Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mahu Sɛ Wɔredɔɔso Wɔ Korea

Mahu Sɛ Wɔredɔɔso Wɔ Korea

Mahu Sɛ Wɔredɔɔso Wɔ Korea

Sɛnea Milton Hamilton ka kyerɛe

“Ɛyɛ yɛn yaw sɛ yɛrebɔ mo amanneɛ sɛ Republic of Korea aban no atwa mo a moyɛ asɛmpatrɛwfo no nyinaa tumi krataa a mode bɛkɔ Korea no mu, na aban no kyerɛ sɛ, wonhia mo wɔ ɔman no mu. . . . Enti, yɛrema mo akɔyɛ adwuma wɔ Japan bere tiaa bi mu.”

ME NE me yere nyaa saa krataa yi fii Brooklyn, New York, U.S.A., wɔ afe 1954 awiei. Ná yɛawie Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 23 a wɔyɛe wɔ New York atifi fam wɔ saa afe no mfiase no. Bere a yɛn nsa kaa krataa a yɛaka mu asɛm no, na yɛresom bere tiaa mu wɔ Indianapolis a ɛwɔ Indiana no.

Me ne me yere Liz (na anka wɔfrɛ no Liz Semock) kɔɔ ntoaso sukuu biako, na yegyina pɛ. Akyiri yi, yɛwaree wɔ afe 1948 mu. Ná Liz ani gye bere nyinaa som adwuma no ho, nanso na ɛhaw no sɛ obefi United States akɔsom wɔ ɔman foforo so. Dɛn na ɛma ɔsesaa n’adwene?

Liz penee so ma me ne no kɔɔ nhyiam a wɔyɛ ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Gilead no bi. Wɔyɛɛ saa nhyiam no wɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Yankee Stadium, New York, wɔ afe 1953 ahohuru bere mu no ase. Bere a yewiee saa nhyiam a ɛhyɛ nkuran no, yegyee Gilead akwammisa nkrataa no bi hyehyɛe. Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ wɔma yɛkɔɔ adesuakuw a edi hɔ a na wɔbɛyɛ wɔ February 1954 mu no bi.

Ɛwom sɛ, afei koraa na na mfe abiɛsa ko a ɛkɔɔ so wɔ Korea no aba awiei wɔ afe 1953 ahohuru bere mu, na na ɔko no asɛe ɔman no pasaa de, nanso wɔde yɛn kɔɔ hɔ. Yedii kan kɔɔ Japan sɛnea na wɔde akwankyerɛ ama yɛn wɔ krataa a yɛaka mu asɛm dedaw no. Bere a yɛtraa po so hyɛn mu tuu kwan nnafua 20 akyi no, yɛne asɛmpatrɛwfo baasia a na wɔama wɔn nso dwumadi wɔ Korea no koduu Japan wɔ January 1955 mu. Lloyd Barry a saa bere no na ɔhwɛ Japan baa dwumadibea no so no behyiaa yɛn wɔ po so hyɛn gyinabea hɔ anɔpa 6:00. Ankyɛ koraa na yesii mu kɔɔ asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Yokohama no. Yɛkɔɔ asɛnka saa da no ara.

