Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yennya Anigye Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu

Momma Yennya Anigye Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu

Momma Yennya Anigye Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu

‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo.’—MAT. 28:19.

1-3. (a) Nnipa pii te nka dɛn wɔ Bible adesua ahorow a wɔbɛyɛ no ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

ONUAWA bi a ɔresom wɔ kuw bi a wɔka Hindi kasa mu wɔ United States kyerɛwee sɛ: “Adapɛn 11 ni na me ne abusua bi a wofi Pakistan asua ade.” Ɔtoaa so sɛ: “Ade a me ne wɔn sua no ama yɛabɛyɛ nnamfo. Sɛ midwen ho sɛ saa abusua yi rebɛsan akɔ Pakistan nnansa yi ara a, ɛma m’ani taataa nusu. Ɛnyɛ me ne wɔn ntam a ɛbɛtetew no ho awerɛhow nko na ɛma misu, na mmom anigye a Yehowa ho ade a merekyerɛkyerɛ wɔn no ama manya a mɛhwere no nso.”

2 So wo ne obi ayɛ Bible adesua ma w’ani agye te sɛ onuawa yi pɛn? Yesu ne n’asuafo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu no nyaa anigye kɛse wɔ asuafoyɛ adwuma no mu. Bere a asuafo 70 a na Yesu atete wɔn no san de amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye brɛɛ no no, “anigye hyɛɛ” Yesu ankasa “mã denam honhom kronkron so.” (Luka 10:17-21) Saa ara na ɛnnɛ, nnipa pii nya anigye kɛse wɔ asuafoyɛ adwuma no mu. Nokwarem no, sɛ wɔkyekyɛm a, wɔ afe 2007 mu no, adawurubɔfo a wɔwɔ anigye a wɔyɛ adwumaden yɛɛ Bible adesua ɔpepem asia ne fã ɔsram biara!

3 Nanso, adawurubɔfo binom wɔ hɔ a wonnya nyɛɛ Bible adesua. Ebia, afoforo nso yɛɛ bi no, mfe kakra atwam. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua a, nsɛnnennen bɛn na yebetumi ahyia? Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi saa nsɛnnennen no so? Na sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa di Yesu ahyɛde a ɛne sɛ: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo’ no so a, nhyira bɛn na yenya?—Mat. 28:19.

Nsɛnnennen a Ebetumi Asɛe Yɛn Anigye

4, 5. (a) Wɔ wiase no afã bi no, dɛn na nnipa pii yɛ wɔ asɛm no a yɛka kyerɛ wɔn no ho? (b) Nsɛnnennen bɛn na adawurubɔfo hyia wɔ mmeae foforo bi?

4 Wɔ wiase no afã bi no, nkurɔfo de anigye gye yɛn nhoma, na wɔn ani gye ho sɛ yɛne wɔn besua Bible no. Awarefo bi a wofi Australia a na wɔde bere tiaa bi resom wɔ Zambia no kyerɛwee sɛ: “Nsɛm a yɛtee no nyinaa yɛ nokware. Zambia yɛ ɔman a emufo tie asɛmpa no paa. Mmɔnten so adansedi yɛ anigye ankasa! Nkurɔfo ba yɛn nkyɛn, na ebinom mpo bisa nsɛmma nhoma pɔtẽẽ bi.” Wɔ nnansa yi afe bi mu no, yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Zambia no yɛɛ Bible adesua bɛboro 200,000, na ɛno kyerɛ sɛ, sɛ wɔkyekyɛm a, ɔdawurubɔfo biara yɛɛ Bible adesua bɛboro biako.

5 Nanso, wɔ mmeae foforo no, ebia ɛyɛ den sɛ adawurubɔfo bɛma nhoma na wɔayɛ Bible adesua ahorow daa. Dɛn ntia? Mpɛn pii no, bere a ɔdawurubɔfo bi bɛbɔ nkurɔfo pon mu no, na wonni fie, na ebia wɔn a wɔwɔ fie no nso ani nnye nyamesom ho. Ebia wɔtetee wɔn wɔ mmusua a wɔn ani nnye nyamesom ho mu, anaasɛ nyaatwom a ɛwɔ atoro som mu no na ama wɔn ani nnye ho. Wɔadi nnipa pii awu wɔ honhom fam, a nea ɛkyerɛ ne sɛ ahwɛfo a wɔyɛ atorofo apirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ. (Mat. 9:36) Enti, ntease wom sɛ ebia nnipa a wɔte saa no bɛhwɛ wɔn ho yiye wɔ Bible mu nkɔmmɔ a wɔne afoforo bɛbɔ no ho.

