Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔka kyerɛɛ Yudafo no wɔ Nehemia 8:10 sɛ ‘wonni sradenam,’ nanso Mmara a ɛwɔ Leviticus 3:17 no ka sɛ: “Munnni srade.” Ɔkwan bɛn so na saa nsɛm yi betumi ahyia?

Wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible mu no, na ɛsono asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “sradenam” wɔ Nehemia 8:10 no, ɛnna ɛsono asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “srade” wɔ Leviticus 3:17 no nso. Hebri asɛmfua cheʹlev, a wɔkyerɛɛ ase “srade” wɔ Leviticus 3:17 no fa mmoa anaa nnipa srade ho. (Lev. 3:3; Atem. 3:22) Nea Leviticus 3:17 ka ho asɛm no ma yehu sɛ, na ɛnsɛ sɛ Israelfo di srade a ɛwɔ mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre no nsono ne wɔn asaabo ho, na saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wodi srade a ɛwɔ mmoa no sisi akyi no, efisɛ “srade no nyinaa yɛ [Yehowa, NW] dea.” (Lev. 3:14-16) Enti, na ɛnsɛ sɛ wodi mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre ma Yehowa no srade.

Nanso, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “sradenam” wɔ Nehemia 8:10 no ne mash·man·nimʹ, na ɛhɔ nkutoo na epue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Na efi adeyɛ asɛm sha·menʹ, a nea ɛkyerɛ ne sɛ “wobɛyɛ kɛse, anaa wobɛdɔ srade” mu. Ɛte sɛ nea ntease titiriw a ɛwɔ nsɛmfua a ɛne saa adeyɛ asɛm yi di nsɛ mu no reyɛ afa yiyedi ne asetra pa ho no. (Fa toto Yesaia 25:6 ho.) Nsɛmfua a wonya fii saa adeyɛ asɛm yi mu biako paa ne sheʹmen, na wɔtaa kyerɛ ase “ngo,” na “ngodua ngo” nso ka ho. (Deut. 8:8; Lev. 24:2) Ɛte sɛ nea sɛnea wɔde asɛmfua mash·man·nimʹ  di dwuma wɔ Nehemia 8:10 no fa aduan a wɔde ngo pii yɛ ho no, na ebetumi aba mpo sɛ ɛfa nam a srade kakra wɔ ho ho, nanso ɛmfa srade a ɛfomfam mmoa nam ho no ho.

Ɛwom sɛ wɔbaraa Israelfo no sɛ mma wonnni srade a ɛfomfam mmoa nam ho de, nanso na wobetumi adi aduan a ahoɔden wom na ɛyɛ dɛ. Ná wotumi de atosode mu ngo, mpɛn pii no, ngodua ngo tõ awi keeki, na ɛnyɛ mmoa srade. (Lev. 2:7) Ɛno nti, Insight on the Scriptures nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “sradenam” a wɔde di dwuma wɔ ha no fa “aduan fã a ahoɔden wom ho, ɛnyɛ biribi a ɛyɛ wesee anaa emu nsu atwe, na mmom, nea ɛyɛ sɔkyee, na nea ɛka ho bi ne nnuan a ɛyɛ dɛ a wɔde atosode ngo yɛ.”

Nokwarem no, Kristofo ma ɛtra wɔn adwenem sɛ, na srade a wɔbarae sɛ ɛnsɛ sɛ wodi no ka Mose Mmara no ho. Kristofo nni Mose Mmara no ase, na nea ɛfa mmoa afɔrebɔ ho no nso ka ho.—Rom. 3:20; 7:4, 6; 10:4; Kol. 2:16, 17.