Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ! Akoa A Yehowa Agye No Atom

Hwɛ! Akoa A Yehowa Agye No Atom

Hwɛ! Akoa A Yehowa Agye No Atom

“Hwɛ, m’akoa . . . a me kra agye no atom!”—YES. 42:1.

1. Dɛn na wɔhyɛ Yehowa nkurɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ, titiriw, bere a Nkaedi no rebɛn no, na dɛn ntia?

BERE a Kristo wu ho nkaedi no rebɛn no, wɔhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wontie afotu a ɔsomafo Paulo de mae sɛ “yennyen yɛn ani nhwɛ Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo Yesu” no. Paulo de kaa ho sɛ: “Nokwarem no, munsusuw nea ogyinaa pintinn wɔ nnebɔneyɛfo ntuatuaano mu a amfa mfaso ammrɛ wɔn no ho yiye, na moammrɛ, na moampa abaw.” (Heb. 12:2, 3) Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo nguan foforo no nyinaa gyen wɔn ani hwɛ nokwaredi a Kristo de bɔɔ ne bra no a, ɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so de nokwaredi asom Yehowa na ‘wɔampa abaw.’—Fa toto Galatifo 6:9 ho.

2. Dɛn na yebetumi asua afi Yesaia nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Onyankopɔn Ba no ho no mu?

2 Yehowa de ne honhom kanyan odiyifo Yesaia ma ɔhyɛɛ nkɔm ahorow faa ne Ba no ho tẽẽ nnidiso nnidiso. Saa nkɔmhyɛ ahorow yi bɛboa yɛn ma ‘yɛagyen yɛn ani ahwɛ Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo’ Kristo Yesu. * Nkɔmhyɛ ahorow no kaa Yesu su, n’amanehunu, ne ma a wɔbɛma no so de no ayɛ yɛn Hene ne yɛn Gyefo no ho asɛm. Ɛbɛma ntease a yɛwɔ wɔ Nkaedi a ebesi Yawda, April 9, afe yi mu, bere a owia akɔtɔ no ayɛ kɛse.

Wɔahu Onii Kõ a Ɔne Akoa No

3, 4. (a) Wɔ Yesaia nhoma no mu no, henanom na wɔde asɛmfua a ɛne ‘akoa’ no gyina hɔ ma wɔn? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible no ankasa ma yehu Akoa no a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesaia ti 42, 49, 50, 52, ne 53 no?

3 Asɛm a ɛne ‘akoa’ no pue mpɛn pii wɔ Yesaia nhoma no mu. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde ka odiyifo no ankasa ho asɛm. (Yes. 20:3; 44:26) Ɛtɔ mmere bi nso a, wɔde ka Israel man mũ no nyinaa anaa Yakob ho asɛm. (Yes. 41:8, 9; 44:1, 2, 21) Na nkɔmhyɛ atitiriw a ɛfa Akoa no ho a ɛwɔ Yesaia ti 42, 49, 50, 52, ne 53 no nso ɛ? Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ma yehu Yehowa Akoa a wɔaka ne ho asɛm wɔ saa ti ahorow no mu no pefee. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ na Etiopiani piani a wɔaka ne ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma no mu no rekenkan saa nkɔmhyɛ ahorow yi mu biako bere a honhom no kyerɛɛ ɔsɛmpakafo Filipo kwan ma ɔkɔɔ ne nkyɛn no. Esiane sɛ na opiani no akenkan Bible mu asɛm a ɛnnɛ ɛwɔ Yesaia 53:7, 8 no nti, obisaa Filipo sɛ: “Mesrɛ wo, hena na odiyifo no ka ne ho asɛm yi? N’ankasa anaa onipa foforo?” Filipo antwentwɛn ne nan ase koraa na ɔka kyerɛɛ no sɛ nea Yesaia kaa ne ho asɛm no ne Yesu a ɔno ne Mesia no.—Aso. 8:26-35.

