Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔkwan No Ni. Momfa So”

“Ɔkwan No Ni. Momfa So”

“Ɔkwan No Ni. Momfa So”

Emilia Pederson Asetena Mu Nsɛm

Sɛnea Ruth E. Pappas ka kyerɛe

WƆWOO me maame Emilia Pederson wɔ afe 1878 mu. Ɛwom sɛ ɔbɛyɛɛ sukuu kyerɛkyerɛfo de, nanso na adwuma a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ n’asetena mu ankasa ne sɛ ɔbɛboa nkurɔfo ma wɔabɛn Onyankopɔn. Adaka kɛse bi a wɔde nneɛma gu mu a esi yɛn fie a ɛyɛ kurow ketewaa bi a ɛwɔ Jasper, Minnesota, U.S.A. no di nea na Maame ani gye ho yi ho adanse. Ná ɔpɛ sɛ ɔkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ China, enti ɔkɔtɔɔ adaka kɛse no sɛ ɔde nneɛma begu mu de atu kwan no. Nanso, bere a ne maame wui no, na ɛsɛ sɛ ɔsan akwantu no tena fie hwɛ ne nuanom nkumaa. Wɔ afe 1907 mu no, Maame waree Theodore Holien. Wɔwoo me a meyɛ mmofra baason no mu kaakyire no wɔ December 2, 1925.

Ná Maame wɔ Bible mu nsɛmmisa a na ɔpɛ sɛ onya ho mmuae denneennen. Ná ne nsɛmmisa no mu biako fa nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ hell yɛ ogya bi a wɔyɛ abɔnefo ayayade wom no ho. Obisaa ɔpanyin bi a na ɔhwɛ Lutheran Asɔre no so a na wabɛsra wɔn no sɛ ɔpɛ sɛ ohu Bible mu asɛm a ɛfoa saa nkyerɛkyerɛ yi so no. Ɔpanyin no nso ka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ nea Bible no ka ne asɛm no, sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wɔde ayayade a wɔyɛ wɔ hellgya mu no kyerɛkyerɛ nkurɔfo.

Ohuu Nokware No

Wɔ afe 1900 mu akyi bere tiaa bi no, ná Maame nuabea kumaa a wɔfrɛ no Emma kɔ Northfield, Minnesota, rekosua sɛnea wɔto dwom. Ɔkɔtenaa ne kyerɛkyerɛfo a na wɔfrɛ no Milius Christianson a na ne yere yɛ Bible Suani, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no fie. Emma kae sɛ ɔwɔ nuabea bi a n’ani gye Bible akenkan ho paa. Ankyɛ koraa na Owurayere Christianson kyerɛw Maame buaa Bible mu nsɛmmisa a na ɔwɔ no.

Da bi, Bible Suani bi a wɔfrɛ no Lora Oathout de keteke fii Sioux Falls, a ɛwɔ South Dakota no bɛkaa asɛmpa no wɔ Jasper. Maame suaa Bible ho nhoma a ɔde maa no no, na wɔ afe 1915 mu no, ofii ase kaa Bible mu nokware no ho asɛm kyerɛɛ afoforo, na ɔkyekyɛɛ nhoma a Lora de brɛɛ no no.

Wɔ afe 1916 mu no, Maame tee sɛ Charles Taze Russell bɛba nhyiam bi a na wɔbɛyɛ wɔ Sioux City, a ɛwɔ Iowa no bi. Ná Maame pɛ sɛ ɔkɔ bi. Saa bere no, na Maame wɔ mmofra baanum, na na Marvin a ɔyɛ akumaa no adi asram anum pɛ. Nanso, Maame ne ne mma no nyinaa foroo keteke tuu kwan bɛyɛ kilomita 160 kɔɔ nhyiam no wɔ Sioux City. Otiee ɔkasa ahorow a Onua Russell mae no, ɔhwɛɛ “Photo-Drama of Creation” sini no, na wɔbɔɔ no asu. Maame beduu fie no, ɔkyerɛw nsɛm bi faa nhyiam no ho ma wotintimii wɔ Jasper Journal mu.

Wɔ afe 1922 mu no, ná Maame ka nnipa bɛyɛ 18,000 a wɔkɔɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio no ho. Bere a ɔkɔɔ saa nhyiam no bae no, wannyae Onyankopɔn Ahenni no ho dawurubɔ da. Ɔnam nhwɛso a ɔyɛe no so ka kyerɛɛ yɛn sɛ yentie ahyɛde a ɛka sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so” no.—Yes. 30:21.

