Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Bra Bedi M’akyi”

“Bra Bedi M’akyi”

“Bra Bedi M’akyi”

“Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua da biara da na onni m’akyi.”—LUKA 9:23.

1, 2. (a) Nsa bɛn na Yesu fi ayamye mu to frɛɛ nkurɔfo? (b) Ɔkwan bɛn so na woagye nsa a Yesu ato afrɛ wo no so?

AKA kakra ma Yesu de ne som adwuma aba awiei no, na ɔredi adanse wɔ Perea a ɛyɛ ɔmantam bi a ɛwɔ Yordan agya wɔ Yudea atifi fam no mu. Aberante bi bebisaa no ade a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wanya daa nkwa. Bere a Yesu hui sɛ na aberante no redi Mose Mmara no so pɛpɛɛpɛ no, ɔtoo nsa frɛɛ no wɔ ɔkwan soronko bi so. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔtɔn nea wowɔ na fa ma ahiafo, na wubenya ademude wɔ soro, na bra bedi m’akyi.” (Mar. 10:21) Wode susuw hokwan a onyae sɛ Yesu a ɔyɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no Ba a ɔwoo no koro no too nsa frɛɛ no sɛ ommedi n’akyi no hwɛ!

2 Saa aberante no annye nsa a Yesu to frɛɛ no no so, nanso afoforo gyee so. Ná Yesu adi kan aka akyerɛ Filipo sɛ: “Di m’akyi.” (Yoh. 1:43) Filipo gyee nsa a ɔto frɛɛ no no so, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomafo. Yesu too nsa frɛɛ Mateo saa ara, na ɔno nso gyee so. (Mat. 9:9; 10:2-4) Nokwarem no, Yesu too nsa frɛɛ wɔn a wɔdɔ trenee nyinaa saa ara bere a ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua da biara da na onni m’akyi daa” no. (Luka 9:23) Enti, sɛ obi pɛ paa sɛ odi Yesu akyi a, obetumi ayɛ saa. So wopɛ sɛ woyɛ saa? Yɛn mu dodow no ara agye nsa a Yesu fi ayamye mu ato afrɛ yɛn no so dedaw, na sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛto nsa frɛ afoforo sɛ wɔn nso mmedi Yesu akyi.

3. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛantwe yɛn ho annyae Yesu akyi di?

3 Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom a wɔakyerɛ Bible mu nokware no ho anigye no nnkɔ so nnsua Bible no. Mmom no, wɔde nkakrankakra gyae Bible no sua, na awiei koraa no ‘wɔtwe’ wɔn ho, na wonni Yesu akyi bio. (Heb. 2:1) Dɛn na yebetumi ayɛ na afiri a ɛte saa anyi yɛn? Mfaso wɔ so sɛ yebebisa yɛn ho saa nsɛm yi sɛ: ‘Dɛn koraa na ɛma misii gyinae sɛ mmedi Yesu akyi? Yesu akyi a yebedi no kyerɛ dɛn?’ Sɛ yɛma saa nsɛmmisa abien yi ho mmuae tena yɛn adwenem a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so akura gyinae a yɛasi sɛ yɛbɛnantew ɔkwampa no so no mu denneennen. Ɛbɛboa yɛn nso ma yɛahyɛ afoforo nkuran ma wɔabedi Yesu akyi.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedi Yesu Akyi?

4, 5. Dɛn nti na Yesu fata sɛ ɔyɛ yɛn kannifo?

4 Odiyifo Yeremia kae sɛ: “O Yehowa, minim sɛ ɔdesani kwan nni ne nsam. Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yer. 10:23) Nsɛm a asisi wɔ abakɔsɛm mu no di adanse sɛ asɛm a Yeremia kae no yɛ nokware. Abɛda adi paa sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ ntumi nni wɔn ho so mma ɛnyɛ yiye. Yɛagye nsa a Yesu ato afrɛ yɛn sɛ yemmedi n’akyi no so, efisɛ yehui sɛ ɔno na ɔfata sɛ ɔyɛ yɛn Kannifo a onipa biara ne no nsɛ. Ma yensusuw nneɛma a ɛma Yesu fata sɛ ɔyɛ yɛn kannifo no bi ho nhwɛ.

