Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kyerɛ Dwuma Soronko A Yesu Di Wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw Mu Ho Anisɔ

Kyerɛ Dwuma Soronko A Yesu Di Wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw Mu Ho Anisɔ

Kyerɛ Dwuma Soronko A Yesu Di Wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw Mu Ho Anisɔ

“Mene kwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.”—YOH. 14:6.

1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma dwuma soronko a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu a yɛbɛhwehwɛ mu no ho hia yɛn?

WƆ ABAKƆSƐM nyinaa mu no, nnipa pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ soronko wɔ wɔn beresofo mu, nanso wɔn mu dodow no ara na wɔantumi anyɛ saa. Nnipa kakraa bi pɛ na wobetumi aka ma afata sɛ wɔyɛ soronko wɔ akwan titiriw bi so. Nanso, Yesu Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no de, ɔyɛ soronko wɔ akwan pii so.

2 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma dwuma soronko a Yesu di no ho hia yɛn? Efisɛ, ɛka abusuabɔ ankasa a yɛne Yehowa a ɔyɛ yɛn soro Agya no wɔ no! Yesu kae sɛ: “Mene kwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yoh. 14:6; 17:3) Momma yɛnhwehwɛ nneɛma a ɛma Yesu yɛ soronko no bi mu nhwɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no ho anisɔ kɛse.

‘Ɔba a Ɔwoo no Koro No’

3, 4. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu yɛ soronko wɔ dwuma a odi sɛ Ɔba a ɔwoo no koro no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na dwuma a Yesu dii wɔ adebɔ mu no yɛ soronko?

3 Yesu nyɛ “Onyankopɔn ba” kɛkɛ. Saa na Satan frɛɛ Yesu bere a na ɔresɔ no ahwɛ no. (Mat. 4:3, 6) Wɔfrɛ Yesu sɛ “Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no” ma ɛfata. (Yoh. 3:16, 18) Wɔkyerɛ Hela asɛmfua a egyina hɔ ma “ɔwoo no koro” no ase sɛ “obi a ɔno nkutoo da mu fua,” anaa “obi a ɔyɛ soronko wɔ n’abusua mu.” Yehowa wɔ honhom mu mma ɔpepehaha pii. Ɛnde, dɛn na ɛma Yesu yɛ “obi a ɔno nkutoo da mu fua”?

4 Yesu yɛ soronko, a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔno nkutoo ne obi a n’Agya bɔɔ no tẽẽ. Ɔyɛ Abakan. Nokwasɛm ne sɛ, ɔyɛ “abɔde nyinaa mu abakan.” (Kol. 1:15) Ɔno ne “Onyankopɔn adebɔ mfiase.” (Adi. 3:14) Dwuma a Ɔba a ɔwoo no koro no di wɔ adebɔ mu no nso yɛ soronko. Ɔnyɛ Ɔbɔadeɛ, anaa abɔde Wura. Nanso, Yehowa de no dii dwuma sɛ odwumayɛfo, anaasɛ ɔnam no so na ɔbɔɔ nneɛma a aka nyinaa. (Monkenkan Yohane 1:3.) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nanso yɛn de, Onyankopɔn baako na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu, na yɛwɔ hɔ ma no no; na Awurade baako na ɔwɔ hɔ, Yesu Kristo, a ɛnam no so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ, na yɛnam no so wɔ hɔ no.”—1 Kor. 8:6.

5. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yesu yɛ soronko?

5 Nanso, Yesu san yɛ soronko wɔ akwan pii so. Wɔama Yesu abodin pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, na ɛma yehu dwuma soronko a odi wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu. Afei, momma yɛnhwehwɛ abodin afoforo anum a wɔde aka Yesu ho asɛm wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no mu nhwɛ. *

“Asɛm No”

6. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔfrɛ Yesu “Asɛm no”?

