Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Munsiw Ɔbonsam Kwan” Sɛnea Yesu Yɛe No

“Munsiw Ɔbonsam Kwan” Sɛnea Yesu Yɛe No

“Munsiw Ɔbonsam Kwan” Sɛnea Yesu Yɛe No

“Munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho.”—YAK. 4:7.

1. Ɔsɔretia bɛn na na Yesu nim sɛ obehyia wɔ asase so, na dɛn na na ebefi mu aba?

NÁ Yesu Kristo nim sɛ Ɔbonsam bɛsɔre atia no. Saa asɛm yi daa adi wɔ asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔwɔ no mu. Ná ɛyɛ honhommɔne otuatewfo a ɔfaa ɔwɔ no so kasae no ankasa na na Onyankopɔn reka saa asɛm yi akyerɛ no sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no [Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no] ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno [Yesu Kristo] na ɔbɛbɔ wo ti; na wo nso woaka ne nantin.” (Gen. 3:14, 15; Adi. 12:9) Ná Yesu nantin a wɔbɛka no kyerɛ sɛ, kum a na wobekum no wɔ asase so no bɛma wahu amane bere tiaa bi, efisɛ na Yehowa benyan no na wahyɛ no anuonyam wɔ soro. Nanso, na ɔwɔ no ti a wɔbɛbɔ no bɛkyerɛ sɛ wobekum Ɔbonsam koraa a ɔrensɔre bio.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 2:31, 32; Hebrifo 2:14.

2. Dɛn nti na na Yehowa wɔ ahotoso sɛ Yesu besiw Ɔbonsam kwan koraa?

2 Ná Yehowa wɔ ahotoso sɛ Yesu bɛyɛ adwuma a ɛno nti na ɔbaa asase so no awie, na wasiw Ɔbonsam kwan. Dɛn nti na Yehowa tumi nyaa ne ba no mu ahotoso saa? Efisɛ na Yehowa abɔ Yesu ne no atra soro bere tenteenten ahu sɛnea na ɔte, na na onim sɛ ne ‘dwumayɛni a ne ho akokwaw’ ne “abɔde nyinaa mu abakan” no yɛ osetie, na ɔyɛ ɔnokwafo. (Mmeb. 8:22-31, NW; Kol. 1:15) Enti, bere a wɔsomaa Yesu baa asase so na wɔmaa kwan ma Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe kosii owu mu no, na Onyankopɔn wɔ ahotoso sɛ Ne Ba a ɔwoo no koro no bedi Ɔbonsam so nkonim koraa.—Yoh. 3:16.

Yehowa Kora N’asomfo So

3. Adwene bɛn na Ɔbonsam wɔ wɔ Yehowa asomfo ho?

3 Yesu kae sɛ Ɔbonsam na ɔyɛ “wiase yi sodifo,” na ɔbɔɔ N’asuafo no kɔkɔ sɛ wɔbɛtaa wɔn sɛnea na wɔataa no no. (Yoh. 12:31; 15:20) Wiase a ɛda Satan Ɔbonsam tumi mu no tan nokware Kristofo, efisɛ wɔsom Yehowa, na wɔka trenee ho asɛm. (Mat. 24:9; 1 Yoh. 5:19) Ɔbonsam tu n’ani si wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no a awiei koraa no wɔne Kristo bedi hene wɔ ɔsoro Ahenni mu no so. Satan san tu n’ani si Yehowa Adansefo pii a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise wɔ asase so no so. Onyankopɔn Asɛm bɔ kɔkɔ sɛ: “Mo tamfo Bonsam nenam te sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.”—1 Pet. 5:8.

4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo atumi asiw Ɔbonsam kwan wɔ yɛn bere yi so?