4 Bere a na Yesu yɛ akokoaa no, honhom kronkron kaa onipa trenee bi a wɔfrɛ no Simeon ma ɔkae sɛ “abofra kumaa Yesu” bɛba abɛyɛ ‘kanea a wɔnam no so beyi nea ɛkata amanaman no so’ sɛnea wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yesaia 42:6 ne 49:6 no. (Luka 2:25-32) Bio nso, wɔkaa animguase a Yesu faa mu wɔ anadwo a na wɔredi n’asɛm no ho asɛm siei wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 50:6-9 no mu. (Mat. 26:67; Luka 22:63) Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi no, ɔsomafo Petro kaa no pefee sɛ Yesu ne Yehowa ‘Akoa’ no. (Yes. 52:13; 53:11; monkenkan Asomafo Nnwuma 3:13, 26.) Dɛn na yebetumi asua afi nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Mesia no ho no mu?

Yehowa Tetee N’akoa No

5. Ntetee bɛn na Akoa no nyae?

5 Yesaia nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Onyankopɔn Akoa no ho mu biako ma yehu abusuabɔ a na ɛwɔ Yehowa ne n’Abakan no ntam ansa na Ɔba no reba asase so abɛyɛ onipa no. (Monkenkan Yesaia 50:4-9.) Akoa no ankasa daa no adi sɛ Yehowa kɔɔ so tetee no bere a ɔkae sɛ: “Onyan m’aso ma mitie sɛ asuafo” no. (Yes. 50:4) Wɔ saa mmere yi nyinaa mu no, Yehowa Akoa no tiee n’Agya asɛm na osuaa nneɛma fii no hɔ, na ɔbɛyɛɛ osuani a ɔbrɛ ne ho ase. Hwɛ sɛnea onyaa hokwan kɛse sɛ amansan Bɔfo no kyerɛkyerɛɛ no!

6. Ɔkwan bɛn so na Akoa no daa no adi sɛ ɔbrɛ ne ho ase koraa ma n’Agya?

6 Wɔ saa nkɔmhyɛ yi mu no, Akoa no frɛɛ n’Agya sɛ “Awurade Tumfoɔ Yehowa.” Eyi kyerɛ sɛ na Akoa no gye tom sɛ Yehowa ne amansan no so otumfoɔ. Bere a Akoa no reka sɛnea ɔbrɛ ne ho ase koraa ma n’Agya no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa ankasa abue m’aso, na me nso mantew atua, na mansan m’akyi.” (Yes. 50:5) Bere a wɔrebɔ amansan a aniwa hu yi ne nnipa no, na ‘ɔwɔ Yehowa nkyɛn sɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw.’ Ná “odwumayɛni a ne ho akokwaw” yi ‘ani gye Yehowa anim daa, ná Onyankopɔn Ba no ani gye n’asase a ɛma nnɔbae no ho, na nnipa mma ho nsɛm na na ɛda ne koma so.’—Mmeb. 8:22-31.

7. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Akoa no wɔ ahotoso sɛ n’Agya bɛboa no wɔ ne sɔhwɛ ahorow mu?

7 Saa ntetee a Akoa no nyae ne n’ani a na egye nnipa mma ho no ma otumi siesiee ne ho maa ɔsɔretia a emu yɛ den a ohyiae bere a ɔbaa asase so no. Ɔde anigye kɔɔ so yɛɛ n’Agya apɛde wɔ bere mpo a ohyiaa ɔtaa a emu yɛ den no. (Dw. 40:8; Mat. 26:42; Yoh. 6:38) Wɔ sɔhwɛ a Yesu hyiae bere a na ɔwɔ asase so no nyinaa mu no, na ɔwɔ ahotoso sɛ n’Agya ani sɔ no, na ɔbɛboa no. Sɛnea wɔka siei wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu no, Yesu tumi kae sɛ: “Nea obu me bem no bɛn me. Hena na obetumi ne me adi asi? . . . Hwɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa ankasa bɛboa me.” (Yes. 50:8, 9) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa boaa n’Akoa nokwafo no wɔ ne som adwuma a ɔyɛe wɔ asase so no nyinaa mu sɛnea Yesaia nkɔmhyɛ foforo da no adi no.