6 Monkenkan Yohane 1:14. Dɛn nti na wɔfrɛ Yesu “Asɛm no,” anaa Logos? Saa abodin yi ma yehu dwuma a Yesu adi fi bere a wɔbɔɔ abɔde foforo a wonim nyansa nyinaa no. Yehowa maa ne Ba no de nsɛm ne akwankyerɛ kɔmaa ne honhom mu mma a wɔaka no, na saa ara na Onyankopɔn maa ne Ba no de Ne nsɛm brɛɛ nnipa wɔ asase so. Nea ɛkyerɛ ankasa sɛ Yesu ne Asɛm no, anaa Onyankopɔn Kasamafo no da adi wɔ asɛm a Kristo ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔretie no no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea mekyerɛkyerɛ no nyɛ me dea, na mmom nea ɔsomaa me no dea. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ N’apɛde a, obehu sɛ nkyerɛkyerɛ no fi Nyankopɔn hɔ anaasɛ m’ankasa na mebɔ me tirim kasa.” (Yoh. 7:16, 17) Bere a Yesu san kɔɔ soro na wɔhyɛɛ no anuonyam mpo no, ɔda so ara kura abodin a ɛne “Onyankopɔn Asɛm” no.—Adi. 19:11, 13, 16.

7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua ahobrɛase a Yesu da no adi wɔ dwuma a odi sɛ “Asɛm no” mu no?

7 Wode, susuw nea saa abodin yi kyerɛ no ho hwɛ. Ɛwom sɛ Yesu na ɔyɛ Yehowa abɔde nyinaa mu nea onim nyansa sen biara de, nanso ɔmfa ne ho nto n’ankasa nyansa so. Nea n’Agya ka kyerɛ no no na ɔka. Ɔntwe adwene nsi n’ankasa ho so, na mmom ɔtwe adwene si Yehowa so bere nyinaa. (Yoh. 12:50) Nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua bɛn ara ni! Yɛn nso, wɔama yɛn adwuma a nidi wom sɛ ‘yɛnka nneɛma pa ho asɛmpa.’ (Rom. 10:15) Ɛsɛ sɛ ahobrɛase ho nhwɛso a Yesu yɛe no kanyan yɛn, na yɛammɔ yɛn tirim anka asɛm. Sɛ yɛreka nkwagye ho asɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no akyerɛ afoforo a, ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm ‘tra nea wɔakyerɛw’ no so.—1 Kor. 4:6.

“Amen No”

8, 9. (a) Asɛmfua “amen” kyerɛ dɛn, na dɛn nti na wɔfrɛ Yesu “Amen no”? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu dii “Amen no” a ɔyɛ no ho dwuma?

8 Monkenkan Adiyisɛm 3:14. Dɛn nti na wɔfrɛ Yesu sɛ “Amen no”? Wonyaa asɛmfua a ɛne “amen” no fii Hebri kasa a ɛkyerɛ “ɛnyɛ hɔ,” anaa “ɛmmra mu” no mu. Hebri asɛmfua ankasa a woyi fii mu no kyerɛ sɛ obi “bedi nokware” anaa “ɔnokwafo.” Saa asɛmfua yi ara na wɔde kyerɛkyerɛ Yehowa nokwaredi mu. (Deut. 7:9; Yes. 49:7) Enti, ɔkwan bɛn so na abodin “Amen no” a wɔde frɛ Yesu no ma ɔyɛ soronko? Hyɛ sɛnea 2 Korintofo 1:19, 20 bua saa asɛm yi no nsow. Ɛka sɛ: ‘Onyankopɔn Ba Kristo Yesu a ɔkaa ne ho asɛm mo mu no ammɛyɛ Yiw ne Dabi, na mmom Yiw abɛyɛ Yiw wɔ ne fam. Na Nyankopɔn bɔhyɛ dodow nyinaa nam no so ayɛ Yiw. Enti nso na wɔnam no so ka “Amen” kyerɛ Nyankopɔn de hyɛ no anuonyam denam yɛn so.’

9 Yesu mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa yɛ “Amen no.” Bɔne a Yesu anyɛ wɔ n’asetram wɔ asase so, a n’afɔrebɔ wu ka ho no so na ɛnam maa Yehowa Nyankopɔn bɔhyɛ nyinaa tumi baam. Yesu nam nokware a odii no so nso maa asɛm a Satan kae a wɔakyerɛw wɔ Hiob nhoma no mu sɛ sɛ Onyankopɔn asomfo kɔ ahokyere mu, wohu amane, na wohyia sɔhwɛ a, wɔrensom Onyankopɔn no yɛɛ atoro. (Hiob 1:6-12; 2:2-7) Wɔ Onyankopɔn abɔde nyinaa mu no, Ɔba a ɔwoo no koro no na otumi buaa saa sobo no sɛ ɛyɛ atoro ankasa. Afei nso, Yesu ne obi a ogyinaa n’Agya afã wɔ ɔsɛmpɔw titiriw a ɛfa nea enti a Yehowa na ɔfata sɛ odi tumi wɔ amansan yi so no akyi pintinn.

10. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua dwuma a Yesu di sɛ “Amen no”?

10 Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua dwuma a Yesu di sɛ “Amen no”? Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛkɔ so adi Yehowa nokware, na yɛagyina n’amansan tumidi no akyi. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛretie asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 27:11 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”

“Apam Foforo Ntamgyinafo”

11, 12. Ɔkwan bɛn so na dwuma a Yesu di sɛ Ntamgyinafo no yɛ soronko?

11 Monkenkan 1 Timoteo 2:5, 6. Yesu yɛ “Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafo koro.” Ɔyɛ “apam foforo ntamgyinafo.” (Heb. 9:15; 12:24) Nanso, wɔka sɛ na Mose nso yɛ ntamgyinafo—Mmara apam no ntamgyinafo. (Gal. 3:19) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na dwuma a Yesu di sɛ Ntamgyinafo no yɛ soronko?

12 Wɔ kasa a edi kan a wɔde kyerɛw Bible no mu no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ntamgyinafo” no yɛ mmara kwan so de. Ɛka Yesu ho asɛm sɛ ɔno na ɔyɛ apam foforo a ɛma wotumi woo ɔman foforo a ɛne “Nyankopɔn Israel no” wɔ mmara kwan so no Ntamgyinafo (anaasɛ, wɔ ɔkwan bi so no, ɔyɛ mmaranimfo). (Gal. 6:16) Kristofo a wɔasra wɔn a wɔn na wɔbom yɛ ɔsoro “adehye asɔfokuw” no na wɔyɛ saa ɔman no. (1 Pet. 2:9; Ex. 19:6) Ntamgyinafo a Mose yɛe no amma wɔantumi anwo ɔman a ɛte saa.

13. Dwuma a Yesu di sɛ Ntamgyinafo no bi ne dɛn?

13 Dwuma a Yesu di sɛ ntamgyinafo no bi ne dɛn? Nokwarem no, Yesu mogya na Yehowa de tɔɔ wɔn a wɔbɛyɛ apam foforo no mufo no. Wɔ saa kwan yi so no, Yehowa nam mmara kwan so ma wɔbɛyɛ treneefo. (Rom. 3:24; Heb. 9:15) Ɛno akyi no, Onyankopɔn betumi abu wɔn sɛ wɔfata sɛ wɔkɔ apam foforo no mu a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛyɛ ahene ne asɔfo wɔ soro! Yesu a ɔyɛ wɔn Ntamgyinafo no bɛboa wɔn ma wɔakɔ so anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim.—Heb. 2:16.

14. Ɛmfa ho anidaso a Kristofo wɔ no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa kyerɛ dwuma a Yesu di sɛ Ntamgyinafo no ho anisɔ ankasa?

14 Na wɔn a wonni apam foforo no mu na wonni anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro, na mmom wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so no nso ɛ? Ɛwom sɛ wonni apam foforo no mu de, nanso wonya so mfaso. Wɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn, na wobu wɔn treneefo ma wɔbɛyɛ Onyankopɔn nnamfo. (Yak. 2:23; 1 Yoh. 2:1, 2) Sɛ́ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro anaasɛ yɛbɛtra asase so no, yɛn mu biara wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ dwuma a Yesu di sɛ apam foforo no Ntamgyinafo no ho anisɔ.

“Ɔsɔfo Panyin”

15. Dɛn nti na dwuma a Yesu di sɛ Ɔsɔfo Panyin no yɛ soronko wɔ mmarima a wɔsomee sɛ asɔfo mpanyin no nyinaa de ho?

15 Mmarima pii asom sɛ asɔfo mpanyin wɔ mmere a atwam no mu, nanso dwuma a Yesu di sɛ Ɔsɔfo Panyin no yɛ soronko koraa. Ɔkwan bɛn so? Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Enhia sɛ da biara odi kan bɔ afɔre ma n’ankasa bɔne sɛnea saa asɔfo mpanyin no yɛ no ansa na wabɔ bi ama ɔman no: (na eyi na ɔyɛɛ no prɛko bere a ɔde ne ho mae no;) na Mmara no paw nnipa a wɔyɛ mmerɛw asɔfo mpanyin, nanso ntanka asɛm a ɛbae wɔ Mmara no akyi no yi Ɔba a wayɛ pɛ daa.”—Heb. 7:27, 28. *

