Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yɛn Mmarato Nti Na Wopiraa” Yehowa Akoa No

“Yɛn Mmarato Nti Na Wopiraa” Yehowa Akoa No

“Yɛn Mmarato Nti Na Wopiraa” Yehowa Akoa No

“Yɛn mmarato nti na wopiraa no, na yɛn mfomso nti na wobubuu no. . . . Ɔde n’akuru saa yɛn yare.”—YES. 53:5.

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem bere a yɛrehyɛ Nkaedi no ho fã no, na nkɔmhyɛ bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa?

YƐHYƐ Nkaedi no ho fã de kae Kristo wu, ne nea ne wu ne ne wusɔre no ama watumi ayɛ nyinaa. Nkaedi no ma yɛkae Yehowa tumidi a wɔbɛma obiara ahu sɛ ɛno na ɛfata, ne ne din ho a wɔbɛtew, ne n’atirimpɔw a wɔbɛma abam, a emu bi ne nnipa a wobegye wɔn nkwa no. Ɛte sɛ nea nkɔmhyɛ biara nni Bible mu a ɛma yehu Kristo afɔrebɔ no yiye sen nea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 53:3-12 no. Yesaia hyɛɛ ahohiahia a na Akoa no bɛfa mu no ho nkɔm, na ɔkaa Kristo wu no ho nsɛm pɔtee bi ne mfaso a ne wu no bɛma ne nuanom a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no anya no ho asɛm kɔɔ akyiri.—Yoh. 10:16.

2. Dɛn na Yesaia nkɔmhyɛ no di ho adanse, na ɛbɛka yɛn dɛn?

2 Aka mfe 700 ma wɔawo Yesu wɔ asase so no, Yehowa de ne honhom kaa Yesaia ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ, sɛ wɔsɔ Yehowa Akoa no hwɛ kosi owu mu mpo a, obedi nokware. Saa nkɔm a Yehowa nam ne honhom so ma wɔhyɛe yi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ne Ba no mu ahotoso koraa sɛ obedi nokware. Bere a yɛrehwehwɛ nkɔmhyɛ yi mu no, anisɔ bɛhyɛ yɛn koma ma, na yɛn gyidi nso bɛyɛ den.

‘Wobuu no Animtiaa,’ na ‘Wɔamfa no Anyɛ Hwee’

3. Dɛn nti na na anka ɛsɛ sɛ Yudafo no gye Yesu fɛw so, nanso ɔkwan bɛn so na wogyee no?

3 Monkenkan Yesaia 53:3. Wode, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no tee nka bere a ɔde anigye a na ɔde resom wɔ n’Agya nkyɛn no too hɔ, na ɔbaa asase so de ne nkwa bɛbɔɔ afɔre de gyee adesamma fii bɔne ne owu mu no ho hwɛ! (Filip. 2:5-8) Ná n’afɔrebɔ a wɔde mmoa a na wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ Mose Mmara no ase no yɛɛ ho sunsuma kɛkɛ no bɛma wɔde bɔne afiri ankasa. (Heb. 10:1-4) Anyɛ yiye koraa no, so na anka ɛnsɛ sɛ Yudafo a na wɔretwɛn Mesia a wɔahyɛ no ho bɔ no gye no fɛw so na wodi no ni? (Yoh. 6:14) Nanso, Yudafo no ‘buu’ Kristo no “animtiaa,” na ‘wɔamfa no anyɛ hwee,’ sɛnea na Yesaia ahyɛ ho nkɔm no. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Ɔbaa n’ankasa ne kurom, nanso n’ankasa nkurɔfo annye no.” (Yoh. 1:11) Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Yɛn agyanom Nyankopɔn ahyɛ N’akoa Yesu anuonyam, nea mo de, muyii no mae, na mopaa no Pilato anim, bere a osii gyinae sɛ obegyaa no no. Yiw, mopaa nea ɔyɛ kronkron na ɔteɛ no.”—Aso. 3:13, 14.

4. Ɔkwan bɛn so na na Yesu nim yare?

