Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Woyɛ ‘Onyankopɔn Adom Ho Ofiehwɛfo’?

So Woyɛ ‘Onyankopɔn Adom Ho Ofiehwɛfo’?

So Woyɛ ‘Onyankopɔn Adom Ho Ofiehwɛfo’?

“Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.”—ROM. 12:10.

1. Awerɛhyem bɛn na Onyankopɔn Asɛm ma yenya?

ONYANKOPƆN ASƐM ma yɛn awerɛhyem mpɛn pii sɛ, sɛ yɛn abam bu anaasɛ yɛn koma bubu a, Yehowa bɛboa yɛn. Sɛ nhwɛso no, hyɛ awerɛkyekyesɛm yi nsow. Ɛka sɛ: “Yehowa wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina hɔ.” “Wɔn a wɔn koma abubu no ɔsa wɔn yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.” (Dw. 145:14; 147:3) Bio nso, yɛn soro Agya no ankasa kae sɛ: “Me Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu; na meka kyerɛ wo sɛ, ‘Nsuro, na me ara mɛboa wo.’”—Yes. 41:13.

2. Ɔkwan bɛn na Yehowa fa so boa n’asomfo?

2 Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa a ɔte soro a aniwa nhu hɔ no ‘kura yɛn nsa mu’? Ɔkwan bɛn so na sɛ awerɛhow ma ‘yɛkotow a, ɔma yɛn so gyina hɔ’? Yehowa Nyankopɔn de mmoa a ɛte saa ma yɛn wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, ɔnam ne honhom kronkron so ma ne nkurɔfo nya “tumi a ɛboro onipa de so.” (2 Kor. 4:7; Yoh. 14:16, 17) Onyankopɔn Asɛm Bible a ɔnam ne honhom so ma wɔkyerɛwee no mu nsɛm a tumi wom no ma Onyankopɔn asomfo nya ahoɔden nso. (Heb. 4:12) So ɔkwan foforo bi wɔ hɔ a Yehowa fa so hyɛ yɛn den? Yebenya mmuae no wɔ Petro nhoma a Edi Kan no mu.

‘Onyankopɔn Dom Akyɛde Yɛ Adwuma Akwan Horow So’

3. (a) Sɔhwɛ ho asɛm bɛn na ɔsomafo Petro kae? (b) Dɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Petro krataa a edi kan no fã a etwa to no mu?

3 Bere a ɔsomafo Petro rekyerɛw gyidifo a wɔde honhom asra wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye efisɛ akatua pa bi wɔ hɔ ma wɔn. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Eyi mu na mudi ahurusi kɛse, ɛwom sɛ seesei de, etwa sɛ wɔde sɔhwɛ ahorow how mo werɛ kakra.” (1 Pet. 1:1-6) Hyɛ asɛmfua a ɛne “ahorow” no nsow. Ɛkyerɛ sɛ sɔhwɛ a yebehyia no bɛyɛ nea egu ahorow. Nanso, Petro amfa asɛm no anso hɔ ara sɛnea ɛbɛyɛ a ne nuanom adwenem renyɛ wɔn nãã sɛ ebia wɔrentumi nnyina sɔhwɛ a egu ahorow saa no ano. Mmom no, Petro kae sɛ ɛmfa ho sɛnea sɔhwɛ biara a Kristofo behyia te no, wobetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa wɔn ma wɔagyina ano. Wɔde saa awerɛhyem no mae wɔ Petro krataa no fã a etwa to no mu, baabi a ɔsomafo no kaa “nneɛma nyinaa awiei” ho asɛm no.—1 Pet. 4:7.