4 Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn gyina yɛn ahyehyɛde no akyi nti, yetumi siw Ɔbonsam kwan. Susuw saa nokwasɛm yi ho hwɛ: Wɔ mfe 100 a atwam ni mu no, atumfo atirimɔdenfo pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre Yehowa Adansefo ase. Nanso, Adansefo no dodow kɔ ara na ɛrekɔ anim, na seesei Adansefo bɛyɛ 7,000,000 na wɔwɔ asafo ahorow bɛboro 100,000 mu wɔ wiase nyinaa. Atumfo atirimɔdenfo a wɔtaa Yehowa nkurɔfo no mmom na wɔawuwu afi asase so!

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo ahu sɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia 54:17 no yɛ nokware?

5 Bere a Onyankopɔn rekasa akyerɛ tete Israel asafo no sɛ ne ‘bea’ no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye, na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo wɔ asɛnnii mu no, wubebu no fɔ.” (Yes. 54:11, 17, NW) Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no ahu sɛ saa bɔhyɛ no yɛ nokware. (2 Tim. 3:1-5, 13) Yɛkɔ so siw Ɔbonsam kwan, na akode biara nni hɔ a wabɔ mmɔden sɛ ɔde bɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase a ayɛ yiye, efisɛ Yehowa wɔ yɛn afã.—Dw. 118:6, 7.

6. Dɛn na Daniel nkɔmhyɛ no ka kyerɛ yɛn sɛ ɛbɛto Ɔbonsam nniso daakye?

6 Wobeyi Satan nniso no ho biribiara afi hɔ koraa wɔ ɔsɛe a ɛreba nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nyinaa so ntɛmntɛm no mu. Onyankopɔn honhom maa odiyifo Daniel hyɛɛ nkɔm a edi so yi sɛ: “Na ahene [a wɔwɔ hɔ nnɛ] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni [bi a ɛwɔ soro] a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow [a ɛwɔ hɔ seesei] no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Dan. 2:44) Sɛ ɛba saa a, Satan nniso ne nnipa a wɔnyɛ pɛ nniso nyinaa befi hɔ koraa. Ɔbonsam nhyehyɛe yi ho biribiara befi hɔ koraa, na Onyankopɔn Ahenni bedi asase yi so tumi a nniso biara rensɔre ntia no.—Monkenkan 2 Petro 3:7, 13.

7. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ankorankoro a wɔyɛ Yehowa asomfo betumi asiw Ɔbonsam kwan ma ayɛ yiye?

7 Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔbɛkora Yehowa ahyehyɛde no so, na Onyankopɔn bɛkɔ so ahyira ahyehyɛde no ma anya nkɔanim. (Monkenkan Dwom 125:1, 2.) Na yɛn nso ɛ? Bible ka kyerɛ yɛn sɛ yɛn nso yebetumi asiw Ɔbonsam kwan te sɛ nea Yesu yɛe no. Nokwarem no, nkɔm a Kristo nam ɔsomafo Yohane so hyɛe no kyerɛ sɛ, ɛmfa ho ɔsɔretia a Satan de bɛba nyinaa akyi no, wobegye “nnipakuw kɛse” bi a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so no nkwa wɔ wiase yi awiei mu. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, nnipakuw kɛse no teɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa [Yesu Kristo] no.” (Adi. 7:9-14) Wɔka wɔn a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ wɔadi Satan so nkonim, na wɔn ahokafo “nguan foforo” no nso tumi siw no kwan. (Yoh. 10:16; Adi. 12:10, 11) Nanso, eyi hwehwɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden paa yɛ saa, na yefi yɛn komam bɔ mpae sɛ ‘wonnye yɛn mfi ɔbɔnefo no nsam.’—Mat. 6:13.

Nhwɛso a Ɛyɛ Pɛ a Yedi Akyi De Siw Ɔbonsam Kwan

8. Sɔhwɛ a edi kan a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ bɛn na Ɔbonsam de baa Yesu so wɔ sare no so, na dɛn na Kristo yɛe wɔ ho?

