Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wukura Wo Mũdi Mu?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wukura Wo Mũdi Mu?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wukura Wo Mũdi Mu?

“O Yehowa, bu me atɛn, sɛnea me [mũdi] te.”—DW. 7:8, NW.

1, 2. Tebea ahorow a ɛma ɛyɛ den ma Kristoni bi sɛ obekura ne mũdi mu no bi ne dɛn?

SUSUW tebea ahorow abiɛsa yi ho hwɛ: Aberante bi a ne mfɛfo sukuufo redi ne ho fɛw. Wɔpɛ sɛ wɔhyɛ no abufuw ma ebia odidi wɔn atɛm anaasɛ ɔne wɔn ko. So aberante no bɛyɛ biribi de atua ne mfɛfo sukuufo no so ka, anaasɛ obedi ne ho so na wagyaw wɔn hɔ akɔ? Ɔbarima warefo bi nkutoo wɔ fie reyɛ nhwehwɛmu bi wɔ Intanɛt so. Asɛm bi ba ne kɔmputa no so a ɛrehyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔhwɛ Dwumadibea bi a ɔbrasɛe wɔ hɔ. So ɔbɛkyerɛ ho anigye na wakɔhwɛ nea ɛwɔ hɔ no, anaasɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔrenkɔhwɛ? Kristoni bea bi ne anuanom mmea bi rebɔ nkɔmmɔ, na nkɔmmɔ no dan bɛyɛ nea ɛmfata, wodi onuawa bi a ɔwɔ asafo no mu ho nseku bɔne. So onuawa no bɛka bi, anaasɛ ɔbɛbɔ mmɔden asesa nkɔmmɔ no?

2 Ɛwom sɛ ɛsono tebea ahorow yi mu biara de, nanso ade biako bi da adi wɔ ne nyinaa mu. Tebea ahorow no nyinaa fa sɛnea ɛsɛ sɛ Kristoni bi bɔ mmɔden kura ne mũdi mu ho. Sɛ woredi w’ankasa wo dadwen, w’ahiade, ne botae a wode asisi w’anim wɔ w’asetram ho dwuma a, so wususuw wo mũdi ho? Nkurɔfo dwen wɔn ahosiesie, wɔn apɔwmuden, ne nea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛkɔ wɔn ano ho, saa ara nso na wodwen wɔn nnamfofa mu anigye ne emu haw, ne ebia ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho da biara da. Ebia, yɛde bere pii bedwennwen nneɛma a ɛte saa ho. Nanso, sɛ Yehowa hwehwɛ yɛn komam a, dɛn paa na ɔbɛpɛ sɛ ohu? (Dw. 139:23, 24) Ɛno ne yɛn mũdi.

3. Gyinaesi a ɛho hia paa bɛn na Yehowa agyaw ama yɛn, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Yehowa a ɔno ne “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” Mafo no ama yɛn mu biara akyɛde ahorow pii. (Yak. 1:17) N’adom nti, yɛwɔ akyɛde ahorow te sɛ nipadua, adwene, apɔwmuden a ɛfata, ne ɔdom akyɛde ahorow. (1 Kor. 4:7) Nanso, Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yenkura yɛn mũdi mu. Ɔma yɛn ankasa si gyinae sɛ yebekura yɛn mũdi mu anaasɛ yɛrenkura mu. (Deut. 30:19) Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nea yɛn mũdi mu a yebekura no kyerɛ no mu. Yɛbɛsan nso asusuw nneɛma abiɛsa a enti saa su yi ho hia paa no ho.

Dɛn Ne Mũdi?