Ɔsom Adwuma a Akoa no Yɛe wɔ Asase So

8. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Yesu ne nea Yehowa ‘apaw no’ sɛnea wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yesaia 42:1 no?

8 Bible ma yehu asɛm a esii bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ afe 29 Y.B. mu no: “Honhom kronkron sian baa no so . . . na nne bi fi soro bae sɛ: ‘Woyɛ me Ba a medɔ wo; magye wo atom.’” (Luka 3:21, 22) Yehowa nam saa kwan yi so ma yehuu ‘nea wapaw no’ no a wɔaka ne ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu no pefee. (Monkenkan Yesaia 42:1-7.) Yesu maa saa nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu wɔ ɔkwan soronko so wɔ bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so no mu. Mateo faa asɛm a ɛwɔ Yesaia 42:1-4 no de kaa Yesu ho asɛm wɔ n’Asɛmpa no mu.—Mat. 12:15-21.

9, 10. (a) Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔkwan bɛn so na ɔmaa Yesaia 42:3 baa mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo ‘buu atɛntrenee’ bere a na ɔwɔ asase so no, na bere bɛn na ɔde “atɛntrenee besi asase so”?

9 Ná Yudafo nyamesom mu akannifo no bu Yudafo a wɔyɛ ahiafo no animtiaa. (Yoh. 7:47-49) Wɔyɛɛ nkurɔfo no basabasa, na na wobetumi de wɔn atoto “demmire a abukaw” anaa “ntamaban” a ɛreyɛ adum ho. Nanso, Yesu yam hyehyee no maa ahiafo ne amanehunufo. (Mat. 9:35, 36) Ofii ayamye mu too nsa frɛɛ nnipa a wɔte saa no sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.” (Mat. 11:28) Afei nso, Yesu nam Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛfa nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho a ɔkyerɛkyerɛe no so ‘buu atɛntrenee.’ (Yes. 42:3) Ɔkɔɔ so daa no adi sɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Mmara reyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ yɛda ntease ne mmɔborɔhunu adi. (Mat. 23:23) Yesu buu atɛntrenee nso denam asɛm a ɔka kyerɛɛ adefo ne ahiafo nyinaa a wanyɛ nyiyim no so.—Mat. 11:5; Luka 18:18-23.

10 Yesaia nkɔmhyɛ no san da no adi sɛ nea Yehowa ‘apaw’ no no de “atɛntrenee besi asase so.” (Yes. 42:4) Ɔbɛyɛ eyi bere a wabɛyɛ Mesia Ahenni no so Hene, na wasɛe amammui nniso no nyinaa akyi bere tiaa bi, na ɔde n’ankasa nniso asi ananmu no. Afei, ɔde wiase foforo a “trenee bɛtena” mu no bɛba.—2 Pet. 3:13; Dan. 2:44.

“Kanea” ne “Apam”

11. Ɔkwan bɛn so na na Yesu yɛ ‘kanea ma aman’ no wɔ afeha a edi kan no mu, na ɔkwan bɛn so na ɔda so ara yɛ kanea de besi nnɛ?

11 Bere a Yesu rema Yesaia 42:6 anya mmamu no, ɔdaa ne ho adi sɛ ɔno ne ‘kanea ma aman’ no. Bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, Yudafo no titiriw na ɔma wonyaa honhom fam kanea anaa hann. (Mat. 15:24; Aso. 3:26) Nanso, Yesu kae sɛ: “Mene wiase hann.” (Yoh. 8:12) Ɛnyɛ honhom fam hann nko na ɔmaa Yudafo ne amanaman no nyae, na mmom ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no nso mae sɛ agyede maa nnipa nyinaa. (Mat. 20:28) Wɔ Yesu wusɔre akyi no, ɔmaa n’asuafo no adwuma sɛ wonni ne ho adanse ‘nkɔ asase ano nohoa.’ (Aso. 1:8) Bere a Paulo ne Barnaba reyɛ wɔn som adwuma no, wɔfaa asɛm a ɛne ‘kanea ma aman’ no kaa asɛm, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛfa asɛnka adwuma a na wɔreyɛ wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu no ho. (Aso. 13:46-48; fa toto Yesaia 49:6 ho.) Yesu nuanom a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no da so ara retrɛw honhom fam hann no mu, na wɔreboa nkurɔfo ma wɔanya Yesu a ɔno ne ‘kanea ma aman’ no mu gyidi.

