Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yensi Yɛn Bo Sɛ Yebedi Adanse Fefeefe

Momma Yensi Yɛn Bo Sɛ Yebedi Adanse Fefeefe

Momma Yensi Yɛn Bo Sɛ Yebedi Adanse Fefeefe

“Ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka [asɛmpa no] nkyerɛ nnipa no na yenni adanse fefeefe.”—ASO. 10:42.

1. Bere a Petro rekasa akyerɛ Kornelio no, adwuma bɛn na osii so dua?

ITALIA sraani panyin no boaboaa n’abusuafo ne ne nnamfo ano, na ɛno na ɛmaa nsakrae kɛse baa sɛnea Onyankopɔn ne nnipa di no mu. Ná saa ɔbarima a osuro Onyankopɔn no ne Kornelio. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ nnipa a na wɔahyiam no sɛ, wɔahyɛ asomafo no sɛ ‘wɔnka Yesu ho asɛm nkyerɛ nnipa no, na wonni no ho adanse fefeefe.’ Adanse a Petro dii no sow aba pii. Ɛmaa Amanaman mufo a wontwaa twetia no nyaa honhom kronkron, wɔbɔɔ wɔn asu, na wobenyaa anidaso sɛ wɔne Yesu bedi hene wɔ soro. Hwɛ sɛnea ade pa fii adanse fefeefe a Petro dii no mu bae!—Aso. 10:22, 34-48.

2. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ asomafo 12 no nkutoo na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonni adanse?

2 Saa asɛm no sii wɔ afe 36 Y.B. mu. Bɛyɛ mfe abien ansa na saa asɛm no resi no, na asɛm bi ato ɔbarima bi a na ɔsɔre tia Kristosom denneennen no ma w’asesa n’abrabɔ. Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Saul a ofi Tarso no, na Saul nam kwan so rekɔ Damasko, na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre na kɔ kurow no mu, na wɔbɛka nea ɛsɛ sɛ woyɛ akyerɛ wo.” Yesu ka kyerɛɛ osuani Anania sɛ Saul bedi “amanaman ne ahemfo ne Israel mma” adanse. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 9:3-6, 13-20.) Anania ka kyerɛɛ Saul sɛ: ‘Yɛn agyanom Nyankopɔn apaw wo, efisɛ wo na wubedi no ho adanse akyerɛ nnipa nyinaa ama no.’ (Aso. 22:12-16) Ɔkwan bɛn so na Saul a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Paulo no faa adanse a na obedi no aniberesɛm?

Odii Adanse Fefeefe Ampa!

3. (a) Asɛm pɔtee bɛn na yɛde yɛn adwene besi so? (b) Dɛn na Efeso asafo no mu mpanyimfo no yɛe wɔ Paulo nkra no ho, na nhwɛso pa bɛn na wɔyɛ maa yɛn?

3 Yɛn ani begye ho sɛ yebehu adwuma a Paulo yɛe wɔ ɛno akyi no nyinaa, nanso seesei de, ma yɛmfa yɛn adwene nsi ɔkasa bi a Paulo mae wɔ bɛyɛ afe 56 Y.B. mu a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma ti 20 no so. Paulo maa saa kasa yi bere a aka kakra ma wawie n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no. Ná Paulo fi Po so hyɛn mu asi wɔ Mileto a ɛyɛ kurow a ɛda mpoano wɔ Aegean Po ho no, na na wasoma sɛ wɔnkɔfrɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no mmra. Ná efi Mileto rekɔ Efeso no bɛyɛ kilomita 50, ná ɔkwan no ware, na na ɛnwonwan nso. Nanso, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no ani gyei bere a wɔtee Paulo nkra no. (Fa toto Mmebusɛm 10:28 ho.) Ɛwom sɛ wɔn ani gyei de, nanso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe twa kwan kɔ Mileto. So na ɛsɛ sɛ wɔn mu binom srɛ kwan wɔ adwumam, anaasɛ wɔtoto wɔn sotɔɔ mu ansa na wɔakɔ? Kristofo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nso yɛ saa ara sɛnea ɛbɛyɛ a afe afe ɔmantam nhyiam no fã biako mpo rempa wɔn ti so.