6. Dɛn na ebetumi ayɛ ɔhaw ama adawurubɔfo binom?

6 Adawurubɔfo bi a wodi nokware rehyia asɛnnennen foforo a ebetumi asɛe wɔn anigye. Ɛwom sɛ bere bi na wɔbɔ mmɔden paa wɔ asuafoyɛ adwuma no mu de, nanso seesei yare anaa onyin ama wontumi nyɛ pii. Susuw nneɛma bi a yɛn ankasa betumi de ahaw yɛn ho no nso ho hwɛ. Sɛ nhwɛso no, so wote nka sɛ wuntumi nyɛ Bible adesua? Ebia, wobɛte nka te sɛ Mose bere a Yehowa somaa no sɛ ɔne Farao nkɔkasa no. Mose kae sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, ebesi nnɛ . . . m’ano ntew.” (Ex. 4:10) Nea ɛma yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ Bible adesua ne sɛ yesuro sɛ yɛrentumi nkyerɛkyerɛ yiye. Ebetumi ahaw yɛn sɛ esiane sɛ yentumi nkyerɛkyerɛ yiye nti, yɛrentumi mmoa obi mma ɔmmɛyɛ osuani. Ɛno nti, ebia yɛbɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛrenyɛ Bible adesua sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn anim rengu ase. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi nsɛnnennen a yɛaka ho asɛm seesei ara no so?

Siesie Wo Koma

7. Dɛn na ɛkanyan Yesu ma ɔyɛɛ ne som adwuma no?

7 Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yebesiesie yɛn koma. Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma mã aboro so no na ano ka.” (Luka 6:45) Afoforo yiyedi a na ɛho hia Yesu kɛse no na ɛkanyan no ma ɔyɛɛ ne som adwuma no. Sɛ nhwɛso no, bere a ohui sɛ na ne mfɛfo Yudafo no atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no, “wɔyɛɛ no mmɔbɔ.” Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no sõ . . . Monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.”—Mat. 9:36-38.

8. (a) Dɛn na ɛyɛ papa sɛ yesusuw ho? (b) Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a Bible suani bi kae no mu?

8 Bere a yɛreyɛ asuafoyɛ adwuma no, ɛyɛ papa sɛ yesusuw mfaso a yɛanya esiane sɛ obi gyee bere ne yɛn suaa Bible no nti no ho kɔ akyiri. San susuw nkurɔfo a yebehyia wɔn wɔ asɛnka mu ne mfaso a wobenya wɔ asɛm no a yɛbɛka akyerɛ wɔn no ho hwɛ. Ɔbea bi kyerɛw kɔmaa baa dwumadibea a ɛwɔ ɔman a ɔte mu no sɛ: “Mereka sɛnea m’ani asɔ Adansefo a wɔbɛkyerɛkyerɛ me wɔ me fie no ho asɛm akyerɛ mo. Minim sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ sɛ wɔte nka sɛ migyigye wɔn, efisɛ mibisa wɔn nsɛm pii, na mema wodi boro bere a yɛahyehyɛ sɛ yɛde besua ade no so bere nyinaa. Nanso, wonya me ho abotare, na wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛka nneɛma a wɔasua no ho asɛm akyerɛ me. Meda Yehowa ne Yesu ase sɛ mahyia saa nkurɔfo yi wɔ m’asetena mu.”

9. Dɛn na Yesu de n’adwene sii so, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?

9 Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ogyee asɛm a Yesu kae no dii na odii n’akyi. (Mat. 23:37) Ebinom dii n’akyi kakra, na afei wɔpoo ne nkyerɛkyerɛ, na “wɔne no annantew bio.” (Yoh. 6:66) Nanso, Yesu asɛm no a ebinom antie no amma wante nka sɛ mfaso nni asɛm a na ɔreka no so. Ɛwom sɛ aba a Yesu gui no mu dodow no ara ansow de, nanso ɔde n’adwene sii papa a na ɔreyɛ no so. Ohui sɛ na mfuw no ahoa sɛ wotwa, na onyaa anigye kɛse wɔ otwa adwuma no a ɔyɛɛ bi no mu. (Monkenkan Yohane 4:35, 36.) Sɛ́ anka yebenya adwene sɛ yɛn asasesin no nsow aba no, so yɛn nso yebetumi ayere yɛn ho ayɛ asɛnka adwuma no na yɛahwɛ kwan sɛ ɛbɛsow aba? Ma yɛnhwehwɛ ɔkwan a yebetumi afa so akura adwempa a ɛte saa no mu nhwɛ.

