:13.

So Obi anaa Biribi na Ɛtoo Wɔn Hintidua?

8, 9. Ɔpanyin bi bɛyɛ dɛn atumi ne obi a biribi too no hintidua asusuw nsɛm ho?

8 Esiane sɛ nnipa nyɛ pɛ nti, akasakasa tumi sɔre wɔ yɛn ntam, na eyi betumi ato obi hintidua. Ebinom ama asafo no muni bi a wobu no yiye a wanyɛ n’ade sɛnea Bible kyerɛkyerɛ no ato wɔn hintidua. Sɛ biribi a ɛte saa na ato obi a wayɛ mmerɛw no hintidua a, ɔpanyin a wakɔsra no no betumi atwe n’adwene asi so sɛ, Yehowa nto obiara hintidua. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi twe ne ho fi Onyankopɔn ne Ne nkurɔfo ho? Mmom no, so ɛnsɛ sɛ onii no kɔ so som Onyankopɔn na onya ahotoso sɛ “nea obu asase nyinaa atɛn no” nim asɛm no mu yiye ma enti obedi ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so? (Gen. 18:25; Kol. 3:23-25) Sɛ obi hintiw ankasa na ɔhwe ase a, so ɔbɛhyɛ da ada fam hɔ a ɔremmɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔre?

9 Bere a ɔpanyin no rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw no ma wɔasan aba asafo no mu no, ɔpanyin no betumi aka akyerɛ wɔn sɛ ebinom a nneɛma bi too wɔn hintidua no ahu wɔ bere bi akyi sɛ, nneɛma a ɛtoo wɔn hintidua no ho nhia pii bio. Nokwarem no, ebetumi aba sɛ ade a ɛtoo wɔn hintidua no nni hɔ bio koraa. Sɛ ɛyɛ nteɛso a wɔde maa obi na ɛtoo no hintidua, na sɛ ɔde mpaebɔ susuw asɛm no ho a, ebetumi ama wahu sɛ ɔno ankasa dii mfomso bi wɔ asɛm no mu, ma enti na anka ɛnsɛ sɛ ɔma nteɛso no to no hintidua.—Dw. 119:165; Heb. 12:5-13.

So Nkyerɛkyerɛ Bi na Wɔante Ase?

10, 11. Nneɛma bɛn na yebetumi ne obi a wante Bible nkyerɛkyerɛ bi ase asusuw ho ma aboa no?

10 Ebetumi aba sɛ, Bible nkyerɛkyerɛ bi a ebinom ante ase nti na wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn nguankuw no ho. Israelfo a wofii nkoasom mu wɔ Misraim no ‘werɛ fii nnwuma a Onyankopɔn’ yɛ maa wɔn no, na “wɔantwɛn n’akwankyerɛ.” (Dw. 106:13, NW) Ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yɛbɛkae obi a wayɛ mmerɛw no sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de honhom fam aduan a edi mu rema yɛn. (Mat. 24:45) Ɛno na ɛmaa onii no dii kan huu nokware no. Ɛno nti ɛsɛ sɛ osi ne bo sɛ ɔbɛsan aba nokware no mu.—2 Yoh. 4.

11 Sɛ ɔpanyin bi rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔayera afi Onyankopɔn nguankuw no mu no a, obetumi atwe adwene asi asuafo no a wɔante Yesu nkyerɛkyerɛ bi ase ma enti wogyaee n’akyi di no so. (Yoh. 6:53, 66) Esiane sɛ wɔtwee wɔn ho fii Kristo ne n’akyidifo anokwafo no ho nti, ɛmaa honhom fam nneɛma ne anigye a na wɔwɔ no bɔɔ wɔn. So wɔn a wɔne Kristofo asafo no mmɔ bio no ahu baabi foforo a wobetumi anya honhom fam aduan a ahoɔden wom? Dabi, ebi nni baabi foforo biara!