4. Bere a Paulo traa Efeso mfe bi no, adwuma bɛn na ɔyɛe?

4 Ansa na mpanyimfo no reba no, wususuw sɛ dɛn na Paulo yɛe wɔ Mileto nnansa anaa nnanan a ɔde twɛn wɔn wɔ hɔ no? Sɛ ɛyɛ wo a, dɛn na anka wobɛyɛ? (Fa toto Asomafo Nnwuma 17:16, 17 ho.) Asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Efeso asafo mu mpanyimfo no ma yehu mmuae no. Ɔkaa ɔkwan a na wafa so ayɛ asɛnka adwuma no mfe pii, a nea na wadi kan ayɛ wɔ Efeso no nso ka ho no ho asɛm. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 20:18-21.) Esiane sɛ na Paulo nim sɛ obiara ntumi nnye no kyim wɔ asɛm a na ɔrebɛka no ho nti, ɔkae sɛ: “Munim sɛnea efi da a edi kan a mebaa Asia mantam mu no, . . . midii adanse . . . fefeefe.” Nokwarem no, na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ adwuma a Yesu de maa no no. Akwan bɛn na ɔfaa so yɛɛ saa adwuma yi wɔ Efeso? Ɔkwan biako ne sɛ, odii Yudafo adanse, na ɔkɔhwehwɛɛ wɔn wɔ baabi a na obehu wɔn mu pii no. Luka bɔ amanneɛ sɛ bere a na Paulo wɔ Efeso wɔ bɛyɛ afe 52-55 Y.B. mu no, ‘ɔmaa kasa ahorow a ɛtɔ asom’ wɔ hyiadan mu. Bere a Yudafo no “pirim wɔn koma a wɔannye anni” no, Paulo de n’adwene kɔɔ afoforo so, na otu kɔtraa kurow no fã baabi, nanso ɔkɔɔ so kaa asɛm no. Enti, ɔnam saa a ɔyɛe no so dii Yudafo ne Helafo nyinaa adanse wɔ saa kurow kɛse no mu.—Aso. 19:1, 8, 9.

5, 6. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ bere a Paulo kaa asɛm no wɔ afie afie mu no, ɔkaa bi kyerɛɛ wɔn a wonnye nni?

5 Bere bi akyi no, wɔn a Paulo kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn wɔ Mileto ma wɔbɛyɛɛ Kristofo no mu bi bɛyɛɛ asafo mu mpanyimfo. Paulo kaee wɔn ɔkwan a na wafa so adi adanse no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mamfa nea mfaso wɔ so a ɛsɛ sɛ meka kyerɛ mo biara ne kyerɛ a ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ mo baguam ne afie mu no ankame mo.” Wɔ yɛn bere yi so no, ebinom aka sɛ nea na Paulo reka ho asɛm wɔ ha no fa gyidifo a na ɔkɔsrasra wɔn no ho. Nanso, ɛnte saa. Asɛm a ɔkae sɛ ‘mekyerɛkyerɛ baguam ne afie mu’ no fa asɛmpaka adwuma a na wɔyɛ wɔ wɔn a wɔnyɛ gyidifo mu no ho titiriw. Eyi da adi pefee wɔ asɛm a edi hɔ a ɔkae no mu. Paulo kae sɛ ná wadi ‘Onyankopɔn fam adwensakra ne yɛn Awurade Yesu mu gyidi ho adanse akyerɛ Yudafo ne Helafo nyinaa.’ Ɛda adi pefee sɛ, na Paulo redi wɔn a na wɔnyɛ gyidifo a na ɛho hia sɛ wɔsakra wɔn adwene na wonya Yesu mu gyidi no adanse.—Aso. 20:20, 21.