4 Yesaia san hyɛɛ nkɔm sɛ na Yesu bɛyɛ obi a “onim yare.” Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbrɛe bere bi, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔyaree da. (Yoh. 4:6) Nanso, ohuu nnipa a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no nyarewa. Wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu pii yare. (Mar. 1:32-34) Ɛno nti, Yesu nam saa a ɔyɛe no so maa nkɔmhyɛ a ɛka sɛ: “Nokwarem no, ɔno na ɔsoaa yɛn nyarewa; [na] ogyee yɛn yaw hyɛɛ ne ho” no baa mu.—Yes. 53:4a; Mat. 8:16, 17.

Ɛte sɛ Nea ‘Onyankopɔn Ahwe No’

5. Yudafo no mu pii buu Yesu wu no dɛn, na dɛn nti na eyi maa n’ahohia no yɛɛ kɛse?

5 Monkenkan Yesaia 53:4b. Yesu beresofo no mu pii ante nea enti a ohuu amane na owui no ase. Ná wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔretwe n’aso te sɛ nea ɔde yare bɔne bi retwe n’aso no. (Mat. 27:38-44) Yudafo no bɔɔ Yesu sobo sɛ ɔyɛ mmusubɔfo. (Mar. 14:61-64; Yoh. 10:33) Nokwarem no, na Yesu nyɛ ɔbɔnefo anaa mmusubɔfo. Esiane sɛ na Yehowa Akoa no wɔ ɔdɔ kɛse ma n’Agya nti, ɛbɛyɛ sɛ nim a na onim sɛ wobekum no sɛ mmusubɔfo no maa n’ahohia no yɛɛ kɛse. Nanso, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ.—Mat. 26:39.

6, 7. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘bubuu’ n’Akoa a ɔyɛ ɔnokwafo no, na dɛn nti na eyi ‘sɔɔ’ Onyankopɔn “ani”?

6 Ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no ka sɛ na nkurɔfo bebu Kristo no sɛ obi a ‘Onyankopɔn ahwe no,’ nanso ɛbɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yebehu sɛ nkɔmhyɛ no ka siei sɛ na “ɛsɔ Yehowa ani sɛ obebubu no.” (Yes. 53:10) Sɛ na Yehowa adi kan aka sɛ: “Hwɛ, m’akoa a . . . mapaw no a me kra agye no atom” a, ɛnde ɔkwan bɛn so na na ebetumi ‘asɔ Yehowa ani sɛ obebubu no’? (Yes. 42:1) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ eyi maa Yehowa ani gyei?

7 Sɛ yɛbɛte saa nkɔmhyɛ no fã yi ase a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ bere a Satan sɔre tiaa Yehowa tumidi no, ogyee Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ soro ne asase so no nyinaa nokwaredi ho kyim. (Hiob 1:9-11; 2:3-5) Nokware a Yesu di kosii owu mu no ma obuaa Satan sobo no wɔ ɔkwan a edi mũ koraa so. Enti, ɛwom sɛ Yehowa maa kwan maa n’atamfo kum Kristo de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa dii yaw sɛ ohui sɛ wɔrekum n’Akoa a wapaw no no. Nanso, bere a Yehowa hui sɛ ne Ba no adi nokware akosi ase no, n’ani gyei pii. (Mmeb. 27:11) Bio nso, esiane sɛ na Yehowa nim mfaso ahorow a ne Ba no wu no bɛma nnipa a wɔanu wɔn ho anya no nti, n’ani gyei kɛse.—Luka 15:7.

“Yɛn Mmarato Nti na Wopiraa No”

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na ‘yɛn mmarato nti wopiraa’ Yesu? (b) Dɛn na Petro ka de kyerɛe sɛ ɛyɛ nokware?