8 Ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yesu agyae ne mudi mu. Satan sɔɔ Yesu hwɛe wɔ sare no so de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yesu ayɛ Yehowa so asoɔden. Nanso, Yesu siw Satan kwan de yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa yɛn. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Yesu dii mmuada nnafua 40, awia ne anadwo no, na ɔkɔm de no paa. Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ abo yi ma ɛnnan paanoo.” Nanso, Yesu amfa tumi a na Onyankopɔn de ama no no anyɛ nea ɔpɛ. Mmom no, Yesu kae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Ɛnyɛ paanoo nkutoo so na onipa nam bɛtra ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom.’”—Mat. 4:1-4; Deut. 8:3.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛko tia mmɔden a Ɔbonsam bɔ sɛ ɔde yɛn honam akɔnnɔ bɛsɔ yɛn ahwɛ no?

9 Ɛnnɛ, Ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔde ɔhonam akɔnnɔ a Yehowa asomfo wɔ no bɛsɔ wɔn ahwɛ. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo denneennen ko tia nna mu ɔbrasɛe ho sɔhwɛ ahorow a ɛno na abu so wɔ wiase a ɔbrasɛe wom yi mu no. Onyankopɔn Asɛm ka no pefee sɛ: “Adɛn! Munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Nyankopɔn ahenni anaa? Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo anaa abosonsomfo anaa awaresɛefo anaa mmarima a wɔde wɔn yɛ adapaade anaa mmarima a wɔne mmarima da . . . rennya Onyankopɔn ahenni.” (1 Kor. 6:9, 10) Enti, ɛda adi pefee sɛ, wɔremma nnipa a wɔn bra asɛe na wɔmpɛ sɛ wɔsesa wɔn adwene no ntra Onyankopɔn wiase foforo no mu.

10. Sɛnea Mateo 4:5, 6 kyerɛ no, sɔhwɛ foforo bɛn na Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔde bɛma Yesu agyae ne mudi mu?

10 Bere a Kyerɛwnsɛm no reka sɔhwɛ a Ɔbonsam de baa Yesu so no mu biako ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron no mu, na ɔde no kogyinaa asɔredan no atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam; efisɛ wɔakyerɛw sɛ, ‘Wo nti ɔbɛhyɛ n’abɔfo, na wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem ɔbo da biara da.”’” (Mat. 4:5, 6) Nea na Satan rekyerɛ ne sɛ, sɛ na Yesu yɛ nea ɔkae no a, ɛbɛma obiara ahu sɛ ɔno ne Mesia no. Nanso, nokwarem no, sɛ Yesu yɛɛ saa a, anka ɛbɛyɛ nea ɛmfata, na ɛbɛkyerɛ nso sɛ ɔyɛ ahantan, na anka ɛno rensɔ Onyankopɔn ani. Eyi mu nso, Yesu san dii Yehowa nokware, na ɔfaa kyerɛwsɛm bi mu asɛm de buaa Satan. Yesu kae sɛ: “Wɔakyerɛw nso sɛ: ‘Nsɔ Yehowa wo Nyankopɔn nhwɛ.’”—Mat. 4:7; Deut. 6:16.

11. Ɔkwan bɛn na Satan betumi afa so asɔ yɛn ahwɛ, na dɛn na ebetumi afi mu aba?

11 Satan betumi asɔ yɛn ahwɛ ama yɛafa akwan horow so ahwehwɛ anuonyam. Satan betumi abɔ mmɔden nso sɛ ɔbɛma yɛasuasua ntadehyɛ ne ahosiesie a aba so wɔ wiase no mu anaasɛ ɔbɛma yɛde yɛn ho ahyɛ anigyede a ɛmfata mu. Nanso, sɛ yɛantie Bible mu afotu na yesuasua wiase no a, so yebetumi ahwɛ kwan sɛ abɔfo bɛbɔ yɛn ho ban afi ɔhaw ahorow a nneɛma a ɛte saa a yɛbɛyɛ no de bɛba yɛn so no ho? Ɛwom sɛ, Ɔhene Dawid nuu ne ho wɔ bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe no ho de, nanso wɔammɔ no ho ban amfi ɔhaw a ne nneyɛe no de bae no ho. (2 Sam. 12:9-12) Mommma yɛnnsɔ Yehowa nnhwɛ wɔ akwan a ɛmfata so, sɛ ebia yɛne wiase no bɛfa adamfo.—Monkenkan Yakobo 4:4; 1 Yohane 2:15-17.

