Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adiyisɛm Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I

Adiyisɛm Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Adiyisɛm Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I

BERE a na ɔsomafo Yohane a wabɔ akwakoraa no da afiase wɔ Patmo supɔw so no, onyaa anisoadehu ahorow 16. Yohane huu nea Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ wɔ Awurade da no mu no. Awurade da no hyɛɛ ase fii bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 mu, na ɛbɛkɔ so akosi Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei. Adiyisɛm nhoma no a Yohane kyerɛw no wɔ bɛyɛ afe 96 Y.B. mu no ka anisoadehu ahorow a ɛyɛ anigye yi ho asɛm.

Afei, ma yensusuw Adiyisɛm 1:1–12:17 a ɛfa anisoadehu ahorow ason a edi kan a Yohane nyae no ho nhwɛ. Saa anisoadehu ahorow yi ho hia yɛn, efisɛ ɛfa nneɛma a ɛrekɔ so seesei wɔ wiase no ho, na ɛma yehu sɛnea Yehowa bɛyɛ ade nnansa yi ara no. Wɔn a wɔde gyidi kenkan anisoadehu ahorow yi no nya awerɛkyekye ne nkuranhyɛ ankasa.—Heb. 4:12.

“OGUAMMAA NO” BUE NSƆANO ASON NO MU ASIA ANO

(Adi. 1:1–7:17)

Nea edi kan no, Yohane huu Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no, na wɔmaa no nkrasɛm ahorow a na ɛsɛ sɛ ‘ɔkyerɛw wɔ nhoma mu kɔma asafo ahorow ason no.’ (Adi. 1:10, 11) Afei, onyaa ahengua bi a esi ɔsoro ho anisoadehu. Nea ɔte ahengua no so no kura nhoma mmobɔwee bi a wɔde nsɔano ason asɔ ano wɔ ne nsa nifa mu. Onii a “ɔfata sɛ obue nhoma no mu” no nyɛ obiara sɛ “Yuda abusua mu Gyata,” anaa “oguammaa bi a . . . ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason” no.—Adi. 4:2; 5:1, 2, 5, 6.

Anisoadehu a ɛto so abiɛsa no ma yehu nea esii bere a “oguammaa no” buee nsɔano no mu asia a edi kan no ano mmiako mmiako no. Bere a obuee nsɔano a ɛto so asia no ano no, asasewosow kɛse bi sii, na abufuw da kɛse no dui. (Adi. 6:1, 12, 17) Nanso, anisoadehu a edi hɔ no ma yehu ‘abɔfo baanan a wokurakura asase so mframa anan no mu denneennen’ kosi sɛ wɔbɛsɔ 144,000 no ano awie. Ohuu “nnipakuw kɛse bi” a wɔnka wɔn a wɔsɔɔ wɔn ano no ho sɛ ‘wogyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim.’—Adi. 7:1, 9.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:4; 3:1; 4:5; 5:6—Dɛn na asɛm a ɛne “ahonhom ason” no kyerɛ? Akontaahyɛde ason kyerɛ biribi a edi mu wɔ Onyankopɔn ani so. Enti awiei koraa no, nkrasɛm a wɔde kɔmaa “asafo ason” no fa Onyankopɔn nkurɔfo a wohyiam wɔ asafo ahorow bɛboro 100,000 a ɛwɔ asase so no nyinaa ho. (Adi. 1:11, 20) Esiane sɛ Yehowa gyina nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ so na ɔde honhom kronkron ma nti, asɛm a ɛne “ahonhom ason” no kyerɛ dwuma a honhom kronkron di koraa ma yenya ntease ne nhyira ahorow a ɛma wɔn a wotie nkɔmhyɛ no nya no. Ɛte sɛ nea Adiyisɛm nhoma no ka nneɛma ason ason ahorow ho asɛm no. Akontaahyɛde ason a wɔde di dwuma wɔ ha no gyina hɔ ma biribi a edi mu, na nokwarem no, nhoma no na ɛde “Onyankopɔn ahintasɛm kronkron” no ‘ba awiei.’—Adi. 10:7.