4. Mũdi kyerɛ dɛn, na dɛn na yebetumi asua afi Yehowa mmara a ɛfa mmoa a na wɔde bɔ afɔre no ho mu?

4 Ɛte sɛ nea nnipa pii nnim nea mũdi kyerɛ. Sɛ nhwɛso no, sɛ amanyɔfo ka wɔn mũdi ho asɛm a, mpɛn pii no nea wɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ wodi nokware. Nokwaredi ho hia de, nanso ɛyɛ mũdi fã bi kɛkɛ. Sɛ wɔde asɛmfua a ɛne mũdi di dwuma wɔ Bible mu a, nea ɛkyerɛ ne abrabɔ kronn a asɛm biara nni ho. Wonyaa Hebri nsɛmfua a ɛfa “mũdi” ho no fii asɛmfua a ɛkyerɛ biribi a asɛm biara nni ho, edi mũ, anaa dɛm biara nni ho mu. Wɔde saa nsɛmfua yi mu biako dii dwuma wɔ afɔre a na wɔbɔ ma Yehowa no mu. Sɛ na aboa bi a wɔde no rebɔ afɔre ama Yehowa no bɛsɔ n’ani a, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ aboa a asɛm biara nni no ho, anaasɛ odi mũ. (Monkenkan Leviticus 22:19, 20.) Yehowa kasa tiaa wɔn a wɔhyɛɛ da buu akwankyerɛ a ɔde mae yi so na wɔde mmoa a wɔyɛ mpakye, wɔyare, anaasɛ wɔn ani afura bɔɔ afɔre maa no no denneennen.—Mal. 1:6-8.

5, 6. (a) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛtaa bu nneɛma a edi mũ sɛ ɛsom bo? (b) Wɔ nnipa a yɛnyɛ pɛ fam no, so mũdi mu a yebekura no hwehwɛ sɛ yɛyɛ pɛ? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛhwehwɛ nneɛma a edi mũ na yɛkyerɛ ho anisɔ. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ obi a n’ani gye nhoma ho de bere tenten ahwehwɛ nhoma bi, na bere a ohuu biako a ɛsom bo no, ohui sɛ nkratafa a ɛho hia paa atutu afi mu. N’abam bebu ma wasan de nhoma no ahyɛ baabi a oyi fii no. Anaasɛ, fa ɔbea bi a wakɔ gua so rekɔtɔ nkesua sɛ nhwɛso. Ohu sɛ nkesua pii gu ade mu si hɔ. Dɛn na ɔbɛyɛ? Obeyiyi mu ahwehwɛ nea ɛho mpaapaee na edi mu no na watɔ. Saa ara na Onyankopɔn nso rehwehwɛ nnipa a wɔn koma di mũ.—2 Be. 16:9.

6 Nanso, ebia wubenya adwene sɛ mũdi mu a yebekura no hwehwɛ sɛ yɛyɛ pɛ. Esiane sɛ bɔne ne sintɔ asɛe yɛn nti, ebia yebenya adwene sɛ yenni mũ, anaasɛ yɛte sɛ kesua a ɛho apaapae. So saa na ɛtɔ mmere bi a wote nka? Sɛ ɛte saa a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ a sintɔ biara nni yɛn ho. Ɔnhwehwɛ nneɛma a yɛrentumi nyɛ mfi yɛn hɔ da. * (Dw. 103:14; Yak. 3:2) Nanso, ɔhwɛ kwan sɛ yebekura yɛn mũdi mu. Ɛnde, so nsonsonoe bi wɔ pɛyɛ ne mũdi mu? Yiw, ebi wom. Mfatoho bi ni: Aberante bi dɔ ababaa bi a ɔrebɛware no. Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ ɔbɛhwɛ kwan sɛ ababaa no bɛyɛ pɛ. Nanso, nyansa wom sɛ ɔbɛhwɛ kwan sɛ ababaa no befi ne koma nyinaa mu adɔ no, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔde ne dɔ bɛma ɔno nkutoo. Saa ara nso na Yehowa yɛ ‘Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ɔsom a yɛde ma no no.’ (Ex. 20:5, NW) Ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ, nanso ɔpɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ no na yɛsom ɔno nkutoo.

7, 8. (a) Mũdi ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa yɛn? (b) Sɛ Kyerɛwnsɛm no ka mũdi ho asɛm a, ɛkyerɛ dɛn?

7 Yebetumi akae mmuae a Yesu de mae bere a obi kobisaa no sɛ mmara no nyinaa mu nea ɛwɔ he na ɛho hia paa no. (Monkenkan Marko 12:28-30.) Yesu amma mmuae kɛkɛ; ná ɔbɔ ne bra sɛnea ɔmaa mmuae no. Yesu de n’adwene nyinaa, ne koma nyinaa, ne kra nyinaa, ne n’ahoɔden nyinaa som Yehowa de yɛɛ nhwɛso a ɛsen biara maa yɛn. Ɔma yehui sɛ yɛn mũdi mu a yebekura nyɛ ade a yɛde yɛn ano ka kɛkɛ, na mmom ɛyɛ adwempa a yɛde yɛ nnwuma pa. Yɛn mũdi mu a yebekura no hwehwɛ sɛ yedi Yesu anammɔn akyi.—1 Pet. 2:21.