4. Dɛn nti na asɛm a ɛwɔ 1 Petro 4:10 no kyekye yɛn werɛ?

4 Petro kae sɛ: “Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho sɛ afiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde a ɛyɛ adwuma akwan horow so no ahyɛ wɔn nsa.” (1 Pet. 4:10) Petro san de asɛmfua a ɛne “horow” dii dwuma wɔ ha nso. Nea na ɔreka ankasa ne sɛ, ‘Sɔhwɛ gu ahorow pii, na Onyankopɔn adom nso gu ahorow pii saa ara.’ Dɛn nti na saa asɛm yi yɛ awerɛkyekye? Nea ɛkyerɛ ne sɛ sɔhwɛ biara a yebehyia no, yebenya Onyankopɔn dom a yɛde begyina ano bere nyinaa. Nanso, so wohyɛɛ ɔkwan a Yehowa fa so ma yenya n’adom no nsow wɔ Petro asɛm no mu? Ɔnam yɛn mfɛfo Kristofo so na ɛyɛ saa.

‘Monsonsom Mo Ho’

5. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni biara yɛ? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

5 Bere a Petro rekasa akyerɛ Kristofo asafo no mufo nyinaa no, ɔkae sɛ: “Nea ɛsen biribiara no, monnodɔ mo ho denneennen.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa nsonsom mo ho.” (1 Pet. 4:8, 10) Enti, ɛsɛ sɛ asafo no muni biara hyɛ ne mfɛfo Kristofo den. Yehowa de biribi a ɛsom bo a ɛyɛ ne dea ahyɛ yɛn nsa, na ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛde som afoforo. Ɛnde, dɛn na wɔde ahyɛ yɛn nsa no? Petro ka sɛ ɛyɛ “akyɛde.” Dɛn ne akyɛde no? Na ɔkwan bɛn so na ‘yɛde sonsom yɛn ho’?

6. Akyɛde a wɔde ahyɛ Kristofo nsa no bi ne dɛn?

6 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara fi soro.” (Yak. 1:17) Nokwarem no, akyɛde ahorow nyinaa a Yehowa de ahyɛ ne nkurɔfo nsa no yɛ n’adom a wada no adi akyerɛ wɔn. Akyɛde titiriw biako a Yehowa de ama yɛn ne honhom kronkron no. Saa akyɛde no ma yetumi nya su pa ahorow te sɛ ɔdɔ, papayɛ, ne odwo. Su ahorow a ɛte saa no nso ma yefi yɛn komam da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn mfɛfo gyidifo, na ɛma yefi yɛn pɛ mu boa wɔn. Nyansa ne nimdeɛ ankasa nso ka akyɛde pa a honhom kronkron boa yɛn ma yenya no ho. (1 Kor. 2:10-16; Gal. 5:22, 23) Nokwarem no, yebetumi abu ahoɔden a yɛwɔ, nneɛma a yetumi yɛ, ne yɛn dom akyɛde nyinaa sɛ ɛyɛ akyɛde a ɛsɛ sɛ yɛde yi yɛn soro Agya no ayɛ na yɛde hyɛ no anuonyam. Yɛwɔ asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim sɛ yɛde nneɛma a yetumi yɛ ne su ahorow a yɛwɔ no di dwuma sɛ Onyankopɔn dom akyɛde a yɛde reboa yɛn mfɛfo gyidifo.

“Momfa Nsonsom”—Ɔkwan Bɛn So?

7. (a) Asɛm a ɛne ‘sɛnea akyɛde no te’ no kyerɛ dɛn? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho, na dɛn ntia?

7 Petro san kaa akyɛde ahorow a wɔde ama yɛn no ho asɛm sɛ: “Sɛnea akyɛde a obiara nsa aka te no, momfa [nyɛ adwuma].” Asɛm a ɛne ‘sɛnea akyɛde no te’ no kyerɛ sɛ su ahorow a yɛn mu biara wɔ ne nneɛma a yetumi de yɛ no bɛyɛ nea egu ahorow, na saa ara nso na ɛbɛsono baabi a yɛde bɛyɛ adwuma akodu. Akyɛde biara a yɛwɔ no, wɔhyɛ yɛn mu biara nkuran sɛ ‘yɛmfa nyɛ adwuma [a nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛmfa akyɛde pɔtee bi a yɛanya no] nsonsom yɛn ho.’ Bio nso, asɛm a ɛne ‘momfa nyɛ adwuma sɛ afiehwɛfo pa’ no yɛ ahyɛde. Enti, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Nokwarem no, so mede akyɛde ahorow a wɔde ama me no yɛ adwuma de hyɛ me mfɛfo gyidifo den’? (Fa toto 1 Timoteo 5:9, 10 ho.) ‘Anaasɛ mede nneɛma a Yehowa ama mitumi yɛ no yɛ nea ɛso bɛba me mfaso, sɛ́ ebia mede pɛ ahonyade anaa mede gye din wɔ wiase no mu?’ (1 Kor. 4:7) Sɛ yɛde akyɛde ahorow a wɔde ama yɛn no ‘sonsom yɛn ho’ a, yɛbɛsɔ Yehowa ani.—Mmeb. 19:17; monkenkan Hebrifo 13:16.