Yetumi Kɔɔ Korea

Bere bi akyi no, wɔmaa yɛn tumi krataa a yɛde bɛkɔ Republic of Korea. Wɔ March 7, 1955 no, yɛfaa wimhyɛn fii Haneda Amanaman Ntam Wimhyɛn Gyinabea a ɛwɔ Tokyo no, na yedii nnɔnhwerew abiɛsa wɔ wim ansa na yɛredu Yoido Wimhyɛn Gyinabea a ɛwɔ Seoul no. Adansefo a wɔyɛ Koreafo bɛboro 200 behyiaa yɛn, na yɛn ani gyei ma yesui. Saa bere no, na Adansefo a wɔwɔ Korea man no mu nyinaa yɛ 1,000 pɛ. Sɛnea Atɔe famfo pii adwene yɛn wɔn no, na yesusuw sɛ Apuei famfo nyinaa sesɛ, na wɔyɛ wɔn nneɛma nyinaa pɛ ɛmfa ho ɔman a wofi mu. Nanso, ankyɛ koraa na yehui sɛ ɛnte saa. Koreafo wɔ kasa a wɔka, ne nkyerɛwde a wɔde kyerɛw wɔn kasa, ne sɛnea wɔnoa wɔn nnuan, na saa ara nso na ɛsono sɛnea wɔte wɔ nipaduam, ɛsono ntade a wɔhyɛ, ne nneɛma foforo a wɔn nkutoo na wɔyɛ, na ebi ne sɛnea wosi wɔn adan.

Asɛnnennen a yedii kan hyiae ne kasa no a na yebesua. Ná yenni nhoma biara a yɛde besua Korea kasa no. Ankyɛ na yehui sɛ yɛrentumi mfa ɛnne nnyigyei a yɛde ka Borɔfo kasa no nsua sɛnea wɔbobɔ Korea kasa nsɛmfua din no pɛpɛɛpɛ. Sɛ obi betumi ahu sɛnea wɔbobɔ Korea kasa no nsɛmfua din yiye a, gye sɛ osua Korea kasa no nkyerɛwde.

Yedii mfomso ahorow wɔ kasa no ka mu. Sɛ nhwɛso no, Liz ka kyerɛɛ ofiewura bi sɛ ɔnkɔfa Bible mmra. Asɛm no yɛɛ ofiewura no nwonwa ma ɔhwɛɛ Liz anim dinn, na ɔkɔfaa mankyese adaka bae. Sɛ́ anka Liz bɛka akyerɛ no sɛ ɔmfa sungkyung a ɛkyerɛ “Bible” mmra no, sɛɛ sungnyang (a ɛkyerɛ mankyese) mmom na ɔkae.

Asram kakraa bi akyi no, wɔma yekobuee asɛmpatrɛwfo fie foforo wɔ Pusan a ɛyɛ kurow a ɛwɔ mpoano wɔ ɔman no anafo fam no mu. Yetumi hanee adankora nketewa abiɛsa ma yɛne anuanom mmea baanu a wɔmaa yɛne wɔn dwumadi wɔ hɔ no traa mu. Ná nsu a ɛnam durubɛn mu nni adan no mu, na na agyananbea a wɔde nsu pia nso nni hɔ. Anadwo nkutoo na na nsu no ano yɛ den ma etumi fa durubɛn mu foro du abansoro dan a ɛto so abien no so. Enti, yɛkyekyɛɛ nsu no bu, na obiara a ebedu no so no, na ɔsɔre anɔpatutuutu bubu bi si hɔ. Ná ɛsɛ sɛ yɛnoa nsu no anaasɛ yɛde aduru gu mu kunkum yare mmoawa a wɔwom no ansa na ayɛ nsu pa a yebetumi anom.

Yehyiaa nsɛnnennen foforo nso. Ná anyinam ahoɔden a ɛwɔ hɔ no ano nyɛ den koraa ma enti na yentumi mfa afiri nhoro yɛn nneɛma, na na yentumi nso nto yɛn nneɛma. Ná abrannaa no so ne yɛn gyaade, na ade a na esi hɔ ara ne krasin sutof. Ankyɛ koraa na yɛn mu biara huu sɛnea ɔbɛnoa aduan wɔ ɛda a wɔde ama no no. Bere a yedii mfe abiɛsa wɔ hɔ no, me ne Liz nyinaa nyaa mmerɛbo mu yare. Saa bere no, asɛmpatrɛwfo dodow no ara na wonyaa saa yare no bi. Edii asram pii ansa na yɛn ho retɔ yɛn, na nyarewa foforo nso bɔɔ yɛn.