8 Ɛnde, sɛ Kyerɛwnsɛm no ka mũdi ho asɛm a, nea ɛkyerɛ ni: sɛ́ yebefi yɛn koma nyinaa mu asom Ɔsorosoroni biako a ɔne Yehowa Nyankopɔn no, na yɛayɛ n’apɛde ne nea ɔhwehwɛ. Yɛn mũdi mu a yebekura kyerɛ sɛ, yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ nea ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani asen biribi foforo biara wɔ yɛn asetram da biara da. Nneɛma a ɛho hia Yehowa sen biara no na yɛn nso yebebu no sɛ ɛho hia sen biara wɔ yɛn asetram. Ma yensusuw nneɛma abiɛsa a enti eyi a yɛbɛyɛ no ho hia paa no ho nhwɛ.

1. Yɛn Mũdi ne Yehowa Tumidi Ho Asɛm No

9. Ɔkwan bɛn so na yɛn ankasa mũdi mu a yebekura no fa amansan tumidi ho asɛm no ho?

9 Ɛnyɛ yɛn mũdi mu a yebekura no na ɛbɛma Yehowa tumidi ayɛ nea ɛfata. Yehowa tumidi teɛ, ɛwɔ hɔ daa, na edi amansan yi nyinaa so. Ne tumidi no bɛkɔ so ayɛ saa ara bere nyinaa, ɛmfa ho nea abɔde biara bɛka anaa ɔbɛyɛ no. Nanso, wɔaka Onyankopɔn tumidi ho asɛmmɔne wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Enti, ɛsɛ sɛ wɔsan ne tumidi no ho, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔbɛma abɔde a wonim nyansa nyinaa ahu sɛ ne tumidi na ɛfata, ɛteɛ, na ɔdɔ wom. Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo no de hokwan biara a yebenya no ka Onyankopɔn amansan tumidi no ho asɛm kyerɛ obiara a obetie. Nanso, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yegyina Yehowa tumidi akyi? Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛde Yehowa ayɛ yɛn Sodifo? Yɛnam yɛn mũdi mu a yekura so na ɛyɛ saa.

10. Sobo bɛn na Satan abɔ nnipa wɔ wɔn mũdi mu a wobekura ho, na ɔkwan bɛn so na wopɛ sɛ woyɛ w’ade wɔ ho?

10 Susuw sɛnea wo mũdi mu a wubekura no fa asɛm yi ho no ho hwɛ. Satan aka sɛ onipa biara nni hɔ a obegyina Onyankopɔn tumidi akyi, a nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, obiara nni hɔ a obefi ne komam adɔ Yehowa, na wasom no. Ɔbonsam gyinaa abɔfodɔm anim ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.” (Hiob 2:4) Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ ɔtreneeni Hiob nkutoo na Satan bɔɔ no sobo, na mmom nnipa nyinaa. Enti, Bible frɛ Satan sɛ “nea ɔtoto yɛn nuanom ano.” (Adi. 12:10) Satan bɔ Yehowa ahohora sɛ Kristofo—a woka ho—renkɔ so nni Yehowa nokware. Satan ka sɛ wode Yehowa bɛto nkyɛn apere wo nkwa. Wote nka dɛn wɔ sobo a Satan abɔ wo yi ho? So w’ani rennye ho sɛ wubenya hokwan bi de ada no adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo? Sɛ wukura wo mũdi mu a, wubetumi ama Satan ayɛ ɔtorofo.

11, 12. (a) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛma yehu sɛ gyinae a yesisi wɔ yɛn da biara da asetram no fa yɛn mũdi mu a yebekura ho? (b) Dɛn nti na yɛn mũdi mu a yebekura yɛ nea nidi wom ankasa?