16. Dɛn nti na Yesu afɔrebɔ no yɛ soronko koraa?

16 Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na ɔte sɛ Adam a na onnya nyɛɛ bɔne no. (1 Kor. 15:45) Ɛno nti, Yesu nkutoo ne onipa a na obetumi abɔ afɔre a ɛyɛ pɛ na edi mũ—afɔre a na ɛho nhia sɛ wɔsan bɔ bio. Wɔ Mose Mmara no ase no, na wɔbɔ afɔre ahorow da biara da. Nanso, na afɔre a ɛte saa nyinaa ne dwuma a na asɔfo no di no yɛ nea na Yesu bɛyɛ no ho sunsuma bi kɛkɛ. (Heb. 8:5; 10:1) Nea ɛma Yesu dibea sɛ Ɔsɔfo Panyin no yɛ soronko ne sɛ, ɔyɛ nnwuma a ɛsen nea asɔfo no nyinaa yɛe no, na obekura ne dibea no mu daa.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ dwuma a Yesu di sɛ yɛn Sɔfo Panyin no ho anisɔ, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

17 Yehia Yesu sɛ yɛn Sɔfo Panyin, na waboa yɛn ma yɛanya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Na hwɛ sɛnea yɛwɔ Ɔsɔfo Panyin a ɔfata! Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔsɔfo Panyin a yɛwɔ no nyɛ obi a ontumi nte yɛn mmerɛwyɛ ase, na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara, nanso bɔne nni ne ho.” (Heb. 4:15) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ nokwasɛm yi ho anisɔ a yɛanya no ka yɛn na ‘yɛantra ase amma yɛn ho bio, na mmom yɛatra ase ama nea owu maa yɛn no.’—2 Kor. 5:14, 15; Luka 9:23.

‘Aseni’ a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm No

18. Bere a Adam yɛɛ bɔne no, nkɔm bɛn na wɔhyɛe, na dɛn na wɔdaa no adi wɔ nkɔmhyɛ yi ho akyiri yi?

18 Bere a ɛbɛyɛɛ te sɛ nea na adesamma ahwere biribiara—abusuabɔ pa a wɔne Onyankopɔn wɔ, daa nkwa, anigye, ne Paradise wɔ Eden turo mu no, Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ Ogyefo bi ho nkɔm. Ɔkaa Ogyefo yi ho asɛm sɛ ‘aseni.’ (Gen. 3:15) Wɔkaa aseni a na obiara nnim no no ho asɛm wɔ Bible nkɔmhyɛ ahorow mu mfe pii. Ná aseni no befi Abraham, Isak, ne Yakob abusua mu. Na na ɔbɛyɛ Ɔhene Dawid abusua muni nso.—Gen. 21:12; 22:16-18; 28:14; 2 Sam. 7:12-16.

19, 20. (a) Hena ne Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnyɛ Yesu nkutoo ne aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no?

19 Hena ne saa Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no? Yebehu saa asɛmmisa yi ho mmuae wɔ Galatifo 3:16. (Monkenkan.) Nanso, akyiri yi, wɔ saa ti no ara mu no, ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo ampa, adedifo sɛnea bɔhyɛ bi te.” (Gal. 3:29) Dɛn nti na Kristo na ɔyɛ Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no, nanso afoforo nso ka ho?

20 Nnipa ɔpepem pii ka sɛ wɔyɛ Abraham asefo, na ebinom mpo yɛ wɔn ade te sɛ adiyifo. Ɔsom ahorow bi mufo ka no denneennen sɛ wɔn adiyifo yɛ Abraham asefo. Nanso, so saafo yi nyinaa yɛ Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no? Dabi. Sɛnea Onyankopɔn honhom maa ɔsomafo Paulo kae no, ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa na wobetumi aka sɛ wɔka Aseni a wɔhyɛɛ no ho bɔ no ho. Ɛnyɛ Abraham mma afoforo asefo so na wɔnam hyiraa adesamma. Isak nkutoo aseni so na na wɔnam behyira adesamma. (Heb. 11:18) Awiei koraa no, onipa biako pɛ a ɔne Yesu Kristo a Bible no aka n’anato ho asɛm fi Abraham so no na ɔyɛ aseni no mu otitiriw a wɔhyɛɛ no ho nkɔm no. * Wɔn a wɔbɛyɛ Abraham aseni no fã a wɔto so abien akyiri yi no nyinaa nya hokwan a ɛte saa no esiane sɛ ‘wɔyɛ Kristo dea’ nti. Nokwarem no, dwuma a Yesu di ma nkɔmhyɛ yi nya mmamu no yɛ soronko ampa.