So Wɔyɛɛ Bɔne a Anibere Wom?

12, 13. Sɛ obi a wayera afi nguankuw no mu ka sɛ wayɛ bɔne a anibere wom a, dɛn na wobetumi ayɛ de aboa no?

12 Esiane sɛ nnipa bi ayɛ bɔne a anibere wom nti, wɔnkɔ asɛnka ne asafo nhyiam bio. Ebia, wobenya adwene sɛ, sɛ wɔka wɔn bɔne kyerɛ mpanyimfo no a, wobetu wɔn. Nanso, sɛ wɔagyae abrabɔ a Kyerɛwnsɛm no kasa tia no, na wɔanu wɔn ho nokwarem a, wɔrentu wɔn mfi asafo no mu. (2 Kor. 7:10, 11) Mmom no, wɔbɛsan agye wɔn aba asafo no mu, na mpanyimfo no de mmoa a wohia wɔ Onyankopɔn som mu no bɛma wɔn.

13 Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a wo ho akokwaw a wɔaka akyerɛ wo sɛ boa obi a wayɛ mmerɛw na sɛ nea wayɛ mmerɛw no ka kyerɛ wo sɛ wayɛ bɔne a anibere wom a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, ɛnsɛ sɛ wubebisabisa no asɛm no mu kɔ akyiri, mmom no, ka kyerɛ no sɛ ɔnkɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ. Sɛ ɔmpɛ sɛ ɔkɔ a, esiane sɛ Yehowa din ho hia wo, na wudwen asafo no honhom fam yiyedi ho nti, ɛsɛ sɛ wudi akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama wɔ nsɛm a ɛte saa ho no akyi na woyɛ nea ɛfata. (Monkenkan Leviticus 5:1.) Mpanyimfo no behu ɔkwan a wɔbɛfa so aboa obiara a ɔpɛ sɛ ɔsan ba asafo no mu na ɔbɔ ne bra sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ no. Ebia, ɛho behia sɛ wofi ɔdɔ mu teɛ no so. (Heb. 12:7-11) Sɛ onipa no gye tom sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn, wagyae bɔne no yɛ, na wanu ne ho nokwarem a, mpanyimfo no bɛboa no, na Yehowa betumi de ne bɔne no afiri no.—Yes. 1:18; 55:7; Yak. 5:13-16.

Ɔba no a Ɔsan Bae no De Anigye Bae

14. Fa w’ankasa nsɛm ka Yesu mfatoho a ɛfa ɔba hohwini ho no ho asɛm.

14 Bere a yɛpɛ sɛ yɛboa oguan bi a wayera no, onipa a wɔaka akyerɛ no sɛ ɔmmoa nea wayera no betumi atwe n’adwene asi Yesu mfatoho a ɛwɔ Luka 15:11-24 no so. Wɔ saa mfatoho no mu no, aberante bi de n’agyapade kɔbɔɔ ahohwibra sɛee no. Bere bi akyi no, n’ani annye ɔbra bɔne a na ɔwom no ho koraa. Ɔkɔm dee no, n’ani gyinaa fie, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan akɔ fie! Bere a ɔda so wɔ akyirikyiri no, ne papa huu no, na ne papa no tuu mmirika kɔyɛɛ no atuu few n’ano, na papa no ani gyei. Sɛ yɛne obi a wayera susuw saa mfatoho yi ho a, ebetumi ahyɛ no nkuran ma wasan aba nguankuw no mu. Esiane sɛ wɔbɛsɛe nneɛma nhyehyɛe yi nnansa yi ara nti, ɛsɛ sɛ ‘ɔsan ba fie’ ntɛm ara.