8 Monkenkan Yesaia 53:6. Te sɛ nguan a wɔayera no, nnipa abɔnefo de wɔn ti apempem rehwehwɛ ogye afi yare ne owu a wonya fii Adam hɔ no mu. (1 Pet. 2:25) Esiane sɛ Adam asefo nyɛ pɛ nti, na wɔn mu biako mpo ntumi nnye nea na Adam ama ayera no. (Dw. 49:7) Nanso, esiane Yehowa dɔ kɛse no nti “Yehowa ama yɛn nyinaa bɔne abegu” ne Dɔba ne n’Akoa a wapaw no no so. Kristo nam pene a ɔpenee so maa ‘yɛn mmarato nti wopiraa no,’ na ‘yɛn mfomso nti wobubuu no’ no so soaa yɛn bɔne kɔɔ asɛndua no so, na owu maa yɛn.

9 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Eyi nti na wɔfrɛɛ mo, efisɛ Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ. Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ n’ankasa honam mu wɔ dua no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye yɛn afi bɔne mu na yɛatena ase ama trenee.” Afei, bere a Petro refa Yesaia nkɔmhyɛ no mu asɛm aka no, ɔde kaa ho sɛ: “Na ‘ɛnam n’atape so na wɔsaa mo yare.’” (1 Pet. 2:21, 24; Yes. 53:5) Eyi buee kwan ma wɔkaa Onyankopɔn ne abɔnefo bɔɔ mu bio. Na sɛnea Petro san kae no: “Kristo mpo wui prɛko, bɔne nti; onipa trenee wu maa abɔnefo, na ɔde mo akɔ Onyankopɔn nkyɛn.”—1 Pet. 3:18.

‘Wɔde no Kɔe sɛ Oguammaa a Wɔrekokum No’

10. (a) Asɛm bɛn na Yohane Osuboni no ka faa Yesu ho? (b) Dɛn na ɛma ɛdaa adi sɛ asɛm a Yohane kae no yɛ nokware?

10 Monkenkan Yesaia 53:7, 8. Bere a Yohane Osuboni no hui sɛ Yesu reba ne nkyɛn no, ɔteɛɛm sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa a oyi wiase bɔne fi hɔ no ni!” (Yoh. 1:29) Bere a na Yohane reka Yesu ho asɛm sɛ Oguammaa no, ɛbɛyɛ sɛ asɛm a Yesaia kae sɛ: “Wɔde no kɔe sɛ [oguammaa] a wɔrekokum no” no na na ɛwɔ n’adwenem. (Yes. 53:7) Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔde ne kra maa owu.” (Yes. 53:12) Anwonwasɛm ne sɛ, anadwo a Yesu de ne wu ho Nkaedi no sii hɔ no, ɔde kuruwa a bobesa wom maa n’asomafo anokwafo 11 no, na ɔkae sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me ‘mogya a wɔde yɛ apam no’ a wobehwie agu ama nnipa bebree bɔne fafiri.”—Mat. 26:28.

11, 12. (a) Dɛn na Isak pɛ mu a ofi de ne ho mae no ma yehu fa Kristo afɔrebɔ no ho? (b) Bere a yɛrehyɛ Nkaedi no ho fã no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem wɔ Yehowa a ɔno ne Abraham Ɔkɛse no ho?

11 Te sɛ Isak a ɔtenaa ase tete no, na Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɛma ma wɔde no abɔ afɔre wɔ afɔremuka no so de ayɛ ade a Yehowa pɛ sɛ ɔyɛ ma no no. (Gen. 22:1, 2, 9-13; Heb. 10:5-10) Ɛwom sɛ Isak fii ne pɛ mu penee so sɛ wɔmfa no mmɔ afɔre de, nanso na ɛyɛ Abraham ankasa na na ɔpɛ sɛ ɔbɔ afɔre no. (Heb. 11:17) Saa ara na Yesu fii ne pɛ mu penee so sɛ wonkum no, nanso na ɛyɛ Yehowa ne Onii a na ɔde agyede no rema ankasa. Ná Onyankopɔn Ba no a ɔde no bɔɔ afɔre no yɛ ne dɔ a ɛkɔ akyiri a na ɔreda no adi akyerɛ adesamma.

12 Yesu ankasa kae sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yoh. 3:16) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nanso Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Rom. 5:8) Enti, bere a yɛrekae Kristo wu no de adi no ni no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da sɛ nea ɔyɛɛ afɔrebɔ no ho nhyehyɛe ankasa ne Yehowa a ɔno ne Abraham Ɔkɛse no. Ɔno na yɛhyɛ Nkaedi no ho fã de yi no ayɛ.