Ka Asɛm no Fa Hwehwɛ Wɔn a Wo Ne Wɔn Besua Bible

10, 11. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woakɔ so anya anigye?

10 Sɛ okuafo gu aba a, ne botae ne sɛ ɛbɛsow ama watwa. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no de hwehwɛ nkurɔfo a yɛne wɔn bɛyɛ Bible adesua. Na sɛ woyɛ asɛnka adwuma no daa, nanso wonto nnipa pii wɔ fie anaasɛ ɛte sɛ nea wo nsa nka wɔn a wosan kɔsra wɔn no nso ɛ? Eyi betumi abu w’abam. So ɛsɛ sɛ eyi ma wugyae afie afie asɛnka adwuma no? Dabida! Yɛda so ara nam saa kwan a etu mpɔn yi a yɛafa so ayɛ asɛnka adwuma no bere tenten no so na enya nnipa pii nea edi kan.

11 Nanso, nea ɛbɛyɛ na woakɔ so anya anigye no, so wubetumi atrɛw akwan a wofa so ka asɛm no mu, ebia wobɛfa akwan foforo so anya nkurɔfo ne wɔn akasa? Sɛ nhwɛso no, so woabɔ mmɔden sɛ wubedi nkurɔfo adanse wɔ mmɔnten so anaa wɔ wɔn nnwuma mu? So wubetumi ne nkurɔfo akasa wɔ telefon so, anaasɛ wubegye wɔn a woaka Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn dedaw no telefon nɔma sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akɔ so aka asɛm no akyerɛ wɔn? Sɛ wumia w’ani na wosakra ɔkwan a wofa so yɛ asɛnka adwuma no mu a, wubenya nnipa a wobetie Ahenni asɛm no na ama w’ani agye.

Asɛm no Ho Anigye a Nkurɔfo Nkyerɛ Ano a Wubegyina

12. Sɛ ɛte sɛ nea nnipa pii a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ani nnye asɛm no ho a, dɛn na yebetumi ayɛ?

12 Na sɛ nnipa pii a wɔwɔ w’asasesin mu no ani nnye nyamesom ho nso ɛ? So wubetumi asakra ɔkwan a wofa so ka asɛm no mu na woaka biribi a wɔn ani begye ho? Ɔsomafo Paulo kyerɛw ne mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Korinto no sɛ: “Meyɛɛ me ho sɛ Yudani maa Yudafo . . . Wɔn a wonni mmara no, meyɛɛ me ho sɛ nea onni mmara maa wɔn, ɛwom, ɛnyɛ sɛ minni mmara ase wɔ Onyankopɔn mu.” Dɛn nti na Paulo yɛɛ saa? Ɔkae sɛ: “Mayɛ biribiara ama nnipa ahorow nyinaa, sɛnea ɛyɛ dɛn ara a, megye ebinom nkwa.” (1 Kor. 9:20-22) So yɛn nso yebetumi aka nsɛm bi a nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ani begye ho? Nnipa pii a wɔn ani nnye nyamesom ho no pɛ sɛ wɔma wɔn abusua asetena yɛ anigye. Ebia na wɔrehwehwɛ atirimpɔw a ɛwɔ asetena mu nso. So yebetumi aka Ahenni ho asɛm no akyerɛ nnipa a wɔte saa no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔn ani agye ho?

13, 14. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya anigye pii wɔ asuafoyɛ adwuma no mu?

13 Adawurubɔfo pii anya anigye kɛse wɔ asuafoyɛ adwuma no mu wɔ mmeae bi mpo a ɛte sɛ nea nnipa dodow no ara ani nnye asɛm no ho no. Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa anigye? Wɔnam ɔman foforo so kasa a wosuae no so. Awarefo bi a wɔadi boro mfe 60 hui sɛ Chinafo sukuufo mpempem pii tete wɔn asafo no asasesin mu. Okunu no kae sɛ: “Eyi nti, wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensua China kasa.” Ɔtoaa so sɛ: “Ɛwom sɛ na eyi hwehwɛ sɛ yegye bere sua kasa no da biara da de, nanso ɛmaa yetumi ne Chinafo pii a wɔte yɛn mpɔtam hɔ no yɛɛ Bible adesua.”

