Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Po so Dwom No”—Nsaano Nkyerɛwee Bi a Ɛho Hia

“Po so Dwom No”—Nsaano Nkyerɛwee Bi a Ɛho Hia

“Po so Dwom No”—Nsaano Nkyerɛwee Bi a Ɛho Hia

WƆ May 22, 2007 no, wɔde Hebri nhoma mmobɔwee sin bi a wɔkyerɛw no afeha a ɛto so ason anaa awotwe Y.B. mu kyerɛe wɔ Israel Tete Nneɛma Akorae a ɛwɔ Yerusalem no. Nsaano nkyerɛwee yi yɛ Exodus 13:19–16:1. Dwom a wɔfrɛ no “Po so Dwom No” a ɛyɛ nkonimdi dwom a Israelfo no toe bere a wogyee wɔn anwonwakwan so wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no ka saa nsaano nkyerɛwee no ho. Dɛn nti na nsaano nkyerɛwee sin a wɔde kyerɛe yi ho hia?

Nea ɛma ɛho hia ne bere a wɔde kyerɛwee no. Wɔkyerɛw Nhoma Mmobɔwee a wohui wɔ Po a Awu no ho no wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu ne afeha a edi kan Y.B. mu ntam hɔ. Ansa na wɔrehu saa Nhoma Mmobɔwee yi bɛyɛ mfe 60 a atwam no, na Hebri nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ ne Aleppo Nhoma a Wobuebue mu a wɔkyerɛw no bɛyɛ afe 930 Y.B. mu no. Wonhuu Hebri nsaano nkyerɛwee foforo bi a wɔkyerɛw no wɔ bere a wowiee Hebri nkyerɛwee no ne bere a wofii Hela nkyerɛwee no ase ntam hɔ a edii mfehaha pii no, gye nsaano nkyerɛwee asinasin bi pɛ.

James S. Snyder a ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ Israel Tete Nneɛma Akorae so no ka sɛ: “Po so Dwom no yɛ nsaano nkyerɛwee a wɔhwɛɛ nhoma mmobɔwee so kyerɛw bi pɛpɛɛpɛ wɔ bere a wohuu Po a Awu no ho Nhoma Mmobɔwee no . . . ne bere a wɔkyerɛw Aleppo Nhoma a Wobuebue mu no ntam hɔ no.” Sɛnea Snyder kyerɛ no, saa nsaano nkyerɛwee yi ne tete Bible nkyerɛwee afoforo “yɛ nhwɛso titiriw a ɛma yehu sɛ nsakrae biara mmaa Bible a yɛde di dwuma ɛnnɛ no mu.”

Wɔkyerɛ sɛ, nhoma mmobɔwee sin no ka nsaano nkyerɛwee pii a wohui wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei mu wɔ hyiadan a ɛwɔ Cairo, Egypt no ho. Nanso, obi a ɔboaboa Hebri nsaano nkyerɛwee ano no anhu ɛso mfaso kosii sɛ okohuu obi a ɔwɔ ho nimdeɛ wɔ afe 1970 mfe no awiei mu hɔ. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu huu bere a wɔkyerɛw nhoma mmobɔwee no, na wɔde siei kosii bere a wɔde kyerɛe wɔ Israel Tete Nneɛma Akorae hɔ no.

Bere a Adolfo Roitman a ɔyɛ ɔpanyin a ɔhwɛ Israel Tete Nneɛma Akorae fã a ɛne Nhoma Akorae so, na ɔsan hwɛ Nhoma Mmobɔwee a wohui wɔ Po a Awu no ho so reka mfaso a ɛwɔ nhoma mmobɔwee yi so ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Po so Dwom no ma yehu sɛ na Masoretfo Bible nkyerɛase no yɛ pɛpɛɛpɛ wɔ mfehaha pii mu. Ɛyɛ nwonwa sɛ sɛnea wɔkyerɛw Po so Dwom no wɔ afeha a ɛto so 7 kosi 8 no mu no, saa ara na ɛte nnɛ.”

Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm a efi ne honhom mu, na Yehowa ankasa na ɔhwɛ ma wɔkoraa so. Afei nso, akyerɛwfo no de ahwɛyiye na ɛhwɛɛ Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi. Enti, asɛm biara nni Bible a yɛde di dwuma nnɛ no ho, na ɛyɛ nea yebetumi de yɛn ho ato so.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Courtesy of Israel Museum, Jerusalem