Ahenni Adwuma no Sow Aba Pa

Wɔ afe 1920 mfe no mfiase no, m’awofo tu kɔtenaa ofie bi a ɛbɛn Jasper mu. Ná Paapa adwuma kɔ yiye, na na ɔwɔ abusua kɛse a ɔhwɛ wɔn. Ná onsua Bible no pii te sɛ Maame, nanso ofi ne koma nyinaa mu boaa asɛnka adwuma no, na na ɔma ahwɛfo akwantufo a saa bere no na wɔfrɛ wɔn ɔsom ho akwantufo no bɛtena yɛn fie. Mpɛn pii no, sɛ ɔhwɛfo kwantufo bi ma ɔkasa wɔ yɛn fie a, na nnipa bɛyɛ ɔha anaa nea wɔboro saa betie bi, na na wɔtenatena yɛn asa so, baabi a yɛtena didi, ne ɔdan a yɛda mu no mu mama.

Bere a midii bɛyɛ mfe ason no, me maame nuabea kumaa a wɔfrɛ no Lettie frɛe wɔ telefon so kae sɛ n’afipamfo bi a wɔne Ed Larson ne ne yere pɛ sɛ wosua Bible. Wogyee Bible mu nokware no ntɛm, na akyiri yi wɔfrɛɛ ofipamfo foforo a wɔfrɛ no Martha Van Daalen a na ɔwɔ mma baawɔtwe no ma ɔbɛtenaa adesua no mu bi. Martha ne n’abusua mũ no nyinaa nso bɛyɛɛ Bible Asuafo. *

Saa bere no mu hɔ no, aberante bi a wɔfrɛ no Gordon Kammerud fii ase ne Paapa yɛɛ adwuma, na na efi baabi a ɔte reba yɛn fie no yɛ akwansin kakraa bi. Ná wɔabɔ Gordon kɔkɔ sɛ: “Ɔnhwɛ yiye wɔ n’adwumawura no mmabea no ho. Efisɛ, wɔwɔ ɔsom bi a ne nkyerɛkyerɛ yɛ soronko mu.” Nanso, Gordon fii ase suaa Bible no, na ankyɛ koraa na ohui sɛ wahu nokware no. Asram abiɛsa akyi no, wɔbɔɔ no asu. N’awofo nso bɛyɛɛ gyidifo, na yɛn mmusua a ɛne Holien abusua, Kammerud abusua, ne Van Daalen abusua no bɛyɛɛ nnamfo paa.

Ɔmantam Nhyiam Ahorow Hyɛɛ Yɛn Den

Ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point no hyɛɛ Maame nkuran araa ma na ɔmpɛ sɛ ɔmantam nhyiam foforo bi bɛpa ne ti so. Nneɛma a mekaakae wɔ me mmofraase no yɛ kwantenten a na yetwa kɔ nhyiam a ɛtete saa no. Ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Columbus, Ohio, wɔ afe 1931 mu no yɛ nhyiam bi a na ɛho hia paa, efisɛ saa nhyiam no ase na yɛfaa edin Yehowa Adansefo no too yɛn ho so. (Yes. 43:10-12) Mesan nso kae ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Washington, D.C., wɔ afe 1935 mu no paa, ɛhɔ na wɔmaa ɔkasa titiriw bi a ɛma yehuu wɔn a wɔne “nnipadɔm” anaa “nnipakuw kɛse” no a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm mu no. (Adi. 7:9; King James Version) Ná me nuabeanom Lilian ne Eunice ka nnipa bɛboro 800 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ saa nhyiam no ase no ho.

Yɛn abusua no tutuu akwan kɔɔ ɔmantam nhyiam ahorow wɔ Columbus, Ohio, wɔ afe 1937 mu; Seattle, Washington, wɔ afe 1938 mu; ne New York City wɔ afe 1939 mu. Ná Van Daalen ne Kammerud mmusua no ne yɛn kɔ, na na yɛda wɔ kwan so. Eunice waree Leo Van Daalen wɔ afe 1940 mu, na wɔyɛɛ akwampae adwuma. Saa afe no ara mu no, Lilian waree Gordon Kammerud, na wɔn nso yɛɛ akwampae adwuma.

Ná ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ St. Louis a ɛwɔ Missouri wɔ afe 1941 mu no yɛ soronko. Nhyiam no ase na wɔmaa mmofra mpempem pii nhoma a na wɔato din Children no. Saa nhyiam no sesaa m’asetena. Nhyiam no akyi bere tiaa bi, wɔ September 1, 1941 no, me ne me nuabarima Marvin ne ne yere Joyce bɛyɛɛ akwampaefo. Ná madi mfe 15.