14 Sɛ wuntumi nsua ɔman foforo so kasa mpo, na sɛ wuhyia obi a ɔka kasa foforo a, wubetumi de Good News for People of All Nations (Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ Nnipa a Wofi Amanaman Nyinaa Mu) nhomawa no adi dwuma. Mpɛn pii no, wubetumi nso agye nhoma a ɛwɔ kasa a nkurɔfo a wuhyia wɔn no ka mu no bi. Ɛyɛ nokware sɛ egye bere ne mmɔdenbɔ pii na ama wo ne obi a ɛsono kasa a ɔka ne n’amammerɛ abɔ nkɔmmɔ. Nanso, mma wo werɛ mfi nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no sɛ: “Nea ogu pii no betwa pii.”—2 Kor. 9:6.

Asafo Mũ no Nyinaa Boa

15, 16. (a) Dɛn nti na asafo mũ no nyinaa na wɔboa ma wɔyɛ asuafoyɛ adwuma no? (b) Dwuma bɛn na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no di?

15 Nanso, ɛnyɛ onipa biako pɛ mmɔdenbɔ so na wɔnam yɛ asuafo. Mmom no, ɛyɛ asafo mũ no nyinaa mmɔdenbɔ so na ɛma obi bɛyɛ osuani. Dɛn nti na yebetumi aka saa? Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:35) Nokwarem no, sɛ Bible asuafo ba asafo nhyiam ase a, wɔn ani taa gye ɔdɔ a wɔda no adi wɔ yɛn nhyiam ahorow ase no ho. Bible suani bi kyerɛwee sɛ: “M’ani gye asafo nhyiamkɔ ho paa. Nnipa a wɔwɔ hɔ no ma m’ani gye ankasa!” Yesu kae sɛ, wɔn a wɔbɛyɛ n’akyidifo no honam fam abusuafo bɛsɔre atia wɔn. (Monkenkan Mateo 10:35-37.) Nanso, ɔhyɛɛ bɔ sɛ wobenya honhom fam “nuabarimanom ne nuabeanom ne maamenom ne mma” wɔ asafo no mu.—Mar. 10:30.

16 Yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim no titiriw di dwuma bi a ɛho hia de boa Bible asuafo ma wonya nkɔso. Ɔkwan bɛn so? Sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim no mu bi ankasa ntumi nyɛ Bible adesua mpo a, mmuae a ɛhyɛ nkuran a wɔma wɔ asafo nhyiam ase no hyɛ wɔn a wotie wɔn no nyinaa gyidi den. Mfe pii a wɔde anantew “trenee kwan so” no ma asafo no mu yɛ anigye kɛse, na ɛtwetwe nnipa komapafo ba Onyankopɔn ahyehyɛde no mu.—Mmeb. 16:31.

Sɛnea Yebedi Osuro a Yɛwɔ no So

17. Sɛ yɛte nka sɛ yentumi nyɛ Bible adesua a, dɛn na yebetumi ayɛ?

17 Sɛ wote nka sɛ wuntumi nyɛ Bible adesua a, dɛn na wubetumi ayɛ? Kae sɛ, Yehowa de honhom kronkron maa Mose, na ɔde ne nua Aaron kaa no ho ma ɔboaa no. (Ex. 4:10-17) Yesu hyɛɛ bɔ sɛ Onyankopɔn honhom bɛtaa yɛn akyi wɔ adansedi adwuma a yɛreyɛ no mu. (Aso. 1:8) Afei nso, Yesu somaa adwumayɛfo no baanu baanu ma wɔkɔkaa asɛmpa no. (Luka 10:1) Enti, sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ Bible adesua a, bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom ma ɛmmoa wo mma wunnya nyansa, na afei wo ne obi a obetumi ama woanya akokoduru, na ɔwɔ osuahu a ebetumi aboa wo mmom nyɛ asɛnka adwuma no. Sɛ wokae sɛ Yehowa paw nnipa a wɔyɛ mpapahwekwa a wɔyɛ “wiase ade a ɛyɛ mmerɛw” na ɔde wɔn yɛɛ adwuma soronko yi a, ɛbɛhyɛ wo gyidi den.—1 Kor. 1:26-29.