12. Sɔhwɛ bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 4:8, 9 no, na dɛn na Onyankopɔn Ba no yɛe wɔ ho?

12 Ade foforo a Ɔbonsam de sɔɔ Yesu hwɛe wɔ sare no so ne sɛ, ɔkae sɛ, ɔde wiase tumi bɛma no. Satan de wiase ahenni nyinaa ne mu anuonyam kyerɛɛ Yesu, na ɔkae sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.” (Mat. 4:8, 9) Hwɛ ɔkwammɔne a Satan faa so sɛ obenya ɔsom a Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔde ma no no, na wafa so adaadaa Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenni Onyankopɔn nokware! Bere a ɔbɔfo a na anka odi nokware no dwennwen akɔnnɔ a onyae sɛ afoforo bɛsom no no ho no, anibere ma ɔyɛɛ bɔne, na ɔnam so bɛyɛɛ ɔsɔhwɛfo tirimɔdenfo Satan Ɔbonsam. (Yak. 1:14, 15) Nanso, na Yesu nte saa koraa, ná wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi ne soro Agya no nokware ma enti ɔkae sɛ: “Fi hɔ kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ, ‘Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.’” Enti, Yesu san kaa nsɛm a emu da hɔ yi de siw Ɔbonsam kwan denneennen. Ná Onyankopɔn Ba no mpɛ sɛ ɔbɛyɛ Satan wiase no fã, na na ɔrensom ɔbɔnefo no da!—Mat. 4:10; Deut. 6:13; 10:20.

“Munsiw Ɔbonsam Kwan, na Obeguan Afi Mo Ho”

13, 14. (a) Bere a Ɔbonsam de wiase ahenni nyinaa kyerɛɛ Yesu no, na dɛn na ɔde remma no? (b) Ɔkwan bɛn na Satan fa so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe yɛn koma?

13 Bere a Ɔbonsam de wiase ahenni nyinaa kyerɛɛ Yesu no, na ɔreka akyerɛ Yesu sɛ ɔde tumi a na onipa biara nnyaa bi da bɛma no. Ná Satan gye di sɛ, Yesu ani begye nea ɔde kyerɛɛ no no ho, na ama wagye atom sɛ obetumi abɛyɛ asase so sodifo a ɔwɔ tumi sen obiara. Ɛnnɛ, Ɔbonsam nka sɛ ɔde wiase ahenni bɛma yɛn, nanso ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa nneɛma a yehu, nsɛm a yɛte, ne nneɛma a yedwennwen ho so asɔ yɛn ahwɛ de asɛe yɛn koma.

14 Ɔbonsam na odi wiase yi so. Enti, ɔwɔ tumi wɔ nsɛm ho amanneɛbɔfo a wɔwɔ wiase no mu no so. Ɛno nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbrasɛe ne basabasayɛ ahyɛ nneɛma a yɛhwɛ, nsɛm a yetie, ne nneɛma a yɛkenkan a wiase no ayɛ no mu ma. Nkurɔfo a wɔbɔ aguade ho dawuru wɔ wiase yi mu no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛn ani agye nneɛma pii a wɔayɛ a yenhia no ho na yɛatɔ. Ɔbonsam nam saa kwan yi so de honam fam nneɛma a yɛn ani betumi agye ho, nsɛm a ebetumi ayɛ yɛn asom dɛ, ne nneɛma a ebetumi agye yɛn adwene sɔ yɛn hwɛ bere nyinaa. Nanso, sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛrenhwɛ, yɛrentie, na yɛrenkenkan nneɛma a Kyerɛwnsɛm no kasa tia a, na nea yɛreka ankasa ne sɛ: “Fi hɔ kɔ, Satan!” Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yesu wɔ sɛnea ɔde akokoduru poo Satan wiase a ɛho agu fĩ koraa no. Sɛ yɛde akokoduru da yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo ne Kristo akyidifo wɔ yɛn adwuma mu, sukuu mu, baabi a yɛte, ne yɛn abusuafo mu a, na yɛreda no adi nso sɛ yɛnyɛ Satan wiase no fã.—Monkenkan Marko 8:38.