21. Dɛn na ama w’ani agye ɔkwan a Yesu afa so adi dwuma soronko a ɔwɔ wɔ Yehowa atirimpɔw mu ho dwuma no ho?

21 Dɛn na yɛasua afi dwuma soronko a Yesu di wɔ Yehowa atirimpɔw mu a yɛasusuw ho kakra yi mu? Efi bere a wɔbɔɔ Yesu no, Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no ayɛ soronko ankasa, obi a ɔda mu fua. Nanso, Onyankopɔn Ba a ɔyɛ soronko a ɔbɛyɛɛ Yesu no de ahobrɛase ayɛ n’Agya apɛde bere nyinaa, na ɔnhwehwɛɛ n’ankasa anuonyam da. (Yoh. 5:41; 8:50) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nhwɛso pa ma yɛn nnɛ! Momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ ‘yɛbɛyɛ nneɛma nyinaa de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam’ te sɛ nea Yesu yɛe no.—1 Kor. 10:31.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Hela asɛmfua a wɔde ka biribi ho asɛm pɔtee bata saa abodin ahorow yi bi ho, na sɛnea nhomanimfo bi kyerɛ no, ɛkyerɛ sɛ “‘abodin no da mu fua’ wɔ ɔkwan bi so.”

^ nky. 15 Sɛnea Bible ho ɔbenfo bi kyerɛ no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔyɛɛ no prɛko” no kyerɛkyerɛ Bible mu asɛm bi a ɛho hia paa mu, na “ɛkyerɛ sɛ Kristo wu no di mũ, ɛyɛ soronko, anaa ɛda nsow.”

^ nky. 20 Ɛwom sɛ na Yudafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no susuw sɛ wɔyɛ Abraham asefo ankasa, na wobenya Onyankopɔn nhyira de, nanso na wɔhwɛ onipa biako a ɔbɛba sɛ Mesia anaa Kristo no kwan.—Yoh. 1:25; 7:41, 42; 8:39-41.

So Wokae?

• Dɛn na Yesu abodin ahorow no ama woasua afa dwuma soronko a odi no ho? (Hwɛ adaka no mu.)

• Wobɛyɛ dɛn atumi asuasua nhwɛso a Yehowa Ba a ɔyɛ soronko no yɛe no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Abodin Ahorow a Ɛma Yehu Dwuma Soronko a Yesu Di wɔ Onyankopɔn Atirimpɔw Mu

Ɔba a Ɔwoo no Koro No. (Yoh. 1:3) Yesu nkutoo ne obi a n’Agya bɔɔ no tẽẽ.

Asɛm No. (Yoh. 1:14) Yehowa de ne Ba no di dwuma sɛ Ɔkasamafo ma ɔde nsɛm ne akwankyerɛ ma abɔde foforo.

Amen No. (Adi. 3:14) Bɔne a Yesu anyɛ wɔ n’asetram wɔ asase so, a n’afɔrebɔ wu ka ho no so na ɛnam maa Yehowa Nyankopɔn bɔhyɛ nyinaa tumi baam.

Apam Foforo Ntamgyinafo. (1 Tim. 2:5, 6) Sɛ́ mmara kwan so Ntamgyinafo no, Yesu ama wɔatumi awo ɔman foforo a ɛno ne “Nyankopɔn Israel no” a Kristofo a wɔn na wɔbɛyɛ ɔsoro “adehye asɔfokuw” no na wɔwom.—Gal. 6:16; 1 Pet. 2:9.

Ɔsɔfo Panyin No. (Heb. 7:27, 28) Yesu nkutoo ne onipa a otumi bɔɔ afɔre a ɛyɛ pɛ na edi mu a ɛho nhia sɛ wɔsan bɔ bio. Obetumi ahohoro yɛn bɔne, na wayi yɛn afi owu a bɔne de ba no mu.

‘Aseni’ a Wɔhyɛɛ no Ho Bɔ No. (Gen. 3:15) Onipa biako pɛ a ɔne Yesu Kristo na ɔyɛ aseni a wɔhyɛɛ no ho nkɔm no mu otitiriw. Afoforo a akyiri yi wɔbɛyɛɛ Abraham aseni no fã a wɔto so abien no ‘yɛ Kristo dea.’—Gal. 3:29.