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi osuro a yɛwɔ sɛ yɛrentumi mmoa obi mma ɔmmɛyɛ osuani no so?

18 Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi osuro a ɛma yɛte nka sɛ yɛrentumi mmoa Bible suani bi no so? Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkae sɛ obi a yɛbɛboa no ma wabɛyɛ osuani no nte sɛ aduannoa a sɛ aduan no bɛyɛ dɛ oo sɛ ɛrenyɛ dɛ oo egyina onipa biako a ɔno na ɔnoa aduan no so titiriw no. Mmom no, ɛnyɛ yɛn nkutoo mmɔdenbɔ so na ebetumi ama obi abɛyɛ osuani. Yehowa na ɔyɛ adwuma no fã kɛse a ɛho hia paa no, na ɛno ne sɛ ɔno na ɔtwe onipa no ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Yɛne afoforo a wɔwɔ asafo no mu yɛ nea yebetumi nyinaa de nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn boa osuani no ma onya nkɔso. (Monkenkan 2 Timoteo 2:15.) Na ɛsɛ sɛ osuani no nso de nea osua no yɛ adwuma. (Mat. 7:24-27) Sɛ obi gyae Bible no sua a, ebetumi ama yɛn abam abu. Yɛhwɛ kwan sɛ Bible asuafo besi gyinae pa, nanso ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ‘bu n’ankasa akontaa kyerɛ Onyankopɔn.’—Rom. 14:12.

Nhyira Bɛn na Yebenya?

19-21. (a) Sɛ yɛyɛ Bible adesua a, nhyira bɛn na yenya? (b) Yehowa bu wɔn a wɔyɛ asɛnka adwuma no nyinaa dɛn?

19 Sɛ yɛyɛ Bible adesua ahorow a, ɛma yɛde yɛn adwene si Ahenni no a yɛbɛhwehwɛ no kan no so. Ɛma Onyankopɔn Asɛm mu nokware no nso gye ntini wɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu. Dɛn nti na ɛte saa? Ɔkwampaefo bi a wɔfrɛ no Barak kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ woyɛ Bible adesua ahorow a, ɛma wutumi sua Onyankopɔn Asɛm no yiye. Mihu sɛ ɛsɛ sɛ mehyɛ m’ankasa me gyidi den ansa na matumi akyerɛkyerɛ obi foforo nso yiye.”

20 Sɛ wonyɛ Bible adesua a, so ɛno kyerɛ sɛ wo som nsɔ Onyankopɔn ani? Ɛnte saa koraa! Yehowa ani sɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebeyi no ayɛ no paa. Wɔn a wɔyɛ asɛnka adwuma no bi no nyinaa yɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” Nanso, sɛ yɛyɛ Bible adesua a, yenya anigye foforo bere a yehu sɛnea Onyankopɔn ma aba a yegui no nyin no. (1 Kor. 3:6, 9) Ɔkwampaefo bi a wɔfrɛ no Amy ka sɛ: “Sɛ wuhu sɛ wo Bible suani bi renya nkɔso a, ɛma wunya anisɔ kɛse ma Yehowa sɛ ɔde wo reyɛ adwuma ma woama saa onipa no akyɛde a ɛsom bo, na ɛno ne sɛ onipa no anya hokwan ahu Yehowa na ɛbɛma wanya daa nkwa.”

21 Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara na yefi Bible adesua ahorow ase, na yɛtoa so yɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi Onyankopɔn som so seesei, na ɛbɛhyɛ anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛkɔ wiase foforo no mu no mu den. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi nso aboa wɔn a wotie yɛn no ma wɔagye wɔn nkwa. (Monkenkan 1 Timoteo 4:16.) Hwɛ anigye a eyi bɛma yɛanya!

So Wokae?

• Nsɛnnennen bɛn na ebetumi ama ebinom renyɛ Bible adesua?

• Sɛ ɛte sɛ nea nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no mu pii ani nnye asɛm no ho a, dɛn na yebetumi ayɛ?

• Sɛ yɛyɛ Bible adesua a, nhyira bɛn na yenya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

So wotrɛw akwan a wofa so yɛ asɛnka adwuma no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nnipa komapafo?