Esiane sɛ na yɛte baabi a wɔyɛ kua nti, na ɛyɛ den sɛ anuanom no nyinaa bɛkɔ ɔmantam nhyiam ahorow no, efisɛ na wɔtaa yɛ nhyiam no wɔ bere a na anuanom no retwa wɔn nnɔbae no. Enti, sɛ wɔyɛ ɔmantam nhyiam ahorow no wie a, na yehyiam wɔ yɛn afikyiri ka nhyiam no mu nsɛm kyerɛ wɔn a wɔantumi ankɔ bi no sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya so mfaso. Ná yɛn ani gye wɔ nhyiam a ɛte saa no ase paa.

Gilead ne Dwumadi a Wɔde Maa Me wɔ Amannɔne

Wɔ February 1943 mu no, wɔhyehyɛɛ Gilead Sukuu a na wɔde bɛtete akwampaefo ma wɔakɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Van Daalen abusua no mufo baasia kɔɔ adesuakuw a edi kan no bi, na wɔne Emil, Arthur, Homer, ne Leo a wɔyɛ anuanom a wofi yafunu biako mu no; ne wɔn papa nua ba Donald; ɛne Leo yere Eunice a ɔyɛ me nuabea no. Yɛn werɛ howee bere a na yɛregyaw wɔn kwan no, efisɛ na yennim bere a na yɛbɛsan ahu wɔn bio. Bere a wowiee sukuu no, wɔmaa wɔn baasia no nyinaa dwumadi wɔ Puerto Rico, saa bere no, na Adansefo a wɔwɔ hɔ no nnu dumien.

Afe akyi no, Lilian ne Gordon ne Marvin ne Joyce nso kɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so abiɛsa no bi. Wɔde wɔn nso kɔɔ Puerto Rico. Afei, wɔ September 1944 mu, bere a na madi mfe 18 no, me nso mekɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so anan no bi. Miwiee sukuu no wɔ February 1945, na mekɔkaa me nuanom ho wɔ Puerto Rico. Hwɛ hokwan soronko a na manya! Ɛwom sɛ na Spania kasa a na yebesua no yɛ asɛnnennen de, nanso bere tiaa bi akyi no, na yɛn mu bi reyɛ Bible adesua bɛboro 20. Yehowa hyiraa adwuma no so. Ɛnnɛ, Adansefo bɛyɛ 25,000 na wɔwɔ Puerto Rico!

Awerɛhosɛm Sisii wɔ Yɛn Abusua no Mu

Bere a Leo ne Eunice woo wɔn babarima a wɔtoo no din Mark wɔ afe 1950 mu no, wɔkɔɔ so tenaa Puerto Rico. Wɔ afe 1952 mu no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ akwamma akɔsra abusuafo wɔ fie. Wɔ April 11 no, wɔkɔforoo wimhyɛn. Awerɛhosɛm ne sɛ, wimhyɛn no tui no, ankyɛ na ɛkɔhwee ɛpo mu. Leo ne Eunice wui. Wohuu Mark a saa bere no na wadi mfe abien no sɛ ɔda nsu no ani. Ɛyɛ obi a ɔno nso nyaa ne ti didii mu na ohuu Mark, na opiaa no too obonto bi so ma wohuu mframa guu ne mu ma onyaa nkwa. *

Mfe anum akyi, wɔ March 7, 1957 no, ná Maame ne Paapa te kar mu rekɔ Ahenni Asa so, ɛnna wɔn kar no kɔba dwoe, enti wogyinae sɛ wɔresesa. Bere a wogu so resesa kɔba no wɔ ɔkwan no nkyɛn no, kar bi a ɛretwam bɔɔ Paapa ma owui wɔ amonom hɔ ara. Nnipa bɛyɛ 600 na wokotiee ayi no ho ɔkasa no, na ɛyɛɛ adanse kɛse wɔ baabi a na Paapa te a wobu no kɛse no.

Dwumadi Afoforo

Bere a wɔmaa me dwumadi sɛ menkɔsom wɔ Argentina no, ankyɛ na Paapa wui. Wɔ August 1957 mu no, mikoduu Mendoza a ɛyɛ kurow a egu Andes Mmepɔw no ase no mu. Wɔ afe 1958 mu no, wɔmaa George Pappas a na wakɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 30 no bi no dwumadi wɔ Argentina. Me ne George bɛyɛɛ nnamfo paa, na yɛwaree wɔ April 1960 mu. Wɔ afe 1961 mu no, Maame wui a na wadi mfe 83. Ná ɔde nokwaredi akɔ so anantew nokware som mu, na na waboa nnipa afoforo pii ma wɔn nso ayɛ saa ara.