11 Wo mũdi mu a wubekura no ma nneɛma a woyɛ no da biara da, ne gyinae a wusisi no bɛyɛ ade a ɛho hia paa. San susuw tebea ahorow abiɛsa a yɛkaa ho asɛm no ho hwɛ. Dɛn na wɔn nyinaa bɛyɛ de akura wɔn mũdi mu? Aberante no mfɛfo sukuufo no hyɛɛ no abufuw sɛnea ɛbɛyɛ a anka ne bo befuw wɔn na wayɛ bi atua wɔn so ka, nanso ɔkaee saa afotu yi sɛ: “Munnni mo ho werɛ, na mmom munnyaw mma Nyankopɔn abufuw; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’” (Rom. 12:19) Ɛno nti, ogyaw wɔn hɔ kɔe. Ná anka ɔbarima ɔwarefo no a ɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ Intanɛt so no betumi ahwɛ aguamansɛm no, nanso ɔkaee nnyinasosɛm a ɛwɔ Hiob asɛm yi mu no sɛ: “Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ababaa?” (Hiob 31:1) Ɔbarima no nso anhwɛ ɔbrasɛe ho mfonini no, na mmom obuu no te sɛ awuduru bi. Ebetumi aba sɛ ɔbea a na ɔne ne mfɛfo mmea rebɔ nkɔmmɔ no tee nseku bɔne no kakra, nanso wanka bi, na ɔkaee akwankyerɛ a edi so yi sɛ: “Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani wɔ nea eye a ɛbɛma wayɛ den mu.” (Rom. 15:2) Nseku no a anka obetumi adi bi no yɛ nea ɛrenhyɛ afoforo den. Ná ebetumi asɛe ne nuabea Kristoni no din; saa ara nso na anka ne soro Agya no ani rennye no ho. Enti, wanka bi, na ɔsesaa nkɔmmɔ no.

12 Wɔ tebea ahorow yi mu biara mu no, Kristofo no mu biara sii gyinae a ɛte sɛ nea ɔreka sɛ: ‘Yehowa ne me Sodifo. Mɛbɔ mmɔden ayɛ nea ɛsɔ n’ani wɔ asɛm yi mu.’ Sɛ worepaw nneɛma bi anaa woresisi gyinae a, so wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani? Sɛ woyɛ saa a, na woretie asɛm a ɛka koma a ɛwɔ Mmebusɛm 27:11 no ankasa. Ɛka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” Hwɛ sɛnea nidi wom ankasa sɛ yɛbɛma Onyankopɔn koma atɔ ne yam! So ɛnyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de akura yɛn mũdi mu?

2. Onyankopɔn Gyina Mũdi so Bu Atɛn

13. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a Hiob ne Dawid kae no ma yehu sɛ yɛn mũdi so na Yehowa gyina bu yɛn atɛn?

13 Yehu sɛ mũdi ma yetumi gyina Yehowa tumidi akyi. Enti, ɛyɛ ade a Onyankopɔn betumi agyina so abu yɛn atɛn. Ná Hiob nim saa nokwasɛm yi yiye. (Monkenkan Hiob 31:6, NW.) Ná Hiob nim sɛ Onyankopɔn de “nsenia pa” na ɛkari adesamma nyinaa, na Onyankopɔn de ne gyinapɛn a ɛyɛ pɛ no hwɛ sɛ yɛrekura yɛn mũdi mu anaa. Dawid nso kaa asɛm a ɛte saa ara sɛ: “Yehowa na obebu aman atɛn. O Yehowa, bu me atɛn, sɛnea me trenee te ne sɛnea me [mũdi] te. Trenee Nyankopɔn no na ɔhwehwɛ koma ne asaabo mu.” (Dw. 7:8, 9, NW) Yenim sɛ Onyankopɔn betumi ahwehwɛ nea ɛwɔ yɛn mu tɔnn, a ɛno ne yɛn sɛnkyerɛnne kwan so “koma ne asaabo” no mu. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae dekode a ɔhwehwɛ no. Sɛnea Dawid kae no, Yehowa gyina yɛn mũdi so bu yɛn atɛn.

14. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ esiane sɛ yɛtɔ sin na yɛyɛ abɔnefo nti, yɛrentumi nkura yɛn mũdi mu?