5 Nea edi kan no, Yehowa ankasa na ɔpaw Yesu sɛ Ɔkannifo Mesia no. Yɛn Bɔfo no akyi no, hena bio na onim Ɔkannifo a oye ma yɛn ankasa? Nea ɛto so abien, Yesu wɔ su ahorow a yɛn ani betumi agye ho na yɛasuasua. (Monkenkan Yesaia 11:2, 3.) Ɔyɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa yɛn. (1 Pet. 2:21) Nea ɛto so abiɛsa, Yesu dwen wɔn a wodi n’akyi no ho yiye, sɛnea ne nkwa a ɔde too hɔ maa wɔn no ma yehu no. (Monkenkan Yohane 10:14, 15.) Na ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ oguanhwɛfo a odwen ne nguan ho, na ɔkyerɛ yɛn kwan kɔ asetena a ɛbɛma yɛanya anigye ɛnnɛ de akosi daa mu. (Yoh. 10:10, 11; Adi. 7:16, 17) Eyinom ne nneɛma foforo nti na yesii gyinae pa bedii Yesu akyi no. Nanso, dɛn na Yesu akyi a yedi no hwehwɛ sɛ yɛyɛ?

6. Dɛn na Yesu akyi a yebedi no hwehwɛ sɛ yɛyɛ?

6 Kristo akyidifo a yɛbɛyɛ no hwehwɛ pii sen sɛ yɛbɛfrɛ yɛn ho Kristofo kɛkɛ. Ɛnnɛ, nnipa bɛyɛ ɔpepepem abien na wɔde wɔn ano ka sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ wɔyɛ nkurɔfo a ‘wɔyɛ mmaratode.’ (Monkenkan Mateo 7:21-23.) Sɛ nnipa bi gye nsa a Yesu ato afrɛ yɛn sɛ yemmedi n’akyi no so a, yɛma wohu sɛ nokware Kristofo de Yesu nkyerɛkyerɛ ne nhwɛso a ɔyɛe no bɔ wɔn bra wɔ biribiara a wɔyɛ wɔ wɔn asetena mu no mu, na wɔyɛ saa da biara da. Nea ɛbɛma yɛahu nea Yesu akyi a yebedi hwehwɛ sɛ yɛyɛ no, ma yensusuw nneɛma bi a yenim fa Yesu ho no bi ho nhwɛ.

Momma Yensuasua Nyansa a Yesu Daa no Adi No

7, 8. (a) Dɛn ne nyansa, na dɛn nti na na Yesu wɔ pii saa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa nyansa adi, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?

7 Yesu daa su ahorow pii a ɛda nsow adi, nanso yɛde yɛn adwene besi emu anan so: ne nyansa, n’ahobrɛase, sɛnea ɔyɛ nsi, ne ne dɔ. Nea edi kan no, ma yensusuw ne nyansa ho—sɛnea na ɔde nimdeɛ ne ntease di dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “[Yesu] mu na wɔakora ademude nyinaa, nyansa de ne nimdeɛ de.” (Kol. 2:3) Ɛhe na Yesu nyaa nyansa a ɛte saa no fii? Ɔno ankasa kae sɛ: “Sɛnea Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yoh. 8:28) Yehowa na ɔmaa Yesu nyansa, enti ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ Yesu yɛɛ n’ade nyansam.

8 Sɛ nhwɛso no, Yesu de nyansa yɛɛ adwuma bere a na ɔrepaw nea ɔbɛyɛ wɔ n’asetena mu no. Wanyɛ akɛsesɛm wɔ n’asetena mu, mmom no, ɔde n’ani sii botae biako pɛ so: na ɛno ne Onyankopɔn apɛde a na ɔbɛyɛ. Ofi nyansam de ne bere ne n’ahoɔden nyinaa yɛɛ Ahenni adwuma no. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn ‘aniwa ahwɛ tee’ wɔ yɛn asetena mu a, na yɛresuasua Yesu nhwɛso no. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛrensoa nnwuma a mfaso nni so a egye bere ne ahoɔden pii ngu yɛn ho so mfa nhaw yɛn ho. (Mat. 6:22) Kristofo pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya bere pii de ayɛ ɔsom adwuma no. Ebinom atumi de wɔn ho ahyɛ akwampae adwuma no mu. Sɛ woka wɔn a wɔayɛ saa no ho a, wofata nkamfo paa. Sɛ obi ‘hwehwɛ Ahenni no kan’ a, ɛma onya anigye ne abotɔyam kɛse wɔ n’asetena mu.—Mat. 6:33.