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de n’Akoa no ama sɛ “apam ama nnipa”?

12 Wɔ saa nkɔmhyɛ no ara mu no, Yehowa ka kyerɛɛ n’Akoa a wapaw no no sɛ: “Mɛbɔ wo ho ban na mede wo ayɛ apam ama nnipa.” (Yes. 42:6) Satan bɔɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔbɛsɛe Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremma onwie ne som adwuma no wɔ asase so, nanso Yehowa bɔɔ Yesu ho ban kosii bere a na wɔahyɛ sɛ obewu no. (Mat. 2:13; Yoh. 7:30) Ɛno akyi no, Yehowa nyanee Yesu, na ɔde no mae sɛ “apam” anaa bɔhyɛ maa nnipa a wɔwɔ asase so. Saa bɔhyɛ a anibere wom no maa yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn Akoa a ɔyɛ ɔnokwafo no bɛkɔ so ayɛ “kanea ama aman,” na obegye wɔn a wɔwɔ honhom fam sum mu no.—Monkenkan Yesaia 49:8, 9. *

13. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase no so no, dɛn na ɔyɛe de gyee wɔn a na “wɔte sum mu” no, na ɔkwan bɛn so na ɔreyɛ saa nnɛ?

13 Nea ɛne saa bɔhyɛ yi hyia no, Yehowa Akoa a wapaw no no ‘bebue anifuraefo ani,’ ‘ayi nneduafo afi afiase,’ na wagye wɔn a “wɔte sum mu afi nneduadan mu.” (Yes. 42:7) Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ eyi ne sɛ ɔma wohui sɛ nyamesom mu atetesɛm yɛ atoro, na ɔkaa Ahenni no ho asɛmpa no. (Mat. 15:3; Luka 8:1) Ɔnam saa a ɔyɛe no so gyee Yudafo a wɔbɛyɛɛ n’asuafo no fii atoro som mu. (Yoh. 8:31, 32) Saa ara na Yesu aboa nnipa ɔpepem pii a wɔnyɛ Yudafo ma wɔahu nokware no. Waka akyerɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnkɔ nkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo,’ na wahyɛ n’akyidifo no bɔ sɛ ɔbɛka wɔn ho ‘nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase nhyehyɛe no awiei.’ (Mat. 28:19, 20) Kristo Yesu te soro rehwɛ asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no so.

Yehowa Maa ‘Akoa’ no So

14, 15. Dɛn nti na Yehowa maa n’Akoa no so, na ɔkwan bɛn na ɔfaa so yɛɛ saa?

14 Wɔ nkɔmhyɛ foforo mu no, Yehowa kaa n’Akoa a ɔno ne Mesia no ho asɛm sɛ: “Hwɛ, m’akoa de nhumu bɛyɛ ade. Obenya dibea a ɛkorɔn, wɔbɛma no so, wɔbɛpagyaw no papaapa.” (Yes. 52:13) Esiane sɛ Yehowa Ba no de nokwaredi abrɛ ne ho ase ama Yehowa tumidi, na wagyina sɔhwɛ a emu yɛ den sen biara ano nti, Yehowa ama no so.