Me ne George ne asɛmpatrɛwfo foforo somee wɔ asɛmpatrɛw afie ahorow mu. Afei, yɛkɔyɛɛ ɔmansin adwuma mfe ason. Wɔ afe 1975 mu no, yɛsan kɔɔ United States kɔhwɛɛ yɛn abusuafo a na wɔyare no. Wɔ afe 1980 mu no, wɔkae sɛ me kunu nkɔsom ɔmansin a wɔka Spania kasa wom no. Saa bere no, ná asafo ahorow a wɔka Spania kasa bɛyɛ 600 na ɛwɔ United States. Yɛde mfe 26 srasraa asafo ahorow no, na yehui sɛ asafo no adɔ araa ma ɛboro 3,000.

Wɔanantew “Ɔkwan no” So

Maame ani gyei nso sɛ ohui sɛ mmerante ne mmabaa a na wɔwɔ n’abusua mu no reyɛ bere nyinaa som adwuma no. Sɛ nhwɛso no, me nuabea panyin Ester babea a wɔfrɛ no Carol no fii ase yɛɛ akwampae adwuma wɔ afe 1953 mu. Carol waree Dennis Trumbore, na wɔn baanu no ayɛ bere nyinaa som adwuma abedu nnɛ. Ester babea foforo a wɔfrɛ no Lois no waree Wendell Jensen. Wɔkɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 41 no bi, na wɔde mfe 15 somee sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Nigeria. Leo nuabea a wɔfrɛ no Ruth La Londe ne ne kunu Curtiss gyee Mark a n’awofo wui wɔ wimhyɛn a ɛhwee ase no mu no hwɛɛ no. Mark ne ne yere a wɔfrɛ no Lavonne yɛɛ akwampae adwuma mfe pii, na wɔtetee wɔn mma baanan no wɔ “ɔkwan no” mu.—Yes. 30:21.

Me nua biako pɛ a ɔda so te ase a wɔfrɛ no Orlen no adi bɛyɛ mfe 95. Ɔda so ara resom Yehowa nokwaredi mu. Me ne George de anigye akɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no.

Nea Maame De Gyaw Yɛn

Maame agyapade bi a na onni ho agoru wɔ me hɔ seesei, ɛyɛ ne pon a ɔtena ho sua ade. Wɔwaree no na me papa tɔ de kyɛɛ no. Ɔwɔ nhoma kɛse bi a ɔde nkrataa a nkurɔfo kyerɛw no, ne atesɛm nkrataa mu nsɛm a ɔkyerɛw ma wotintimii a ɔde dii Ahenni no ho adanse no atetare mu hyɛ nnaka a ɛwɔ ɔpon no ho biako mu. Nkrataa no bi wɔ hɔ a, wɔkyerɛw no afe 1900 mfe no mfiase mu. Nkrataa a Maame mma a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo kyerɛw kɔmaa no a na n’ani gye ho paa no nso wɔ nnaka no bi mu. M’ani gye nkrataa no ho araa ma mekenkan no mpɛn pii! Ná nkrataa a ɔkyerɛw brɛ yɛn no hyɛ nkuran paa, na nsɛm a ɛbɛma yɛanya nneɛma ho adwempa nkutoo na ɛwom. Maame antumi anyɛ ɔsɛmpatrɛwfo sɛnea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. Nanso, na n’ani gye asɛmpatrɛwfo adwuma no ho paa, na ɛno akanyan afoforo koma wɔ ne wu akyi mfe pii. Mehwɛ kwan sɛ mehu Maame ne Paapa ne abusua kɛse a wɔasan ahyiam bio wɔ paradise asase no so!—Adi. 21:3, 4.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Hwɛ Emil H. Van Daalen asetena mu nsɛm a ɛwɔ June 15, 1983, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27-30 no.

^ nky. 24 Hwɛ June 22, 1952 Awake! kratafa 3-4.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Emilia Pederson

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Afe 1916: Maame, Paapa (okura Marvin); ase hɔ, efi benkum kɔ nifa: Orlen, Ester, Lilian, Mildred

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Leo ne Eunice, ankyɛ koraa na wowui

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Afe 1950: Efi benkum kɔ nifa, atifi: Ester, Mildred, Lilian, Eunice, Ruth; ase hɔ: Orlen, Maame, Paapa, ne Marvin

[Mfonini wɔ kratafa 20]

George ne Ruth Pappas wɔ ɔmansin adwuma mu, 2001