Akoa no Ma ‘Nnipa Pii Nya Trenee Gyinabea’

13, 14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Akoa no ama “nnipa pii anya trenee gyinabea”?

13 Monkenkan Yesaia 53:11, 12. Yehowa kaa n’Akoa a wapaw no no ho asɛm sɛ: ‘M’akoa treneeni no bɛma nnipa pii anya trenee gyinabea.’ Ɔkwan bɛn so? Yesaia 53:12 awiei no boa yɛn ma yenya mmuae no. ‘Akoa no di maa mmaratofo.’ Wɔwoo Adam asefo nyinaa sɛ abɔnefo a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔyɛ “mmaratofo,” ma enti wonya “bɔne akatua” a ɛne owu. (Rom. 5:12; 6:23) Ɛho hia sɛ wɔka nnipa abɔnefo ne Yehowa bom. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 53 no ka sɛnea Yesu ‘di’ maa adesamma abɔnefo anaa ɔsrɛ maa wɔn no ho asɛm, na ɛka sɛ: “Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe, na ɔde n’akuru saa yɛn yare.”—Yes. 53:5.

14 Yɛn bɔne a Kristo soae, ne wu a owu maa yɛn no ama “nnipa pii anya trenee gyinabea.” Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn hui sɛ ɛfata sɛ nneɛma nyinaa tena [Kristo] mu yɛ mã, na ɔnam no so aka ɔno ne nneɛma a aka nyinaa abom bio denam asomdwoe a ɔde ne mogya a ohwie guu asɛndua so no dii ho dwuma no so, asase so nneɛma ne ɔsoro nneɛma nyinaa.”—Kol. 1:19, 20.

15. (a) Henanom ne “ɔsoro nneɛma” a Paulo kaa ho asɛm no? (b) Henanom nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wodi Nkaedi paanoo no na wɔnom bobesa no bi, na dɛn ntia?

15 “Ɔsoro nneɛma” no a wɔnam Kristo mogya a wohwie gui so aka wɔne Yehowa abom bio no ne Kristofo a wɔasra wɔn no a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ soro no. Wɔabu Kristofo a ‘wɔka ɔsoro frɛ ho’ no ‘bem ama nkwa.’ (Heb. 3:1; Rom. 5:1, 18) Afei, Yehowa gye wɔn tom sɛ ne honhom mu mma. Honhom kronkron no di wɔn adanse sɛ wɔyɛ “Kristo mfɛfo adedifo” a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahene ne asɔfo wɔ ɔsoro Ahenni no mu. (Rom. 8:15-17; Adi. 5:9, 10) Wɔba bɛyɛ honhom fam Israel a ɛno ne “Onyankopɔn Israel no” fã, na wɔde wɔn kɔ “apam foforo” no mu. (Yer. 31:31-34; Gal. 6:16) Sɛ́ apam foforo no mufo no, wɔwɔ hokwan sɛ wodi Nkaedi paanoo no na wɔnom bobesa a egu kuruwa mu a Yesu kaa ho asɛm sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo a ɛnam me mogya so, nea wobehwie agu ama mo no” bi.—Luka 22:20.

16. Dɛn ne “asase so nneɛma” no, na ɔkwan bɛn so na wɔma wonya trenee gyinabea wɔ Yehowa anim?

16 “Asase so nneɛma” no ne Kristo nguan foforo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no. Yehowa Akoa a wapaw no no ma eyinom nso nya trenee gyinabea wɔ Yehowa anim. Esiane sɛ wɔanya Kristo agyede afɔre no mu gyidi na “wɔahoro wɔn ntade ma ayɛ fitaa Oguammaa no mogya mu” nti, Yehowa bu wɔn treneefo, na ommu wɔn sɛ ne honhom mu mma, na mmom obu wɔn sɛ ne nnamfo, na wama wɔanya anidaso sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. (Adi. 7:9, 10, 14; Yak. 2:23) Esiane sɛ nguan foforo yi nka apam foforo no ho nti, wonni anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. Saa nguan foforo yi nni Nkaedi paanoo no na wɔnnom bobesa no bi, na mmom wɔkɔ afahyɛ no ase sɛ bɛhwɛadefo a wɔwɔ obu.