6 Bere a ɔbenfo bi hwehwɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu kɔɔ akyiri no, ɔkaa Asomafo Nnwuma 20:20 ho asɛm sɛ: “Ná Paulo atra Efeso mfe abiɛsa. Ɔkɔɔ ofie biara mu, anaasɛ anyɛ yiye koraa no, ɔkaa asɛm no kyerɛɛ nnipa no nyinaa, (nkyekyɛm 26). Eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ, Kyerɛwnsɛm no pene asɛmpaka adwuma a wɔyɛ no afie afie mu ne nea wɔka wɔ baguam nhyiam ahorow ase no nyinaa so.” Sɛ́ ebia Paulo kɔɔ ofie biara mu ankasa sɛnea ɔbenfo no kae no anaasɛ wankɔ no, na Paulo mpɛ sɛ Efeso asafo mu mpanyimfo no werɛ fi adanse a na wadi ne nea na afi mu aba no. Luka bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn a wɔte Asia mpɔtam nyinaa tee Awurade asɛm no, Yudafo ne Helafo nyinaa.” (Aso. 19:10) Nanso, na ɛbɛyɛ dɛn na Asiafo “nyinaa” atumi ate asɛm no, na dɛn na eyi betumi ama yɛahu wɔ adanse a yedi no ho?

7. Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a Paulo dii wɔn adanse tẽẽ no nkutoo na wonyaa so mfaso?

7 Asɛnka adwuma a Paulo yɛe wɔ baguam ne afie afie mu no maa nnipa pii tee asɛmpa no. So wugye di sɛ wɔn a wɔtee asɛmpa no nyinaa traa Efeso a enti wɔn mu biara antu ankɔ baabi foforo ankɔyɛ adwuma, wɔankɔ wɔn abusuafo nkyɛn, anaasɛ wɔantu amfi kurow kɛse no mu ankɔpɛ baabi a wɔn asom bedwo wɔn antra? Entumi mma saa da. Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ atutu akwan esiane saa nneɛma yi nti; ebia wo nso woatu kwan saa ara. Afei nso, saa bere no, na nkurɔfo fi mmeae foforo ba Efeso begye wɔn ani anaasɛ wobedi gua. Ɛbɛyɛ sɛ bere a na wɔwɔ Efeso no, wohyiaa Paulo anaasɛ wɔtee sɛ ɔredi adanse. Bere a wɔsan kɔɔ wɔn kurom no, wususuw sɛ dɛn na wɔbɛyɛ? Ná wɔn a wɔagye nokware no bedi adanse. Ebetumi aba sɛ afoforo nso ammɛyɛ gyidifo, nanso ɛda adi sɛ wɔkaa nea wɔtee bere a na wɔwɔ Efeso no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Enti, wɔn abusuafo, wɔn afipamfo, anaa nnipa a wɔne wɔn di gua no tee nokware no ho asɛm, na ɛbɛyɛ sɛ ebinom gye dii. (Fa toto Marko 5:14 ho.) Dɛn na eyi ma wuhu fa sɛnea adanse fefeefe a wudi no betumi asow aba no ho?

8. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ dɛn na nnipa a wɔwɔ Asia mantam mu no tee nokware no ho asɛm?

8 Paulo kyerɛw ɔsom adwuma a odii kan kɔyɛe wɔ Efeso no ho asɛm sɛ, ‘wɔabue dwumadi kɛse bi pon ama no.’ (1 Kor. 16:8, 9) Ɛyɛ ɔpon bɛn, na ɔkwan bɛn so na wobue maa no? Ɔsom adwuma a Paulo kɔɔ so yɛe wɔ Efeso no maa asɛmpa no mu trɛwee. Susuw nkurow abiɛsa te sɛ Kolose, Laodikea, ne Hierapoli a na enni mpoano te sɛ Efeso a na ɛda mpoano no ho hwɛ. Paulo ankɔ saa nkurow no mu da, nanso wɔtee asɛmpa no wɔ hɔ. Ná Epafra fi saa mpɔtam hɔ. (Kol. 2:1; 4:12, 13) So Epafra tee sɛ na Paulo redi adanse wɔ Efeso ɛnna ɔbɛyɛɛ Kristoni? Bible no nka no tẽẽ. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ Epafra sii Paulo ananmu kaa nokware no ho asɛm wɔ ne kurom hɔ. (Kol. 1:7) Ɛbɛyɛ sɛ Kristofo asɛm no duu nkurow te sɛ Filadelfia, Sardi, ne Tiatira wɔ mfe a na Paulo redi adanse wɔ Efeso no nso.