15. Dɛn nti na ebinom twe wɔn ho fi asafo no ho?

15 Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi asafo no ho no mu dodow no ara nte sɛ ɔba hohwini no. Ebinom twee wɔn ho nkakrankakra sɛnea ɔkorow de nkakrankakra fi nsu ano kɔ akyirikyiri no. Afoforo nso ma dadwen hyɛ wɔn so araa ma wobu wɔn ani gu abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ no so. Ebinom nso ma asafo no muni bi to wɔn hintidua, anaasɛ Bible nkyerɛkyerɛ bi a wɔnte ase nti, wofi asafo no mu. Wɔn mu kakraa bi nso de wɔn ho hyɛ abrabɔ a Kyerɛwnsɛm no kasa tia mu. Nanso, afotu a wɔde ama wɔ saa tebea ahorow yi mu biara ho no betumi aboa wo ma woayɛ wɔn a wɔafi nguankuw no mu esiane nneɛma a yɛaka ho asɛm yi anaa afoforo nti no mmoa ma wɔasan aba asafo no mu ansa na aka akyi dodo.

“Me Ba, Woaba Fie!”

16-18. (a) Ɔkwan bɛn so na asafo mu panyin bi boaa onua bi a na wayɛ mmerɛw mfe pii no? (b) Dɛn na ɛmaa saa onua no yɛɛ mmerɛw, dɛn na wɔyɛ de boaa no, na ɔkwan bɛn so na asafo no mufo gyee no?

16 Kristoni bi a ɔyɛ asafo mu panyin kae sɛ: “Yɛn asafo yi mu mpanyimfo no ani gye ho paa sɛ wɔbɛkɔ akɔsrasra wɔn a wɔayɛ mmerɛw no. Mekae onua bi a na me ne no asua ade ma wabehu nokware no. Ná wayɛ mmerɛw bɛyɛ mfe 25, na na nneɛma nkɔ yiye mma no koraa. Enti, mekaa sɛnea Bible mu nnyinasosɛm a ɔde bɛbɔ ne bra no betumi aboa no ho asɛm kyerɛɛ no. Bere bi akyi no, ofii ase baa Ahenni Asa so, na ɔpenee so sɛ yɛne no nsua Bible no na ɛmmoa no mma ontumi nsan mmra nguankuw no mu bio.”

17 Dɛn na ɛmaa onua no yɛɛ mmerɛw? Ɔkae sɛ: “Mifii ase maa wiase no mu nneɛma ho hiaa me sen me ne Yehowa ntam abusuabɔ. Afei, na minsua ade bio, na migyaee asɛnka ne asafo nhyiam ahorow kɔ. M’ani baa me ho no so no, na minni Kristofo asafo no mu bio. Nanso, sɛnea ɔpanyin no fii ne komam kyerɛɛ me ho anigye no boaa me ma mesan baa asafo no mu.” Bere a onua a wayɛ mmerɛw no penee so ma wɔne no fii Bible adesua ase no, ne haw no so fii ase tewee. Onua a na wayɛ mmerɛw no kae sɛ, “Mihui sɛ ade a na mahwere wɔ m’asetram no ne ɔdɔ ne akwankyerɛ a Yehowa ne n’ahyehyɛde no de ma no.”

18 Ɔkwan bɛn so na asafo no mufo gyee saa onua yi? Ɔkae sɛ: “Mete nka te sɛ ɔba hohwini no a Yesu Kristo kaa ne ho asɛm no. Nokwasɛm ne sɛ, anuanom mmea mpanyimfo a na wɔwɔ asafo no mu mfe 30 a atwam no mu biako a ɔda so ara resom Yehowa nokwarem no ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Me Ba, woaba fie!’ Saa asɛm no kaa me koma yiye. Muhui sɛ na masan aba fie ampa. Mepɛ sɛ mifi me komam da saa ɔpanyin no ne asafo mũ no nyinaa ase wɔ ɔdɔ ne abotare a wonya maa me, ne me ho anigye a wɔkyerɛe no ho. Ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne wɔn yɔnko nnipa no boaa me ankasa ma mesan baa nguankuw no mu bio.”