Aseda Nyinaa Kɔ Yehowa ne N’Akoa a Wagye no Atom no Hɔ!

17. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa Akoa no ho a yɛasusuw ho no aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn adwene ama Nkaedi no?

17 Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa Akoa no ho a yɛasusuw ho no ayɛ ɔkwampa a yɛbɛfa so asiesie yɛn adwene ama Kristo wu ho Nkaedi no. Aboa yɛn ma ‘yɛagyen yɛn ani ahwɛ Ɔsafohene ne yɛn gyidi Wiefo’ no. (Heb. 12:2) Yɛahu sɛ Onyankopɔn Ba no nyɛ otuatewfo. Ɔnte sɛ Satan, na ɔno de, n’ani gye ho sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ no, na ogye no tom sɛ ɔno ne Awurade Tumfoɔ no. Yɛahu sɛ bere a Yesu yɛɛ ne som adwuma wɔ asase so no, onyaa ayamhyehye maa nnipa a ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no, na ɔsaa wɔn mu pii yare honam fam, na ɔboaa wɔn kaa wɔne Onyankopɔn boom. Ɔnam saa a ɔyɛe no so daa nea na ɔbɛyɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu sɛ Mesia Ahenni no so Hene, bere a “ɔde atɛntrenee besi asase so” no adi. (Yes. 42:4) Nsi a ɔde kaa Ahenni no ho asɛm sɛ ‘kanea ma aman’ no kae n’akyidifo no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde nsi ka asɛmpa no wɔ asase so nyinaa.—Yes. 42:6.

18. Dɛn nti na Yesaia nkɔmhyɛ no ma yenya anisɔ ma Yehowa ne n’Akoa a ɔyɛ ɔnokwafo no?

18 Yesaia nkɔmhyɛ no san ma ntease a yɛwɔ wɔ afɔre kɛse a Yehowa bɔe bere a ɔsomaa ne Dɔba no baa asase so ma obehuu amane na owu maa yɛn no mu no ayɛ kɛse. Yehowa ani annye ho sɛ ohui sɛ ne Ba no rehu amane, na mmom nokware a edi mũ koraa a Yesu di kosii owu mu no na n’ani gyee ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani gye te sɛ nea Yehowa ani gyei no, na yɛkyerɛ nneɛma a Yesu yɛe de kyerɛe sɛ Satan yɛ ɔtorofo no ho anisɔ. Yesu tew Yehowa din ho, na ɔnam saa a ɔyɛe no so kyerɛe sɛ Yehowa tumidi na ɛfata. Bio nso, Kristo soaa yɛn bɔne, na owu maa yɛn. Ɔnam saa a ɔyɛe no so maa ne nuanom kuw ketewa a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no tumi nyaa trenee gyinabea wɔ Yehowa anim. Bere a yɛahyiam rehyɛ Nkaedi no ho fã no, ɛmmra sɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne n’Akoa a ɔyɛ ɔnokwafo no bɛhyɛ yɛn koma ma.

Ntĩmu

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘ani sɔɔ’ bubu a ‘wobubuu’ ne Ba no?

• Ɔkwan bɛn so na ‘yɛn mmarato nti wopiraa’ Yesu?

• Ɔkwan bɛn so na Akoa no ama “nnipa pii anya trenee gyinabea”?

• Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Akoa no ho no asiesie w’adwene ne wo koma ama Nkaedi no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

“Nnipa buu no animtiaa, na yɛamfa no anyɛ hwee”

[Mfonini wɔ kratafa 28]

“Ɔde ne kra too hɔ maa owu”

[Mfonini wɔ kratafa 29]

“Nguan foforo” no kɔ Nkaedi no ase sɛ bɛhwɛadefo a wɔwɔ obu