14 Fa no sɛ Yehowa Nyankopɔn rehwehwɛ nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no komam. (1 Be. 28:9) Mpɛn ahe na obehu obi a ɔrekura ne mũdi mu sɛ Kristoni? Ɛnyɛ ade a ɔbɛtaa ahu bi! Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛtɔ sin araa ma enti yɛrentumi nkura yɛn mũdi mu. Ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso te sɛ Dawid ne Hiob no, yɛwɔ nea enti ankasa a ɛsɛ sɛ yenya ahotoso sɛ Yehowa behu yɛn sɛ yekura yɛn mũdi mu. Kae sɛ, sɛ yɛyɛ pɛ a, ɛno nkyerɛ sɛ yebekura yɛn mũdi mu. Nnipa a wɔyɛ pɛ a wɔatra asase yi so yɛ baasa pɛ, na wɔn mu baanu a wɔne Adam ne Hawa antumi ankura wɔn mũdi mu. Nanso, nnipa ɔpepem pii a wɔnyɛ pɛ atumi akura wɔn mũdi mu. Wo nso wubetumi ayɛ saa ara.

3. Mũdi Ho Hia na Ama Yɛanya Anidaso

15. Ɔkwan bɛn so na Dawid ma yehu sɛ mũdi ho hia na ama yɛanya daakye ho anidaso?

15 Esiane sɛ mũdi na Yehowa begyina so abu yɛn atɛn nti, ɛho hia na ama yɛanya daakye ho anidaso. Ná Dawid nim sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. (Monkenkan Dwom 41:12.) Ná n’ani gye anidaso a ɔwɔ sɛ obenya Onyankopɔn anim dom daa no ho. Te sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, na Dawid wɔ anidaso sɛ ɔbɛtra ase daa na wakɔ so abɛn Yehowa Nyankopɔn na wasom no. Dawid hui sɛ na ɛsɛ sɛ okura ne mũdi mu na ama n’anidaso no abam. Saa ara na sɛ yekura yɛn mũdi mu a, Yehowa boa yɛn, ɔkyerɛkyerɛ yɛn, ɔkyerɛ yɛn kwan, na ohyira yɛn.

16, 17. (a) Dɛn nti na woasi wo bo sɛ wubekura wo mũdi mu bere nyinaa? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

16 Sɛ yɛn ani begye mprempren a, ɛho hia sɛ yenya anidaso. Anidaso betumi ama yɛanya anigye a yɛde begyina wɔ mmere a emu yɛ den mu. Ebetumi abɔ yɛn nsusuwii ho ban nso. Kae sɛ, Bible de anidaso toto dade kyɛw ho. (1 Tes. 5:8) Sɛnea dade kyɛw bɔ ɔsraani a ɔwɔ akono ti ho ban no, saa ara na anidaso bɔ yɛn adwene ho ban fi nneɛma bɔne a ebu abam a Satan ma nkurɔfo dwen ho wɔ wiase dedaw a ɛrekɔ awiei mu no ho. Nokwarem no, sɛ yenni anidaso a, na mfaso nni yɛn asetra so. Ɛsɛ sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ yɛn ho mu yiye, na yehu sɛnea yɛn mũdi ne anidaso a ɛma yenya no te. Mma wo werɛ mfi sɛ sɛ wukura wo mũdi mu a, na woregyina Yehowa tumidi akyi, na na worebɔ daakye ho anidaso a ɛsom bo a wowɔ no ho ban. Ɛmmra sɛ, wobɛkɔ so akura wo mũdi mu bere nyinaa!

17 Esiane sɛ mũdi ho hia paa nti, ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛmmisa foforo bi ho. Yɛyɛ dɛn nya mũdi? Yɛbɛyɛ dɛn atumi akura yɛn mũdi mu? Na sɛ obi gyae ne mũdi mu bere bi a, dɛn na obetumi ayɛ? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Yesu kae sɛ: “Sɛnea mo Agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ no, mo nso monyɛ pɛ saa ara.” (Mat. 5:48) Ɛda adi sɛ, na Yesu nim sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi adi mũ, anaasɛ wɔayɛ pɛ wɔ ɔkwan bi so. Yebetumi afi ayamye mu adi ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnɔ afoforo no so, na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani. Nanso, Yehowa yɛ pɛ a asɛm biara nni no ho. Sɛ yɛde asɛmfua “mũdi” ka Yehowa ho asɛm a, ɛkyerɛ pɛyɛ nso.—Dw. 18:30.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne mũdi?

• Ɔkwan bɛn so na mũdi fa amansan tumidi ho asɛm no ho?

• Ɔkwan bɛn so na mũdi ma yenya anidaso?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Tebea horow a yehyia daa no ma ɛyɛ den sɛ yebekura yɛn mũdi mu