Monhyɛ Wɔn Nkuran Mma Wɔmmra Ntɛm Ara!

19, 20. Wobɛyɛ dɛn atumi ahyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no nkuran ma wɔasan aba nguankuw no mu ntɛm ara, na dɛn na wubetumi ayɛ ma wɔahu sɛ Onyankopɔn nhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a yɛrentumi nyɛ?

19 Yɛte nna a edi akyiri no mu, na nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei nnansa yi ara. Enti, momma yɛnhyɛ wɔn a wɔayɛ mmerɛw no nkuran mma wɔmmra Kristofo nhyiam ahorow. Monka nkyerɛ wɔn sɛ womfi ase ntɛm ara. Momma wonhu sɛ Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe wɔne Onyankopɔn ntam, na ɔpɛ sɛ wonya adwene sɛ sɛ wogyae nokware som a, ɛnna wobetumi anya ahotɔ wɔ wɔn asetram. Mubetumi ama wɔanya awerɛhyem sɛ, sɛ wɔn ho betumi adwo wɔn a, gye sɛ wɔyɛ Yesu akyidifo anokwafo.—Monkenkan Mateo 11:28-30.

20 Monkae wɔn a wɔayɛ mmerɛw no sɛ, Onyankopɔn nhwehwɛ sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a yɛrentumi nyɛ. Bere a aka kakra bi ma Yesu awu a Lasaro nuabea Maria hwiee ngo huamhuam guu no so na nkurɔfo kasa tiaa Maria no, Yesu kae sɛ: “Munnyaa no. . . . Wayɛ nea obetumi.” (Mar. 14:6-8) Yesu kamfoo okunafo hiani a oyii ntoboa ketewaa bi wɔ asɔrefie hɔ no. Ɔno nso yɛɛ nea obetumi. (Luka 21:1-4) Yɛn mu dodow no ara tumi kɔ Kristofo nhyiam ahorow, na yɛyɛ Ahenni no ho asɛnka adwuma no bi. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, wɔn a seesei wɔayɛ mmerɛw no mu pii betumi ayɛ saa nnwuma yi bi.

21, 22. Awerɛhyem bɛn na wubetumi ama wɔn a wɔsan ba Yehowa nkyɛn no anya?

21 Sɛ onipa bi a ɔte sɛ oguan a wayera afi nguan no mu no suro sɛ ɔne ne nuanom behyiam bio a, wubetumi akae no anigye a ɛkɔɔ so bere a ɔba hohwini no san baa fie no. Wɔn a wɔsan ba asafo no mu no ma anigye a ɛte saa ara ba. Hyɛ wɔn nkuran ma wonsiw Ɔbonsam kwan seesei, na wɔmmɛn Onyankopɔn.—Yak. 4:7, 8.

22 Wobegye wɔn a wɔresan aba Yehowa nkyɛn no anigye so. (Kwa. 3:40) Akyinnye biara nni ho sɛ, osuahu ahorow a wonyae wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu no maa wɔn ani gyei kɛse. Wɔn a wɔsan ba nguankuw no mu ntɛm ara no benya nhyira pii daakye!

Wubebua Dɛn?

• Wobɛyɛ dɛn atumi aboa Kristoni bi a biribi ato no hintidua ma wayɛ mmerɛw no?

• Dɛn na sɛ yɛne obi a esiane nkyerɛkyerɛ bi a wante ase nti ofii Onyankopɔn nguankuw no mu no susuw ho a, ebetumi aboa no?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa obi a osuro sɛ ɔbɛsan aba asafo no mu no ma ayɛ yiye?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Sɛ wo yɔnko gyidi bi a wayɛ mmerɛw reka n’asɛm akyerɛ wo a, yɛ aso tie no yiye

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛ yɛne afoforo susuw ɔba hohwini ho mfatoho a Yesu mae no ho a, ebetumi aka wɔn mu bi ma wɔasan aba nguankuw no mu