9. (a) Dɛn na na Paulo pɛ sɛ ofi ne komam yɛ? (b) Dɛn ne afe 2009 afe asɛm no?

9 Ne saa nti, na Efeso asafo mu mpanyimfo no wɔ adanse a edi mũ a enti ɛsɛ sɛ wogye Paulo asɛm a ɔkae yi tom. Ɔkae sɛ: “Me kra ho nhia me pii sɛ wie a mewie me mmirikatu ne ɔsom adwuma a minya fii Awurade Yesu hɔ sɛ minni Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanse fefeefe no.” Nsɛm a ɛhyɛ nkuran na ɛka koma wɔ saa kyerɛwsɛm a wɔde ayɛ afe 2009 afe asɛm no mu. Afe asɛm no ne: ‘Di asɛmpa no ho adanse fefeefe.’—Aso. 20:24.

Adanse Fefeefe a Yebedi no Nnɛ

10. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi adanse fefeefe?

10 Asomafo no akyi no, wɔde ahyɛde maa afoforo nso sɛ ‘wɔnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa no na wonni adanse fefeefe.’ Bere a Yesu a wɔanyan no afi awufo mu ne asuafo a na wɔahyiam wɔ Galilea a na wɔn dodow bɛyɛ 500 no kasae no, ɔmaa wɔn ahyɛde sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” Saa ahyɛde no fa nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa ho, sɛnea Yesu asɛm a edi hɔ yi kyerɛ no: “Hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.”—Mat. 28:19, 20.

11. Adwuma a ɛho hia bɛn na wonim sɛ Yehowa Adansefo yɛ?

11 Kristofo a wɔyɛ nsi kɔ so di saa ahyɛde no so, na wɔrebɔ mmɔden sɛ ‘wobedi asɛmpa no ho adanse fefeefe.’ Ɔkwan titiriw a wɔfa so di adanse no ne nea Paulo kaa ho asɛm kyerɛɛ Efeso asafo mu mpanyimfo no, na ɛno ne afie afie asɛnka adwuma no. David G. Stewart, Jr., kae wɔ afe 2007 nhoma bi a ɛka akwan a wɔfa so yɛ asɛmpatrɛw adwuma ma etu mpɔn ho asɛm no mu sɛ: “Ɔkwan a Yehowa Adansefo fa so kyerɛkyerɛ ankorankoro ma wohu sɛnea wɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo no tu mpɔn koraa sen nsusuwii hunu a emu nna hɔ [a nkurɔfo gyina wɔn asɛnka agua so ka no]. Wɔ Yehowa Adansefo pii fam no, wɔn gyidi ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no ne adwuma a wɔn ani gye ho sen biara.” Dɛn na afi asɛnka adwuma a Adansefo no yɛ no mu aba? Ɔtoaa so sɛ: “Wɔ afe 1999 mu no, nnipa a mibisabisaa wɔn nsɛm wɔ Europa Apuei fam ahenkurow abien mu ɔha biara mu 2 kosi 4 pɛ na wɔkae sɛ Latter-day Saintsfo anaa ‘Mormon’ asɛmpatrɛwfo aba wɔn nkyɛn pɛn. Nnipa a mibisabisaa wɔn nsɛm no mu bɛboro ɔha biara mu 70 na wɔkae sɛ Yehowa Adansefo aba wɔn nkyɛn pɛn, na wɔn mu dodow no ara kae sɛ, wɔne wɔn akasa mpɛn pii.”