1:8, 17—Henanom na wokura abodin a ɛne “Alfa ne Omega” ne “Odikanfo ne Okyikafo” no? Yehowa na okura abodin a ɛne “Alfa ne Omega” no, na ɛno si so dua sɛ ade nyinaa so tumfo Nyankopɔn biara nni n’anim, na obiara nso remma wɔ n’akyi. Ɔno ne “mfitiase ne awiei” no. (Adi. 21:6; 22:13) Ɛwom sɛ wɔka sɛ Yehowa ne “odikanfo ne okyikafo” wɔ Adiyisɛm 22:13 a nea ɛkyerɛ ne sɛ obi nni n’anim anaa n’akyi de, nanso Adiyisɛm ti biako mu nsɛm no ma yehu sɛ abodin a ɛne “Odikanfo ne Okyikafo” a ɛwɔ hɔ no fa Yesu Kristo ho. Ná Yesu ne onipa a wodii kan nyanee no ma ɔkɔɔ honhom asetena a owu nnim mu, na ɔno ara nso ne obi a odi akyi a Yehowa ankasa nyanee no.—Kol. 1:18.

2:7—Dɛn ne “Nyankopɔn paradise” no? Esiane sɛ wɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nti, ɛbɛyɛ sɛ paradise a wɔka ho asɛm wɔ ha no fa ɔsoro atenae a ɛte sɛ paradise—baabi a Onyankopɔn ankasa te no ho. Wɔn a wɔasra wɔn a wodi nokware no benya akatua a ɛne sɛ wɔbɛma wɔadi “nkwadua” no. Wobenya asetena a owu nnim.—1 Kor. 15:53.

3:7—Bere bɛn na wɔde “Dawid safe” no maa Yesu, na ɔkwan bɛn so na ɔde saa safe no redi dwuma? Bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ afe 29 Y.B. mu no, ɔbɛyɛɛ Ɔhene a Wɔapaw no a ofi Dawid abusua mu. Nanso, wɔamfa Dawid safe no amma Yesu kosii afe 33 Y.B. mu bere a wɔmaa no so de no tenaa Onyankopɔn nifa wɔ ɔsoro no. Ɔkɔɔ soro no, wɔde Dawid Ahenni no nyinaa maa no. Efi saa bere no, Yesu de safe no rebue ɔsom hokwan a ɛfa Ahenni no ho rema nkurɔfo. Wɔ afe 1919 mu no, Yesu de “Dawid fi safe” no hyɛɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nsa denam saa akoa kuw no a ɔde no asi “nea ɔwɔ nyinaa so” no so.—Yes. 22:22; Mat. 24:45, 47.

3:12—Dɛn ne Yesu “din foforo” no? Saa din no fa Yesu adwuma foforo ne hokwan ahorow a wanya no ho. (Filip. 2:9-11) Bere a obiara nnim saa din no te sɛ nea Yesu nim no no, Yesu kyerɛw edin no wɔ ne nuanom anokwafo no ho wɔ ɔsoro atenae, na ɛno ma wɔne no nya abusuabɔ a emu yɛ den. (Adi. 19:12) Ɔne wɔn kyɛ hokwan ahorow a ɔwɔ no mpo.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:3. Esiane sɛ “bere a wɔahyɛ [ma Onyankopɔn abu Satan wiase no atɛn] no abɛn” nti, ɛho hia paa sɛ yɛte nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no ase, na yɛde yɛ adwuma.

3:17, 18. Sɛ yɛbɛyɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam a, ɛsɛ sɛ yɛtɔ “sika a wɔde gya apa mu” fi Yesu nkyɛn. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ nnwuma pa pii. (1 Tim. 6:17-19) Ɛho hia nso sɛ yɛhyɛ “ntade nguguso fitaa,” na ɛno na ɛma wohu sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo, na yɛde “aniduru” te sɛ afotu a wɔatintim wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma mu no yɛ adwuma, na ama yɛanya nhumu wɔ honhom fam.—Adi. 19:8.