8, 9. (a) Dɛn ne akwan bi a Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa fa so som wɔn mfɛfo gyidifo no bi? (b) Ɔkwan bɛn na anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ w’asafo mu fa so boa wɔn ho wɔn ho?

8 Onyankopɔn Asɛm ka akwan horow a Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu faa so sonsom wɔn ho no ho asɛm. (Monkenkan Romafo 15:25, 26; 2 Timoteo 1:16-18.) Saa ara na ɛnnɛ nso, nokware Kristofo fi wɔn komam di ahyɛde a ɛne sɛ wɔmfa akyɛde a wɔn mu biara wɔ no nsonsom wɔn mfɛfo gyidifo no so. Susuw akwan a wɔnam so reyɛ saa no bi ho hwɛ.

9 Anuanom bebree de nnɔnhwerew pii sua dwumadi a wɔde ma wɔn wɔ asafo nhyiam ase no ɔsram biara. Sɛ saa anuanom no rema wɔn kasa no wɔ asafo nhyiam ahorow ase, na wɔka nsɛm bi a ɛsom bo a wonya fii Bible mu nhwehwɛmu a wɔyɛe no mu no a, wɔn nsɛm a ɛka koma no hyɛ asafo no mufo nyinaa nkuran ma wonya boasetɔ. (1 Tim. 5:17) Wonim anuanom mmarima ne mmea pii sɛ wɔda ɔdɔ ne tema adi kyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo. (Rom. 12:15) Ebinom kɔsra wɔn a wɔahaw no bere nyinaa, na wɔne wɔn bɔ mpae. (1 Tes. 5:14) Afoforo gye bere kyerɛw krataa a ɛhyɛ nkuran kɔma wɔn mfɛfo Kristofo a wɔrehyia sɔhwɛ bi no. Afoforo nso fi ayamye mu boa wɔn a wonni nipaduam ahoɔden papa no ma wɔkɔ asafo nhyiam ahorow. Adansefo mpempem pii yɛ adwuma sɛ atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo de boa wɔn mfɛfo gyidifo ma wɔsan sisi wɔn afie a atoyerɛnkyɛm ama abubu no. Onuadɔ a saa anuanom mmarima ne mmea a wodwen wɔn nuanom ho da no adi, ne mmoa pɔtee a wɔde ma wɔn no nyinaa yɛ “Onyankopɔn dom akyɛde a ɛyɛ adwuma akwan horow” so a wɔda no adi.—Monkenkan 1 Petro 4:11.

Nea Ɛwɔ He na Ɛho Hia Paa?

10. (a) Onyankopɔn som adwuma no afã abien bɛn na na ɛho hia Paulo? (b) Ɔkwan bɛn so na yesuasua Paulo nnɛ?

10 Ɛnyɛ akyɛde nkutoo na wɔde ama Onyankopɔn asomfo sɛ wɔmfa nsonsom wɔn mfɛfo gyidifo, na mmom wɔama wɔn asɛm a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn yɔnko nipa nso. Ɔsomafo Paulo huu afã abien yi a ɛwɔ ɔsom a ɔde ma Yehowa mu no. Ɔkyerɛw Efeso asafo no kaa “Onyankopɔn adom ho ofiehwɛ adwuma” a wɔde ama no sɛ ɔmfa mmoa wɔn no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. (Efe. 3:2) Ɔsan kae nso sɛ: “Onyankopɔn akari yɛn ahu sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa.” (1 Tes. 2:4) Te sɛ Paulo no, yɛn nso yɛahu sɛ wɔde adwuma bi ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Sɛ yɛde nsi yɛ asɛnka adwuma no a, na yɛrebɔ mmɔden asuasua nhwɛso a Paulo yɛe sɛ ɔsɛmpakafo a wannyae asɛmpa no ka da no. (Aso. 20:20, 21; 1 Kor. 11:1) Yenim sɛ Ahenni no ho asɛm a yɛka no betumi agye afoforo nkwa. Nanso, bere koro no ara no, yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Paulo na yɛde hokwan ahorow a yenya no de “honhom mu akyɛde bi” ama yɛn mfɛfo gyidifo.—Monkenkan Romafo 1:11, 12; 10:13-15.

11. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu asɛnka adwuma a yɛbɛyɛ ne yɛn nuanom a yɛbɛhyɛ wɔn den no?

11 Nnwuma abien yi a Kristofo yɛ no mu nea ɛwɔ he na ɛho hia paa? Sɛ obi bisa asɛm a ɛte saa a, na ɛte sɛ nea ɔrebisa sɛ, Anomaa ntaban abien no mu nea ɛwɔ he na ɛho hia paa? Obiara nim mmuae no. Sɛ anomaa betumi atu yiye a, ohia ne ntaban abien no nyinaa. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn som adwuma no afã abien no nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn som adwuma no bedi mũ sɛ Kristofo. Enti, sɛ anka yɛbɛka sɛ ɛsono asɛmpaka adwuma a yɛreyɛ no ɛnna ɛsono yɛn mfɛfo gyidifo a yɛbɛhyɛ wɔn den no, yebu nnwuma abien no nyinaa te sɛ nea na ɔsomafo Petro ne ɔsomafo Paulo bu no no—sɛ ɔsom adwuma abien no nyinaa ho hia. Ɔkwan bɛn so?

12. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de yɛn yɛ adwuma?

12 Sɛ́ asɛmpakafo no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛfa ɔkwan biara a etu mpɔn so de Onyankopɔn Ahenni ho asɛm a ɛhyɛ gyidi den no akyerɛkyerɛ yɛn mfɛfo nnipa ma aka wɔn koma. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ Kristo asuafo. Nanso, yɛsan de nneɛma biara a yetumi yɛ ne akyɛde foforo a ebia yɛwɔ no yɛ adwuma de bɔ mmɔden sɛ yɛbɛka nsɛm a ɛhyɛ yɛn mfɛfo gyidifo den, na yɛayɛ nneɛma a ɛso bɛba wɔn mfaso, na ɛno yɛ Onyankopɔn adom a ɔda no adi. (Mmeb. 3:27; 12:25) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so ayɛ Kristo asuafo. Sɛ yɛyɛ ɔsom adwuma no afã abien a ɛne asɛm no a yɛka kyerɛ ɔmanfo ne ‘yɛn ho a yɛsonsom’ no a, yenya hokwan kɛse sɛ nnipa a Yehowa de yɛn reyɛ adwuma.—Gal. 6:10.

Momma Mo Yam Nhyehye Mo Mma Mo Ho”

13. Sɛ yegyae sɛ ‘yɛbɛsonsom yɛn ho’ a, dɛn na ɛbɛba?

13 Paulo hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho wɔ onuadɔ mu. Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Rom. 12:10) Nokwarem no, sɛ yɛwɔ ɔdɔ ma yɛn nuanom a, ɛkanyan yɛn ma yefi yɛn koma nyinaa mu som wɔn sɛ Onyankopɔn dom ho afiehwɛfo. Yenim sɛ sɛ Satan tumi ma yegyae sɛ ‘yɛbɛsonsom yɛn ho’ a, ɔbɛsɛe biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no. (Kol. 3:14) Sɛ biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no sɛe a, ɛremma yentumi mfa nsi nyɛ asɛnka adwuma no. Satan nim paa sɛ, sɛ otumi bu yɛn ntaban biako mu a, yɛbɛka fam.

