Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka “kasa kronn” a ɛno ne nokware a ɛfa Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho no yiye? (Sef. 3:9)

Sɛnea kasa biara te no, sɛ yebetumi aka “kasa kronn” no yiye a, ɛsɛ sɛ yetie kasa no yiye, yesuasua wɔn a wonim kasa no ka yiye no, yɛkyere Bible mu nhoma din ne Bible nkyekyɛm bi gu yɛn tirim, yetĩ nneɛma a yesua no mu, kenkan ade den, yɛhwehwɛ kasa no mmara, anaa nokware no ho nnyinasode no mu, yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya nkɔso, yegye bere sua ade, na yesua kasa kronn no ‘ka.’—8/15, kratafa 21-25.

• Nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yenim sɛnea Onyankopɔn te no bi ne dɛn?

“Ne din ne Yehowa,” na ɔpɛ sɛ yehu sɛ ne din ne no. (Ex. 15:3, NW) Ɔno ne “ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no.” (2 Kor. 13:11) Yehowa yɛ “Onyankopɔn nimdefo” ne “nkwagye” Nyankopɔn. (1 Sam. 2:3; Dw. 25:5) Enti, Onyankopɔn bɛbɛn wɔn a wonim no no.—9/1, kratafa 4-7.

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi de “hama a ɛbɔ ho abiɛsa” aka aware ho asɛm?

Asɛm a ɛne “hama a ɛbɔ ho abiɛsa” no yɛ kasakoa. (Ɔsɛnk. 4:12) Sɛ wɔde kasakoa yi ka aware ho asɛm a, ɛkyerɛ sɛ okunu ne ɔyere ne nhama abien a edi kan no, na Onyankopɔn ne hama a ɔhyɛ mfinimfini a ɛkabom ma ɛyɛ hama abiɛsa no. Sɛ awarefo ne Onyankopɔn yɛ biako a, ɛma wonya ahoɔden de gyina nsɛnnennen ano, na ɛno ne ade titiriw a ɛma wonya anigye.—9/15, kratafa 16.

• “Nsa a wɔde gu nkurɔfo so” a wɔaka ho asɛm wɔ Hebrifo 6:2 no fa dɛn ho?

Ɛmfa Kristofo a wɔpaw wɔn sɛ mpanyimfo no ho, na mmom, ɛda adi sɛ ɛfa nsa a wɔde gu nkurɔfo so ma wonya honhom kronkron akyɛde no ho. (Aso. 8:14-17; 19:6)—9/15, kratafa 32.

• Ɔkwan bɛn so na wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu no betumi adi afoforo ni?

Ɔkwan biako a asafo mu panyin betumi afa so adi afoforo ni ne sɛ, ɔrenka nkyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ biribi a ɔno ankasa rempɛ sɛ ɔyɛ? Afei nso, ɔma wohu nea enti a ɔreka sɛ wɔnyɛ biribi, anaa ɔrema wɔn akwankyerɛ no.—10/15, kratafa 22.

• Dɛn ne nneɛma titiriw a obi bɛyɛ de adi n’aware mu nokware no bi?

Emu abien ni: (1) Ma w’aware no ho nhia wo paa. (2) Twe wo ho fi biribiara a ebetumi ama woasɛe aware ho. Sɛ́ ebia w’aware asɔ anaasɛ worehyia nsɛnnennen wom no, ɛsɛ sɛ woma wo hokafo no hu sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea wubetumi biara ma aware no gyina; saa nneɛma atitiriw abien yi bɛboa.—10/1, kratafa 12-15. *

• Dɛn na Kristoni a ɔyɛ asafo mu panyin betumi asua afi sɛnea na oguanhwɛfo a ɔyɛ Israelni de poma a ne ti akoa di dwuma no mu?

Ná oguanhwɛfo de poma a ne ti akoa kyerɛ nguan no kwan. Sɛ nguan no rekɔ nguannan no mu anaasɛ wɔrefi adi a, na ‘wɔfa poma no ase’ ma enti na oguanhwɛfo no tumi kan wɔn. (Lev. 27:32) Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ ɔhwɛfo no hu Onyankopɔn nguan a ɔhwɛ wɔn so no yiye, na ohu sɛnea wɔn mu biara ho te.—11/15, kratafa 9.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Eyi kyerɛ sɛ asɛm no fi October–December, 2008 Ɔwɛn-Aban, a ɛyɛ ɔmanfo de no mu.