7:13, 14. Mpanyimfo 24 no gyina hɔ ma 144,000 no a wɔwɔ wɔn soro anuonyam mu, baabi a wɔsom sɛ ahemfo ne asɔfo no. Wɔde asɔfo a wɔtenaa ase wɔ tete Israel a Ɔhene Dawid kyekyɛɛ wɔn mu yɛɛ wɔn akuw 24 no na ɛyɛɛ wɔn ho mfonini. Mpanyimfo no mu biako maa Yohane huu nkurɔfo ko a nnipakuw kɛse no yɛ. Enti, ɛbɛyɛ sɛ wofii ase nyanee Kristofo a wɔasra wɔn no ansa na afe 1935 reba. Dɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ, ɛyɛ saa afe no mu na wɔmaa Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no huu nkurɔfo ko a wɔne nnipakuw kɛse no.—Luka 22:28-30; Adi. 4:4; 7:9.

NSƆANO A ƐTO SO ASON A WƆTEW ANO NO MA WƆHYƐNEE NTOROBƐNTO ASON

(Adi. 8:1–12:17)

Oguammaa no buee nsɔano a ɛto so ason no ano. Wɔde ntorobɛnto ason maa abɔfo baason. Abɔfo no mu baasia hyɛnee wɔn ntorobɛnto no, na wɔde kaa atemmusɛm tiaa adesamma “nkyem abiɛsa” a wɔne Kristoman no. (Adi. 8:1, 2, 7-12; 9:15, 18) Eyi ne nea Yohane hui wɔ anisoadehu a ɛto so anum no mu. Yohane nyaa nneɛma a wɔyɛe wɔ anisoadehu a edi hɔ no mu kyɛfa, odii nhoma ketewa bi, na osusuw asɔrefie no kronkronbea. Bere a wɔhyɛnee torobɛnto a ɛto so ason no, ɛnne akɛse gyigyei sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea.”—Adi. 10:10; 11:1, 15.

Anisoadehu a ɛto so ason no ka asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 11:15, 17 no ho asɛm kɔ akyiri. Wohuu sɛnkyerɛnne kɛse bi wɔ soro. Sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea a ogyina hɔ ma Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no wo ɔbabarima. Wotuu Ɔbonsam fii soro. Ɔbonsam bo fuw sɛnkyerɛnne kwan so ɔbea no, “na ɔne ɔbea no asefo a aka . . . no kɔkoe.”—Adi. 12:1, 5, 9, 17.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

8:1-5Dɛn nti na ɔsoro yɛɛ dinn, na dɛn na wɔtow guu asase so wɔ ɛno akyi? Ɔsoro yɛɛ dinn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ate “akronkronfo no mpaebɔ.” Eyi sii bere a wiase ko a edi kan no baa awiei no. Kristofo a wɔasra wɔn no ankɔ soro wɔ Amanaman Mmere no awiei sɛnea na nnipa pii ahwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ no. Wohuu amane bere a na ɔko no rekɔ so no. Enti afei, wɔbɔɔ mpae denneennen hwehwɛɛ akwankyerɛ. Bere a wɔrebua wɔn mpae bɔ no, ɔbɔfo no tow sɛnkyerɛnne kwan so gya guu asase so, na ɛno maa Kristofo a wɔasra wɔn no hyɛɛ wɔn som adwuma no mu gya. Ɛwom sɛ na wɔnnɔɔso de, nanso wofii ase kaa asɛmpa no wɔ wiase nyinaa, na ɛno ma wɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm paa, na ɛno ma ogya tɔɔ Kristoman mu. Wɔde Bible mu kɔkɔbɔ ahorow mae denneennen, wɔma wohuu Kyerɛwnsɛm mu nokware no, na wɔwosow atoro som kosii ne fapem so, te sɛ nea asasewosow wosow adan bi no.