Yɛboaa Wɔn Ma Wodii Akwanside Ahorow So

Mfe 55 a atwam ni no, Korea supɔw no abɛyɛ baabi a amanyɔsɛm mu basabasayɛ kɔ so paa wɔ Asia no mu biako. Ɔhye a asraafo bɔ ho ban paa na wɔde akyɛ supɔw no mu abien. Ɔhye no da Republic of Korea ahenkurow Seoul atifi fam kilomita 55. Wɔ afe 1971 mu no, Frederick Franz a ofi Brooklyn adwumayɛbea ti no bɛsraa yɛn. Me ne no kɔɔ ɔhye a asraafo bɔ ho ban sen biara wɔ asase so no so. Mfe pii a atwam no, Amanaman Nkabom mpanyimfo ne aman abien no mu biara aban ananmusifo akɔyɛ nhyiam wɔ ɔhye no so mpɛn pii.

Nokwarem no, yɛmmfa yɛn ho nnhyehyɛ wiase no amanyɔsɛm mu, na nea ɛrekɔ so wɔ Korea supɔw no so no nso ka ho. (Yoh. 17:14) Esiane sɛ Adansefo nkɔ ɔko nti, wɔde Adansefo a wɔyɛ Koreafo bɛboro 13,000 agu afiase mfe 26,000. (2 Kor. 10:3, 4) Anuanom mmerantewa a wɔwɔ Korea nyinaa nim sɛ wobehyia saa ɔhaw yi, nanso wonsuro. Ɛyɛ awerɛhow sɛ aban no bebu wɔn sɛ wɔyɛ Kristofo “nsɛmmɔnedifo,” a wɔn “bɔne” ara ne sɛ Kristofo a wɔyɛ nti, wɔmmfa wɔn ho nnhyehyɛ amanyɔsɛm mu.

Bere a Wiase Ko II no rekɔ so wɔ afe 1944 mu no, me nso mankɔ sraadi ma enti wɔde me too afiase mfe abien ne fã wɔ afiase a ɛwɔ U.S. kurow Lewisburg a ɛwɔ Pennsylvania mu no. Enti, ɛwom sɛ yɛn nuanom Koreafo no ahu amane paa wɔ afiase de, nanso nea Adansefo mmerantewa no refa no mu bi ato me pɛn. Sɛ wɔn mu pii hu sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ Korea no afa tebea a ɛte saa mu pɛn a, ɛhyɛ wɔn nkuran paa.—Yes. 2:4.

Yehyiaa Sɔhwɛ Bi

Ɔfã biara a yɛn ankasa yennyina wɔ amanyɔsɛm mu no ho asɛm bi sɔree wɔ afe 1977 mu. Ɔman no mu mpanyimfo nyaa adwene sɛ yɛn na yɛka kyerɛɛ mmerantewa a wɔwɔ Korea no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔ sraadi kosua akodi. Enti, aban no sii gyinae sɛ biribiara nni hɔ a sɛ ɛma asɛmpatrɛwfo no fi ɔman no mu a, wɔbɛma wɔasan aba mu bio. Saa anohyeto yi kɔɔ so ara fi afe 1977 kosii afe 1987. Enti, sɛ yefii Korea man no mu saa mfe no mu a, anka wɔamma yɛansan amma ɔman no mu bio. Ne saa nti, yɛankɔ yɛn kurom ankɔsra yɛn abusuafo mpo wɔ saa mmere no mu.

Yɛne aban mpanyimfo no hyiae mpɛn pii, na yɛkyerɛkyerɛɛ ɔfã biara a yennyina wɔ amanyɔsɛm mu sɛ Kristo akyidifo no mu kyerɛɛ wɔn. Awiei koraa no, wobehui sɛ na wɔrentumi nhunahuna yɛn bio, enti mfe du akyi no, woyii anohyeto no fii yɛn so. Wɔ saa mfe no mu no, asɛmpatrɛwfo mmarima ne mmea kakraa bi pɛ na wofii ɔman no mu esiane yare nti, nanso yɛn a yɛaka no de, yɛkɔɔ so traa ɔman no mu, na yɛn ani agye sɛ yɛyɛɛ saa.