Brɛ Wo Ho Ase Te sɛ Yesu

9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

9 Yesu su foforo a yebesusuw ho ne n’ahobrɛase. Sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ nya tumi a, wɔtaa yɛ ahomaso. Nanso, hwɛ sɛnea na Yesu yɛ soronko koraa! Ɛmfa ho sɛ Yesu dii dwuma titiriw maa Yehowa atirimpɔw baam no, wɔanhu ahomaso ketewaa bi mpo wɔ ne mu. Na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua saa su a na ɔwɔ no bi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ yi bi ntena mo mu, ɔno na ɛmfa ho sɛ na ɔne Onyankopɔn sɛ no, wannya adwene sɛ ɔbɛpere biribi, sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ. Dabi, na mmom ogyaa biribiara mu faa akoa tebea bɛyɛe sɛ nnipa.” (Filip. 2:5-7) Ná ɛno hwehwɛ sɛ ɔyɛ dɛn?

10 Ná Yesu ani gye hokwan kɛse a na wanya ne n’Agya te soro no ho, nanso ofii ne pɛ mu ‘gyaee biribiara mu.’ Woyii Yesu nkwa fii soro de bɛhyɛɛ Yudani bea bi a na ɔyɛ ɔbaabun awotwaa mu, ɔhyɛɛ hɔ asram akron ansa na wɔrewo no sɛ akokoaa wɔ duadwumfo hiani bi abusua mu. Afei, onyin bɛyɛɛ abotafowa, abarimaa, na ɔbɛyɛɛ aberante wɔ Yosef fie. Yesu anyɛ bɔne. Nanso, wɔ ne mmerantebere mu nyinaa no, ɔbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ n’awofo a na wɔyɛ abɔnefo no ase. (Luka 2:51, 52) Ahobrɛase a ɛkyɛn so bɛn ara ni!

11. Akwan bɛn na yebetumi afa so asuasua ahobrɛase a Yesu daa no adi no bi?

11 Sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ nnwuma bi a wobu no sɛ nidi nnim a, na yɛresuasua ahobrɛase a Yesu wɔ no bi. Sɛ nhwɛso no, wode susuw asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no hwɛ. Sɛ anhwɛ a, yebetumi abu adwuma a ɛte saa no sɛ ɛyɛ nea nidi nnim, titiriw, bere a nkurɔfo ntie asɛm no yiye, wodi yɛn ho fɛw, anaasɛ wɔntew wɔn anim nkyerɛ yɛn no. Nanso, sɛ yɛampa abaw na yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no a, yɛboa afoforo ma wɔn nso gye nsa a Yesu ato afrɛ yɛn sɛ yemmedi n’akyi no so. Yɛnam saa a yɛyɛ no so gye nnipa nkwa. (Monkenkan 2 Timoteo 4:1-5.) Nhwɛso foforo nso ne yɛn Ahenni Asa so a yebesiesie. Nnwuma a yebetumi ayɛ wɔ hɔ no bi ne nwura a yɛbɛtow agu, asa no so a yɛbɛhohoro, ne agyananbea so a yebesiesie, na eyinom nyinaa yɛ nnwuma a ɛba fam! Nanso, yenim sɛ yɛn Ahenni Asa—baabi a yehyiam de ɔsom kronn ma Yehowa wɔ yɛn mpɔtam hɔ—no a yebesiesie no ka ɔsom kronn a yɛde ma no no ho. Sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ nnwuma a ɛte sɛ nea nidi nnim saa no a, yɛda no adi sɛ yɛwɔ ahobrɛase, na yedi Kristo anammɔn akyi.

Momma Yɛnyɛ Nsi Te sɛ Yesu

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu daa nsiyɛ adi, na dɛn na ɛkanyan no ma ɔyɛɛ nsi a ɛte saa? (b) Dɛn na ɛbɛkanyan yɛn nso ma yɛde nsi ayɛ ɔsom adwuma no?

12 Momma yensusuw nsi a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no ho nhwɛ. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ nneɛma pii. Ɛda adi sɛ osuaa duadwumfo adwuma fii ne papa Yosef a ɔtetee no no hɔ fii ne mmofraase pɛɛ. Wɔ Yesu som adwuma no mu no, ɔyɛɛ anwonwade ahorow, na emu bi ne ayarefo a ɔsaa wɔn yare, ne awufo a onyanee wɔn. Nanso, adwuma titiriw a ɔyɛe ne asɛmpaka adwuma no, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wotie no. (Mat. 4:23) Adwuma koro no ara na wɔde ama yɛn a yɛyɛ n’akyidifo no sɛ yɛnyɛ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua nhwɛso a ɔyɛe no? Ade biako ne sɛ, yebetumi anya adwene a Yesu de yɛɛ saa adwuma no bi.