14. Henanom na wonya ‘yɛn ho a yɛsonsom’ no so mfaso? Ma nhwɛso.

14 Sɛ ‘yɛsonsom yɛn ho a,’ ɛnyɛ wɔn a yɛsom wɔn no nko na wonya Onyankopɔn adom no so mfaso, na mmom yɛn a yɛsom afoforo no nso nya so mfaso. (Mmeb. 11:25) Fa Ryan ne Roni a wɔyɛ awarefo a wɔte Illinois a ɛwɔ U.S.A. asɛm no sɛ nhwɛso. Bere a wɔtee sɛ ahum bi a wɔtoo din Hurricane Katrina asɛe wɔn mfɛfo Adansefo afie ɔhaha pii no, onuadɔ kaa wɔn koma ma wogyaee wɔn nnwuma, tu fii wɔn fie kɔtɔɔ kar dedaw bi a ofie si so, na wosiesiee mu de twaa kwan kilomita 1,400 kɔɔ Louisiana. Wodii afe biako wɔ hɔ, na wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn ahode boaa wɔn nuanom no. Ryan a wadi mfe 29 no ka sɛ, “Atoyerɛnkyɛm mu aboafo adwuma no a meyɛɛ bi no ama mabɛn Onyankopɔn kɛse. Mihuu sɛnea Yehowa hwɛ ne nkurɔfo no.” Ryan de kaa ho sɛ: “Anuanom a wɔn mfe akɔ anim a me ne wɔn yɛɛ adwuma no ma mihuu sɛnea ɛsɛ sɛ midwen me nuanom ho paa. Mesan hui nso sɛ nnwuma pii wɔ hɔ a yɛn a yɛyɛ mmerante ne mmabaa no betumi ayɛ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu.” Roni a wadi mfe 25 no kae sɛ: “Me nso m’ani agye sɛ mitumi kɔboaa afoforo. M’ani agye paa sen bere biara wɔ m’asetena mu. Minim sɛ mɛkɔ so anya adwuma a ɛyɛ anigye yi so mfaso mfe pii.”

15. Dɛn nti ankasa na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so som sɛ afiehwɛfo a wɔde Onyankopɔn dom ahyɛ yɛn nsa?

15 Nokwarem no, sɛ yetie Onyankopɔn ahyɛde ahorow a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no na yɛnhyɛ yɛn mfɛfo gyidifo den no a, ɛbɛma yɛn nyinaa anya nhyira. Wɔn a yɛboa wɔn no tumi kɔ so som Yehowa, na yɛn nso yenya anigye kɛse a nneɛma a yɛyɛ ma afoforo nkutoo na ebetumi ama yɛanya no. (Aso. 20:35) Asafo mũ no nyinaa nya ɔdɔ a emu yɛ den bere a emuni biara fi ɔdɔ mu dwen afoforo ho no. Bio nso, ɔdɔ ne tema a yɛda no adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho no ma afoforo hu pefee sɛ yɛn na yɛyɛ nokware Kristofo. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:35) Nea ɛsen ne nyinaa no, ayeyi no kɔ ma yɛn Agya Yehowa a odwen yɛn ho no, efisɛ sɛnea Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so boa afoforo no ma yehu sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔwɔ ahohia mu no den. Hwɛ sɛnea yɛwɔ nea enti ankasa a ɛsɛ sɛ yɛde akyɛde a yɛwɔ no ‘sonsom yɛn ho sɛ afiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom’ ahyɛ yɛn nsa! So wobɛkɔ so ayɛ saa?—Monkenkan Hebrifo 6:10.

So Wokae?

• Akwan bɛn na Yehowa fa so hyɛ n’asomfo den?

• Dɛn na wɔde ahyɛ yɛn nsa?

• Dɛn ne akwan bi a yebetumi afa so aboa yɛn mfɛfo gyidifo?

• Dɛn na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so de yɛn akyɛde ‘asonsom yɛn ho’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

So wode ‘w’akyɛde’ boa afoforo anaa wode yɛ nea ɛsɔ w’ankasa ani?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo, na yɛboa yɛn mfɛfo Kristofo nso

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɛfata sɛ yɛkamfo atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo wɔ ahofama a wɔda no adi no ho