8:6-12; 9:1, 13; 11:15—Bere bɛn na abɔfo baason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn wɔn ntorobɛnto no, na bere bɛn na ntorobɛnto no gyigyei, na egyigyei wɔ ɔkwan bɛn so? Ahosiesie a wɔyɛ de hyɛnee ntorobɛnto ason no mu bi ne akwankyerɛ a wɔde maa Yohane kuw no mufo a na wɔasan akanyan wɔn wɔ asase so fi afe 1919 kosi afe 1922 mu no. Ná wɔn a wɔasra wɔn no ani abere resan ayɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe, na na wɔresisi adan a wobetintim nhoma wom nso. (Adi. 12:13, 14) Ntorobɛnto a wɔhyɛnee no gyina hɔ ma akokoduru a Onyankopɔn nkurɔfo ne abɔfo no de ka Yehowa atemmusɛm tia Satan wiase no. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wofii ase yɛɛ saa wɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, wɔ afe 1922 mu, na wɔbɛkɔ so ayɛ saa ara akosi ahohiahia kɛse no mu.

8:13; 9:12; 11:14—Ɔkwan bɛn so na ntorobɛnto abiɛsa a etwa to no gyigyei sɛ “munnue”? Bere a ntorobɛnto anan a edi kan no nnyigyei no yɛ nsɛm a wɔka de pa Kristoman honhom fam owu tebea ho ntama no, ntorobɛnto abiɛsa a etwa to no ka due ahorow ho asɛm, efisɛ ɛfa nsɛm pɔtee bi a esisii ho. Nnyigyei a ɛto so anum no fa Onyankopɔn nkurɔfo a woyii wɔn fii “amena donkudonku” a na ɛmma wontumi nyɛ hwee no mu wɔ afe 1919 mu ho. Na ɛno akyi no, wɔyɛɛ adansedi adwuma no denneennen, na ɛno bɛyɛɛ te sɛ ateeteesɛm maa Kristoman. (Adi. 9:1) Ntorobɛnto a ɛto so asia no nnyigyei no fa asraafodɔm a wɔsen biara wɔ abakɔsɛm mu a wɔtete apɔnkɔ so, ne wiase nyinaa asɛnka adwuma a wofii ase wɔ afe 1922 mu no ho. Nnyigyei a etwa to no fa Mesia Ahenni no awo ho.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

9:10, 19. Nsɛm a egyina Bible so a tumi wom a ɛwɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma mu no wowɔ. (Mat. 24:45) Saa nsɛm no sɛso ne mmoadabi no dua a ɛwɔ “nwowɔe te sɛ nkekantwɛre” ne apɔnkɔ a wɔde wɔn kɔ ko a “wɔn dua te sɛ awɔ” no. Dɛn ntia? Efisɛ, saa nhoma no bɔ ‘Yehowa aweredi da no’ ho kɔkɔ. (Yes. 61:2) Momma yɛmfa akokoduru ne nsi nkyekyɛ saa nhoma no.

9:20, 21. Nnipa ahobrɛasefo pii a wɔte aman a wɔn na wɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ Kristofo mu no atie asɛmpa a yɛka no yiye. Nanso, yɛnhwɛ kwan sɛ yɛbɛdan nnipa pii a wonni Kristoman mu a wɔfrɛ wɔn “nnipa a aka” no ma wɔabɛsom Yehowa. Ne nyinaa mu no, yɛkɔ so de animia yɛ asɛnka adwuma no.

12:15, 16. “Asase” a egyina hɔ ma Satan wiase yi mu nneɛma, anaa nniso a ɛwɔ aman horow so no ma kwan ma obiara kɔ ɔsom a ɔpɛ mu. Efi afe 1940 mfe no mu reba no, saa nniso no “menee asubɔnten [a ɛyɛ ɔtaa] a ɔwɔ no puw fii n’anom no.” Nokwarem no, sɛ Yehowa pɛ a, obetumi ama wiase atumfo no ayɛ nea ɔpɛ ama no. Enti, ɛfata paa sɛ Mmebusɛm 21:1 ka sɛ: “Ɔhene koma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam. Baabi a ɔpɛ biara na ɔdan kɔ.” Ɛsɛ sɛ eyi hyɛ gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no mu den.