13 Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔdɔ a Yesu wɔ ma Onyankopɔn no na ɛkaa no ma ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Ná Yesu ani gye nokware no a ɔde kyerɛkyerɛ afoforo no ho nso. Ná nokware ahorow no som bo ma no, na na n’ani gye ho sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Yɛn a yɛyɛ ‘akyerɛkyerɛfo’ no nso te nka saa ara. Wode, susuw nokware ahorow a ɛsom bo a yɛasua afi Onyankopɔn Asɛm mu no bi ho hwɛ! Yenim amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no, ne ɔkwan a wɔbɛfa so asiesie. Yenim nea Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ fa tebea a awufo wom ne nhyira ahorow a yebenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no ho pefee. Sɛ́ ebia nnansa yi ara na yesuaa nokware a ɛte saa no anaasɛ yesuae akyɛ no, ɛda so ara yɛ ademude a ɛsom bo paa ma yɛn. (Monkenkan Mateo 13:52.) Sɛ yefi yɛn komam de anigye ka asɛm no kyerɛ afoforo a, yɛma wohu sɛ yɛn ani gye nneɛma a Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn no ho.

14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no?

14 Momma yɛnhyɛ ɔkwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe no nso nsow. Ɔtwee n’atiefo adwene kɔɔ Kyerɛwnsɛm no so bere nyinaa. Mpɛn pii no, sɛ Yesu rebɛka asɛm bi a ɛho hia a, na ofi ase sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ.” (Mat. 4:4; 21:13) Ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma no fã kɛse no ara mu nsɛm kaa asɛm tẽẽ, anaasɛ ɔtwee adwene sii so wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. Yɛn nso yɛde Bible no kyerɛkyerɛ bere nyinaa wɔ yɛn som adwuma no mu te sɛ nea Yesu yɛe no, na bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛboa nnipa a wɔwɔ koma pa no ma wohu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm na yɛde kyerɛkyerɛ wɔn, na ɛnyɛ yɛn ankasa asɛm. Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a obi pene so sɛ ɔbɛkenkan Bible no na wasusuw mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no so ne nea emu nsɛm kyerɛ ho no! Na sɛ nnipa a wɔte saa no gye nsa a Yesu ato afrɛ yɛn sɛ yemmedi n’akyi no so a, ɛma yɛn ani gye boro so.

Yesu Akyi a Yebedi no Kyerɛ sɛ Yɛbɛdɔ Afoforo

15. Dɛn na na ɛyɛ Yesu su titiriw, na sɛ yesusuw ho a, ebetumi aka yɛn dɛn?

15 Yesu asetena ho asɛm a etwa to a yɛrebesusuw ho no ne nea ɛka koma paa. Na ɛno ne ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn.” (2 Kor. 5:14) Sɛ yesusuw ɔdɔ a Yesu wɔ ma nnipa nyinaa, ne yɛn, sɛ́ ankorankoro no ho a, ɛka yɛn koma, na ɛhyɛ yɛn sɛ yensuasua no.

16, 17. Akwan bɛn na Yesu faa so daa ne dɔ adi kyerɛɛ afoforo?

16 Ɔkwan bɛn na Yesu faa so daa ɔdɔ adi kyerɛɛ afoforo? Ne pɛ mu a ofi de ne kra too hɔ maa nnipa no ne ɔkwan a ɛsen biara a ɔnam so ma yehui sɛ ɔdɔ yɛn ankasa. (Yoh. 15:13) Nanso, bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔdaa ɔdɔ adi wɔ akwan foforo so nso. Sɛ nhwɛso no, ne yam hyehyee no maa nnipa a na wɔrehu amane no. Bere a Yesu huu Maria ne wɔn a na wɔne no resu wɔ Lasaro wu no ho no, ɔtee nka kɛse maa wɔn wɔ awerɛhow a na wɔredi no ho. Ɛwom sɛ na Yesu rebenyan Lasaro de, nanso ne werɛ howee araa ma ‘osui.’—Yoh. 11:32-35.