Wɔ afe 1980 mfe no mfinimfini mu no, asɔretiafo no bɔɔ akwankyerɛfo a wɔda yɛn mmara kwan so kuw no ano no sobo sɛ ɛyɛ wɔn na wɔkyerɛkyerɛ yɛn mmerante no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔ sraadi no. Ɛno nti, aban no frɛɛ yɛn mu biara bisabisaa no nsɛm. Wɔ January 22, 1987 no, aban mmaranimfo no hui sɛ sobo a wɔde abɔ yɛn no nyɛ nokware. Eyi boaa yɛn ma yesiesiee adwene biara a ɛnteɛ a na wobetumi anya wɔ yɛn ho akyiri yi no.

Onyankopɔn Ahyira Yɛn Adwuma no So

Esiane sɛ yennyina ɔfã biara wɔ amanyɔsɛm mu nti na na wɔsɔre tia asɛnka adwuma a na yɛyɛ wɔ Korea no denneennen no. Enti, ɛbɛyɛɛ den paa sɛ na yebenya baabi a ɛfata de ayɛ yɛn nhyiam akɛse. Ɛno nti, Adansefo no yɛɛ ho biribi sii Nhyiam Asa wɔ Pusan, na ɛno ne nea edi kan koraa a wosii wɔ Asia Apuei fam. Minyaa hokwan maa ɔkasa a wɔde buee ɔdan no ano no wɔ April 5, 1976, kyerɛɛ atiefo 1,300.

Efi afe 1950 no, wɔde United States asraafo pii kɔ Korea ma wokodi mmere bi wɔ hɔ. Bere a asraafo no san kɔɔ United States no, wɔn mu pii abɛyɛ Adansefo a wɔyɛ nsi. Yɛtaa nya nkrataa fi wɔn hɔ, na yebu no sɛ ɛyɛ nhyira sɛ yɛaboa wɔn ma wɔabehu Yehowa.

Awerɛhosɛm ne sɛ, me hokafo a medɔ no, Liz, wui wɔ September 26, 2006. M’ani agyina no paa. Mfe 51 a odii wɔ ha no, ɔde anigye yɛɛ adwuma biara a wɔde maa no no, na wannwiinwii da. Wanka, anaa wanyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔsan kɔ United States, ɔman a ɔkae sɛ na ɔmpɛ sɛ ofi hɔ da no!

Meda so ara resom sɛ Betel abusua a ɛwɔ Korea no muni. Abusua a na anka mfe bi a atwam no, na emu nnipa nnɔɔso no, ɛnnɛ yɛn dodow abɛyɛ 250. Manya hokwan resom sɛ Baa Boayikuw mufo baason a wɔrehwɛ adwuma no so wɔ Korea no mu biako.

Bere a yeduu Korea no, na ɔman no di hia buruburoo, nanso seesei ɛyɛ aman a edi yiye paa wɔ wiase no mu biako. Adansefo bɛboro 95,000 na wɔwɔ Korea, na wɔn mu bɛyɛ ɔha biara mu 40 na wɔreyɛ daa akwampae adwuma, anaa akwampaefo aboafo. Eyinom nyinaa ka nneɛma a ɛma m’ani sɔ sɛ meresom Onyankopɔn wɔ ha no ho, na mahu sɛ Onyankopɔn nguan no redɔɔso.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Bere a yɛne yɛn mfɛfo asɛmpatrɛwfo duu Korea

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yɛresom wɔ Pusan

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne Onua Franz wɔ ɔhye a asraafo bɔ ho ban no so, 1971

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne Liz, ankyɛ na owui

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Korea Baa Dwumadibea, baabi a meresom sɛ Betel abusua no muni