15 Ɔsomafo Petro kyerɛw Yesu ho asɛm sɛ: “Ɔkɔɔ ɔsoro, na ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa; na wɔde abɔfo ne atumfoɔ ne tumidifo ahyɛ n’ase.” (1 Pet. 3:22) Saa ara na ɔsomafo Paulo nso kyerɛwee sɛ: “Ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, yiw, asɛndua ho wu mu. Eyi nso nti na Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara, ma enti Yesu din mu na ɛsɛ sɛ nkotodwe nyinaa kotow, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so ne nea ɛwɔ asase ase nyinaa, na ɛsɛ sɛ tɛkrɛma nyinaa pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade de hyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.”—Filip. 2:8-11.

16. Wɔ afe 1914 mu no, ɔkwan bɛn so na ‘wɔpagyaw Yesu papaapa,’ na dɛn na wayɛ fi saa bere no?

16 Wɔ afe 1914 mu no, Yehowa san maa Yesu so bio. Bere a Yehowa de no yɛɛ Mesia Ahenni no so Hene no, ‘ɔpagyaw no papaapa.’ (Dw. 2:6; Dan. 7:13, 14) Efi saa bere no, Kristo ‘akɔ n’atamfo mfinimfini redi wɔn so.’ (Dw. 110:2) Odii kan dii Satan ne n’adaemone no so, na ɔtow wɔn guu asase so. (Adi. 12:7-12) Ɛno akyi no, Kristo dii dwuma sɛ Kores Ɔkɛse no de gyee ne nuanom a wɔde honhom asra wɔn a wɔwɔ asase so no fii “Babilon Kɛse no” mu. (Adi. 18:2; Yes. 44:28) Kristo ahwɛ asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa a wɔnam so aboaboa ne honhom fam nuanom a ‘wɔaka,’ ne afei “nguan foforo” a wɔyɛ “nguankuw ketewa” no ahokafo anokwafo ano no so.—Adi. 12:17; Yoh. 10:16; Luka 12:32.

17. Ɛde besi saa bere yi, dɛn na Yesaia nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa ‘akoa’ no ho a yɛasusuw ho no ama yɛahu?

17 Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesaia nhoma no mu nkɔmhyɛ atitiriw a yɛasusuw ho yi ama anisɔ a yɛwɔ ma Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Hene ne yɛn Gyefo no ayɛ kɛse. Sɛnea ɔbrɛɛ ne ho ase sɛ ɔba wɔ bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so no ma yehu ntetee a onya fii n’Agya nkyɛn ansa na ɔreba asase so no. Ɔnam n’ankasa som adwuma a ɔyɛe ne asɛnka adwuma no a wahwɛ so de abesi nnɛ no so ada no ho adi sɛ ɔno ne ‘kanea ma aman’ no. Sɛnea yebehu wɔ adesua a edi hɔ mu no, Akoa no a ɔno ne Mesia no ho nkɔmhyɛ foforo da no adi sɛ obehu amane na ɔde ne nkwa ato hɔ ama yɛn, na ɛsɛ sɛ ‘yesusuw’ saa asɛm no ho “yiye” bere a ne wu no ho Nkaedi rebɛn no.—Heb. 12:2, 3.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Wubetumi ahu saa nkɔmhyɛ ahorow yi wɔ Yesaia 42:1-7; 49:1-12; 50:4-9; ne 52:13–53:12.

^ nky. 12 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wɔakyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 49:1-12 no mu a, hwɛ Yesaia Nkɔmhyɛ NoHann Ma Adesamma Nyinaa II, kratafa 136-145.

Ntĩmu

• Hena ne ‘akoa’ a wɔaka ne ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ ahorow mu no, na yɛyɛ dɛn hu?

• Ntetee bɛn na Akoa no nya fii Yehowa hɔ?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ ‘kanea ma aman’ no?

• Ɔkwan bɛn so na wɔmaa Akoa no so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Filipo kyerɛe pefee sɛ ‘akoa’ a Yesaia kaa ne ho asɛm no ne Yesu a ɔno ne Mesia no

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Sɛ́ Yehowa Akoa a wapaw no no, Yesu nyaa ayamhyehye maa ahiafo ne amanehunufo

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Yesu Agya maa no so, na ɔde no sii Mesia Ahenni no so Hene