17 Wɔ Yesu som adwuma no mfiase no, ɔkwatani bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkae sɛ: “Sɛ wopɛ nko ara a, wubetumi ama me ho afi.” Dɛn na Yesu yɛe? Kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Ɛyɛɛ no mmɔbɔ.” Afei, Yesu yɛɛ biribi a na nkurɔfo nhwɛ kwan koraa. “Ɔteɛɛ ne nsa soo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mepɛ. Wo ho mfi.’ Na amonom hɔ ara kwata no tu yerae, na ne ho fii.” Wɔ Mose Mmara no ase no, na wobu akwatafo sɛ wɔn ho ntew. Na akyinnye biara nni ho sɛ na anka Yesu betumi asa ɔbarima no yare a ɔremfa ne nsa nka no. Nanso, bere a na Yesu resa ɔkwatani no yare no, ɔma no tee nka sɛ onipa foforo aso ne mu, ebia na ɛno ne nea edi kan wɔ mfe pii mu a na obi aso ne mu. Hwɛ sɛnea na nnipa yɛ Yesu mmɔbɔ fa!—Mar. 1:40-42.

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada “tema” adi?

18 Sɛ́ Kristo akyidifo no, wɔaka akyerɛ yɛn sɛ yennya “tema” mma afoforo mfa nna yɛn dɔ adi. (1 Pet. 3:8) Ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebehu ɛyaw a yɛn yɔnko gyidini bi a yare a ne kõ yɛ den ayɛ no redi, anaasɛ ɛyaw a adwenemhaw ama ɔrefa mu no, ne titiriw no, bere a tebea ahorow a ɛte saa no bi ntoo yɛn da no. Ɛwom sɛ Yesu ankasa anyare da de, nanso onyaa tema maa nnipa a na wɔyare no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya tema a ɛte saa ara ama afoforo? Sɛ wɔn a wɔrehu amane no reka wɔn haw akyerɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie wɔn yiye. Yebetumi nso abisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ me na biribi a ɛte saa ato me a, anka mɛte nka dɛn?’ Sɛ yenya tema paa ma afoforo a, ɛbɛma yɛatumi ‘akyekye akra a wɔahaw no werɛ.’ (1 Tes. 5:14) Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛn nso yɛredi Yesu akyi.

19. Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso no aka yɛn koma?

19 Hwɛ nneɛma a ɛyɛ anigye a yɛasua afi nsɛm a Yesu Kristo kae ne nneɛma a ɔyɛe no mu! Dodow a yesua Yesu ho ade no, dodow no ara na yɛpɛ sɛ yɛyɛ te sɛ ɔno. Na dodow no ara nso na yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo ma wɔn nso yɛ saa ara. Ɛnde, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara, na yɛmfa anigye nni Ɔhene Mesia no akyi nnɛ nkosi daa!

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada nyansa adi te sɛ nea Yesu yɛe no?

• Akwan bɛn na yebetumi afa so ada ahobrɛase adi?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi de nsi ayɛ ɔsom adwuma no?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ adi akyerɛ afoforo de asuasua Yesu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 5]

NHOMA A ƐBOA YƐN MA YESUASUA KRISTO

Woyii nhoma a wɔato din “Come Be My Follower” (Bra Bedi M’akyi) no adi wɔ afe 2007 ɔmantam nhyiam no ase. Wɔyɛɛ saa nhoma yi sɛ ɛmmoa Kristofo mma wɔmfa wɔn adwene nsi Yesu so, ne titiriw no, ne su ne ne nneyɛe ahorow. Wɔ nhoma no ti abien a edi kan akyi no, ɔfã a edi kan no ma yehu Yesu su ahorow a ɛda nsow—n’ahobrɛase, n’akokoduru, ne nyansa, ne ne boasetɔ ho nsɛm kakra.

Nea edi eyi akyi ne nnwuma a Yesu yɛe sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔsɛmpakafo, ne akwan bi a ɔfaa so daa ɔdɔ kɛse a ɔwɔ no adi no. Wɔakyerɛw nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu nyinaa sɛ ɛmmoa Kristoni mma ontumi nsuasua Yesu.

Yɛwɔ ahotoso sɛ nhoma yi bɛma yɛn mu biara ahwehwɛ ne ho mu na wabisa ne ho sɛ: ‘So meredi Yesu akyi ankasa? Mɛyɛ dɛn atumi adi n’akyi pɛɛ?’ Ɛbɛboa “wɔn a wɔpɛ daa nkwa nyinaa” no nso ma wɔabedi Kristo akyi.—Aso. 13:48.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Yesu penee so baa asase so ma wɔwoo no sɛ akokoaa. Su pa bɛn na na ɛhwehwɛ sɛ onya?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Dɛn na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ nsi wɔ ɔsom adwuma no mu?