12. (a) Dɛn nti na yɛkɔ afie a ɛwɔ yɛn asasesin mu no mu “mpɛn pii”? (b) Wubetumi aka osuahu bi a ɛfa obi a wasesa ne su wɔ asɛm a yɛka no ho?

12 Ebia, saa ara na nnipa a wɔte wo mpɔtam hɔ no nso ahu. Na ɛda adi sɛ woka ho bi na ama wɔahu no saa. Bere a ‘wokɔ nkurɔfo nkyɛn’ wɔ afie afie asɛnka mu no, woakasa akyerɛ mmarima, mmea, ne mmabun wɔ wɔn pon ano. Ɛwom mpo sɛ ebia woakɔ ebinom nkyɛn “mpɛn pii” de, nanso wontiee asɛm no. Ebia, afoforo nso atie kakra bere a wokaa Bible anaa Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi kyerɛɛ wɔn no. Nanso, woatumi adi afoforo adanse yiye, na wɔatie asɛm no. Yebetumi ahyia tebea ahorow a yɛaka ho asɛm yi nyinaa bi bere a ‘yɛredi asɛmpa no ho adanse fefeefe’ no. Sɛnea ebia wunim no, nnipa pii wɔ hɔ a yɛakɔ wɔn nkyɛn “mpɛn pii” a wɔantie asɛmpa no, nanso akyiri yi wɔsesae. Ebia, asɛm bi too wɔn ankasa anaa wɔn dɔfo bi, na ɛno na ɛma wobuee wɔn adwene ne wɔn koma mu gyee nokware no. Seesei, wɔyɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea. Enti, sɛ nnansa yi wunnya nnipa pii mma wontie asɛmpa no mpo a, mpa abaw. Yɛnhwɛ kwan sɛ obiara bɛba nokware no mu. Nanso nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛde nsi ne nnamyɛ bɛkɔ so adi adanse fefeefe.

Nea Ebetumi Afi Mu Aba a Yɛrenhu

13. Ɔkwan bɛn so na adanse a yedi no betumi asow aba a ebia yɛrenhu?

13 Ɛnyɛ nnipa a Paulo boaa wɔn tẽẽ ma wɔbɛyɛɛ Kristofo no nkutoo na wonyaa asɛnka adwuma a ɔyɛe no so mfaso; na saa ara nso na ɛnyɛ nnipa a yɛn nso yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no nkutoo na wonya so mfaso. Yɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no daa, na yedi nnipa pii adanse sɛnea yebetumi. Yɛka asɛmpa no kyerɛ yɛn afipamfo, yɛn mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, ne yɛn abusuafo. So yehu mfaso a efi asɛnka adwuma a yɛyɛ no mu ba no nyinaa? Wɔ ebinom fam de, ebia asɛm no a yɛka kyerɛ wɔn no bɛsow aba ntɛm ara. Na wɔ tebea afoforo mu no, ebia nokware aba no remfifi kosi bere bi, nanso akyiri yi, egye ntini wɔ onipa foforo koma a ɛte sɛ dɔte no mu na enyin. Sɛ amma saa mpo a, ebia nkurɔfo a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no bɛka nea yɛka kyerɛɛ wɔn, yɛn gyidi, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade no ho asɛm akyerɛ afoforo. Nokwarem no, ebetumi aba sɛ wobegu aba no ma afifi wɔ obi foforo koma mu a wɔn ankasa nnim.

14, 15. Dɛn na efii adanse a onua bi dii mu bae?