15. Dɛn nti na Satan a yebesiw no kwan no hwehwɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ?

15 Bere a Ɔbonsam bɔɔ mmɔden mprɛnsa sɛ ɔremma Yesu nkɔ so nni Onyankopɔn nokware na anyɛ yiye no, “Ɔbonsam gyaw no hɔ.” (Mat. 4:11) Nanso, Satan anyɛ n’adwene sɛ ɔrensɔ Yesu nhwɛ bio, efisɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Enti Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa [wɔ sare no so] no, ogyaw no hɔ kosii bere foforo.” (Luka 4:13) Sɛ yetumi siw Ɔbonsam kwan a, ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ so hwehwɛ Onyankopɔn mmoa, efisɛ Ɔbonsam bɛsan abɛsɔ yɛn ahwɛ wɔ bere a ɔpɛ mu, na ɛnyɛ bere a yɛrehwɛ kwan sɛ ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ no. Enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ bere nyinaa, na yesiesie yɛn ho sɛ yɛde ɔsom kronn bɛma Yehowa ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a yebehyia.

16. Tumi a ano yɛ den sen tumi biara bɛn na Yehowa de ma yɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ saa tumi no?

16 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ tumi a ano yɛ den sen tumi biara wɔ amansan yi mu a ɛno ne Onyankopɔn honhom kronkron no, na yenya ahotoso sɛ ɔde bɛboa yɛn ma yɛatumi asiw Ɔbonsam kwan. Honhom kronkron betumi aboa yɛn ma yɛayɛ nneɛma bi a yɛn ankasa ntumi mfa yɛn ahoɔden nyɛ. Yesu maa n’akyidifo no awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de ne honhom no bɛma wɔn bere nyinaa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mo a [monyɛ pɛ ma enti moyɛ] abɔnefo mpo nim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!” (Luka 11:13) Momma yɛnkɔ so mmɔ Yehowa mpae sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mmoa yɛn. Bere a saa tumi a ano yɛ den sen tumi biara yi reboa yɛn wɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yebesiw Ɔbonsam kwan yi mu no, yebetumi adi nkonim. Bio nso, mpae a yebefi yɛn komam abɔ no daa akyi no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ honhom mu akode a Onyankopɔn de ama no nyinaa, na ama ‘yɛatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe.’—Efe. 6:11-18.

17. Anigye bɛn na ɛboaa Yesu ma osiw Ɔbonsam kwan?

17 Biribi foforo wɔ hɔ a ɛboaa Yesu ma ɔko tiaa Ɔbonsam, na ebetumi aboa yɛn nso. Bible ka sɛ: “Anigye a na ɛda [Yesu anim] nti, ohuu asɛndua ho amane, buu n’ani guu aniwu so, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua no nifa.” (Heb. 12:2) Sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi, di ne din kronkron no ni, na yɛde yɛn ani si daa nkwa akatua a ɛda yɛn anim no so a, yɛn nso yebetumi anya anigye a ɛte saa ara. Sɛ woyi Satan ne ne nnwuma nyinaa fi hɔ koraa, na ‘ahobrɛasefo nya asase no di, na wogye wɔn ani asomdwoe bebree mu a,’ hwɛ sɛnea yɛn ani begye afa! (Dw. 37:11) Enti, kɔ so siw Ɔbonsam kwan sɛnea Yesu yɛe no.—Monkenkan Yakobo 4:7, 8.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban?

• Ɔkwan bɛn na Yesu faa so siw Satan kwan de yɛɛ nhwɛso maa yɛn?

• Akwan bɛn na wubetumi afa so asiw Ɔbonsam kwan?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Sɛ yɛfa wiase adamfo a, yɛbɛyɛ Onyankopɔn atamfo

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yesu poo wiase ahenni nyinaa a Satan kae sɛ ɔde bɛma no no