14 Ma yɛmfa Ryan ne ne yere Mandi a wɔte Florida, U.S.A. no sɛ nhwɛso biako pɛ. Ryan dii ne yɔnko dwumayɛni bi adanse wɔ adwumam. Ryan yɔnko dwumayɛni no a na ɔyɛ Hinduni no ani gyee ɔkwan a na Ryan fa so siesie ne ho ne sɛnea na ɔkasa no ho. Bere a Ryan ne no rebɔ nkɔmmɔ no, nneɛma a wosusuw ho no bi ne owusɔre ne tebea a awufo wom. Da koro anwummere bi wɔ January mu no, owura no bisaa ne yere Jodi nea onim fa Yehowa Adansefo ho. Ná Jodi yɛ Katolekni, na ɔkae sɛ nea onim fa Adansefo no ho ara ne sɛ “wɔka asɛm wɔ afie afie mu.” Enti, Jodi bɔɔ asɛm a ɛne “Jehovah’s Witnesses” hyɛɛ Intanɛt so, na ɛde no kɔɔ yɛn Dwumadibea a ɛne Web site www.watchtower.org., no. Jodi de bɛyɛ asram kakra kenkan yɛn nhoma a na Bible no ne nsɛm bi a n’ani gye ho ka ho wɔ Intanɛt so.

15 Bere bi akyi no, esiane sɛ Jodi ne Mandi nyinaa yɛ ayarehwɛfo nti, wohyiae wɔ baabi. Mandi de anigye buaa nsɛm a Jodi bisaa no no. Akyiri yi, wɔbɔɔ Bible mu nsɛm pii ho nkɔmmɔ. Jodi penee so ma ɔne no yɛɛ Bible adesua. Ankyɛ na Jodi fii ase kɔɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Jodi bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu wɔ October mu, na wɔbɔɔ no asu wɔ February mu. Jodi kyerɛwee sɛ: “Seesei, nokware no a mahu no ama manya anigye ne abotɔyam paa wɔ m’asetram.”

16. Dɛn na osuahu a onua bi a ɔwɔ Florida nyae no ma yehu fa mmɔden a yɛbɔ sɛ yebedi adanse fefeefe no ho?

16 Ná Ryan nnim da sɛ adanse a odii ɔbarima biako no bɛma obi foforo aba nokware no mu. Nokwarem no, wɔ Ryan asɛm no mu de, ohuu nea a efii ne bo a osi ‘dii adanse fefeefe’ no mu bae no. Nanso, ebetumi aba sɛ wudi adanse wɔ afie afie, adwumam, sukuu mu, anaa bɔnnɔ so, na saa kwan yi na ɛma asɛmpa no trɛw kɔ afoforo nkyɛn a wunnim. Sɛnea Paulo anhu aba a adanse a odii wɔ “Asia mantam” mu soe no nyinaa no, saa ara na ebia wo nso worenhu nneɛma pa a efi adanse fefeefe a wudi no mu ba no nyinaa. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 23:11; 28:23.) Nanso, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ wokɔ so ka asɛm no!

17. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ afe 2009 mu?

17 Ɛmmra sɛ, yɛn nyinaa bɛfa adwuma a wɔde ama yɛn sɛ yenni adanse wɔ afie afie ne akwan foforo so wɔ afe 2009 yi mu no aniberesɛm. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi aka asɛm a Paulo kae yi bi sɛ: “Me kra ho nhia me pii sɛ wie a mewie me mmirikatu ne ɔsom adwuma a minya fii Awurade Yesu hɔ sɛ minni Onyankopɔn adom ho asɛmpa no ho adanse fefeefe no.”

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Paulo ne afoforo dii adanse fefeefe wɔ afeha a edi kan no mu?

• Dɛn nti na nea efi adanse a yedi mu ba no so betumi aba mfaso pii asen nea yenim?

• Dɛn ne afe 2009 afe asɛm no, na dɛn nti na wote nka sɛ ɛfata?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Afe 2009 afe asɛm no ne: ‘Di asɛmpa no ho adanse fefeefe.’ —Aso. 20:24.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ná Efeso asafo mu mpanyimfo no nim sɛnea na Paulo di adanse wɔ afie afie mu no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Adanse fefeefe a wudi no bɛyɛ adwuma akodu he?